Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wɔawo Onyankopɔn Ahenni No!
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    • ɔde akyerɛ fata a ɔba yi fata, di a odi mũ sɛ ɔde tumi a ɛdɔɔso di amanaman no so. Esi sɛnea awo yi hia ne sɛnea ɛyɛ anigye bere nso so dua! Edi dwuma titiriw bi wɔ Onyankopɔn ahintasɛm kronkron a wɔde bɛba awiei no mu. Ɛdɛn, ɔbabanin yi de “dade poma rebɛyɛn amanaman nyinaa” nso!

      12. (a) Nnwom nhoma no mu no, dɛn ho bɔ na Yehowa hyɛe nkɔmhyɛ kwan so wɔ Yesu ho? (b) Dɛn ho sɛnkyerɛnne na wɔde ɔbabanin “a ɔde dade poma bɛyɛn amanaman” a ɔbea no woo no no yɛ?

      12 Afei, saa asɛm no te sɛ nea woate pɛn anaa? Yiw, Yehowa hyɛɛ Yesu ho bɔ wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Wode dade poma bebubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina.” (Dwom 2:9) Wɔhyɛɛ ne ho nkɔm nso sɛ: “Wo tumidi poma no, [Yehowa] fi Sion bɛteɛ. Di hene w’atamfo mfinimfini!” (Dwom 110:2) Enti, awo a Yohane hui no fa Yesu Kristo ho pɛɛ. Dabi, ɛnyɛ Yesu a ɔbaabun woo no ansa na yɛn bere so afeha a edi kan no reba; na entumi ntwe adwene nkɔ nyan a wonyan Yesu kɔɔ honhom asetra mu bio wɔ 33 Y.B. mu no so nso. Afei, ɛnyɛ nipadua foforo a wɔfa to wɔn ho so wɔ owu mu ho asɛm biara. Mmom no, ɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no awo wɔ 1914 mu no sɛ biribi a esii ankasa, a mprempren wɔde Yesu—a ɔwɔ ɔsoro seesei bɛboro mfeha 20 no asi agua so sɛ Ɔhene.​—Adiyisɛm 12:10.

      13. Dɛn na wɔde ɔbabanin no a wɔfaa no “kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua nkyɛn” no kyerɛ?

      13 Yehowa remma kwan da mma Satan mmene Ne yere anaa Ne ba a wɔawo no foforo no! Wɔwoo ɔbabanin no, wɔfaa no “kɔɔ Onyankopɔn ne n’ahengua nkyɛn.” Enti ɔba Yehowa a ɔbɛhwɛ Ahenni a wɔawo no foforo yi a ɛne n’adwinnade a ɔde bɛsan Ne din kronkron no ho koraa no ahobammɔ ase koraa. Bere koro no ara mu no ɔbea no guan kɔ baabi a Onyankopɔn asiesie ama no wɔ sare so. Akyiri yi ɛno ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri bɛba! Ɛdefa Satan ho no, wɔasiesie biribi titiriw bi a ɛbɛma ɛrenyɛ yiye bio da sɛ ɔbɛhaw Ahenni no wɔ ɔsoro afei. Dɛn ne saa asɛm no?

      Ɔko ba Ɔsoro!

      14. (a) Sɛnea Yohane ka no no, dɛn na ɛbae a amma Satan antumi anhaw Ahenni no bio? (b) Ɛhe na wɔaka Satan ne n’adaemone no ahyɛ?

      14 Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. Na wɔantumi wɔn, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.” (Adiyisɛm 12:7-9) Enti sɛ́ biribi a ɛyɛ nwonwa a ɛkɔ so a ɛde Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no bɛba awiei no, wotu Satan fi ɔsoro tow no kyene na wɔtow n’adaemone no ka ne ho gu asase so. Awiei no, wɔka nea wadaadaa asase mũ no nyinaa akodu sɛ wabɛyɛ ne nyame no hyɛ okyinnsoroma yi mpɔtam ha, baabi a ofii n’atuatew no ase no.​—2 Korintofo 4:3, 4.

      15, 16. (a) Hena ne Mikael, na yɛyɛ dɛn hu? (b) Dɛn nti na Mikael na ɔtow Satan fi soro kyene asase so?

      15 Hena na odi nkonim kɛse yi wɔ Yehowa din mu no? Bible no ka sɛ ɛyɛ Mikael ne n’abɔfo. Na hena ne Mikael? Edin “Mikael” no ase ne “Hena na ɔte sɛ Nyankopɔn?” Enti na Mikael bɛyɛ obi a n’ani gye amansan hene a Yehowa yɛ no ho san ho denam kyerɛ a ɔkyerɛ sɛ obiara nni hɔ a wobetumi de no atoto Ne ho no so. Wɔfrɛ no wɔ Yuda nkyekyem 9 sɛ “ɔbɔfo panyin Mikael.” Nea ɛyɛ anigye no, wɔde abodin “ɔbɔfo panyin” no di dwuma wɔ Bible mu baabi foforo de ka onipa biako pɛ ho asɛm: Yesu Kristo.b Paulo ka ne ho asɛm sɛ: “Awurade ankasa de osebɔ, ɔbɔfo panyin nne ne Onyankopɔn torobɛnto fi soro besian.” (1 Tesalonikafo 4:16) Abodin “ɔbɔfo panyin” no kyerɛ “abɔfo no mu ɔpanyin.” Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Adiyisɛm ka “Mikael ne n’abɔfo” ho asɛm. Mmeae afoforo a Bible bɔ abɔfo a wɔhyɛ Onyankopɔn trenee somfo ase din no ka Yesu ho asɛm. Enti na Paulo ka sɛ “wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne ne tumi abɔfo” no.​—2 Tesalonikafo 1:7; hwɛ Mateo 24:30, 31; 25:31 nso.

      16 Eyinom ne kyerɛw nsɛm afoforo ma yesi gyinae a akyinnye biara nni ho sɛ Mikael nyɛ obi foforo biara sɛ Awurade Yesu Kristo wɔ ne soro dibea mu. Afei, wɔ Awurade da no mu no, ɔrenka nkyerɛ Satan ara kwa sɛ: “[Yehowa] nka w’anim.” Esiane sɛ eyi yɛ atemmu bere nti, Yesu, sɛ Mikael no, tow ɔbɔnefo Satan ne n’adaemone abɔfo no fi soro gu fam. (Yuda 9; Adiyisɛm 1:10) Ɛfata yiye koraa sɛ Ɔno na ɔyɛ eyi esiane sɛ Ɔno ne Ɔhene a wɔde no asi agua so foforo no nti. Yesu ne Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ wɔ Eden a awiei no ɔbɛpɛtɛw Ɔwɔ no ti ma ɔde saayɛ ayi no afi hɔ akɔ prɛko nso. (Genesis 3:15) Ɛdenam tu a otuu Satan fii soro no so no, Yesu atu ne nan wɔ ɔdwerɛw a edi akyi no mu.

      ‘Mo Ɔsoro, Momma Mo Bo Ntɔ Mo Yam’

      17, 18. (a) Nea wɔyɛɛ wɔ ɔsoro bɛn ho amanneɛ na Yohane bɔ wɔ Satan a ofi soro hwee ase no ho? (b) Ɛbɛyɛ sɛ ɛhe na ɛnne kɛse a Yohane te no fi?

      17 Yohane bɔ anigyesɛm a ɛba ɔsoro Satan asehwe kɛse yi ho no ho amanneɛ sɛ: “Na metee nne kɛse bi ɔsoro sɛ: Afei nkwagye ne tumi ne ahenni ayɛ yɛn Nyankopɔn de, na ahoɔden ayɛ Kristo no dea, efisɛ wɔatow yɛn nuanom anototofo no akyene; ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo. Na wɔn na wɔnam oguammaa no mogya ne wɔn adanse asɛm no so adi no so nkonim, na wɔannɔ wɔn kra de akosi wu mu. Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam.”—Adiyisɛm 12:10-12a.

      18 Hena nne kɛse na Yohane te no? Bible no nka. Nanso nteɛm a ɛte saa ara a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ Adiyisɛm 11:17 no fi mpanyimfo 24 a wɔanyan wɔn a wɔwɔ wɔn dibea so wɔ ɔsoro, baabi a afei wobetumi agyina ahotefo 144,000 no ananmu no hɔ na ɛbae. (Adiyisɛm 11:18) Na esiane sɛ wɔka Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn a wɔtaa wɔn a wɔda so wɔ asase so ha no ho asɛm sɛ “yɛn nuanom” nti, asɛm yi betumi afi beae hɔ ara. Akyinnye biara nni ho sɛ saa anokwafo yi betumi de nne koro akasa esiane sɛ wɔn wusɔre no bedi Satan ne n’adaemone dɔm a wɔtow fi soro guu fam no akyi pɛɛ nti.

      19. (a) Onyankopɔn ahintasɛm kronkron no awiei no bue kwan ma Yesu ma ɔyɛ dɛn? (b) Dɛn na Satan a wɔfrɛɛ no sɛ nea “ɔtoto yɛn nuanom ano” no kyerɛ?

      19 Onyankopɔn ahintasɛm kronkron awiei no hwehwɛ sɛ Yesu gye tumi Yehowa Ahenni mu. Enti ɔkwan abue ama Onyankopɔn adi n’atirimpɔw kɛse no ho dwuma de agye adesamma anokwafo. Ɛnyɛ Yesu asuafo a wosuro Onyankopɔn a wɔwɔ asase so nnɛ no nkutoo na ɔde nkwagye brɛ wɔn, na mmom ɔde brɛ awufo ɔpepem pii a wontumi nkan wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu no nso. (Luka 21:27, 28) Satan a wɔfrɛ no sɛ “yɛn nuanom anototofo” no kyerɛ sɛ, ɛwom sɛ wɔkyerɛe sɛ asɛm a ɔde too Hiob so no yɛ atoro de, nanso wakɔ so ara agye Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asase so no mudi ho kyim. Ɛda adi pefee sɛ wɔati asɛm no mu aka mpɛn pii sɛ onipa de nea ɔwɔ nyinaa bɛma de agye ne kra. Satan adi nkogu ma ɛyɛ awerɛhow dɛn ara!—Hiob 1:9-11; 2:4, 5.

      20. Ɔkwan bɛn so na Kristofo anokwafo adi Satan so nkonim?

      20 Kristofo a wɔasra wɔn a “oguammaa no mogya” nti wɔabu wɔn atreneefo no kɔ so ara di Onyankopɔn ne Yesu Kristo ho adanse ɔtaa ahorow nyinaa akyi. Bɛboro mfe 120 ni no, Yohane kuw yi akɔ so atwe adwene asi ɔsɛmpɔw akɛse a ɛwɔ Amanaman Mmere a ɛbaa awiei wɔ 1914 mu no mu no so. (Luka 21:24) Na mprempren nnipakuw kɛse no ka wɔn ho resom nokwaredi mu. Eyinom mu biara nsuro wɔn a “wokum nipadua na wontumi nkum ɔkra” no sɛnea Yehowa Adansefo asetra mu osuahu ahorow ada no adi mpɛn pii wɔ yɛn bere yi so no. Wɔnam asɛm a wɔde ano ka ne Kristofo abrabɔ pa so adi Satan so nkonim na wɔada no adi mmere nyinaa sɛ ɔyɛ ɔtorofo. (Mateo 10:28; Mmebusɛm 27:11; Adiyisɛm 7:9) Sɛ wonyan Kristofo a wɔasra wɔn yi kɔ soro a, anigye bɛn ara na wobenya sɛɛ yi esiane sɛ Satan nni ɔsoro hɔ bio na watoto wɔn nuanom ano nti! Ampa ɛyɛ bere a abɔfo dɔm no nyinaa de anigye begye ɔfrɛ no so sɛ: “Mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam!”

      Due a Ɛne no Bɔ Abira!

      21. Ɔkwan bɛn so na Satan de due aba asase ne ɛpo so?

      21 Esiane sɛ Satan bo afuw wɔ due a ɛto so abiɛsa no ho nti, afei ɔbɔ ne tirim sɛ ɔde n’ankasa due pɔtee bi bɛhaw adesamma. Ɛne: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12b) Ampa, tu a wotuu Satan fii soro no kyerɛ due ma asase a adesamma pɛsɛmenkominyafo a odi wɔn so resɛe no no ankasa. (Deutoronomium 32:5) Nea ɛkyɛn saa koraa no, Satan adwene a ɛne sɛ ‘medi so anaa mɛsɛe no’ no de due ba sɛnkyerɛnne kwan so asase a ɛne adesamma abusua nhyehyɛe ne sɛnkyerɛnne kwan so ɛpo a ɛne adesamma bebree a wɔyɛ bagyabagya no ankasa nso so. Wɔ wiase ko abien no mmere no mu no, Satan abufuw no daa adi wɔ amanaman a wɔhyɛ n’ase no so na adaemone abufuw a ɛte saa a woyi no ara kɔ so de bedu nnɛ—nanso ɛrenkɔ so nkyɛ bio! (Marko 13:7, 8) Nanso ɛmfa ho sɛnea Ɔbonsam akwan ahorow no bɛyɛ hu afa no, ennu nea due a ɛto so abiɛsa no de bɛba—dwuma a Onyankopɔn Ahenni no bedi—a ɛbɛba Satan ahyehyɛde a aniwa hu no so no ho hwee!

      22, 23. (a) Yohane se dɛn na ɛba bere a na wɔatow ɔtweaseɛ no akyene asase so akyi no? (b) Ɔkwan bɛn so na etumi yɛ yiye sɛ ɔtweaseɛ no taa “ɔbea a ɔwoo ɔbabanin no”?

      22 Efi bere a wɔpam Satan wɔ ɔsɛe kwan so no, ɔde n’abufuw nyinaa abɛsoɛ Kristo nuanom a wɔda so wɔ asase so no so. Yohane bɔ amanneɛ sɛ: “Na ɔtweaseɛ no hui sɛ wɔatow no akyene asase so no, ɔtaa ɔbea a ɔwoo ɔbabanin no. Na wɔmaa ɔbea no ɔkɔre kɛse ntaban abien sɛ ɔmfa ntu nkɔ sare so wɔ ne trabere, nea wɔbɛhwɛ no ɛbere ne mmere ne ɛbere fa afi ɔwɔ no anim.”—Adiyisɛm 12:13, 14.

      23 Ɛha no, anisoadehu no san ka adwene a wɔada no adi wɔ nkyekyem 6 no mu no kyerɛ yɛn sɛ bere a ɔbea no wo ne ba no akyi no, oguan kɔ sare so fi ɔtweaseɛ no anim. Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ ɛbɛyɛ dɛn na ɔtweaseɛ no atumi ataa ɔbea no bere a ɔbea no wɔ soro na mprempren wɔatow ɔtweaseɛ no akyene asase so no. Wiɛ, kae sɛ ɔbea no wɔ mma wɔ asase so ha, n’asefo no. Akyiri yi wɔ anisoadehu yi mu no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ Satan yi n’abufuw a ɔwɔ wɔ ɔbea no ho no adi denam taa a ɔtaa n’asefo no so. (Adiyisɛm 12:17) Wobetumi abu nea ɛba ɔbea no asefo a wɔwɔ asase so ha no so sɛ ɔbea no ankasa so na ɛba. (Fa toto Mateo 25:40 ho.) Na asefo a wɔn dodow kɔ so dɔɔso wɔ asase so ha no nso benya ɔtaa ahorow yi bi.

      Ɔman Foforo

      24. Dɛn na Bible Asuafo no hui a ɛte sɛ gye a wogyee Israelfo fii Misraim no?

      24 Bere a na wɔreko wiase ko a edi kan no, Yesu nuanom anokwafo no kɔɔ so dii wɔn adanse no ara sɛ nea wobetumi. Wɔyɛɛ eyi wɔ ɔsɔretia a emu yɛ den a efi Satan ne n’apamfo anuɔdenfo no hɔ no anim. Awiei no, ɛkame ayɛ sɛ wɔmaa Bible Asuafo no baguam adansedi no gyaee koraa. (Adiyisɛm 11:7-10) Saa bere no na wohyiaa tebea bi a ɛte sɛ nea Israelfo hui wɔ Misraim a wɔn nso wɔtɔɔ wɔn bo ase ɔhyɛ kɛse ase no. Saa bere no na wɔ ahoɔhare so te sɛ nea wɔwɔ ɔkɔre ntaban no, Yehowa de wɔn baa dwoodwoo asetra mu wɔ Sinai sare so. (Exodus 19:1-4) Saa ara nso na ɔtaa a ano yɛ den a ɛbae wɔ 1918-19 mu no akyi no, Yehowa gyee n’adansefo a wogyina hɔ ma ne ɔbea no kɔɔ honhom mu tebea bi a ɛyɛ dwoodwoo ma wɔn te sɛ nea sare so hɔ yɛ maa Israelfo no. Eyi bae sɛ wɔn mpae a wɔbɔe no ho mmuae.​—Fa toto Dwom 55:6-9 ho.

      25. (a) Dɛn na Yehowa de bae wɔ 1919 mu a ɛte sɛ Israelfo a ɔde wɔn bae sɛ ɔman wɔ sare so hɔ no? (b) Henanom na wɔka bom yɛ ɔman yi, na dɛn mu na wɔde wɔn aba?

      25 Wɔ sare no so no, Yehowa woo Israelfo no sɛ ɔman, na ɔmaa wɔn honhom mu ne honam fam nneɛma. Saa ara nso na efi 1919 mu no, Yehowa de ɔbea no asefo no bae sɛ honhom mu man. Ɛnsɛ sɛ wɔde eyi ne Mesia Ahenni a ɛredi so fi soro fi 1914 no fra. Mmom no wɔn a wɔyɛ ɔman foforo yi ne adansefo a wɔasra wɔn no nkaefo a wɔwɔ asase so a wɔde wɔn baa honhom mu anuonyam tebea mu wɔ 1919 mu no. Bere a afei wɔma eyinom “wɔn aduan a ɛyɛ wɔn de bere a ɛsɛ mu” no, wɔhyɛ wɔn den ma adwuma a ɛda wɔn anim no.​—Luka 12:42; Yesaia 66:8.

      26. (a) Bere a wɔbɔɔ din wɔ Adiyisɛm 12:6, 14 no tenten yɛ ahe? (b) Na atirimpɔw bɛn na ɛwɔ mmere abiɛsa ne fa no ho, bere bɛn na efii ase na bere bɛn na ɛbaa awiei?

      26 Onyankopɔn ɔbea no asefo no home bere yi koduu bere bɛn? Adiyisɛm 12:6 ka sɛ nnafua 1,260. Adiyisɛm 12:14 frɛ bere no sɛ bere, mmere ne bere fa; ɔkwan foforo so no mmere abiɛsa ne fã. Nokwarem no, nsɛm abien no nyinaa gyina hɔ ma mfe abiɛsa ne fã, na wɔ Asasetifi no, efi 1919 fefɛw bere mu kosi 1922 twabere mu. Na eyi yɛ ahosan bere a ɛmaa wɔn ho tɔɔ wɔn ne nhyehyɛeyɛ bere bi ma Yohane kuw a wɔasan de wɔn aba no.

      27. (a) Sɛnea Yohane amanneɛbɔ no kyerɛ no, dɛn na ɔtweaseɛ no yɛe wɔ 1922 akyi? (b) Na Satan atirimpɔw wɔ ɔtaa pii a opuw guu Adansefo no so no ho ne dɛn?

      27 Ɔtweaseɛ no ampa abaw! “Na ɔwɔ no puw n’anum nsu sɛ asubɔnten guu ɔbea no akyi, sɛ anka ɛmfa no.” (Adiyisɛm 12:15) Dɛn na “nsu sɛ asubɔnten,” anaasɛ “nsu a eyiri” (The New English Bible) no kyerɛ? Tete Ɔhene Dawid kaa nnipa bɔne a wɔsɔre tiaa no no ho asɛm sɛ “abɔnefo asuasu” [“ahuhufo asuten,” Young]. (Dwom 18:4, 5, 16, 17) Nea Satan hwie gu nnɛ no nso yɛ ɔtaa a efi ahuhufo anaa “abɔnefo” hɔ. Wɔ 1922 akyi no, Satan puw ɔtaa bebree guu Adansefo no so. (Mateo 24:9-13) Ɔhwe ankasa, ‘mmara so a wɔnam bɔ mmusu,’ afiase a wɔde wɔn kogu ne okum mpo a wɔnam sɛn a wɔsɛn wɔn, tuo a wɔtotow bobɔ wɔn ne wɔn ti a wotwitwa ka eyi ho. (Dwom 94:20) Satan a wɔabrɛ no ase a wɔmmma onnya Onyankopɔn ɔsoro ɔbea no ho kwan tee bio no de abufuw kɔtoa ɔbea no asefo nkaefo a wɔwɔ asase so no sɛ ɔbɛsɛe wɔn tee anaasɛ nso ɔbɛma Onyankopɔn dom abɔ wɔn denam wɔn mudi mu a ɔmma wonkura so. Nanso wɔn bo a wɔasi no te sɛ Hiob de no: “Meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.”—Hiob 27:5.

      28. Ɔkwan bɛn so na ɔtaa no duu ne pɔmpɔn so wɔ Wiase Nyinaa Ko II no mu?

      28 Ɔtaa bɔne bebrebe yi duu ne pɔmpɔn so wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu. Wɔ Europa no, wɔkyeree Adansefo bɛyɛ 12,000 koguu Nasi adwumayɛban ne afiase ahorow mu, na bɛyɛ 2,000 wuwui. Akodi mu akatakyie a wodii Italy, Japan, Korea ne Taiwan so ase no, wɔyɛɛ Adansefo anokwafo atirimɔdenne a ɛtete saa. Nea wose wɔfrɛ wɔn kwasafoman nsase so mpo, Katolek Adeyɛkuw kɔtoaa Adansefo no boroo wɔn de amã srasraa wɔn ho de ntakra tuatuaa wɔn ho na wɔpam wɔn fii nkurow mu. Wɔsɛee Kristofo nhyiam horow na wɔpam Adansefo mmofra fii sukuu.

      29. (a) Yohane ka ahotɔ a efi baabi a wɔnhwɛ kwan bae no ho asɛm dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na “asase boaa ɔbea no”? (d) Dɛn na ɔtweaseɛ no akɔ so ayɛ?

      29 Ahotɔ fii beae bi a wɔanhwɛ kwan bae: “Nanso asase boaa ɔbea no, na asase buee n’anom menee asubɔnten a ɔtweaseɛ no puw fii n’anom no. Na ɔtweaseɛ no bo fuw ɔbea no, na okotuu n’asefo nkae a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu ho adansedi adwuma no so sa.” (Adiyisɛm 12:16, 17, NW) “Asase no”—Satan ankasa nneɛma nhyehyɛe no mu nneɛma horow—fii ase menee “asubɔnten,” anaasɛ “nsuyiri” no. Wɔ 1940 mfe no mu no, Adansefo no dii bem ahorow wɔ United States Asennibea Kɛse mu ne nsase horow binom so atumfo a wɔpene ɔsom mu ahofadi so no hɔ. Awiei, no Amanaman a Wɔaka Abom no menee Nasifo ne Fasistfo ntwirididii no na wɔmaa Adansefo a na wɔahu amane wɔ katabaakofo atirimɔdenfo ase no ho tɔɔ wɔn. Ɔtaa no to antwa koraa, ɔtweaseɛ no abufuw no akɔ so ara abedu nnɛ, na ɔkɔ so ne wɔn a “wokura Yesu ho adansedi adwuma no” ko ara. Wɔ nsase pii so no, Adansefo anokwafo da so ara gu afiase, na ebinom da so ara wuwu wɔn mudi nti. Nanso nsase yi bi so no, bere ne bere mu no, atumfo no gow wɔn nhyɛso no mu kakra, na Adansefo no nya ahofadi kakra kodu baabi.c Enti, nea ɛma nkɔmhyɛ no ba mu no, asase no kɔ so mene ɔtaa asubɔnten no.

      30. (a) Asase no de ahotɔ a ɛdɔɔso ama ma ɛde dɛn aba? (b) Onyankopɔn nkurɔfo mudi mu kura kowie dɛn mu?

      30 Wɔ saa kwan yi so no, asase no de ahotɔ a ɛdɔɔso bɛba na ama kwan ma Onyankopɔn adwuma atrɛw akɔ nsase bɛyɛ 235 so na ɛde asɛmpakafo anokwafo a wɔboro ɔpepem asia aba. Amanaman ntam gyidifo afoforo nnipakuw kɛse ka ɔbea no asefo nkae no ho redi Onyankopɔn ahyɛde a ɛfa wɔn ho a wɔbɛtwe afi wiase ho, atew wɔn abrabɔ fam, na wɔadodɔ wɔn nuanom ho no so na wodi Mesia Ahenni no ho adanse. Wɔn mudi no bua Satan ahohorabɔ mpoatwa no, ma enti ɛde Satan ne ne nneɛma nhyehyɛe no sɛe ho kɔkɔbɔ ma.​—Mmebusɛm 27:11.

  • Nkekaboa Abien a Wɔne Wɔn Di Asi
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    • Ti 28

      Nkekaboa Abien a Wɔne Wɔn Di Asi

      Anisoadehu 8​—Adiyisɛm 13:1-18

      Asɛmti: Aboa a ne ti ason, aboa a ɔwɔ mmɛn abien ne aboa no honi no

      Bere a enya mmamu: Efi Nimrod bere so kosi ahohiahia kɛse no mu

      1, 2. (a) Dɛn na Yohane ka wɔ ɔtweaseɛ no ho? (b) Yohane ka ahyehyɛde bi a aniwa hu a ɔtweaseɛ no de di dwuma ho asɛm dɛn wɔ sɛnkyerɛnne kwan so?

      WƆATOW ɔtweaseɛ kɛse no akyene asase so! Nea yɛasua wɔ Adiyisɛm mu no da no adi sɛ wɔremma Ɔwɔ no anaa n’adaemone akyidifo no kwan mma wɔnsan nkɔ ɔsoro bio da. Nanso yɛne nea wɔfrɛ no “ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa” no nwiei ɛ. Amanneɛbɔ no kɔ so kyerɛ akwan horow a Satan fa so ko tia ‘ɔbea no asefo’ no wɔ ɔkwan a emu da hɔ yiye so. (Adiyisɛm 12:9, 17) Yohane ka wɔ ɔwɔ ɔtweaseɛ no ho sɛ: “Na okogyinaa mpoano anhwea so.” (Adiyisɛm 12:18) Enti momma yɛntwɛn kakra na yɛnhwehwɛ ɔkwan a ɔtweaseɛ no fa so di dwuma no mu.

      2 Satan ne n’adaemone nni ɔsoro kronkronbea hɔ bio na wɔahaw ɛhɔfo. Wɔapam saa abɔfo bɔne no afi soro aka wɔn ahyɛ asase so. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi na ama ahonhonsɛmdi adɔɔso bebree wɔ ɛnnɛ bere yi mu no. Ɔwɔ oniferefo no da so ara wɔ ahonhom ahyehyɛde bi a aporɔw. Nanso so ɔde ahyehyɛde a aniwa hu nso redi dwuma de adaadaa adesamma anaa? Yohane ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na mihuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du ne ti ason sɛ ofi po mu sɔree, na ahemmotiri du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne ti

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena