-
Asɛnka Nhyiam HorowAhenni Som—1991 | January
-
-
Asɛnka Nhyiam Horow
DAPƐN A EDI KAN
Wubua dɛn
1. Nnapɔnna nkyia?
2. Nea enti a yenni Afe Foforo no ho nsemmisa?
DAPƐN A ƐTO SO ABIEN
Nkɔmmɔbɔ Asɛmti
1. Muntĩ nnianim asɛm no ne kyerɛw nsɛm no mu.
2. Wode Tra Ase Daa anaa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm bɛkyerɛ onigyeni a onni bi no dɛn?
DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
Bɔnnɔ so Adansedi
1. Ahosiesie bɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woatu mpɔn?
2. Nsɛmti bɛn na wobetumi de afi nkɔmmɔbɔ ase?
3. Wobɛtwe adwene asi nhoma bi so dɛn?
DAPƐN A ƐTO SO ANAN
Afie afie som adwuma no
1. Nnianim nsɛm bɛn na eye titiriw wɔ mo asasesin no mu?
2. Anoyi bɛn na wɔtaa de ma, na ɔkwan bɛn so na wubetumi adi ho dwuma ɔkwan a etu mpɔn so?
-
-
Asafo Nhoma AdesuaAhenni Som—1991 | January
-
-
Asafo Nhoma Adesua
Nhyehyɛe ma asafo adesua wɔ Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo” nhomawa mu:
Dapɛn 1: Nkyekyem 43 kosi 50
Dapɛn 2: Nkyekyem 51 kosi 58
Dapɛn 3: Muntĩ nkyekyem 1 kosi 26 mu
Dapɛn 4: Muntĩ nkyekyem 27 kosi 58 mu
-
-
Nkɔmmɔbɔ AsɛmtiAhenni Som—1991 | January
-
-
Nkɔmmɔbɔ Asɛmti
Bere a Ɛsɛ sɛ Yɛhwehwɛ Onyankopɔn Ni.
Yes. 55:6, 7—Yebetumi ahu nokware Nyankopɔn no.
Aso. 17:26, 27—Ɛsɛ sɛ Onipa hwehwɛ Onyankopɔn Nnɛ.
-
-
Asɛnka Adwuma—Hokwan A Yɛwɔ A Ɛsom BoAhenni Som—1991 | January
-
-
Asɛnka Adwuma—Hokwan A Yɛwɔ A Ɛsom Bo
1 Hwɛ hokwan kɛse a ɛyɛ sɛ yebegyina Yehowa, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no ananmu wɔ adesamma anim na yɛayɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo”! (1 Kor. 3:9; Yes. 43:10-12) Asɛmpa no a yɛka no ‘mfi nnipa,’ na abɔfo gyina akyi. (Adi. 14:6, 7; Gal. 1:11) So wokyerɛ hokwan a wowɔ sɛ woyɛ Yehowa asase so ahyehyɛde no muni, na wo ne ne soro ahyehyɛde no abom reyɛ asɛmpaka adwuma a egye nkwa no ho anisɔ?
2 Yehowa Nyankopɔn ne ɔsɛmpakafo a odi kan, na wɔ Eden no, ɔkaa asɛmpa a ɛne sɛ Aseni no bɛbɔ Ɔbonsam ti, na wama asomdwoe ne biakoyɛ asan aba amansan no mu. (Gen. 3:15) Mfehaha pii akyi no, Yehowa ‘kaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo mu na wobehyira amanaman nyinaa.’ (Gal. 3:8) Yehowa Nyankopɔn kɔ so ka asɛmpa no wɔ ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛyɛ “ade nyinaa foforo” wɔ paradise wɔ asase so no mu. (Adi. 21:5) Yɛnam nsiyɛ a yɛde bɔ asɛmpa no dawuru no so suasua yɛn Nyankopɔn no, na yɛto nsa frɛ afoforo sɛ: “Ma obiara a osukɔm de no mmra; na obiara a ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.”—Adi. 22:17, NW.
YƐN KYƐFA A YƐBƐMA AYƐ KƐSE
3 Bere a wɔde nsa too yɛn adwuma no so wɔ afe a etwaam no mu no, yɛn asɛnka adwuma no afã horow a nnɔnhwerew a yɛde kaa asɛm no ka ho so tewee. Nanso, ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛ nnamfo no rekanyan wɔn ho, na asɛnka adwuma no afã horow renya nkɔso bere nyinaa. Sɛ yɛkyekyem a, nnɔnhwerew anum a na yenya wɔ bere a wodii kan de nsa too yɛn dwumadi so no mu no akɔ soro akodu nnɔnhwerew 6. Ɛwom sɛ eyi hyɛ nkuran de, nanso ɛda adi sɛ yebetumi ayɛ nea ɛsen saa, sɛ yɛhwɛ nnɔnhwerew 12 a sɛ yɛkyekyem a, na ɔdawurubɔfo biara nya ansa na wɔde nsa reto yɛn dwumadi so no a. Sɛ yɛkyekyem a, nnɔnhwerew 2 a ɔdawurubɔfo biara benya dapɛn biara no bɛyɛ anyɛ yiye koraa no, nnɔnhwerew 8 ɔsram biara, na nnɔnhwerew 3 a obenya dapɛn biara no bɛyɛ, anyɛ yiye koraa no, nnɔnhwerew 12 ɔsram biara. So wutumi hu nnɔnhwerew a ɛkɔ anim a sɛ yɛyere yɛn ho kakra wɔ asɛnka adwuma mu dapɛn biara a, yebenya no?
4 Nnipa pii da so wɔ ɔman yi mu a wɔpɛ sɛ wotie asɛmpa no. Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ahwehwɛ eyinom ne sɛ yɛbɛkɔ afie afie asɛnka. Adawurɔbɔfo pii rebɔ mmɔden sɛ wobedi adanse wɔ afie afie ma asow aba pa. Nhwɛso biako ne sɛ ofiewura no kyerɛɛ asɛmpa no ho anisɔ kɛse araa ma ɔka kyerɛɛ ɔdawurubɔfo no sɛ, ɔbɛkɔ asɔre dapɛn biako na watra fie dapɛn a edi hɔ no atwɛn no ma wɔasua Bible no. Na eyi ne bere a edi kan a ɔkɔɔ ne nkyɛn, nanso ɔkae sɛ ɔbɛtew n’asɔrekɔ so aba mprenu ɔsram biara na ama ɔne Yehowa Adansefo asua Bible no. Nya ahotoso sɛ Yehowa nam n’abɔfo so bɛkyerɛ wo kwan akɔ wɔn a wɔte sɛ nguan wɔ mo asasesin no mu nkyɛn. Enti, mmma w’asɛnka adwuma no nnyɛ sankɔhwɛ ne ofie Bible adesua nkutoo. Yɛ bere nhyehyɛe ma afie afie adansedi.
5 Ebinom agyae asɛnkakɔ fi bere a wɔde nsa too yɛn dwumadi so no, ma enti wɔayɛ mmerɛw. Afoforo nso ntaa nkɔ asɛnka. Yɛrehyɛ ɔkyerɛwfo no sɛ ɔnkyerɛw wɔn a wɔayɛ mmerɛw no, ne wɔn a wɔreyɛ mmerɛw no din. Ɔhwɛfo guamtrani no betumi ahwɛ ma wayɛ eyi, na wama mpanyimfo kuw no ayɛ nhyiam asusuw mmoa pa a wobetumi de ama wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ honhom mu yi mu biara ho. Wɔhyɛ nyansa sɛ mpanyimfo kuw no betumi ahyɛ da apaw anuanom mmarima ne mmea a wɔfata ma wɔahyɛ eyinom den bio. Ebia wɔn mu pii agyae nhyiamkɔ, enti ade a edi kan a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wɔbɛkanyan wɔn anigye wɔ honhom mu aduan a Yehowa de ma no ho, na afei wɔaboa wɔn ma wɔahyɛ ase akɔ asɛnka bio.
AKWAMPAEFO—MONKƆ SO NYƐ MO FAM DE
6 Yɛn anisɔ yɛn akwampaefo no. Asɛnka adwuma ma yehyia nsɛnnennen a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma wɔ yɛn mprempren tebea yi mu. Enti, ani sɔ nnɔnhwerew 40 a sɛ wɔkyekyem a, daa ɔkwampaefo biara nya ɔsram biara ne nnɔnhwerew 37 a sɛ wɔkyekyem a, akwampaefo boafo biara nya ɔsram biara no kɛse. Nanso, sɛ yesusuw nnɔnhwerew 90 ne 60 a ɛsɛ sɛ daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo nya ɔsram biara no ho a yebetumi ahu ntɛm ara sɛ wobetumi ayɛ nea ɛsen saa. Esiane osuahu a asram dunwɔtwe a yɛde ayɛ adwuma wɔ nsa a ɛda yɛn dwumadi so ase ama yɛanya, ne tebea no a ɛkɔ so yɛ yiye wɔ nsasesin pii mu no nti, yɛwɔ hokwan pii a ɛbɛma yɛatumi de nnɔnhwerew pii ayɛ asɛnka adwuma. Anaa, wunhu no saa?
7 Krataa a wɔkyerɛw kɔma daa akwampaefo afe biara no hyɛ daa ɔkwampaefo biara nkuran sɛ ɔnyɛ dapɛn biara asɛnka adwuma ho nhyehyɛe, na wɔde kratasin bi ama wɔn mu biara sɛ ɔmfa nyɛ saa. Eyi bɛboa wɔn mu biara ma wahu nnɔnhwerew a onya dapɛn biara ne dodow a obenya ɔsram no. Sɛ eyi sua a, obetumi ahu nsakrae ko a ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ ne da biara dwumadi mu na wanya nnɔnhwerew a ɛkɔ anim a ɛsɛ. Yɛhyɛ akwampaefo aboafo nso nkuran sɛ wonni kan nyɛ asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe. “Monnyɛ mo adwuma mu nyaa. Monyɛ honhom mu hyew. Monyɛ Yehowa nkoa.”—Rom. 12:11. NW.
8 Asɛnka adwuma no a yenya mu kyɛfa no kyerɛ sɛnea ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn yɔnko no mu dɔ. Eyi ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse a ɛsen biara a wɔayɛ wɔ abakɔsɛm mu nyinaa pɛn. So wunhu wo fam de a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ nkɔmhyɛ yi mmamu mu? (Mat. 24:14; Dw. 110:3) Ɛnde, kɔ so fa nsiyɛ yɛ adwuma wɔ asɛnka adwuma no mu.—Heb. 6:10-12.
9 Ɛrenkyɛ na da Onyankopɔn Ahenni bedi tumi wɔ asase so nyinaa no adu. Anigye bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛɛ yi sɛ yebenyan da biara na yɛwɔ akwahosan pa a yɛde bɛboa ma wɔasan adan asase no sɛ wiase nyinaa paradise, na aboa ma wɔakyerɛkyerɛ ɔpepem pii a woanyan wɔn afi owu mu no ma wɔanantew Yehowa kwan so! Ɛmmra sɛ anigye a ɛda yɛn anim no bɛhyɛ sɛnea Woasi wo bo mprempren sɛ wobɛka anuonyam asɛmpa no wɔ ɛbere a enye mu no mu den. (2 Tim. 4:2, 5) Ɛyɛ hokwan a ɛso nni!
-
-
Abusua Bible Adesua A Etu Mpɔn A YɛbɛyɛAhenni Som—1991 | January
-
-
Abusua Bible Adesua A Etu Mpɔn A Yɛbɛyɛ
1 Nnwuma a ehia titiriw a awofo yɛ no biako ne wɔn mma a wɔkyerɛkyerɛ wɔn nokware no. Ɛyɛ asɛyɛde a Yehowa na ɔde ama wɔn. (Deut. 6:6, 7) Mmofra hia akwankyerɛ na wɔanantew pɛyɛ mu wɔ amumɔyɛ wiase mu. Ehia sɛ wosua sɛnea wɔbɛdɔ Yehowa ne nokware no, na wosi wɔn bo sɛ wɔbɛtra mu. September 1, 1988, Ɔwɛn-Aban, kratafa 21, kae sɛ: “Wɔ asɛyɛde afoforo a mowɔ anaasɛ ɔhaw ahorow a muhyia nyinaa akyi no, ehia sɛ muhu bere a mode di dwuma de tra mo mma nkyɛn no sɛ ɛho hia titiriw. Bere a mode bedi dwuma de abom atra faako no bɛma mode honhom mu nnyinasosɛm pa a ɛbɛbɔ mo mma koma ho ban na ɛde wɔn afa ɔkwan a ɛteɛ no so no ahyɛ wɔn mu.”
2 Sɛ mmusua bedi akwankyerɛ a wɔde ama wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no akyi a, ɛsɛ woyi bere si hɔ de yɛ abusua adesua. Ehia sɛ mmusua ti bu abusua no honhom fam nneɛma ho dwuma a wobedi no sɛ ehia titiriw. Sɛ wɔamma wɔn ani anku abusua no honhom fam ahiade ho sɛnea ɛsɛ mprempen a ɛda adi sɛ ebehia sɛ awofo di ɔhaw ahorow a anibere wom ho dwuma daakye.
NEA MUBESUA NE AKWAN A MOBƐFA SO ASUA
3 Dɛn na ɛsɛ sɛ musua? Abusua ti no na obetumi ahu nea abusua no hia asen obiara. Obetumi abisa afoforo no adwene wɔ nea ɛho bɛba wɔn mfaso no ho, na wasusuw wɔn nyansahyɛ ahorow no ho. Fakaayɛ bɛma abusua no adesua no ayɛ nea mfaso wom na ɛkanyan anigye. Mmusua pii paw sɛ wobesua Ɔwɛn-Aban no mu dapɛn biara adesua no. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ebia ebehia sɛ wosusuw nsɛmti pɔtee bi a ɛka ɔhaw ahorow a mmofra hyia wɔ sukuu ho nsɛm ho. Wobetumi asusuw nhyehyɛe a wɔyɛ fi adi, sukuupɔn akyi dwumadi ahorow, agumadi, ne ɔbrabɔne su horow ho nsɛm a wɔatintim ho wɔ ɔkwan a ɛma denhyɛ ne nkuranhyɛ so. Ehia titiriw sɛ abusua ti no bɛkɔ so asan ahwɛ nsɛm a abusua no hia ne sɛnea obetumi adu wɔn komam yiye no mu.—Hwɛ December 1, 1971, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 381-382.
4 Ɛsɛ sɛ moyɛ adesua no wɔ ɔkwan bɛn so? Ma tebea no nyɛ nea hwee nhaw obiara adwene nanso wɔkyerɛ obu wom. Kwati nneɛma a wɔyɛ no kyenkyenee ma ɛtra so. Bisa nsɛm afoforo, na fa mfatoho di dwuma fa kanyan wɔn ma wonnwen, na ma obiara mfa ne ho nhyem bi. Wubetumi de mfonini te sɛ asase mfonini ne akontaabu apon adi dwuma ama asɛm no atu mpɔn kɛse. Wubetumi agyina mfe a mmofra no adi, ne nea wotumi yɛ no so ama wɔn dwumadi ma wɔahwehwɛ asɛm bi wɔ Index no anaa Insight nhoma no mu. Ma mmofra nkumaa mfa wɔn ho nhyɛ adesua no mu bi bere a wotumi ma mmuae ara pɛ no. Wubetumi abisa nsɛm a ɛnyɛ den a ɛhwehwɛ sɛ wɔka nsɛm kakraa bi de bua. Mfa adesua mmere no nni dwuma nyeyaw mmofra no. Mmom no, kamfo wɔn, kyerɛ wɔn mmɔdenbɔ no ho anisɔ. na fa anigye ka honhom mu nneɛma ho asɛm kyerɛ wɔn.
5 Wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ woredu wɔn koma mu? Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn ankasa nsɛm mma mmuae. Fa nsemmisa a wode behu wɔn adwene di dwuma anifere kwan so fa hu nea ɛwɔ wɔn koma mu. Wubetumi abisa sɛ: “Mmofra a wɔwɔ mo sukuu mu no te nka dɛn wɔ asɛm yi ho? So mo adwene mu yɛ mo naa wɔ asɛm yi ho?” Hwɛ yiye na woanyɛ mmuae a ebia mmofra no de bɛma wɔ nsemmisa a wode hu wɔn adwene no ho ho ade antra so. anyɛ saa a, ebia wo mma no remfa nokwaredi mfi wɔn pɛ mu nkyerɛ wɔn adwene wɔ nneɛma ho. Ma wɔn bere na wɔmfa nkasa. Sɛ wohu sɛ wowɔ wɔn ho anigye na wudwen wɔn haw ahorow ho a, ɛbɛma wo nkyerɛkyerɛ ayɛ mmerɛw kɛse.—Hwɛ April 1, 1987, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 23-5.
6 Ma ɛntra w’adwene mu sɛ w’abusua adesua no atirimpɔw titiriw ne sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wɔn Yehowa nsusuwii na ɛnyɛ sɛ wobenya mmuae no kɛkɛ na wɔaka wɔ asafo nhyiam ase. (Efe. 3:17-19) Eyi kyerɛ sɛ wobɛyere wo ho na asɛm no adu wɔn koma mu. Kyerɛ abusua no nea enti a ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde ne nea enti a ɛyɛ adepa a ɛsen biara wɔ asetra mu.
7 Daa abusua adesua ho hia na woahyɛ abusua no den honhom mu. Ɛtete mmofra no na esiesie wɔn ma wogyina asetra mu ɔhaw ahorow ano. Mo awofo na mubetumi aboa mo mma asen obiara. Monyɛ asɛyɛde a Onyankopɔn de ama mo yi. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ mobɔ mmɔden biara sɛ mobɛyɛ abusua Bible adesua a etu mpɔn daa a, Yehowa behyira mo.
-
-
Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ AsuafoAhenni Som—1991 | January
-
-
Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EDI KAN
Dwom 80
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Munsusuw nsɛmma nhoma a mode bedi dwuma dapɛn awiei no mu nsɛntitiriw pɔtee ho.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Nnapɔnna no Mu.” Nsemmisa ne mmuae.
15 min: Asɛmti “Yehowa ne Yɛn Guankɔbea” ho ɔkasa a ɛyɛ anigye. Ka 1984 Yearbook mu osuahu ahorow yi kyerɛ: Kratafa 32, nkyekyem 2, si so dua sɛ ehia sɛ mmofra a wɔkɔ sukuu de anoyi ma wɔ asɛmpa no ho wɔ sukuu, na Yehowa behyira wɔn mmɔdenbɔ no so. Nkratafa 88 kosi 91 ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa kyerɛ yɛn yiyedi ho anigye yiye, na obehyira sɛnea yɛasi yɛn bo sɛ yebegyina pintinn wɔ nsa a ɛda yɛn dwumadi so mu no so wɔ asɛmti ketewaa “Under Angels’ Wings” no ase.
Dwom 42 ne mpaebɔ a wode wie.
DAPƐN A ƐTO SO ABIEN
Dwom 76
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika akontaabu ne ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka. Kamfo anuanom wɔ “ahonyade a ɛnteɛ” a wɔde di dwuma ɔkwan pa so no ho. (Luka 16:9; it-z. kr. 806)
20 min: “Abusua Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ.” Nsemmisa ne mmuae. Ma ɔwofo biako anaa baanu nka nea wɔayɛ na ama wɔn abusua Bible adesua de afotu ne anigye ama sɛnea bere ma kwan.
15 min: Ma asɛmti “Yehowa ma Ne Nkoa Anokwafo Akatua” ho ɔkasa. (1 Kor. 4:2) Fa 1984 Yearbook mu osuahu ahorow a edidi so yi ka ho: Kratafa 94, nkyekyem 1 ne 2, kyerɛ sɛ Yehowa nnyaw yɛn wɔ ɔhaw mu ɛwom mpo sɛ wɔsɔ yɛn hwɛ kɛse de. (2 Kor. 4:7-9) Kratafa 205. nkyekyem 2 ne 3, si sɛnea ehia sɛ yenya Yehowa mu ahotoso na yɛyere yɛn ho ankasa sɛ yɛbɛsɔ n’ani—wɔ honam fam sintɔ ne gyidi ho sɔhwɛ ahorow nyinaa akyi so dua.
Dwom 221 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
Dwom 126
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Asemmisa Afã. Ka Teokrase Nsɛmmansɛmma mu nsɛm sɛnea bere ma kwan.
15 min: “Asɛnka Adwuma—Hokwan a Yɛwɔ a Ɛsom Bo.” Ma no sɛ ɔkasa, hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe yiye na woayɛ asɛnka adwuma kɛse. Fa asɛnka nhyehyɛe a wɔayɛ ama kuw no to gua.
20 min: “So Woasiesie Wo ho sɛ Wubegyina Aduruyɛ mu Tebea a Ɛsɔ Gyidi Hwɛ Ano?” Ɔkasa a egyina krataa a ehyem no so. Sɛ yehyia aduruyɛ ho nsemmisa a, ɛnyɛ anoyi a ɛne Kyerɛwnsɛm hyia nko na ehia sɛ yɛde ma, na mmom nea ɛyɛ nokware turodoo wɔ aduruyɛ ne mmara mu nso. Boa atiefo mma wonhu sɛnea nhumu ho hia bere a wobua nsɛm a nnuruyɛfo bisa a ebia wɔpɛ sɛ wɔde sum yɛn afiri no. Yɛ nsɛm a wobisa wɔ krataa a ehyem no nkyekyem 30 kosi 37 no mu abien ho ɔyɛkyerɛ tiawa.
Dwom 93 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ANAN
Dwom 91
10 min: Asafo nkaebɔ. Fa nsɛmma nhoma a mowɔ (dedaw ne foforo) no mu nsɛm a mode bedi dwuma ho nyansahyɛ ma.
15 min: “Yehowa Rekyerɛkyerɛ Yɛn.” Sukuu sohwɛfo ne atiefo susuw asɛm ho. Bisa osuani a ɔyɛ nhwɛso pa nsɛm, ma onsi ne ho a odi kan siesie ne ɔkasa ho afotu krataa no so ɔkasa su ho dwuma a odi mu mfaso a onya so dua.
20 min: Tĩ “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam mu nsɛntitiriw mu anigye so. Esiane sɛ pii antumi ankɔ nhyiam no nti, bɔ mmɔden yiye sɛ wobɛma ɔfã yi ayɛ nea ɛma wonya nneɛma mu ntease ne denhyɛ. Ma afoforo pii a wɔkɔɔ bi no nni kan nsiesie wɔn ho na wɔaka nsɛntitiriw no bi. Sɛ moatĩ ɔmantam nhyiam dwumadi no mu dedaw a, ɛnde wubetumi ama November 15, 1990, Ɔwɛn-Aban no mu asɛm a ɛne ‘Mommɔ Mpae Mma mo ho mo Ho’ no ho ɔkasa.
Dwom 55 ne mpaebɔ a wɔde wie.
-