Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wɔahu Ahintasɛm Bi a Ɛyɛ Nwonwa Ano
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    • 13. (a) Dɛn nti na wiase nyamesom mpanyimfo ne Amanaman Nkabom no a wɔyɛ biako hwehwɛ asomdwoe no kyerɛ biribi? (b) Asomdwoe ho nteɛm no bɛkɔ akowie awiei bɛn a Onyankopɔn aka asie mu?

      13 Afei nso, sɛ wiase nyamesom mu mpanyimfo ne Amanaman Nkabom no bɛyɛ biako de ahwehwɛ asomdwoe saa bere yi mu no kyerɛ biribi. Wɔbɛhwehwɛ sɛ wonya Amanaman Nkabom no so nkɛntɛnso na wɔde anya wɔn ankasa mfaso, titiriw no nnɛ mmere yi mu bere a wɔn nkurɔfo pii regyaw wɔn nyamesom no. Te sɛ tete Israel mpanyimfo a wɔanni nokware no, wɔka sɛ, “Asomdwoe! Asomdwoe! Nso asomdwoe nni hɔ.” (Yeremia 6:14) Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn asomdwoe ho nteɛm no bɛkɔ so aforo soro araa de aboa awiei a ɔsomafo Paulo hyɛɛ ho nkɔm sɛ: “[Yehowa] da no bɛba sɛ owifo ba anadwo. Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan” no.​—1 Tesalonikafo 5:2, 3.

      14. Ɔkwan bɛn so na “Asomdwoe ne ahotɔ!” nteɛm no bɛba, na ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi akwati daadaa a ɛbɛdaadaa no?

      14 Mfe kakra ni no, amammuifo de asɛm “asomdwoe ne ahotɔ!” no atwe adwene asi nnipa nhyehyɛe ahorow so. So saa mmɔden a wiase akannifo bɔ no kyerɛ sɛ 1 Tesalonikafo 5:3 afi ase renya mmamu? Anaasɛ na Paulo retwe adwene asi asɛnkɛse pɔtee bi a ebesi a wiase no behu so? Esiane sɛ yɛtaa te Bible mu nkɔmhyɛ ase koraa wɔ bere a anya mmamu no akyi nti, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn na yɛhwɛ nea ɛbɛba. Nanso, Kristofo nim sɛ asomdwoe ne ahotɔ biara a ɛbɛyɛ sɛ amanaman no anya no renyɛ nsakrae titiriw biara. Pɛsɛmenkominya, nitan, awudi, mmusua mu mpaapaemu, ɔbrasɛe, nyarewa, awerɛhow ne owu bɛkɔ so atra hɔ. Ɛno nti na ɛnsɛ sɛ woma “asomdwoe ne ahotɔ” a wɔbɛka biara no daadaa wo, bere a wuhu nea nsɛm a esisi wɔ wiase no kyerɛ na wutie Onyankopɔn Asɛm mu nkɔmhyɛ a ɛyɛ kɔkɔbɔ no.​—Marko 13:32-37; Luka 21:34-36.

  • Wɔsɛe Babilon Kɛse No
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    • Ti 35

      Wɔsɛe Babilon Kɛse No

      1. Ɔbɔfo no ka aboa kɔkɔɔ no ho asɛm dɛn, na nyansa bɛn na ehia ma wɔde ate Adiyisɛm mu nsɛnkyerɛnne no ase?

      ƆBƆFO no reka Adiyisɛm 17:3 aboa kɔkɔɔ no ho asɛm bio no, ɔka kyerɛɛ Yohane sɛ: “Ɛha na adwene a nyansa wom no wɔ. Ti ason no yɛ mmepɔw ason a ɔbea no te so, na ɛyɛ ahene baason. Baanum agu, obiako wɔ hɔ, ɔfoforo no nnya mmae ɛ, na ɔba a, etwa sɛ ɔtra hɔ kakraa bi.” (Adiyisɛm 17:9, 10) Ɛha no, ɔbɔfo no kyerɛ nyansa a efi soro, nyansa a ɛno nkutoo na ɛbɛma wɔate Adiyisɛm mu nsɛnkyerɛnne no ase. (Yakobo 3:17) Nyansa yi ma Yohane kuw no ne wɔn ahokafo hu aniberesɛm a ɛwɔ mmere a yɛte mu no mu no. Ɛma komapafo nya Yehowa atemmu ahorow a afei na wɔrebedi ho dwuma no ho anisɔ, na ɛma wonya Yehowa ho suro pa. Sɛnea Mmebusɛm 9:10 ka no: “Nyansa mfiase ne [Yehowa] suro, na Ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhumu.” Dɛn na ɔsoro nyansa da no adi kyerɛ yɛn wɔ aboa no ho?

      2. Aboa kɔkɔɔ no ti ason no kyerɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na na “anum agu, [na] obiako wɔ hɔ”?

      2 Saa aboa a ɔyɛ keka no ti ason no gyina hɔ ma “mmepɔw” ason, anaasɛ “ahene” baason. Wɔka nsɛm abien no nyinaa Kyerɛwnsɛm mu de kyerɛ nniso tumi horow. (Yeremia 51:24, 25; Daniel 2:34, 44, 45) Bible mu no, wɔabobɔ wiase tumi horow asia din sɛ wɔanya Onyankopɔn nkurɔfo nsɛm so tumi: Misraim, Asiria, Babilon, Medo-Persia, Hela ne Roma. Eyinom mu no, na anum abetwam kɔ dedaw bere a Yohane nsa kaa Adiyisɛm no, bere a na Roma da so ara yɛ wiase tumi a ne ho yɛ den. Eyi ne nsɛm “baanum agu, obiako wɔ hɔ” no hyia yiye. Na “ɔfoforo” a ɔrebɛba no nso ɛ?

      3. (a) Ɔkwan bɛn so na Roma Ahemman no mu paapae? (b) Nneɛma bɛn na ɛkɔɔ so wɔ Atɔe? (d) Ɛsɛ sɛ wobu Roma Ahemman Kronkron no dɛn?

      3 Roma Ahemman no traa ase ma mpo emu trɛwee mfehaha pii Yohane bere no akyi. Afe 330 Y.B. mu no, Ɔhempɔn Konstantino yii n’ahenkurow no fii Roma kɔɔ Byzantium, na ɔtoo ne din foforo sɛ Constantinople. Afe 395 Y.B. mu no, wɔpaapae Roma Ahemman no mu yɛɛ no Apuei Fam de ne Atɔe Fam de. Afe 410 Y.B. mu no, Roma ankasa gui Wisigotfo (Germanfo abusuakuw bi a wɔasakra abɛyɛ Arianfo “Kristosom”) hene Alarik anim. Germanfo mmusuakuw bi (a wɔn so wɔyɛ “Kristofo”) dii Spain ne Romafo asase a ɛda Afrika Atifi fam no pii so nkonim. Basabasayɛ, ahotɔ a enni hɔ ne nsakrae pii bae wɔ Europa mfehaha. Ahempɔn akɛse sɔresɔree wɔ Atɔe, te sɛ Charlemagne a ɔne Paapa Leo III yɛɛ apam afeha ɛto so 9 no mu, ne Frederick II, a odii tumi afeha 13 no mu no. Nanso, ɛwom sɛ wɔfrɛɛ wɔn ahemman no Roma Ahemman Kronkron de, nanso ná esusuae koraa sen Roma Ahemman a edii kan traa se bere a ná adu ne pɔmpɔn so no. Ná ɛyɛ tete tumi yi a wɔasan de asi hɔ anaasɛ ne ntoaso mmom na ɛnyɛ ahemman foforo.

      4. Yiye bɛn na Roma Apuei Fam Ahemman no dii, na dɛn na ɛbaa tete Roma kan nsase a ná ɛwɔ Afrika Atifi Fam, Spain ne Syria no mu pii so?

      4 Roma Apuei Fam Ahemman a na ne ti wɔ Constantinople no ne Atɔe fam Ahemman no anya abusuabɔ. Afeha a ɛto so asia no mu no, Apuei Fam Ɔhempɔn Justinian I tumi dii Afrika Atifi Fam afa horow pii so nkonim bio, na ɔde ne ho kogyee Spain ne Italia nsɛm mu nso. Afeha a ɛto so ason no mu no, Justinian II san kogyee Makedonia mmeae ahorow a na Slaviafo bi adi so nkonim no maa Ahemman no. Nanso eduu afeha a ɛto so awotwe no mu no, ná tete Roma nsa a egu Afirika Atifi, Spain, ne Syria no abɛhyɛ Nkramofo ahemman foforo no ase ma enti afi Konstantinople ne Roma nyinaa tumi ase.

      5. Ɛwom sɛ Roma kuropɔn no gui afe 410 Y.B. mu de, nanso ɔkwan bɛn so na egyee mfehaha pii bio ansa na amammui Roma Ahemman no ho nkae nyinaa refi wiase.

      5 Konstantinople kuropɔn no ankasa traa hɔ kyɛe kakra. Egyinae ntua a na ɛtaa ba no so fi Persiafo, Arabiafo, Bulgarfo, ne Rusiafo hɔ no ano kosii sɛ awiei no egui afe 1203 mu—ɛnyɛ Nkramofo anim, na mmom mmeamudua akofofo a wofi Atɔe no anim. Nanso, wɔ 1453 mu no, ɛbɛhyɛɛ Nkramofo Ottoman tumidifo Mehmed II no tumi ase na ankyɛ na ɛbɛyɛɛ Ottoman, anaasɛ Turkifo, Ahemman no ahenkurow. Enti, ɛwom sɛ Roma kuropɔn no gui wɔ 410 Y.B. mu de, nanso egyee mfehaha pii bio ansa na amammui Roma Ahemman no ho nkae nyinaa refi wiase. Na ɛno mpo, na wɔda so ara hu ne nkɛntɛnso wɔ nyamesom ahemman ahorow a egyina Roma paapanom ne Apuei Fam Ortodoks asɔre ahorow no tumidi so no mu.

      6. Ahemman afoforo koraa bɛn na ɛbae, na nea ɛwɔ he na edii yiye sen ne nyinaa?

      6 Nanso, eduu afeha a ɛto so 15 no mu no, ná aman bi rehyehyɛ ahemman afoforo. Bere a na tumi afoforo yi bi wɔ kan Roma atubra nsase so no, ná wɔn ahemman ahorow no nyɛ Roma Ahemman no ntoaso ara kwa. Portugal, Spain, Franse ne Holland nyinaa bɛyɛɛ mmeae a wofi di tumi kɔ akyirikyiri. Nanso nea edii yiye sen wɔn nyinaa ne Britania a ebedii ahemman kɛse bi a ‘owia ntɔ wɔ so da’ so no. Ahemman yi trɛwee mmere horow mu kɔɔ Amerika Atifi fam afa ahorow pi, Afrika, India ne Asia Kesee fam ne Pasifik Kesee fam tɛtrɛɛ no mu.

      7. Ɔkwan bɛn so na wiase tumi a ɛbɔ ho abien bi bae, na Yohane se saa ‘ti,’ anaasɛ wiase tumi, a ɛto so ason no bɛtra hɔ bere tenten bɛn?

      7 Eduu afeha a ɛto so 19 no mu no, ná atubra man a ɛwɔ Amerika atifi fam no bi atew wɔn ho afi Britania ho dedaw abɛyɛ United States, Amerika a ɛde ne ho. Amammui fam no, ɔko kɔɔ so wɔ ɔman foforo no ne ɔman a kan ɛhyɛ n’ase no ntam. Nanso, wiase nyinaa ko a edi kan no hyɛɛ aman abien no nyinaa ma wohuu nneɛma a ehia wɔn nyinaa na wɔkaa ho bɔɔ mu wɔ abusuabɔ titiriw bi mu. Enti, wiase tumi bi a ɛbɔ ho abien bae, a wɔn a wɔwom ne United States a mprempren ɛne ɔman a anya ne ho sen biara wɔ wiase, ne Britania Kɛse a ɛne wiase ahemman a ɛso sen biara no trabea. Enti, eyi ne ‘ti’ a ɛto so ason, anaasɛ wiase tumi a ɛkɔ so kodu awiei bere no mu a ne nsase so na wodii kan hyehyɛɛ nnɛyi Yehowa Adansefo no. Sɛ wɔde ti a ɛto so asia no ahenni bere tenten no toto ho a, ná nea ɔto so ason no atra hɔ “kakraa bi” kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛsɛe amanaman no nyinaa.

      Dɛn Nti na Wɔfrɛ no Ɔhene a Ɔto so Awotwe?

      8, 9. Ɔbɔfo no frɛ sɛnkyerɛnne kwan so aboa kɔkɔɔ no dɛn, na ɔkwan bɛn so na ofi ason no mu?

      8 Ɔbɔfo no kyerɛkyerɛɛ mu bio kyerɛ Yohane sɛ: “Na aboa bi a da bi na ɔwɔ hɔ na afei de, onni hɔ no, ɔno ara nso ne nea ɔto so awotwe, na ofi ason no mu, na ɔkɔ ɔsɛe mu.” (Adiyisɛm 17:11) Sɛnkyerɛnne kwan so aboa kɔkɔɔ no “fi” ti ason no mu; kyerɛ sɛ wofi saa mfitiase “aboa . . . a ofi po mu” a aboa kɔkɔɔ no yɛ ne honi, no ti ahorow no mu na ɛwoo no, anaasɛ n’asetra fi no. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, wɔ 1919 mu no, ná Anglo-Amerika tumi no na ɛyɛ ti a edi so. Ná atiri asia a edi kan no agu, na wiase so tumidi dibea no asen akɔ ti a ɛbɔ ho abien yi hɔ ma afei ne mu na ɛwɔ. Na ti a ɛto so ason yi, sɛnea mprempren egyina hɔ wɔ wiase tumi horow a adidi so no ananmu no, ne tumi a ɛkaa nkurɔfo ma wɔde Amanaman Apam no sii hɔ na ɛda so ara yɛ otitiriw a ɔma Amanaman Nkabom no wɔ hɔ na ɛboa no sika fam. Enti, sɛnkyerɛnne kwan so no, aboa kɔkɔɔ—ɔhene a ɔto so awotwe no—“fi” mfitiase ti ason no mu. Sɛ wɔhwɛ no ɔkwan yi so a, asɛm a wɔkae sɛ efi ason no mu no ne adiyi a edi kan sɛ aboa a ɔwɔ mmɛn abien te sɛ oguammaa (Anglo-Amerika Wiase Tumi, mfitiase aboa no ti a ɛto so ason) a ɔhyɛe sɛ wɔnyɛ ohoni no na ɔmaa no nkwa no hyia pɛpɛɛpɛ.​—Adiyisɛm 13:1, 11, 14, 15.

      9 Nea ɛka ho bio no, wɔn a na wɔka Britania Kɛse ho yɛ Amanaman Apam no mufo fi mfiase no ne nniso horow a edii tumi wɔ atiri a adi kan no mu binom nkongua so, a wɔne Hela, Iran (Persia) ne Italia (Roma). Awiei no, nniso horow a edi nsase a wiase tumi horow asia a adi kan no dii so no bɛyɛɛ aboa no honi no aboafo. Ɔkwan yi so nso no, wobetumi aka sɛ aboa kɔkɔɔ no fi wiase tumi ason no mu na ɛbae.

      10. (a) Dɛn nti na wobetumi aka sɛ aboa kɔkɔɔ no “ara nso ne [Ɔhene a] ɔto so awotwe”? (b) Kan Soviet Union ɔmampanyin bi kyerɛe sɛ ɔboa Amanaman Nkabom no dɛn?

      10 Hyɛ no nsow sɛ aboa kɔkɔɔ no ankasa “nso ne [ɔhene] a ɔto so awotwe.” Enti wɔhyehyɛɛ Amanaman Nkabom no nnɛ te sɛ wiase nniso bi. Adi dwuma mpo mmere bi sɛ nniso ma asoma asraafo sɛ wɔnkɔ akono nkɔpata amanaman ntam akameakamedi sɛnea wɔyɛe wɔ Korea, Sina Nsu Ntam Asase no so, Afrika aman binom ne Lebanon no. Na ɛyɛ ɔhene bi honi ara kwa. Te sɛ nyamesom honi bi no, enni nkɛntɛnso anaa tumi ankasa biara wɔ nea wɔn a wɔde bae na wɔkotow no no de maa no no akyi. Ɛtɔ mmere bi a, sɛnkyerɛnne kwan so aboa yi yɛ sɛnea ayɛ mmerɛw; nanso enhuu gyaw a emufo a wokura katabaako adwene a wɔmaa Amanaman Apam no tɔɔ ntintan kɔhwee bun no mu no nyinaa begyaw no no bi da. (Adiyisɛm 17:8) Ɛwom sɛ wokurakura adwenhorow a ɛsonsonoe koraa wɔ nsɛm ahorow ho de, nanso wɔ 1987 mu no, kan Soviet Union ɔkannifo bi a ɔyɛ otitiriw kɔkaa Roma paapanom ho kyerɛe sɛ wogyina Amanaman Nkabom no akyi. Ɔkae mpo sɛ wɔmfa “amanaman ntam dwoodwoo asetra nhyehyɛe bi a edi mu” a egyina Amanaman Nkabom no so nsi hɔ. Sɛnea afei Yohane hu no, bere bi bɛba a Amanaman Nkabom no de tumi a ɛdɔɔso ara yiye bedi dwuma. Ɛno na afei ɛno nso bɛkɔ “ɔsɛe mu.”

      Dɔnhwerew Biako ma Ahene Du

      11. Dɛn na Yehowa bɔfo no ka wɔ sɛnkyerɛnne kwan so aboa kɔkɔɔ no mmɛn du no ho?

      11 Adiyisɛm ti a edii eyi anim no mu no, abɔfo a wɔto so asia ne ason no hwiee Onyankopɔn abufuw nkuruwa no gui. Enti, wɔma yɛtee sɛ wɔreboaboa asase so ahene ano akɔ Onyankopɔn ko wɔ Harmagedon ne sɛ ‘wɔbɛkae Babilon Kɛse wɔ Onyankopɔn anim.’ (Adiyisɛm 16:1, 14, 19) Afei yebehu sɛnea wobedi Onyankopɔn atemmu ahorow ho dwuma wɔ eyinom so no mu yiye. Tie Yehowa bɔfo no bio bere a ɔkasa kyerɛ Yohane no. “Na mmɛn du a wuhui no ne ahene du a wonnyaa ahenni ɛ, nanso wɔne aboa no benya ahoɔden sɛ ahene dɔnhwerew biako. Eyinom wɔ adwenkoro, na wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no. Eyinom ne oguammaa no bɛko, na oguammaa no bedi wɔn so nkonim,—efisɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene,—ɔne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔapaw wɔn na wodi no nokware no.”—Adiyisɛm 17:12-14.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena