-
1914—Afe Titiriw Wɔ Bible Nkɔmhyɛ MuDɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
-
-
Sɛnea Yesu hyɛɛ nkɔm no, nsɛm a ɛyɛ hu te sɛ akodi, ɔkɔm, asasewosow, ne ɔyaredɔm a asisi wɔ wiase ahyɛ ne “mmae” sɛ ɔsoro Hene no agyirae pɛpɛɛpɛ. (Mateo 24:3-8; Luka 21:11) Nsɛm a ɛtete saa no yɛ adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ wɔde Onyankopɔn soro Ahenni no sii hɔ wɔ afe 1914 mu ampa, na saa bere no na wiase bɔne yi “nna a edi akyiri” no fii ase.—2 Timoteo 3:1-5.
-
-
Hena ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
-
-
NKEKAHO
Hena ne Ɔbɔfo Panyin Mikael?
WƆNTAA mmɔ honhom abɔde a wɔfrɛ no Mikael no din wɔ Bible mu. Nanso, bere biara a wɔbɛbɔ ne din no na ɔreyɛ adwuma bi. Wɔ Daniel nhoma no mu no, Mikael ne abɔfo bɔne bi reko; wɔ Yuda nhoma no mu no, ɔne Satan redi akameakame; wɔ Adiyisɛm mu no, ɔne Ɔbonsam ne n’adaemone reko. Mikael nam Yehowa tumidi akyi a ogyina ne Onyankopɔn atamfo a ɔko tia wɔn no so yɛ n’ade sɛnea ne din kyerɛ—“Hena na Ɔte sɛ Onyankopɔn?” Na hena ne Mikael?
Ɛtɔ mmere bi a, wɔde din pii na ɛfrɛ onipa bi. Sɛ nhwɛso no, wɔfrɛ tete agya Yakob sɛ Israel nso, na wɔsan frɛ ɔsomafo Petro sɛ Simon. (Genesis 49:1, 2; Mateo 10:2) Saa ara na Bible kyerɛ sɛ Mikael yɛ Yesu Kristo din foforo a na wɔde frɛ no ansa na ɔreba asase so, na bere a ɔsan kɔɔ soro no, saa ara na wɔfrɛ no. Ma yensusuw Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bi a yegyina so ka eyi no ho nhwɛ.
Ɔbɔfo Panyin. Onyankopɔn Asɛm frɛ Mikael “ɔbɔfo panyin.” (Yuda 9) Hyɛ no nsow sɛ wɔfrɛ Mikael ɔbɔfo panyin. Eyi kyerɛ sɛ ɔbɔfo biako pɛ na ɔde saa. Nokwarem no, asɛm “ɔbɔfo panyin” no pue Bible mu wɔ biako kabea mu nkutoo, empue wɔ dodow kabea mu da. Afei nso, wɔfrɛ Yesu ɔbɔfo panyin. Wɔka Awurade Yesu Kristo a wɔanyan no no ho asɛm wɔ 1 Tesalonikafo 4:16 sɛ: “Awurade ankasa de nteɛm a emu yɛ den, ɔbɔfo panyin nne . . . besian afi soro.” Enti, wɔka Yesu nne ho asɛm sɛ ɔbɔfo panyin nne. Na saa kyerɛwsɛm yi kyerɛ sɛ Yesu ankasa ne ɔbɔfo panyin Mikael no.
Ɔsahene. Bible ka sɛ “Mikael ne n’abɔfo ne ɔtweaseɛ no . . . ne n’abɔfo . . . koe.” (Adiyisɛm 12:7) Enti, Mikael yɛ abɔfo anokwafo bi Sahene. Adiyisɛm san ka Yesu ho asɛm sɛ ɔyɛ asafodɔm anokwafo bi Sahene. (Adiyisɛm 19:14-16) Na ɔsomafo Paulo ka “Awurade Yesu” ne “n’abɔfo a wɔwɔ tumi” ho asɛm pefee. (2 Tesalonikafo 1:7) Enti Bible ka Mikael ne “n’abɔfo” ne Yesu ne “n’abɔfo” nyinaa ho asɛm. (Mateo 13:41; 16:27; 24:31; 1 Petro 3:22) Esiane sɛ Onyankopɔn Asɛm nka wɔ baabiara sɛ asafodɔm akuw abien na ɛwɔ soro a Mikael yɛ biako so panyin na Yesu nso yɛ biako so panyin nti, ɛfata sɛ yɛbɛka sɛ edin a wɔde frɛ Yesu Kristo wɔ soro ne Mikael.a
a Nsɛm foforo a ɛkyerɛ sɛ Mikael yɛ Onyankopɔn Ba no din no wɔ Insight on the Scriptures, nhoma a Yehowa Adansefo atintim no Po 2, kratafa 393-4.
-
-
“Babilon Kɛse” no a WubehuDɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
-
-
NKEKAHO
“Babilon Kɛse” no a Wubehu
ADIYISƐM nhoma no ka nsɛm pii a yentumi mfa no sɛnea ɛka no no ara. (Adiyisɛm 1:1) Sɛ nhwɛso no, ɛka ɔbea bi a wɔakyerɛw edin “Babilon Kɛse” wɔ ne moma so ho asɛm. Wɔkyerɛ sɛ ɔbea yi te “nnipakuw ne aman” so. (Adiyisɛm 17:1, 5, 15) Esiane sɛ ɔbea ankasa biara nni hɔ a obetumi ayɛ eyi nti, ɛbɛyɛ sɛ Babilon Kɛse no gyina hɔ ma biribi. Ɛnde, dɛn na sɛnkyerɛnne kwan so aguaman yi gyina hɔ ma?
Wɔka saa ɔbea koro yi ara a ɔyɛ biribi ho mfonini no ho asɛm wɔ Adiyisɛm 17:18 sɛ “kurow kɛse a ɛwɔ ahenni a edi asase so ahemfo so.” Asɛmfua “kurow” no kyerɛ nnipakuw
-