-
Ma Asomdwoe Ntra W’abusua MuNea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
-
-
TI DUBIAKO
Ma Asomdwoe Ntra W’abusua Mu
1. Nneɛma a ebetumi apaapae mmusua mu no bi dɛn?
MMUSUA a ɔdɔ, ntease, ne asomdwoe wom mufo wɔ anigye. Yɛwɔ anidaso sɛ w’abusua te saa. Nea ɛyɛ awerɛhow no, mmusua bebree nte saa na biribi nti wɔn mu apaapae. Dɛn na ɛpaapae mmusua mu? Yɛbɛka nneɛma abiɛsa ho asɛm wɔ ti yi mu. Wɔ mmusua bi mu no, emufo nni ɔsom biako mu. Wɔ afoforo mu no, ebia mmofra no nyinaa mfi ɛna ne agya koro. Na afoforo nso mu no, ɛte sɛ nea mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenya asetrade anaa pɛ a wɔpɛ sɛ wonya honam fam nneɛma pii no de mpaapaemu ba abusua no mufo ntam. Nanso, ebia nsɛm tebea a ɛpaapae abusua biako mu no rennya foforo so tumi. Dɛn na ɛde nsonsonoe no ba?
2. Ɛhe na ebinom hwehwɛ abusua asetra ho akwankyerɛ fi, nanso ɛhe ne akwankyerɛ a ɛte saa no fibea a eye paa?
2 Ade biako ne adwene a wukura. Sɛ wufi wo komam bɔ mmɔden sɛ wubehu ɔfoforo no adwene a, ɛda adi kɛse sɛ wubehu sɛnea wobɛkɔ so ama biakoyɛ atra abusua no mu. Ade a ɛto so abien ne faako a wonya akwankyerɛ fi. Nnipa pii tie afotu a mfɛfo adwumayɛfo, afipamfo, nsɛnkyerɛwfo anaa nnipa akwankyerɛfo foforo de ma no. Nanso, ebinom ahu nea Onyankopɔn Asɛm ka fa wɔn tebea no ho, na afei wɔde nea wɔasua no adi dwuma. Ɔkwan bɛn so na saayɛ betumi aboa abusua bi ma wɔama asomdwoe atra fie hɔ?—2 Timoteo 3:16, 17.
SƐ ƐSONO WO KUNU GYIDI A
Bɔ mmɔden sɛ wobɛte onipa foforo no ase
3. (a) Afotu bɛn na Bible no de ma wɔ obi a ɛsono ne gyidi a wɔware no ho? (b) Nnyinasosɛm atitiriw bɛn na wobetumi de adi dwuma bere a ɔwarefo bi yɛ gyidini na ne hokafo nyɛ bi no?
3 Bible no tu yɛn fo denneennen sɛ yɛnnware obi a ɛsono ne som mu gyidi. (Deuteronomium 7:3, 4; 1 Korintofo 7:39) Nanso, ebia wusuaa nokware no fii Bible no mu wɔ w’aware akyi nanso wo kunu anyɛ saa. Dɛn na wobɛyɛ? Nokwarem no, eyi ntwa aware ntanka no mu. (1 Korintofo 7:10) Bible no si so dua sɛ ɛnsɛ sɛ wogu aware na ɛhyɛ awarefo nkuran sɛ wonsiesie wɔn ntam akasakasa sen sɛ wobeguan afi ho. (Efesofo 5:28-31; Tito 2:4, 5) Na sɛ wo kunu sɔre tia Bible mu som a wode wo ho hyem no denneennen nso ɛ? Ebia ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obesiw wo kwan wɔ asafo nhyiam horow kɔ ho, anaa ebia ɔbɛka sɛ ɔmpɛ sɛ ne yere kɔ afie afie kɔka ɔsom ho asɛm. Dɛn na wobɛyɛ?
4. Ɔkwan bɛn so na ɔyere betumi ada tema adi bere a ɛsono ne kunu gyidi no?
4 Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti na me kunu te nka saa?’ (Mmebusɛm 16:20, 23) Sɛ ɔnte nea woreyɛ no ase ankasa a, w’asɛm bɛhaw no. Anaasɛ ebia na n’abusuafo de nhyɛso ba no so esiane sɛ womfa wo ho nhyɛ amanne ahorow bi a ɛho hia ma wɔn no mu bio nti. Okunu bi kae sɛ: “Sɛ ɛka me nkutoo wɔ fie a, mete nka sɛ wɔaguan agyaw me hɔ.” Ɔbarima yi tee nka sɛ ɔsom bi regye ne yere afi ne nsam. Nanso ahomaso amma wannye antom sɛ wayɛ ankonam. Ebia ɛho behia sɛ wo kunu nya awerɛhyem sɛ ɔdɔ a woma ma Yehowa no nkyerɛ sɛ mprempren wonnɔ wo kunu kɛse sɛnea na wodɔ no bere a atwam no. Hwɛ hu sɛ wubenya bere ama no.
5. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyere kari pɛ wom bere a ɛsono ne kunu gyidi no?
5 Nanso, sɛ wubedi tebea no ho dwuma nyansam a, ɛsɛ sɛ wususuw biribi a ɛho hia kɛse mpo ho. Onyankopɔn Asɛm hyɛ ɔyerenom nkuran sɛ: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛnea ɛsɛ, Awurade mu.” (Kolosefo 3:18) Enti, ɛbɔ kɔkɔ wɔ ahofadi honhom ho. Afei nso, bere a kyerɛwsɛm yi ka sɛ “sɛnea ɛsɛ, Awurade mu” no, na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi susuw ahobrɛase ma Awurade nso ho bere a ɔbrɛ ne ho ase ma ne kunu no. Ɛsɛ sɛ ɛkari pɛ.
6. Nnyinasosɛm ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ ɔyere Kristoni ma ɛtra n’adwenem?
6 Wɔ Kristoni fam no, asafo nhyiam horow a ɔbɛkɔ ne ne gyidi a egyina Bible so a obedi ho adanse akyerɛ afoforo no yɛ nokware som fã a ɛho hia a ɛnsɛ sɛ obu n’ani gu so. (Romafo 10:9, 10, 14; Hebrifo 10:24, 25) Ɛnde, sɛ onipa de ahyɛde ma wo tẽẽ sɛ nni Onyankopɔn ahwehwɛde pɔtee bi so a, dɛn na wobɛyɛ? Yesu Kristo asomafo no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” (Asomafo no Nnwuma 5:29) Wɔn nhwɛso no yɛ sɛnnahɔ a wotumi de di dwuma wɔ asetra mu tebea horow pii ho. So ɔdɔ ma Yehowa bɛka wo ma wode ɔsom a ɛfata no ama no? Bere koro no ara mu no, ɔdɔ ne obu a wowɔ ma wo kunu bɛma woabɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ eyi wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so?—Mateo 4:10; 1 Yohane 5:3.
7. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyere Kristoni si ne bo sɛ ɔbɛyɛ?
7 Yesu kae sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wobetumi ayɛ eyi. Ɔbɔ kɔkɔ sɛ esiane sɛ wɔsɔre tia nokware som nti, mmusua bi mu gyidifo bɛte nka sɛ wɔawae wɔn afi wɔn abusuafo a aka no ho te sɛ nea nkrante apae wɔne wɔn ntam. (Mateo 10:34-36) Eyi too ɔbea bi a ɔwɔ Japan. Ne kunu sɔre tiaa no mfe 11. Ɔyɛɛ ɔbea no ayayade na mpɛn pii no ɔbɛba fie no na ɔbarima no ato no pon mu. Nanso wampa abaw. Ne nnamfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no boaa no. Ɔbɔɔ mpae bere nyinaa na onyaa nkuranhyɛ pii fii 1 Petro 2:20. Na Kristoni bea yi gye di sɛ sɛ ogyina pintinn a, da bi ne kunu bɛba abɛka ne ho ma wɔasom Yehowa. Na ne kunu yɛɛ saa.
8, 9. Ɛsɛ sɛ ɔyere yɛ n’ade dɛn na ama wakwati akwanside ahorow a ɛho nhia a ɔbɛma ne kunu ahyia?
8 Nneɛma pa pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de ama wo hokafo no su asakra. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo kunu mpɛ wo nyamesom a, mma onnya nea obegyina so anwiinwii wɔ nneɛma foforo ho. Ma fie hɔ ntew. Siesie wo ho yiye. Da ɔdɔ ne anisɔ pii adi. Sɛ anka wobɛkasa atia no no, boa no. Kyerɛ sɛ wubu no sɛ wo ti. Sɛ wote nka sɛ wafom wo a, nyɛ bi ntua ka. (1 Petro 2:21, 23) Gye tom sɛ nnipa tɔ sin, na sɛ akasakasa sɔre a, fi ahobrɛase mu di kan pa kyɛw.—Efesofo 4:26.
9 Mma nhyiamkɔ nnyɛ ade a ɛma n’aduan ka akyi. Ebia wubetumi apaw sɛ wode wo ho bɛhyɛ Kristofo ɔsom adwuma no mu wɔ mmere a wo kunu nni fie no. Nyansa wom sɛ ɔyere Kristoni renka asɛm no bi nkyerɛ ne kunu bere a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ saa no. Mmom, odi ɔsomafo Petro afotu no akyi: “Mo, ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so anya wɔn, sɛ wɔbɛhwɛ mo abrabɔ a ɛho tew wɔ osuro mu.” (1 Petro 3:1, 2) Ɔyerenom Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda Onyankopɔn honhom aba no adi wɔ biribiara mu.—Galatifo 5:22, 23.
BERE A ƆYERE NYƐ KRISTONI NO
10. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ okunu gyidini yɛ n’ade wɔ ne yere ho bere a ɛsono ɔbea no gyidi no?
10 Na sɛ okunu na ɔyɛ Kristoni na ne yere nyɛ bi nso ɛ? Bible no de akwankyerɛ ma wɔ tebea horow a ɛte saa ho. Ɛka sɛ: “Sɛ onua bi wɔ ɔyere a onnye nni, na ɔbea no pene sɛ ɔne no tra a, onnnyaa no.” (1 Korintofo 7:12) Ɛsan tu okununom fo sɛ: “Monnɔ mo yerenom.”—Kolosefo 3:19.
11. Ɔkwan bɛn so na okunu betumi ada nhumu adi de anifere adi ne tiyɛ ho dwuma wɔ ne yere so, bere a ɔbea no nyɛ Kristoni no?
11 Sɛ woyɛ okunu a ɛsono wo yere gyidi a, ma w’ani nna hɔ paa sɛ wobɛkyerɛ obu ama no na woasusuw ne nkate horow ho. Sɛ obi a wanyin no, ohia ahofadi bi a ɛbɛma ɔde ne som mu gyidi horow abɔ ne bra, sɛ wunnye ntom mpo a. Bere edi kan a wobɛka wo gyidi ho asɛm akyerɛ no no, nhwɛ kwan sɛ ɔbɛpow ne gyidi horow a wakura bere tenten no na wagye foforo bi atom. Sɛ anka wobɛka prɛko pɛ sɛ nneyɛe a ɔne n’abusua akyerɛ ho anigye bere tenten no yɛ atoro no, fa boasetɔ bɔ mmɔden sɛ wo ne no besusuw Kyerɛwnsɛm no ho. Ebia asɛm no ara ne sɛ ɔte nka sɛ wubu w’ani gu no so, sɛ wode bere pii yɛ asafo no mu nnwuma a. Ebia ɔbɛsɔre atia mmɔden a wobɔ sɛ wobɛsom Yehowa no, nanso ebia na asɛm no ara ne sɛ: “Ɛsɛ sɛ wunya me ho adagyew!” Nya boasetɔ. Sɛ wususuw ne ho wɔ ɔwɔ mu a, wubetumi aboa no ma wagye nokware som atom wɔ bere bi akyi.—Kolosefo 3:12-14; 1 Petro 3:8, 9.
MMOFRA NO A MOBƐTETE WƆN
12. Sɛ ɛsono okunu ne ɔyere gyidi mpo a, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow tete wɔn mma?
12 Wɔ abusua a wɔnyɛ biako wɔ ɔsom mu mu no, ɛtɔ mmere bi a ɔsom mu nkyerɛkyerɛ a wɔde ma mmofra no dan asɛnnennen. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow di dwuma? Bible no kyerɛ sɛ agya no na ɛyɛ n’asɛyɛde titiriw sɛ ɔkyerɛkyerɛ mmofra no, nanso ɛna no nso wɔ asɛyɛde titiriw bi a ɛsɛ sɛ odi ho dwuma. (Mmebusɛm 1:8; fa toto Genesis 18:19; Deuteronomium 11:18, 19 ho.) Sɛ agya no nnye Kristo tiyɛ no ntom mpo a, ɔyɛ abusua no ti ara.
13, 14. Sɛ okunu siw ne yere kwan sɛ ɔmmfa ne mma nnkɔ Kristofo nhyiam horow anaa ɔne wɔn nnsua ade a, dɛn na ɔbea no betumi ayɛ?
13 Sɛ ɛna no kyerɛkyerɛ mmofra no wɔ ɔsom ho nsɛm ho a, agyanom bi a wɔnyɛ gyidifo nsɔre ntia. Afoforo sɔre tia. Sɛ wo kunu mma wo kwan sɛ wode mmofra no bɛkɔ asafo nhyiam horow anaa osiw wo kwan sɛ wo ne wɔn nnsua Bible no wɔ fie nso ɛ? Afei de ɛsɛ sɛ woma asɛyɛde ahorow a wowɔ no kari pɛ—w’asɛyɛde wɔ Yehowa Nyankopɔn anim, wo ti a ɔne wo kunu, ne wo mma a wodɔ wɔn no ho. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyinom nyinaa pɛpɛɛpɛ?
14 Ɛda adi sɛ wobɛbɔ asɛm no ho mpae. (Filipifo 4:6, 7; 1 Yohane 5:14) Nanso, awiei koraa no wo na ɛsɛ sɛ wusi nea wobɛyɛ no ho gyinae. Sɛ wode anifere fi ase, ma wo kunu hu pefee sɛ wonsɔre ntia ne tiyɛ a, awiei koraa no, ɔsɔretia a ɔde ba wo so no bɛbrɛ ase. Sɛ wo kunu siw wo kwan sɛ mfa mo mma no nkɔ nhyiam horow anaa wo ne wɔn nnsua Bible no mpo a, wubetumi akyerɛkyerɛ wɔn ara. Bɔ mmɔden sɛ wode Yehowa ho dɔ bi, N’asɛm mu gyidi, obu ma awofo—a wɔn papa ka ho—nnipa foforo a wosusuw wɔn ho wɔ ɔdɔ mu, ne adwuma a wɔyere wɔn ho yɛ ho anisɔ bɛhyɛ wɔn mu denam wo da biara nkɔmmɔbɔ ne nhwɛso pa so. Awiei koraa no, ebia agya no behu nnepa a afi mu aba no, na obetumi akyerɛ wo mmɔdenbɔ no so mfaso ho anisɔ.—Mmebusɛm 23:24.
15. Asɛyɛde bɛn na agya gyidini wɔ wɔ mmofra no nkyerɛkyerɛ mu?
15 Sɛ woyɛ okunu gyidini na wo yere nyɛ bi a, ɛnde ɛsɛ sɛ wudi asɛyɛde a ɛne sɛ wotete wo mma wɔ “Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu” no ho dwuma. (Efesofo 6:4) Nanso, bere a woyɛ saa no, ɛsɛ sɛ woda ayamye, ɔdɔ ne ntease adi wɔ wo ne wo yere nsɛnnii mu.
SƐ WO NE W’AWOFO NNI ƆSOM BIAKO MU A
16, 17. Sɛ mmofra wɔ gyidi a ɛyɛ soronko wɔ wɔn awofo de ho a, Bible mu nnyinasosɛm ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkae?
16 Ɛnyɛ nwonwa bio sɛ mmofra nkumaa mpo begye ɔsom mu nsusuwii a ɛyɛ soronko wɔ wɔn awofo de ho atom. So woayɛ saa? Sɛ saa a, Bible no wɔ afotu ma wo.
17 Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ. Di w’agya ne wo na ni!” (Efesofo 6:1, 2) Ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wonya obu a ɛfata ma awofo. Na ɛwom sɛ osetie ma awofo ho hia de, nanso ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa a wonsusuw nokware Nyankopɔn no ho. Bere a abofra nyin sɛnea ɛsɛ a obetumi afi ase asisi gyinae ahorow no, ne nneyɛe ho asodi a ɛda no so bɛdɔɔso. Ɛnyɛ ɔman no mmara nkutoo mu na eyi te saa, na mmom Onyankopɔn mmara titiriw mu. Bible no ka sɛ: “Yɛn nyinaa bebubu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.”—Romafo 14:12.
18, 19. Sɛ mmofra ne wɔn awofo nni ɔsom biako mu a, ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa wɔn awofo ma wɔahu wɔn gyidi yiye?
18 Sɛ wo gyidi horow ma woyɛ nsakrae horow wɔ w’asetra mu a, bɔ mmɔden sɛ wobɛte w’awofo ase. Sɛ nea wusua no ne Bible a wode di dwuma no ma wobɛyɛ obi a wubu ade kɛse, woyɛ osetie kɛse, na woyɛ nsi kɛse wɔ nea wɔka sɛ yɛ ho a, ɛda adi sɛ wɔn ani begye. Nanso, sɛ wo gyidi foforo no nso ma wopow gyidi ne amanne horow a wɔn ankasa ani gye ho a, ebia wɔbɛte nka sɛ worepow agyapade bi a wɔpɛ sɛ wɔde ma wo no. Ebia afoforo besuro nso sɛ ɛrensi wo yiye, sɛ wɔn ani nnye nea woreyɛ no ho wɔ mo mpɔtam hɔ, anaa ɛtwe w’adwene fi nneɛma a wɔte nka sɛ ebetumi aboa wo ma asi wo yiye wɔ honam fam so a. Ahantan nso betumi ayɛ akwanside. Ebia wɔbɛte nka sɛ nea woreka ne sɛ nea woyɛ no na ɛteɛ na wɔn de nteɛ.
19 Enti, bɔ mmɔden ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ yiye sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe ma hɔnom asafo no mu mpanyimfo binom anaa Adansefo foforo a wɔn ho akokwaw ne w’awofo ahyia. Hyɛ w’awofo nkuran sɛ wɔnkɔ Ahenni Asa so na wɔn ankasa nkotie nsɛm a wosusuw ho wɔ hɔ na wɔahu nnipa ko a Yehowa Adansefo yɛ. Bere bi akyi no, ebia w’awofo su bɛsesa. Sɛ awofo kɔ so sɔre tia wɔn mma, sɛe Bible nhoma ahorow, na wosiw wɔn kwan sɛ wɔnnkɔ Kristofo nhyiam horow mpo a, wɔtaa nya hokwan ahorow a ɛbɛma wɔakenkan ade wɔ baabi foforo, ne wɔn mfɛfo Kristofo abɔ nkɔmmɔ, na wɔadi afoforo adanse aboa wɔn bɔnnɔ so. Wubetumi abɔ Yehowa mpae nso. Mmofra bi twɛn kosi bere a wobenyin sɛnea ɛsɛ ma wɔafi wɔn abusuafie akɔtra baabi ansa na wɔatumi ayɛ pii. Nanso, sɛnea tebea no te wɔ fie biara no, mma wo werɛ mmfi sɛ ‘wubedi w’agya ne wo na ni.’ Yɛ wo fam de fa boa ma asomdwoe ntra fie hɔ. (Romafo 12:17, 18) Nea ɛsen ne nyinaa no, hwehwɛ sɛ wo ne Onyankopɔn benya asomdwoe.
DEN A ƐYƐ SƐ WOBƐYƐ ƆWOFO A ƆWƆ MMANOMA
20. Sɛ ɔwofo bi wɔ mmanoma a, mmofra no betumi ate nka dɛn?
20 Wɔ afie pii mu no, tebea a ɛyɛ den sen biara no nyɛ ɔsom ho de, na mmom ɛfa mmanoma ho. Ɛnnɛ afie pii wɔ hɔ a emufo no bi yɛ awofo no biako anaa wɔn baanu nyinaa mma a wɔne wɔn kunu anaa wɔn yere dedaw no na ɛwoo wɔn. Wɔ abusua a ɛte saa mu no, ebia mmofra bɛyɛ ahoɔyaw afa abufuw anaa ebia wonhu nea ɛsɛ sɛ wotie no. Ne saa nti ebia wɔbɛkasa atia mmɔden a ɔwofo a ɛnyɛ ɔno na ɔwoo wɔn no bɔ sɛ ɔbɛyɛ agya anaa ɛna pa no. Dɛn na ebetumi aboa ma nneɛma akɔ so yiye ama mmusua a mmanoma wom?
Sɛ ebia w’ankasa na wowoo mmofra no anaasɛ wɔyɛ wo mmanoma no, fa wo ho to Bible no so na woanya akwankyerɛ
21. Ɛmfa ho tebea soronko a awofo a wɔwɔ mmanoma wom no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to Bible mu nnyinasosɛm ahorow so?
21 Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ ɛmfa ho sɛ tebea no yɛ soronko no, mubetumi de Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛma nneɛma kɔ so yiye wɔ mmusua foforo mu no adi dwuma wɔ ha nso. Ɛte sɛ nea saa nnyinasosɛm ahorow no a mubebu mo ani agu so no ma ɔhaw bi gyae kakra nanso ɛda adi sɛ ɛbɛma moadi awerɛhow akyiri yi. (Dwom 127:1; Mmebusɛm 29:15) Nya nyansa ne nhumu—nyansa a ɛbɛma wode nnyinasosɛm a ɛfata adi dwuma a atirimpɔw no ne sɛ ɛbɛma moanya mfaso horow a ɛtra hɔ kyɛ, ne nhumu a wode behu nea enti a abusua no mufo ka nsɛm bi na wɔyɛ nneɛma bi. Ɛho hia nso sɛ wunya tema.—Mmebusɛm 16:21; 24:3; 1 Petro 3:8.
22. Dɛn nti na ebetumi ayɛ den ama mmofra sɛ wobegye wɔn papa anaa wɔn maame hokafo atom?
22 Sɛ woyɛ ɔwofo a wɔwɔ mmanoma a, ebia wobɛkae sɛ bere a na woyɛ abusua no adamfo no, ebia mmofra no gyee wo toom. Nanso bere a wobɛyɛɛ wɔn maame anaa wɔn papa hokafo no, ebia wɔn su asakra. Esiane sɛ mmofra no kae wɔn papa anaa wɔn maame a ɔne wɔn nte bio no nti, ebia wonhu nea ɛsɛ sɛ wotie no, na ebetumi aba sɛ wɔte nka sɛ wopɛ sɛ wɔde ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ɔwofo a onni hɔ no ma wo. Ɛtɔ mmere bi a, ebia wɔbɛkae wo pefee sɛ wonyɛ wɔn papa anaa wɔn maame. Nsɛm a ɛte saa a wɔka no yɛ yaw. Nanso, “mma wo honhom mmpere abohuru ho.” (Ɔsɛnkafo 7:9) Nhumu ne tema ho hia na ama wɔadi mmofra no nkate ho dwuma.
23. Ɔkwan bɛn so na wobetumi de nteɛso ama wɔ abusua a mmanoma wom mu?
23 Saa su horow no ho hia bere a obi de nteɛso ma no. Nteɛso a wɔde bɛma bere nyinaa ho hia. (Mmebusɛm 6:20; 13:1) Na esiane sɛ ɛsono abofra biara ne ne su nti, ɛsono nteɛso a ebia wɔde bɛma obiara. Awofo bi a wɔwɔ mmanoma hu sɛ ɛyɛ papa sɛ mfiase no wɔbɛma nea ɔwoo mmofra no ankasa de nteɛso yi ama. Nanso, ɛho hia sɛ awofo baanu no nyinaa adwene hyia wɔ nteɛso no ho na wokura mu, na ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn ankasa ba ho anigye sen abanoma no. (Mmebusɛm 24:23) Osetie ho hia, nanso ɛho hia sɛ wogye tom sɛ obiara wɔ sintɔ. Nyɛ ade ntra so. Fa nteɛso ma wɔ ɔdɔ mu.—Kolosefo 3:21.
24. Dɛn na ebetumi aboa ma wɔakwati mmarima ne mmea ntam abrabɔ bɔne wɔ abusua a mmanoma wom mu?
24 Abusua nkɔmmɔbɔ betumi ayɛ pii ma wɔakwati ɔhaw. Eyi betumi aboa abusua no ma wɔde wɔn adwene asi asetra mu nneɛma a ɛho hia sen biara so. (Fa toto Filipifo 1:9-11 ho.) Wobetumi aboa obiara nso ma wahu sɛnea obetumi aboa ma wɔadu abusua no botae horow ho. Afei nso, abusua nkɔmmɔbɔ a wɔda nsɛm adi pefee wom betumi ama wɔakwati abrabɔ fam ɔhaw ahorow. Ɛho hia sɛ mmeawa hu sɛnea wobesiesie wɔn ho ayɛ nneɛma a ɛfata bere a wɔne wɔn maame kunu anaa papa no mmabarima biara wɔ hɔ no, na ɛho hia sɛ wotu mmarimaa fo wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ woyi su pa adi kyerɛ wɔn papa yere anaa maame no mmabea biara ho.—1 Tesalonikafo 4:3-8.
25. Su horow bɛn na ebetumi aboa ma asomdwoe atra abusua a mmanoma wom mu?
25 Da boasetɔ adi bere a wuhyia asɛnnennen soronko sɛ ɔwofo a ɔwɔ mmanoma no. Egye bere na woafi abusuabɔ foforo ase. Ɔdɔ ne obu a mmofra ɛnyɛ wo na wowoo wɔn benya ama wo no betumi ayɛ den. Nanso wubetumi anya. Nyansa ne nhumu koma, ne ɔpɛ a emu yɛ de a wubenya sɛ wobɛsɔ Yehowa ani na ɛde asomdwoe ba abusua a mmanoma wom mu. (Mmebusɛm 16:20) Su horow a ɛte saa betumi aboa wo nso ma woadi tebea afoforo ho dwuma.
SO HONAM FAM NNEƐMA DE MPAAPAEMU BA WO FIE?
26. Akwan bɛn so na honam fam nneɛma ho haw ne su horow betumi apaapae abusua bi mu?
26 Honam fam nneɛma ho haw ne su horow betumi apaapae mmusua mu wɔ akwan pii so. Awerɛhosɛm ne sɛ sika ho akyinnyegye ne pɛ a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ho—anyɛ yiye koraa no wonya wɔn ho kakra no sɛe mmusua bi. Mpaapaemu betumi aba bere a awarefo baanu no nyinaa yɛ adwuma na wonya su a ɛne sɛ “me sika ni, wo sika ni.” Sɛ awarefo baanu no nyinaa kwati akyinnyegye mpo, na wɔn baanu nyinaa yɛ adwuma a, wobehu sɛ wɔwɔ bere nhyehyɛe a ɛmma wonnya bere pii mma wɔn ho. Nea ɛrekɔ so kɛse wɔ wiase no mu ne sɛ agyanom begyaw wɔn mmusua hɔ akɔtra baabi bere tenten—asram anaa mfe pii mpo—na ama wɔanya sika pii a wontumi nnya da wɔ wɔn kurom. Eyi betumi de ɔhaw a emu yɛ den aba.
27. Nnyinasosɛm ahorow a ebetumi aboa abusua a wɔn ho akyere wɔn sika fam no bi ne dɛn?
27 Obiara ntumi nhyɛ mmara a wɔde bedi tebea horow yi ho dwuma, efisɛ ɛsono sɛnea ɛsɛ sɛ abusua biara di ne nhyɛso ne n’ahiade ho dwuma. Bible afotu betumi aboa ara. Sɛ nhwɛso no, Mmebusɛm 13:10, NW, kyerɛ sɛ ɛtɔ mmere bi a wobetumi akwati apereperedi a ɛho nhia bere a “wotu agyina” no. Eyi nyɛ obi adwene a ɔbɛkyerɛ kɛkɛ na mmom afotu a ɔbɛhwehwɛ na ama wahu sɛnea onipa foforo no hu asɛm bi. Bio nso, sika ho nhyehyɛe pa a abusua no bɛyɛ betumi aboa ma wɔayɛ biako. Ɛtɔ mmere bi a ɛho hia—ebia bere tiaa bi—sɛ awarefo baanu no nyinaa yɛ adwuma de tua ɛka foforo a wɔbɔ no, titiriw bere a wɔawo anaa afoforo te wɔn nkyɛn no. Sɛ ɛte saa a, okunu no betumi ama ne yere anya awerɛhyem sɛ ɔda so ara wɔ bere ma no. Ɔne mmofra no betumi afi ɔdɔ mu aboa ne yere ma wayɛ adwuma a ebia ne nkutoo na ɔtaa yɛ no bi.—Filipifo 2:1-4.
28. Nsɛm bɛn na sɛ abusua bi kae di so a, ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ biako?
28 Nanso, ma ɛntra w’adwenem sɛ ɛwom sɛ sika ho hia wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu de, nanso ɛmfa anigye mma. Nokwarem no, ɛmma nkwa. (Ɔsɛnkafo 7:12) Nokwasɛm ni, honam fam nneɛma a obi besi so dua dodo betumi asɛe no wɔ honhom ne abrabɔ fam. (1 Timoteo 6:9-12) Hwɛ sɛnea ɛyɛ papa sɛ yɛbɛhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan, na yɛanya awerɛhyem sɛ obehyira mmɔden a yɛbɔ sɛ yebenya asetrade no so! (Mateo 6:25-33; Hebrifo 13:5) Sɛ woma honhom fam nneɛma ho hia sen biribiara, na nea edi kan koraa no wohwehwɛ sɛ wobɛma asomdwoe aba wo ne Onyankopɔn ntam a, wubehu sɛ ɛwom sɛ ebia tebea horow bi apaapae w’abusua mu de, nanso ɛbɛyɛ nea ayɛ biako ankasa wɔ akwan a ɛho hia sen biara so.
-
-
Wubetumi Adi Ɔhaw Ahorow a Ɛsɛe Abusua no SoNea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
-
-
TI DUMIEN
Wubetumi Adi Ɔhaw Ahorow a Ɛsɛe Abusua no So
1. Ɔhaw ahorow a ahintaw bɛn na ɛwɔ mmusua bi mu?
WƆHOHOROO kar dedaw no ho de aduru faa ho nkyɛe koraa. Nnipa a wotwam no hu sɛ ayɛ hyɛnhyɛn, na ayɛ foforo ne sa. Nanso kar no awe nkannare ma ɛresɛe. Saa na mmusua bi te. Ɛwom sɛ sɛ wɔhwɛ a, biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ de, nanso wɔde wɔn anim a ɛyɛ sereserew no kata ehu ne ɛyaw so. Nneɛma resɛe abusua no asomdwoe wɔ fie. Ɔhaw abien a ebetumi ayɛ saa ne sadweam ne basabasayɛ.
ADE A SADWEAM SƐE NO
2. (a) Dɛn na Bible ka wɔ mmosa a wɔnom ho? (b) Dɛn ne sadweam?
2 Bible nkasa ntia mmosa a wɔnom sɛnea ɛsɛ, nanso ɛkasa tia asabow. (Mmebusɛm 23:20, 21; 1 Korintofo 6:9, 10; 1 Timoteo 5:23; Tito 2:2, 3) Nanso, sadweam nyɛ asabow kɛkɛ; ɛyɛ mmosa a ne nom ka obi hɔ a sɛ wannya bi a ontumi ntra ase. Mpanyimfo betumi ayɛ asadweam. Nea ɛyɛ awerɛhow no, wobetumi ayɛ mmofra nso.
3, 4. Ka sɛnea ɔsadweam bi asanom bebrebe no ka ne hokafo ne ne mma ho asɛm.
3 Bible kae wɔ bere tenten a atwam no mu sɛ asanom bebrebe betumi asɛe abusua asomdwoe. (Deuteronomium 21:18-21) Adesɛe a sadweam de ba no ka abusua mũ no nyinaa. Ebia a mmɔden a ɔsadweam no hokafo bɛbɔ sɛ ɔbɛma wagyae n’asanom no anaa sɛnea ɔne no bɛtra wɔ ne nneyɛe a ɛsakrasakra no mu begye n’adwene nyinaa. Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde nsa no besie, ɔbɛtow agu, ɔde ne sika besie, na wahyɛ no nkuran sɛ onnya ɔdɔ mma n’abusua, nkwa, ne Onyankopɔn mpo—nanso ɔsadweam no kɔ so nom nsa. Bere a odi nkogu mpɛn pii wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛma wagyae n’asanom no mu no, n’abam bu na ɔte nka sɛ ontumi nyɛ ho hwee. Ebia ehu befi ase aka no, ne bo befuw, ɔbɛte afobu nka, ne koma betu, ɔbɛdwennwen, na onnya obu mma ne ho.
4 Nea efi ɔwofo sadweam mu ba no ka mmofra. Wɔhwe wɔn mu binom. Wɔto afoforo mmonnaa. Ebia wobebu wɔn ho sɛ wɔn na wɔama ɔwofo bi adan ɔsadweam. Sɛnea ɔsadweam no ntumi nsi pi wɔ ne nneyɛe mu no taa sɛe ahotoso a wɔwɔ wɔ afoforo mu no. Esiane sɛ mmofra ntumi nka nea ɛrekɔ so wɔ fie ho asɛm pefee nti, ebia wobesua sɛnea wɔbɛka wɔn nkate ahyɛ, na mpɛn pii no epira wɔn wɔ honam fam. (Mmebusɛm 17:22) Mmofra a ɛte saa no betumi anyin abɛyɛ mpanyimfo a wonni ahotoso ne obu mma wɔn ankasa ho.
DƐN NA ABUSUA NO BETUMI AYƐ?
5. Ɔkwan bɛn so na wobetumi adi sadweam ho dwuma, na dɛn nti na eyi yɛ den?
5 Ɛwom sɛ animdefo pii ka sɛ wontumi mma obi nnyae sadweam de, nanso dodow no ara gye tom sɛ wobetumi ama wagyae akodu baabi denam nhyehyɛe a wɔyɛ ma ogyae asanom koraa no so. (Fa toto Mateo 5:29 ho.) Nanso, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛma ɔsadweam agye mmoa atom, efisɛ ɔtaa kyerɛ sɛ hwee nhaw no. Nanso, sɛ abusua no mufo yɛ nhyehyɛe di sɛnea sadweam no aka wɔn ho dwuma a, ebia ɔsadweam no befi ase ahu sɛ biribi haw no. Oduruyɛfo bi a wanya suahu wɔ asadweam ne wɔn mmusua a wɔboa wɔn mu no kae sɛ: “Misusuw sɛ ade a ɛho hia paa ne sɛ abusua no bɛyɛ wɔn da biara nnwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara a wobetumi so. Ɔsadweam no kɔ so hu sɛnea nsonsonoe a ɛda ɔne abusua no mufo a aka ntam no kɛse te.”
6. Beae a eye paa bɛn na mmusua a emuni yɛ ɔsadweam betumi anya afotu?
6 Sɛ ɔsadweam wɔ mo abusua mu a, Bible mu afotu a efi honhom mu no betumi aboa ma moatra ase wɔ ɔkwampa a ɛsen biara a mubetumi so. (Yesaia 48:17; 2 Timoteo 3:16, 17) Susuw nnyinasosɛm a aboa mmusua ma wɔatumi adi sadweam ho dwuma no bi ho.
7. Sɛ abusua bi muni yɛ ɔsadweam a, hena na wama aba saa?
7 Gyae sɛ wode asodi no nyinaa bɛto wo ho so. Bible ka sɛ: “Obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa,” na “yɛn nyinaa bebubu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.” (Galatifo 6:5; Romafo 14:12) Ebia ɔsadweam no bɛbɔ mmɔden akyerɛ sɛ abusua no mufo na wɔma ɔyɛ saa. Sɛ nhwɛso no, ebia ɔbɛka sɛ: “Sɛ mo ne me di no yiye a, anka merennom nsa.” Sɛ ɛda adi sɛ afoforo ne no yɛ adwene a, na wɔrehyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ so nnom nsa. Nanso sɛ tebea no anaa nnipa foforo hyɛ yɛn so mpo a, yɛn nyinaa—a asadweam ka ho—nneyɛe ho asodi da yɛn ankasa so.—Fa toto Filipifo 2:12 ho.
8. Akwan a wobetumi afa so aboa ɔsadweam ma wadi nea ne haw no de ba ho dwuma no bi ne nea ɛwɔ he?
8 Nte nka sɛ ɛsɛ sɛ wobɔ ɔsadweam no ho ban fi nea n’asanom de ba no ho bere nyinaa. Bible mu bɛ bi a ɛfa obi a ne bo afuw ho betumi afa ɔsadweam no nso ho saa ara: “Sɛ wugyaa no a, wobɛsan agyaa no bio.” (Mmebusɛm 19:19) Ma ɔsadweam no nte nea n’asanom de ba no nka. Ma n’ankasa nsiesie nneɛma a wayɛ no basaa no anaasɛ sɛ ɔkɔbow nsa na ade kye anɔpa a, ɔno ankasa nka nea asi nkyerɛ n’adwumawura wɔ telefon so.
Kristofo mpanyimfo betumi aboa yiye ma wɔasiesie abusua mu ɔhaw ahorow
9, 10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmusua a asadweam wom no gye mmoa tom, na henanom mmoa titiriw na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ?
9 Gye mmoa a efi afoforo hɔ tom. Mmebusɛm 17:17 ka sɛ: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.” Sɛ ɔsadweam wɔ abusua mu a, na ahohia wɔ hɔ. Wuhia mmoa. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wode wo ho bɛto ‘nokware nnamfo’ so ma wɔaboa wo. (Mmebusɛm 18:24) Ebia afoforo a wɔte ɔhaw no ase anaa wɔakɔ tebea a ɛte saa ara mu pɛn a wo ne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ no de nea ɛsɛ sɛ woyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ woyɛ ho nyansahyɛ a eye bɛma wo. Nanso kari pɛ. Nnipa a wowɔ wɔn mu ahotoso, a wɔbɛkora “w’atirimsɛm” so no na ɛsɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ wɔn.—Mmebusɛm 11:13.
10 Sua sɛnea wode wo ho bɛto Kristofo mpanyimfo so. Kristofo asafo no mu mpanyimfo betumi ayɛ mmoa kɛse ama wo. Wɔakyerɛkyerɛ mmarima a wɔn ho akokwaw yi Onyankopɔn Asɛm na wɔwɔ osuahu wɔ dwuma a wɔde emu nnyinasosɛm di no mu. Wobetumi ayɛ “sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.” (Yesaia 32:2) Ɛnyɛ nkɛntɛnso bɔne nko na Kristofo mpanyimfo bɔ asafo mu no nyinaa ho ban wɔ ho, na mmom wɔkyekye ankorankoro a wɔwɔ ɔhaw ahorow werɛ, wɔma wonya ahoɔden, na wɔkyerɛ wɔn ho anigye nso. Fa wɔn mmoa no di dwuma kosi ase.
11, 12. Hena na ɔde mmoa a ɛsen biara ma mmusua a asadweam wom, na ɔkwan bɛn so na ɔde saa mmoa no ma?
11 Nea ɛsen ne nyinaa no, nya ahoɔden fi Yehowa hɔ. Bible no ma yenya awerɛhyem anigye so sɛ: “Awurade bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.” (Dwom 34:18) Sɛ wote nka sɛ wo koma abubu anaa wo honhom apɛtɛw esiane abusua muni ɔsadweam a wo ne no te ho nhyɛso nti a, hu sɛ “Awurade bɛn” wo. Onim sɛnea w’abusua tebea mu yɛ den fa.—1 Petro 5:6, 7.
12 Nea Yehowa ka wɔ N’asɛm mu a wubegye adi no betumi aboa wo ma woagyina dadwen ano. (Dwom 130:3, 4; Mateo 6:25-34; 1 Yohane 3:19, 20) Onyankopɔn Asɛm a wubesua de emu nnyinasosɛm ahorow abɔ wo bra no betumi ama woanya mmoa afi Onyankopɔn honhom kronkron hɔ, na ebetumi ama woanya “tumi a ɛboro so” de agyina nsɛm ano da biara.—2 Korintofo 4:7.a
13. Dɛn ne ɔhaw a ɛto so abien a ɛsɛe mmusua pii?
13 Sadweam betumi de ɔhaw foforo a ɛsɛe mmusua pii—fie basabasayɛ—aba.
NEA FIE BASABASAYƐ SƐE NO
14. Bere bɛn na fie basabasayɛ fii ase, na tebea no te dɛn nnɛ?
14 Adesamma abakɔsɛm mu basabasayɛ a edi kan yɛ fie basabasayɛ a esii wɔ anuanom baanu, Kain ne Habel, ntam. (Genesis 4:8) Efi saa bere no, adesamma ahyia fie basabasayɛ ahorow nyinaa bi. Okununom a wɔhwe wɔn yerenom, ɔyerenom a wɔtow hyɛ wɔn kununom so, awofo a wɔhwe wɔn mma nkumaa atirimɔden so, ne mmofra a wɔanyinyin a wɔyɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim ayayade wɔ hɔ.
15. Ɔkwan bɛn so na fie basabasayɛ ma abusua no mufo teetee?
15 Ɛnyɛ twã kɛkɛ na ofie basabasayɛ ma oni nya. Ɔyere bi a wɔhwe no ka sɛ: “Wote afobu ne aniwu pii nka. Mpɛn pii no ade kye anɔpa a, wompɛ sɛ wosɔre fi mpa so, na wo yam a anka ɛyɛ dae bɔne bi kɛkɛ.” Mmofra a wohu fie basabasayɛ anaa ɛto wɔn no betumi ayɛ basabasa bere a wonyin na wonya wɔn ankasa mmusua no.
16, 17. Dɛn ne ateetee, na ɔkwan bɛn so na enya abusua mufo so tumi?
16 Ofie basabasayɛ nyɛ ɔhwe nkutoo. Ɛtaa yɛ ɔyaw. Mmebusɛm 12:18 ka sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe.” Ofie basabasayɛ mu “nwowɔe” yi bi ne din horow a wɔde frɛ obi ne nteɛteɛm, daa ɔkasatia, ɔyaw a wɔde gu n’anim ase ne huna a wohunahuna no sɛ wɔbɛhwe no. Aniwa nhu sɛnea ateetee pira no, na afoforo ntaa nhu.
17 Nea ɛyɛ awerɛhow titiriw ne sɛnea wɔteetee abofra—abofra mmɔdenbɔ, ne nyansa, anaa bo a ɔsom sɛ onipa a wɔkasa tia na wobu no abomfiaa bere nyinaa. Ɔyaw a ɛte saa no betumi asɛe ahotoso a abofra bi wɔ. Nokwarem no, abofra biara hia nteɛso. Nanso Bible ka kyerɛ agyanom sɛ: “Munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.”—Kolosefo 3:21.
SƐNEA WƆBƐKWATI FIE BASABASAYƐ
Kristofo awarefo a wɔdɔ wɔn ho na wobu wɔn ho no besiesie wɔn ntam nsɛm ntɛm ara
18. Ɛhe na fie basabasayɛ fi ase, na dɛn na Bible kyerɛ sɛ ɛne ɔkwan a wɔfa so ma egyae?
18 Ofie basabasayɛ fi ase wɔ koma ne adwene mu; sɛnea yedwen no na efi sɛnea yɛyɛ yɛn ade ase. (Yakobo 1:14, 15) Sɛ wɔbɛma basabasayɛ no agyae a, ɛho hia sɛ basabasayɛfo no sakra ne nsusuwii. (Romafo 12:2) Obetumi ayɛ saa? Yiw. Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi a ɛsakra nnipa. Ebetumi atu nsusuwii bɔne a “ase atim denneennen” ase. (2 Korintofo 10:4, NW; Hebrifo 4:12) Bible no ho nokware nimdeɛ betumi aboa nnipa ma wɔasakra koraa ma wɔaka wɔn ho asɛm sɛ wɔhyɛ nipasu foforo.—Efesofo 4:22-24; Kolosefo 3:8-10.
19. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristoni bu n’aware mu hokafo na ɔne no di?
19 Adwene a ɛsɛ sɛ obi nya wɔ n’aware mu hokafo ho. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.” (Efesofo 5:28) Bible no san ka sɛ ɛsɛ sɛ okunu di ne yere ‘ni sɛ ade a ne ho nyɛ den.’ (1 Petro 3:7) Wotu ɔyerenom fo sɛ ‘wɔnnɔ wɔn kununom’ na ‘wɔmfɛre’ wɔn. (Tito 2:4; Efesofo 5:33) Akyinnye biara nni ho sɛ okunu a osuro Onyankopɔn biara nni hɔ a obetumi aka wɔ nokwarem sɛ odi ne yere ni ankasa bere a ɔhwe no anaa ɔyeyaw no no. Na ɔyere biara a ɔteɛteɛm gu ne kunu so, de animtiaabu kasa kyerɛ no anaa ɔka n’anim bere nyinaa no ntumi nka sɛ ɔdɔ ne kunu na obu no ankasa.
20. Hena na awofo bebu wɔn mma ho akontaa akyerɛ no, na dɛn nti na ɛnsɛ sɛ awofo hwɛ nneɛma a ntease nnim kwan wɔ wɔn mma ho?
20 Mmofra ho adwempa. Ɛfata sɛ awofo dɔ wɔn mma na wɔhwɛ wɔn, yiw ɛho hia wɔn. Onyankopɔn Asɛm frɛ mmofra sɛ “Awurade agyapade” ne “akatua.” (Dwom 127:3) Ɛyɛ awofo asɛyɛde wɔ Yehowa anim sɛ wɔbɛhwɛ saa agyapade no. Bible no ka “mmofraasɛm” ne mmofraberem “agyimisɛm” ho asɛm. (1 Korintofo 13:11; Mmebusɛm 22:15) Sɛ awofo hu agyimisɛm wɔ wɔn mma ho a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wɔn nwonwa. Mmofra nyɛ mpanyimfo. Ɛnsɛ sɛ awofo hwehwɛ nea ɛboro abofra bi mfe, abusua no tebea, ne nea otumi yɛ so.—Hwɛ Genesis 33:12-14.
21. Dɛn ne ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wɔfa so bu awofo a wɔn mfe akɔ anim na wɔne wɔn di?
21 Adwene a ɛsɛ sɛ wonya wɔ awofo a wɔn mfe akɔ anim ho. Leviticus 19:32 ka sɛ: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni.” Onyankopɔn mmara nam saayɛ so ma wonyaa obu ne nidi kɛse maa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no. Eyi betumi ayɛ asɛnnennen bere a ɛte sɛ nea ɔwofo bi a ne mfe akɔ anim hwehwɛ nneɛma pii dodo anaa ɔyare na ebia ontumi nkeka ne ho anaa ontumi nnwen ntɛmntɛm no. Nanso eyi nyinaa akyi no, wɔkae mmofra sɛ ‘wontua wɔn awofo ka.’ (1 Timoteo 5:4) Eyi bɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wodi wɔn ni na wobu wɔn, na ebia wɔhwɛ wɔn wɔ sika fam mpo. Ayayade a wɔyɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim ne sɛnea Bible ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ yɛn ade no bɔ abira koraa.
22. Dɛn ne ade titiriw a ɛma wodi fie basabasayɛ so, na ɔkwan bɛn so na wobetumi ada no adi?
22 Nya ahosodi. Mmebusɛm 29:11 ka sɛ: “Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafo dwudwo no ma ɛka akyiri.” Wobɛyɛ dɛn atumi adi wo honhom so? Sɛ anka wobɛma abasamtu ayɛ kɛse wɔ wo mu no, yɛ ntɛm siesie nsɛnnennen biara a ɛsɔre. (Efesofo 4:26, 27) Sɛ asɛm bi sɔre na wuhu sɛ wohwere w’ahosodi a, fi hɔ kɔ. Bɔ mpae srɛ Onyankopɔn honhom kronkron na ama woanya ahosodi. (Galatifo 5:22, 23) Mpase a wubetu anaa biribi foforo a wobɛyɛ de ateɛteɛ w’apɔw mu no betumi aboa ma woadi wo nkate so. (Mmebusɛm 17:14, 27) Bɔ mmɔden sɛ wobɛma ‘w’abufuw ayɛ nyaa.’—Mmebusɛm 14:29.
SO MOBƐTETEW MU ANAA MOBƐKƆ SO ATRA ABOM?
23. Sɛ Kristofo asafo no muni bi bo fuw denneennen mpɛn pii a onnu ne ho, a ebia ɔhwe n’abusua mufo pasaa a, dɛn na ebetumi aba?
23 Bible no de ‘atutuw, kunsunkunsun ne abufuw’ ka nnwuma a Onyankopɔn kasa tia no ho, na ɛka sɛ “wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni.” (Galatifo 5:19-21) Enti wobetumi atu obiara a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni a ɔtaa de abufuw ntraso yɛ ade a onnu ne ho, a ebia ɔhwe ne hokafo anaa ne mma pasaa no afi Kristofo asafo no mu. (Fa toto 2 Yohane 9, 10 ho.) Wɔ saa kwan yi so no, woyi atutupɛfo fi asafo no mu ma ɛho tew.—1 Korintofo 5:6, 7; Galatifo 5:9.
24. (a) Ɔkwan bɛn so na ebia aware mu ahokafo a wɔyɛ wɔn ayayade bɛpaw sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade? (b) Ɔkwan bɛn so na ebia aware mu ɔhokafo a wɔyɛ no ayayade no nnamfo a wodwen ne ho ne mpanyimfo bɛboa no, nanso dɛn na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ?
24 Na Kristofo a wɔn ahokafo a wɔyɛ wɔn ayayade hwe wɔn mprempren a biribiara nkyerɛ sɛ wɔbɛsakra no nso ɛ? Ebinom apaw sɛ biribi nti wɔne wɔn hokafo a ɔyɛ wɔn ayayade no bɛtra. Afoforo apaw sɛ wobegyaw wɔn hɔ akɔ, efisɛ wɔte nka sɛ wɔn honam, adwene, ne honhom fam akwahosan—ebia wɔn nkwa mpo—da asiane mu. Nea obi a wɔyɛ no basabasa wɔ fie paw sɛ ɔbɛyɛ wɔ tebea ahorow yi mu no yɛ n’ankasa gyinaesi wɔ Yehowa anim. (1 Korintofo 7:10, 11) Ebia nnamfo, abusuafo, ne Kristofo mpanyimfo a wokura adwempa bɛpɛ sɛ wɔde mmoa ne afotu ma, nanso ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ nea wɔyɛ no basabasa no ma ɔyɛ biribi pɔtee bi. N’ankasa na ɛsɛ sɛ osi ɛno ho gyinae.—Romafo 14:4; Galatifo 6:5.
ƆHAW AHOROW A ƐSƐE ADE AWIEI
25. Dɛn ne Yehowa atirimpɔw ma abusua no?
25 Bere a Yehowa kaa Adam ne Hawa boom sɛ awarefo no, na ɛnyɛ n’atirimpɔw da sɛ ɛsɛ sɛ ɔhaw ahorow a ɛsɛe ade, te sɛ sadweam anaa basabasayɛ sɛe abusua no. (Efesofo 3:14, 15) Na abusua no bɛyɛ baabi a ɔdɔ ne asomdwoe wɔ a emuni biara benya nea ohia wɔ adwene, nkate, ne honhom fam. Nanso, bere a bɔne bae no, abusua asetra sɛee ntɛmntɛm.—Fa toto Ɔsɛnkafo 8:9 ho.
26. Daakye bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase ma ɛne Yehowa ahwehwɛde ahorow ahyia no?
26 Nea ɛyɛ anigye no, Yehowa mpowee n’atirimpɔw ma abusua no. Ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde wiase foforo a asomdwoe wom a nnipa ‘bɛtra ase dwoodwoo a obi bi renyi wɔn hu’ bɛba. (Hesekiel 34:28) Saa bere no, sadweam, fie basabasayɛ, ne ɔhaw foforo a aka a ɛsɛe abusua asetra nnɛ no nyinaa befi hɔ. Nnipa bɛsereserew, wɔmfa ehu ne ɛyaw nhintaw, efisɛ ‘wobegye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’—Dwom 37:11.
a Ayaresabea ne nhyehyɛe ahorow a ɛboa asadweam ne wɔn mmusua titiriw wɔ aman bi mu. Obi ankasa na obesi gyinae sɛ ebia ɔbɛhwehwɛ mmoa a ɛte saa no anaa ɔnhwehwɛ. Ɔwɛn Aban Asafo no nkamfo ayaresa pɔtee bi nkyerɛ. Nanso, ɛsɛ sɛ obi hwɛ yiye sɛnea ɛbɛyɛ a bere a ɔhwehwɛ mmoa no, ɔrenyɛ nneɛma a ebu Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow so.
-
-
Sɛ Aware Reyɛ Agu ANea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
-
-
TI DUMIƐNSA
Sɛ Aware Reyɛ Agu A
1, 2. Sɛ ɔhaw wɔ aware bi mu a, asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wobisa?
WƆ 1988 mu no, na Italiani bea bi a wɔfrɛ no Lucia abotow paa.a Na n’aware regu wɔ mfe du akyi. Na wabɔ mmɔden mpɛn pii sɛ ɔne ne kunu besiesie wɔn ntam, nanso anyɛ yiye. Esiane sɛ na wɔn adwene nhyia nti, wɔtetew mu, na na afei ɛsɛ sɛ n’ankasa tete mmabea baanu. Bere a Lucia bu kɔmpɔ hwɛ n’akyi no, ɔka sɛ: “Na migye di sɛ biribiara ntumi mma yɛn aware no nyɛ yiye.”
2 Sɛ wuhyia ɔhaw ahorow wɔ aware mu a, ebia wubetumi ahu sɛnea Lucia te nka no. Ebia ɔhaw wɔ w’aware mu na worebisa wo ho sɛ ebia ebetumi ayɛ yiye anaa. Sɛ ɛte saa a, wubehu sɛ mfaso wɔ so sɛ wubesusuw asɛmmisa yi ho: Matie afotu pa a Onyankopɔn de ama wɔ Bible mu na aboa ma aware ayɛ yiye no nyinaa?—Dwom 119:105.
3. Ɛwom sɛ awaregu adɔɔso de, nanso wɔka sɛ nnipa pii a wɔagyae aware ne wɔn mmusua te nka dɛn wɔ ho?
3 Sɛ ntawntawdi kɛse wɔ okunu ne ɔyere ntam a, ebia aware no a wobegu no bɛyɛ sɛ ade a ɛyɛ mmerɛw paa sɛ wɔyɛ. Nanso, ɛwom sɛ mmusua a emu apaapae adɔɔso wɔ aman pii mu de, nanso nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ nnansa yi da no adi sɛ mmarima ne mmea a wɔagyae aware no mu dodow no ara anu wɔn ho sɛ aware no gui. Wɔn mu binom wɔ akwahosan ho haw pii, honam ne adwene mu de, sen wɔn a wɔkɔ so tra hɔ sɛ awarefo no. Basaa a wɔn a wɔagyae aware mma yɛ ne awerɛhow a wodi no taa tra hɔ mfe pii. Awarefo a wɔagyae aware no awofo ne wɔn nnamfo nso hu amane. Na sɛnea Onyankopɔn, aware Hyehyɛfo, no hu tebea no nso ɛ?
4. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wodi aware mu ɔhaw ahorow ho dwuma?
4 Sɛnea yɛahu dedaw wɔ nhoma yi mu no, Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ aware bɛyɛ nkwa nna nyinaa mu abusuabɔ. (Genesis 2:24) Ɛnde, dɛn nti na aware pii gu? Ebia engu mpofirim. Mpɛn pii no, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ kɔkɔbɔ da adi. Aware mu ɔhaw nketenkete betumi ayɛ kɛse kosi sɛ ɛbɛyɛ te sɛ nea wontumi nyɛ ho hwee. Nanso sɛ wɔde Bible di ɔhaw ahorow yi ho dwuma ntɛm a, ɛremma aware pii ngu.
GYE NOKWASƐM AHOROW TOM
5. Nokwasɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom wɔ aware biara mu?
5 Ade a ɛtɔ mmere bi a ɛde ɔhaw ba ne nneɛma a ntease nnim a ebia awarefo no mu biako anaa baanu nyinaa hwɛ kwan. Ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ ho ayɛsɛm, nsɛmma nhoma a agye din, television so dwumadi ne sini ahorow betumi ama obi anya anidaso ne akwanhwɛ a entumi nnya mmamu wɔ asetra ankasa mu. Sɛ saa anidaso ahorow yi amma mu a, obi betumi ate nka sɛ wɔadi no amim, obedi yaw, na wafa abufuw mpo. Nanso, ɔkwan bɛn so na nnipa baanu a wɔnyɛ pɛ betumi anya anigye wɔ aware mu? Egye mmɔdenbɔ na wɔanya abusuabɔ pa.
6. (a) Aware ho adwene a ɛkari pɛ bɛn na Bible de ma? (b) Nsɛm a ɛde akasakasa ba aware mu no bi ne dɛn?
6 Wotumi de Bible no di dwuma wɔ asetra mu. Egye tom sɛ anigye wɔ aware mu, nanso ɛde kɔkɔbɔ nso ma sɛ wɔn a wɔware no “ho behia wɔn ɔhonam mu.” (1 Korintofo 7:28) Sɛnea wɔaka dedaw no, awarefo baanu no nyinaa nyɛ pɛ na wotumi yɛ bɔne. Ɛsono awarefo no mu biara adwene ne ne nkate ne ne ntetee. Ɛtɔ mmere bi a, awarefo adwene nhyia wɔ sika, mmofra ne nsenom no ho. Adagyew a wonnya nyɛ nneɛma mmom ne ɔbarima ne ɔbea nna ho haw ahorow betumi de ntawntawdi nso aba.b Egye bere na wɔadi nsɛm a ɛtete saa ho dwuma, nanso nya akokoduru! Awarefo dodow no ara tumi gyina ɔhaw ahorow a ɛte saa no ano na wɔhwehwɛ ano aduru a eye a wɔn baanu nyinaa gye tom.
MONKA MO NTAM ASƐM
Munni ɔhaw ho dwuma ntɛm. Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so
7, 8. Sɛ awarefo di yaw anaa akasakasa wɔ wɔn ntam a, ɔkwan bɛn na Kyerɛwnsɛm no ka sɛ wɔmfa so nni ho dwuma?
7 Ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobenya abotare bere a wɔka wɔn yawdi, akasakasa, anaa wɔn nkogudi ho asɛm no. Sɛ anka ɔware bi bɛka no tẽẽ sɛ: “Ɛyɛ me sɛ woante m’ase” no, ebia ɔbɛda ne nkate adi na wasɛe asɛm no. Nnipa pii bɛka sɛ: “Wo nkutoo ho na wudwen,” anaa, “Wonnɔ me.” Esiane sɛ ɔwarefo foforo no mpɛ sɛ obegye akyinnye nti, ebia ommua.
8 Ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wofa so ne sɛ wubetie Bible mu afotu yi: “Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so.” (Efesofo 4:26) Bere a awarefo bi a wɔwɔ anigye aware dii mfe 60 no, wobisaa wɔn nea ama wɔanya aware pa no. Okunu no kae sɛ: “Yesuaa sɛ yɛnna bere a yensiesiee yɛn ntam akasakasa no, ɛmfa ho sɛnea ebia esua no.”
9. (a) Dɛn na wɔda no adi wɔ Kyerɛwnsɛm mu sɛ nkɔmmbɔ ho ade a ehia? (b) Dɛn na ɛho hia sɛ ɛsɛ sɛ awarefo yɛ mpɛn pii, sɛ eyi gye akokoduru ne ahobrɛase mpo a?
9 Sɛ okunu ne ɔyere adwene nhyia a, ɛho hia sɛ wɔn mu biara ‘yɛ ntɛm tie, yɛ nyaa kasa, na ɔyɛ nyaa fa abufuw.’ (Yakobo 1:19) Sɛ awarefo baanu no nyinaa tie yie a, ebia wobehu sɛ ɛho hia sɛ wɔpa wɔn ho kyɛw. (Yakobo 5:16) Egye ahobrɛase ne akokoduru na woafi wo komam aka sɛ, “Mepa wo kyɛw sɛ mema wudi yaw.” Nanso akasakasa a awarefo siesie wɔ saa kwan yi so no bɛboa wɔn ma wɔanya abusuabɔ a ɛbɛma wɔn ani agye wɔn ho wɔn ho kɛse.
AWARE MU NNA A WƆMFA NKAME WƆN HO
10. Ahobammɔ a Paulo kamfo kyerɛɛ Korinto Kristofo no bɛn na ebetumi afa Kristoni ho nnɛ?
10 Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛw Korintofo no, “aguamammɔ nti” ɔkamfoo aware kyerɛe. (1 Korintofo 7:2) Ɛnnɛ wiase no asɛe te sɛ tete Korinto, anaa asɛe sen no. Aguamansɛm a wiasefo ka wɔ baguam, wɔn ahosiesie a ɛmfata, ne ahohwisɛm a ɛba nhoma mu, TV so, ne sini mu no nyinaa kanyan aguamammɔ ho akɔnnɔ. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Korintofo a na wɔwɔ tebea a ɛte saa ara mu sɛ: “Wɔnware; na aware ye sen ɔhyew.”—1 Korintofo 7:9.
11, 12. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere de ma wɔn ho, na ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔ su bɛn mu? (b) Sɛ ɛsɛ sɛ wɔde aware mu nna kame wɔn ho kakra a, ɛsɛ sɛ wodi tebea no ho dwuma dɛn?
11 Enti, Bible de ahyɛde ma Kristofo awarefo sɛ: “Okunu mma ɔyere nea ɛsɛ, na ɔyere nso mma okunu saa ara.” (1 Korintofo 7:3) Hyɛ no nsow sɛ nea wosi so dua ne ɔma—ɛnyɛ ogye. Sɛ awarefo no mu biara dwen ɔfoforo no yiyedi ho nkutoo a, na aware mu nna ma akomatɔyam ankasa. Sɛ nhwɛso no, Bible no de ahyɛde ma okununom sɛ wɔne wɔn yerenom “ntra nimdeɛ mu.” (1 Petro 3:7) Eyi yɛ nokware titiriw wɔ aware mu nna mu. Sɛ wɔanyɛ ɔyere brɛbrɛ a, ebia ɛbɛyɛ den sɛ obenya aware mu ade yi mu anigye.
12 Ɛtɔ mmere bi a, ebetumi aba sɛ ɛsɛ sɛ awarefo de aware mu nna kame wɔn ho. Ebetumi aba saa wɔ ɔyere fam bere bi wɔ ɔsram no mu anaa bere a ɔte nka sɛ wabrɛ paa no. (Fa toto Leviticus 18:19 ho.) Ebia ɔbarima no bɛyɛ saa bere a ɔredi ɔhaw bi a emu yɛ den ho dwuma wɔ adwumam na ɔte nka sɛ wayɛ basaa no. Awarefo betumi adi aware mu nna a wɔde kame wɔn ho kakra no ho dwuma yiye bere a wɔn baanu nyinaa susuw tebea no ho pefee na ‘wɔpene so’ no. (1 Korintofo 7:5) Eyi mma wɔn mu biara nnya adwene a ɛmfata. Nanso, sɛ ɔyere hyɛ da de ne ho kame ne kunu anaa okunu bi hyɛ da sɛ ɔne ne yere nna wɔ ɔdɔ mu a, ebetumi asum ne hokafo no afiri. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɔhaw betumi aba aware no mu.
13. Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi abɔ mmɔden ama wɔn nsusuwii ho atew?
13 Te sɛ Kristofo nyinaa no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔaware kwati aguamansɛm a ebetumi ama wɔanya akɔnnɔ bɔne. (Kolosefo 3:5) Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye nso wɔ wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe ho bere a wɔne nnipa a ɛsono wɔn bɔbeasu nyinaa redi nsɛm no. Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.” (Mateo 5:28) Sɛ awarefo de Bible mu afotu a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho no di dwuma a, wobetumi akwati sɛ wɔbɛhwe sɔhwɛ mu na wɔasɛe aware. Wobetumi akɔ so anya aware mu abusuabɔ a anigye wom a wobu ɔbarima ne ɔbea nna sɛ akyɛde pa a efi Yehowa, aware Hyehyɛfo, no hɔ.—Mmebusɛm 5:15-19.
BIBLE MU ASƐM A WOGYINA SO GYAE AWARE
14. Awerɛhosɛm bɛn na ɛtɔ mmere bi a, esi? Dɛn ntia?
14 Anigyesɛm ne sɛ wɔ Kristofo aware dodow no ara mu no, wobetumi adi ɔhaw biara a ɛsɔre no ho dwuma. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, ɛmma saa. Esiane sɛ nnipa nyɛ pɛ na wɔte wiase bɔne a Satan di so mu nti, aware ahorow bi sɛe du baabi a ebetumi agu. (1 Yohane 5:19) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo di tebea a emu yɛ den a ɛte saa no ho dwuma?
15. (a) Ade biako pɛ bɛn na Kyerɛwnsɛm ma ho kwan sɛ wotumi gyina so gu aware san ware bio? (b) Dɛn nti na ebinom si gyinae sɛ wonnyae wɔn hokafo a wafi wɔn akyi no?
15 Sɛnea wɔaka wɔ nhoma yi Ti 2 no, aguamammɔ nkutoo na Kyerɛwnsɛm ma obi tumi gyina so gu aware san ware bio.c (Mateo 19:9) Sɛ wowɔ adanse pɔtee a ɛkyerɛ sɛ w’aware mu hokafo afi w’akyi a, ɛnde gyinae bi a ɛyɛ den wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wusi. Wobɛkɔ so aware no anaa wubegyae no aware? Mmara biara nni hɔ. Kristofo bi de afiri wɔn hokafo a wanu ne ho ankasa no na aware a wɔangu no no ayɛ papa. Mmofra no nti afoforo asi gyinae sɛ wongu aware no.
16. (a) Nneɛma a ama ebinom agyae wɔn ahokafo a wɔyɛ bɔne no bi ne dɛn? (b) Sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm si gyinae sɛ obegyae aware anaa onnyae a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ obi kasa tia ne gyinaesi no?
16 Nanso, ebia na bɔne no akɔfa nyinsɛn anaa ɔbarima ne ɔbea nna mu yare bi aba. Anaasɛ ebia na ɛho hia sɛ wɔbɔ mmofra ho ban fi ɔwofo mmonnaatofo ho. Ɛda adi pefee sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wususuw ho ansa na woasi gyinae. Nanso, sɛ wote sɛ w’aware mu hokafo afi w’akyi na ɛno akyi no wufi ase ne no da a, wonam saayɛ so kyerɛ sɛ wode afiri wo hokafo no na wopɛ sɛ mokɔ so ware. Afei de wunni hwee wɔ Kyerɛwnsɛm mu a wubetumi agyina so agu aware no atumi asan aware bio. Ɛnsɛ sɛ obiara de ne ho hyehyɛ nsɛm no mu na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ wo gyinae a ɛsɛ sɛ wusi, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obiara kasa tia wo gyinae no bere a woasi no. Nea ebefi wo gyinaesi no mu aba no bɛda w’ankasa so. “Obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.”—Galatifo 6:5.
NEA WOTUMI GYINA SO TETEW AWARE MU
17. Sɛ ɛnyɛ aguamammɔ a, anohyeto bɛn na Kyerɛwnsɛm no de ma wɔ ntetewmu ne awaregyae ho?
17 So tebea ahorow bi wɔ hɔ a ebetumi ama afata sɛ obi ne n’aware mu hokafo bɛtetew mu anaa wobegyae aware bere a onii no mmɔɔ aguaman mpo no? Yiw, nanso wɔ asɛm a ɛte saa mu no, Kristoni nni hokwan sɛ ɔne obi foforo kɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛware. (Mateo 5:32) Ɛwom sɛ Bible no ma ntetewmu a ɛte saa ho kwan de, nanso ɛka sɛ nea ɔkɔ no ‘nnware, anyɛ saa a, ɔnsan ne ne hokafo no nkɔbom.’ (1 Korintofo 7:11) Tebea a emu yɛ den paa a ebetumi ama ayɛ sɛnea ɛfata sɛ wɔtetew aware mu no bi ne dɛn?
18, 19. Tebea horow a emu yɛ den paa a ebia ɛbɛma ɔwarefo bi asusuw sɛ ɛfata sɛ ɔhwehwɛ mmara kwan so ntetewmu anaa ogyae aware, ɛwom mpo sɛ ontumi nsan nware, no bi ne dɛn?
18 Wiɛ, ebia abusua no bedi hia esiane okunu no anihaw ne ne subammɔne nti.d Ebia ɔde abusua no sika tow kyakya anaa ɔde tua nnubɔne anaa nsa a ontumi nnyae nom ho ka. Bible no ka sɛ: “Sɛ obi nhwɛ . . . ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” (1 Timoteo 5:8) Sɛ onipa a ɔte saa no ansakra n’akwan, na ebia ɔfa ne yere sika de tua ne nnebɔne no ho ka a, ebia ne yere no bɛpɛ sɛ ɔhwehwɛ mmara kwan so ntetewmu de bɔ ɔne ne mma yiyedi ho ban.
19 Wobetumi asusuw mmara kwan so adeyɛ a ɛte saa no nso ho bere a obi hwe ne hokafo pasaa, na ebia ɔyɛ saa mpɛn pii ma n’akwahosan ne ne nkwa mpo bɛda asiane mu no. Afei nso, sɛ obi bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ ɔbɛhyɛ n’aware mu hokafo ma wabu Onyankopɔn mmara ahorow so wɔ ɔkwan bi so a, ɔhokafo a ɔwɔ saa tebea no mu no nso betumi asusuw ntetewmu ho, titiriw sɛ nneɛma adu baabi a ne honhom mu yiyedi da asiane mu a. Ɔhokafo a ɔwɔ asiane a ɛte saa mu no betumi asi gyinae sɛ ɔkwan biako pɛ a ɔbɛfa so ‘atie Onyankopɔn asen nnipa’ ne sɛ ɔbɛhwehwɛ mmara kwan so ntetewmu.—Asomafo no Nnwuma 5:29.
20. (a) Sɛ abusua bi mu paapae a, dɛn na nnamfo ne mpanyimfo a wɔn ho akokwaw betumi ayɛ, na dɛn na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ? (b) Ɛnsɛ sɛ awarefo de nea Bible ka wɔ ntetewmu ne awaregyae ho yɛ anoyi a wɔde yɛ dɛn?
20 Wɔ nsɛm a emu yɛ den a ɔwarefo bi hyia fi ne hokafo hɔ nyinaa mu no, ɛnsɛ sɛ obiara hyɛ nea ne ho nni asɛm no sɛ ɔne ne hokafo no ntetew aware no mu anaa ɔne no ntra. Ɛwom sɛ ne nnamfo ne mpanyimfo a wɔn ho akokwaw betumi de mmoa ne afotu a egyina Bible so ama de, nanso eyinom rentumi nhu okunu ne ɔyere ntam nsɛm nyinaa mu. Yehowa nkutoo na obetumi ahu. Nokwarem no, sɛ ɔyere Kristoni de nsɛm a enni nnyinaso yi ne ho fi aware mu a, na onni Onyankopɔn aware nhyehyɛe no ni. Nanso sɛ ɔwɔ tebea a ɛyɛ hu paa mu, na osi gyinae sɛ ɔbɛhwehwɛ ntetewmu a, ɛnsɛ sɛ obiara kasa tia no. Asɛnkoro no ara na yebetumi aka afa okunu Kristoni a ɔhwehwɛ ntetewmu no ho. “Yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn asɛnni agua no anim.”—Romafo 14:10.
SƐNEA WOSIESIEE AWARE BI A NA ASƐE
21. Osuahu bɛn na ɛkyerɛ sɛ Bible mu afotu a ɛfa aware ho no tumi yɛ adwuma?
21 Bere a Lucia a yɛaka ne ho asɛm dedaw no ne ne kunu tetew mu akyi asram abiɛsa no, ohyiaa Yehowa Adansefo na ofii ase ne wɔn suaa Bible no. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛyɛɛ me nwonwa pii sɛ Bible no de me haw no ano aduru a etumi yɛ adwuma maa me. Dapɛn biako pɛ adesua akyi no, minyaa ɔpɛ ntɛm ara sɛ me ne me kunu bɛka abom. Ɛnnɛ metumi aka sɛ Yehowa nim sɛnea osiesie aware a ɔhaw wom efisɛ ne nkyerɛkyerɛ boa awarefo ma wohu sɛnea wobenya obu ama wɔn ho. Ɛnyɛ nokware sɛ Yehowa Adansefo de mpaapaemu ba mmusua mu sɛnea ebinom ka no. Wɔ me fam no, wɔmaa biakoyɛ baa m’abusua mu.” Lucia suaa sɛnea ɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma wɔ n’asetra mu.
22. Dɛn na ɛsɛ sɛ awarefo nyinaa nya mu ahotoso?
22 Ɛnyɛ Lucia nkutoo na wanya saa suahu yi. Ɛsɛ sɛ aware yɛ nhyira na ɛnyɛ adesoa. Ne saa nti, Yehowa de aware ho afotu ho nhoma a eye paa a wɔakyerɛw ama—N’asɛm a ɛsom bo no. Bible no tumi ma ‘ayemfo hu nyansa.’ (Dwom 19:7-11) Asiesie aware pii a na ɛreyɛ agu na ama afoforo pii a na ɔhaw ahorow a emu yɛ den wom ayɛ papa. Ɛmmra sɛ awarefo nyinaa benya aware ho afotu a Yehowa Nyankopɔn de ma no mu ahotoso a edi mũ. Ɛyɛ adwuma ankasa!
a Wɔasesa edin no.
b Wɔaka eyinom bi ho asɛm dedaw wɔ nhoma yi mu.
c Bible asɛmfua a wɔakyerɛ ase sɛ “aguamammɔ” no fa awaresɛe, mmarima anaa mmea a wɔne wɔn ho da, mmoa a wɔne wɔn da, ne nna mu nneɛma foforo a ɛmfata a wɔhyɛ da de awode yɛ no ho.
d Eyi nkyerɛ sɛ sɛ okunu no kura adwempa, nanso nneɛma a ontumi nyɛ ho hwee te sɛ ɔyare anaa adwuma a onnya nti ontumi nhwɛ n’abusua a, ne yere betumi ahwehwɛ ntetewmu.
-
-
Bere a Yɛn Nyinaa NyinyinNea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
-
-
TI DUNAN
Bere a Yɛn Nyinaa Nyinyin
1, 2. (a) Nsakrae bɛn na ɛba bere a obi bɔ akwakoraa anaa aberewa no? (b) Ɔkwan bɛn so na nnipa a wosuro Onyankopɔn a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no nyaa akomatɔyam wɔ wɔn nkwakoraabere ne wɔn mmerewabere mu?
NSAKRAE pii ba bere a yɛn mfe kɔ anim no. Ɔhonam mu mmerɛwyɛ ma yɛn ahoɔden so tew. Sɛ yɛhwɛ ahwehwɛ mu a, yehu mpomponee foforo ne sɛ yɛn ti nhwi redan dwen nkakrankakra—yɛn ti so repa mpo. Ebia yɛbɛyare awerɛfiri. Yenya abusuabɔ foforo bere a yɛn mma no ware, ne bere a yenya mmanana no nso. Ebinom de, adwuma a onyin ma wogyae no ma wofi asetra foforo ase.
2 Nokwarem no, nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ betumi ayɛ tebea a emu yɛ den. (Ɔsɛnkafo 12:1-8) Nanso, susuw Onyankopɔn asomfo a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no ho. Ɛwom sɛ awiei koraa wowuwui de, nanso wonyaa nyansa ne nhumu a ɛma wonyaa akomatɔyam kɛse wɔ wɔn nkwakoraa bere ne mmerewabere mu. (Genesis 25:8; 35:29; Hiob 12:12; 42:17) Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa anigye wɔ wɔn nkwakoraabere ne mmerewabere mu? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnam wɔn asetra a wɔmaa ɛne nnyinasosɛm ahorow a yehu nnɛ sɛ ɛwɔ Bible mu hyiae no so.—Dwom 119:105; 2 Timoteo 3:16, 17.
3. Afotu bɛn na Paulo de maa nkwakoraa ne mmerewa?
3 Ɔsomafo Paulo de akwankyerɛ pa maa wɔn a wɔrebɔ nkwakoraa ne mmerewa no wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Tito no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nkwakoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwenem ntew, wɔnyɛ den, gyidi, ɔdɔ, ne boasetɔ fam. Mmerewa nso mmu wɔn bra sɛnea ɛfata nnipa kronkron, wonntwiri nnipa, wɔnnyɛ asadweam; wɔnkyerɛkyerɛ nsɛm pa.” (Tito 2:2, 3) Nsɛm yi a wubedi so no bɛboa wo ma woagyina nkwakoraabɔ anaa mmerewabɔ mu nsɛnnennen ano.
PENE SO MA WO MMA NTEW WƆN HO
4, 5. Ɔkwan bɛn so na awofo pii yɛ wɔn ade bere a wɔn mma fi fie no, na ɔkwan bɛn so na ebinom yɛ ade ma ɛne tebea foforo no hyia?
4 Sɛ obi nya asɛyɛde foforo a, ɛhwehwɛ sɛ ɔyɛ nsakrae. Hwɛ sɛnea eyi yɛ nokware bere a mma a wɔanyinyin fi fie kɔware no! Wɔ awofo pii fam no, eyi ne nkaebɔ a edi kan a ɛkyerɛ sɛ wɔrebɔ nkwakoraa ne mmerewa. Ɛwom sɛ awofo ani gye sɛ wɔn mma anyin abɛyɛ mpanyimfo de, nanso wɔtaa dwen ho sɛ ebia wɔyɛɛ nea wobetumi biara de siesiee wɔn mma na wɔn ankasa atumi abɔ wɔn bra anaa. Na ebia wɔn ani begyina wɔn wɔ fie.
5 Ntease wom sɛ awofo kɔ so ma wɔn mma yiyedi ho asɛm hia wɔn, bere a wɔn mma no afi fie mpo no. Ɛna bi ka sɛ: “Sɛ metumi ate wɔn nka mpɛn pii, na ama manya awerɛhyem sɛ biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ a—anka m’ani begye.” Agya bi ka sɛ: “Bere a yɛn babea fii fie no, na ɛyɛ bere a emu yɛ den yiye. Ɛmaa yɛhweree ade kɛse bi wɔ yɛn abusua no mu efisɛ na yɛyɛ biribiara bom bere nyinaa.” Ɔkwan bɛn so na awofo yi atumi ayɛ wɔn ade bere a wɔn mma nni wɔn nkyɛn no? Wɔn mu pii dwen nnipa afoforo ho na wɔboa wɔn.
6. Dɛn na ɛboa ma wonya abusua mu abusuabɔ ho adwempa?
6 Sɛ mma ware a, awofo asɛyɛde sakra. Genesis 2:24 ka sɛ: “Ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Tiyɛ ho nnyinasosɛm ahorow a awofo begye atom ne nhyehyɛe pa a wɔbɛyɛ bɛma wɔatoto biribiara yiye.—1 Korintofo 11:3; 14:33, 40.
7. Su pa bɛn na agya bi nyae bere a ne mmabea fii fie kɔwaree no?
7 Bere a awarefo bi mmabea baanu ware kɔe no, awarefo no tee nka sɛ biribi tɔ sin wɔ wɔn asetra mu. Mfiase no, okunu no bo fuw ne nsenom no. Nanso bere a osusuw tiyɛ ho nnyinasosɛm no ho no, ohui sɛ ne mmabea no kununom no na afei ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn fifo. Enti, bere a ne mmabea no abebisa afotu no, obisa adwene a wɔn kununom wɔ wɔ asɛm no ho, na afei ɔhwɛ hui sɛ ɔbɛboa wɔn sɛnea obetumi. Mprempren ne nsenom no bu no sɛ wɔn adamfo na wotie n’afotu.
8, 9. Ɔkwan bɛn so na awofo bi ayɛ wɔn ade ma ɛne asɛm a ɛne sɛ wɔn mma a wɔanyinyin ankasa tumi bɔ wɔn bra ahyia?
8 Na sɛ wɔn a wɔaware foforo anyɛ nea wɔn awofo susuw sɛ eye paa, bere a wɔnyɛ biribiara a ebu Kyerɛwnsɛm so no nso ɛ? Awarefo bi a wɔwɔ mma a wɔaware kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛboa wɔn bere nyinaa ma wohu Yehowa adwene wɔ nneɛma ho, nanso sɛ yɛne wɔn anyɛ adwene wɔ wɔn gyinaesi bi ho a, yegye tom na yɛboa wɔn hyɛ wɔn nkuran.”
9 Wɔ Asia aman bi mu no, ɛyɛ den titiriw ma ɛnanom bi sɛ wɔbɛpene so ma wɔn mmabarima atew wɔn ho. Nanso, sɛ wɔwɔ obu ma Kristofo nhyehyɛe ne tiyɛ a, wohu sɛ wɔne wɔn nsenom mmea ntam akasakasa so tew. Kristoni bea bi hu sɛ fi a ne mma mmarima afi abusua no fie no ayɛ “ade a ɛma onya anisɔ bere nyinaa.” N’ani gye sɛ ohu sɛ wotumi hwɛ wɔn mmusua foforo no. Ɛno nso ama honam ne adwene fam adesoa a ɛsɛ sɛ ɔne ne kunu soa no mu ayɛ hare bere a wɔbɔ nkwakoraa ne mmerewa no.
MO AWARE A MOBƐSAN AHYƐ MU DEN
Bere a mo mfe rekɔ anim no, munsi so dua sɛ mododɔ mo ho mo ho
10, 11. Kyerɛwnsɛm mu afotu bɛn na ɛbɛboa nkurɔfo ma wɔakwati bere a wɔanyinyin abɛyɛ mmarima ne mmea mpanyimfo no mu mfiri no bi?
10 Sɛ nkurɔfo nyin bɛyɛ mmarima ne mmea mpanyimfo a, wɔyɛ wɔn ade wɔ akwan horow so. Mmarima bi siesie wɔn ho wɔ ɔkwan soronko so na ama wɔayɛ sɛ mmerante. Mmea pii dwennwen nsakrae a bratwa de ba no ho. Nea ɛyɛ awerɛhow no, mmarima ne mmea mpanyimfo mu binom ma wɔn ahokafo bo fuw na wɔtwe ninkunu denam mmerante anaa mmabaa a wɔde wɔn ho twitwiw wɔn no so. Nanso, nkwakoraa a wosuro Nyankopɔn ‘adwenem tew,’ wosiw akɔnnɔ bɔne ano. (1 Petro 4:7) Mmea a wɔn ho akokwaw nso yere wɔn ho sɛ wɔbɛma asomdwoe atra wɔn aware mu, esiane ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn kununom ne pɛ a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Yehowa ani nti.
11 Wɔde honhom kaa Ɔhene Lemuel ma ɔkyerɛw ayɛ a woyii “ɔyepa” a ‘ɔyɛɛ ne kunu yiye, a wanyɛ no bɔne bi, ne nkwa nyinaa’ de tuaa ne ka ho asɛm. Ɛsɛ sɛ okunu Kristoni ma n’ani sɔ mmɔden a ne yere bɔ sɛ obegyina ateetee biara a ɔte nka no ano bere a wanyin abɛyɛ ɔbaapanyin no. Ɔdɔ a okunu no wɔ no bɛma ‘wayi ne yere ayɛ.’—Mmebusɛm 31:10, 12, 28.
12. Ɔkwan bɛn so na awarefo betumi abɛn wɔn ho paa bere a wɔn mfe kɔ anim no?
12 Bere a na motete mmofra a munni adagyew no, ebia mo baanu nyinaa de nea mo ankasa mopɛ too nkyɛn na ama moadi mo mma no ahiade ho dwuma. Bere a wɔafi mo nkyɛn kɔ yi, bere aso sɛ mosan de mo adwene si mo aware asetra so. Okunu bi ka sɛ: “Bere a me mmabea fii fie no, me ne me yere fii ase yɛɛ sɛnea afei na yɛrebɛware.” Okunu foforo ka sɛ: “Yɛmaa yɛn ani kuu yɛn mu biara akwahosan ho, na yɛkae yɛn ho yɛn ho sɛ ɛho hia sɛ yɛteɛteɛ yɛn apɔw mu.” Nea ɛbɛyɛ na ɔne ne yere ante nka sɛ wɔn ani nka no, woyi ahɔhoyɛ su adi kyerɛ asafo no mufo afoforo. Yiw, afoforo a wɔkyerɛ wɔn ho anigye de nhyira horow ba. Afei nso, ɛsɔ Yehowa ani.—Filipifo 2:4; Hebrifo 13:2, 16.
13. Dɛn na nsɛm a wofi komam ka pefee ne nokwaredi tumi yɛ bere a awarefo nyinyin no?
13 Mma wo ne wo hokafo ntam nkɔmmɔbɔ mu nntwa. Monka mo komam asɛm nkyerɛ mo ho. (Mmebusɛm 17:27) Okunu bi ka sɛ: “Hwɛ a obiara hwɛɛ ne yɔnko na yedwennwen yɛn ho yɛn ho ho no ma yɛtee yɛn ho ase kɛse.” Ne yere gye tom, na ɔka sɛ: “Esiane sɛ yɛn mfe akɔ anim nti, yɛn ani abegye ho sɛ yɛbɛbom anom tii, abɔ nkɔmmɔ ayɛ biako.” Nsɛm a mubefi mo komam aka pefee no betumi aboa ma moahyɛ mo aware no mu den, ma ayɛ nea etumi gyina Satan, aware sɛefo no, ntua ano.
KYERƐ WO MMANANA HO ANIGYE
14. Dɛn na ɛda adi sɛ Timoteo nanabea yɛe de ma onyin bɛyɛɛ Kristoni?
14 Mmanana yɛ nkwakoraa ne mmerewa “abotiri.” (Mmebusɛm 17:6) Ayɔnkofa a wɔne mmanananom nya betumi ayɛ anigye ankasa—ɛyɛ dɛ na ahomeka wom. Bible no ka Lois, nenabea bi a ɔne ne babea Eunike kaa ne gyidi ho asɛm kyerɛɛ ne nana akokoaa Timoteo, no ho asɛmpa. Saa abofra yi nyinii a na onim sɛ ne maame ne ne nanabea baanu nyinaa bu Bible mu nokware sɛ ɛsom bo.—2 Timoteo 1:5; 3:14, 15.
15. Ɛdefa mmanana ho no, mmoa a ɛsom bo bɛn na nananom betumi de ama, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ wɔkwati?
15 Ɛnde, eyi ne biribi titiriw a nananom betumi aboa paa wom. Nananom, moaka Yehowa atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ a mowɔ no ho asɛm akyerɛ mo mma dedaw. Afei mubetumi aka akyerɛ awo ntoatoaso foforo nso! Mmofra nkumaa pii ani gye ho sɛ wɔbɛte sɛ wɔn nananom reka Bible mu nsɛm. Nokwarem no, wunnye agya no asɛyɛde a ɔwɔ sɛ ɔde Bible mu nokware ahorow bɛhyɛ ne mma komam no mfi ne nsam. (Deuteronomium 6:7) Mmom no, woyɛ bi boa no. Ɛmmra sɛ wo mpaebɔ bɛyɛ sɛ odwontofo no de yi: “Onyankopɔn, nkwakoraabere ne dwen mu nso nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.”—Dwom 71:18; 78:5, 6.
16. Ɔkwan bɛn so na nananom betumi akwati sɛ wɔbɛma akasakasa aba wɔn abusua mu?
16 Awerɛhosɛm ne sɛ nananom bi hyɛ mmofra nkumaa bɔne araa ma ɛma ntawtawdi ba nananom ne wɔn mma a wɔanyinyin no ntam. Nanso, ebia w’ayamye betumi ama ayɛ mmerɛw ama wo mmanananom no sɛ wɔbɛka wɔn atirimsɛm akyerɛ wo bere a wɔmpɛ sɛ wɔda nneɛma adi kyerɛ wɔn awofo no. Ɛtɔ mmere bi a, mmofra no hwɛ kwan sɛ wɔn nananom a wɔkorɔkorɔ wɔn no begyina wɔn akyi bere a wɔne wɔn awofo anya asɛm no. Dɛn na wobɛyɛ? Da nyansa adi na hyɛ wo mmanananom no nkuran sɛ wɔnna nneɛma adi pefee nkyerɛ wɔn awofo. Wubetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ eyi sɔ Yehowa ani. (Efesofo 6:1-3) Sɛ ɛho hia a, wubetumi atu wo ho ama de abue kwan ama mmofra no ayɛ saa denam wɔn awofo a wo ne wɔn bɛkasa no so. Ka nea woasua wɔ mfe a atwam no mu kyerɛ wo mmanananom pefee. Wobetumi anya wo nokwaredi ne w’adwempa no so mfaso.
YƐ NSAKRAE BERE A WO MFE KƆ ANIM NO
17. Dɛn na odwontofo no sii ne bo sɛ ɔbɛyɛ a ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔrebɔ nkwakoraa ne mmerewa suasua?
17 Bere a wo mfe kɔ anim no, wubehu sɛ wuntumi nyɛ nea anka woyɛ anaa wobɛpɛ sɛ woyɛ no nyinaa. Ɔkwan bɛn so na obi tumi di onyin ho dwuma? Wɔ w’adwenem no, ebia wote nka sɛ woadi mfe 30, nanso ahwehwɛ mu a wohwɛ no da no adi sɛ ɛnte saa. Mma w’abam mmmu. Odwontofo no srɛɛ Yehowa sɛ: “Ntow me nkyene nkwakoraabere, na sɛ m’ahoɔden sa a, nnyaw me.” Fa yɛ wo botae sɛ wubegyina mu sɛnea odwontofo no yɛe no. Ɔkae sɛ: “Na me de, mɛtwɛn ara daa yi, na mede bi maka w’ayeyi nyinaa ho.”—Dwom 71:9, 14.
18. Ɔkwan bɛn so na Kristoni a ne ho akokwaw betumi ama adwuma a onyin ama wagyae no so aba mfaso?
18 Nnipa pii adi kan asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛma ayeyi a wɔde ma Yehowa no ayɛ kɛse bere a onyin ma wogyae adwuma no. Agya bi a mprempren onyin ama wogyae adwuma kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Midii kan yɛɛ nea mɛyɛ bere a yɛn babea awie sukuu no ho nhyehyɛe. Misii me bo sɛ mefi ase ayɛ bere nyinaa asɛnka adwuma no, na metɔn m’adwuma sɛnea ɛbɛyɛ na manya kwan asom Yehowa akosi ase. Mebɔɔ mpae de hwehwɛɛ Onyankopɔn akwankyerɛ.” Sɛ aka kakra na onyin ama woagyae adwuma a, ma asɛm a yɛn Bɔfo Kunini no kae no nkyekye wo werɛ: “Ekosi w’akorayɛ mu, mene me ara, na ekosi dwen fuw mu mpo, mɛbɔ wo akɔnkɔn.”—Yesaia 46:4.
19. Afotu bɛn na wɔde ma wɔn a wɔrebɔ nkwakoraa ne mmerewa?
19 Ebia nsakrae a wobɛyɛ bere a onyin ama woagyae adwuma no renyɛ mmerɛw. Ɔsomafo Paulo tuu nkwakoraa fo sɛ wɔn “ani so nna hɔ.” Eyi hwehwɛ sɛ wonya ahosodi wɔ biribiara mu, na wɔrenhwehwɛ asetra a ɔbrɛ nnim. Ebia ɛho behia kɛse mpo sɛ woteɛ wo ho so sen bere biara a atwam bere a onyin ma wugyae adwuma no. Enti, keka wo ho, ‘yɛ pii wɔ Awurade adwuma mu bere nyinaa, bere a wunim sɛ wo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu’ no. (1 Korintofo 15:58) Trɛw wo dwumadi ahorow mu fa boa afoforo. (2 Korintofo 6:13) Kristofo pii yɛ saa denam nnam a wɔde ka asɛmpa no sɛnea wɔn ahoɔden betumi no so. Bere a wo mfe kɔ anim no, ‘yɛ den wɔ gyidi, ɔdɔ, ne boasetɔ mu.’—Tito 2:2.
WO HOKAFO WU ANO A WUBEGYINA
20, 21. (a) Wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu no, dɛn na awiei koraa no ɛbɛtetew awarefo ntam? (b) Ɔkwan bɛn so na Hana yɛ nhwɛso pa ma awarefo a wɔn ahokafo awu?
20 Ɛyɛ awerɛhow nanso ɛyɛ nokwasɛm sɛ awiei koraa no owu tete awarefo ntam wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu. Kristofo a wɔn aware mu ahokafo awu no nim sɛ mprempren wɔn adɔfo no adeda, na wɔwɔ ahotoso sɛ wɔbɛsan ahu wɔn bio. (Yohane 11:11, 25) Nanso adehwere no yɛ awerɛhow ara. Nea wɔawu agyaw no no bɛyɛ dɛn atumi adi ho dwuma?a
21 Nea Bible mu nipa bi yɛe a wobɛkae no bɛboa wo. Hana bɛyɛɛ okunafo bere a ɔwaree mfe ason pɛ akyi, na bere a yɛkenkan ne ho asɛm no, na wadi mfe 84. Yebetumi agye adi sɛ odii awerɛhow bere a ne kunu wui no. Ɛyɛɛ dɛn na otumi gyinaa ano? Ɔde ɔsom kronn maa Yehowa Nyankopɔn awia ne anadwo wɔ asɔrefi hɔ. (Luka 2:36-38) Akyinnye biara nni ho sɛ Hana nkwa a ɔnam mpaebɔ so de somee no bɛyɛɛ awerɛhow ne ankonamyɛ a ɔtee nka sɛ okunafo no ano aduru kɛse.
22. Ɔkwan bɛn so na akunafo bi atumi agyina ankonamyɛ ano?
22 Ɔbea bi a wadi mfe 72 a wayɛ okunafo mfe du ni kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea ɛyɛ den ma me paa ne sɛ minni ɔhokafo a ɔne me bɛbɔ nkɔmmɔ. Na me kunu yɛ otiefo pa. Na yɛbɔ asafo no ne Kristofo som adwuma no mu kyɛfa a yenya no ho nkɔmmɔ.” Okunafo foforo ka sɛ: “Ɛwom sɛ asɛm kyɛ a ɛma wo werɛ fi de, nanso mahu sɛ ɛyɛ nokware kɛse sɛ mɛka sɛ ɛyɛ nea obi de ne bere yɛ na ɛboa no ma ne werɛ fi nsɛm. Wubetumi aboa afoforo.” Okunafo bi a wadi mfe 67 gye tom, na ɔka sɛ: “Ɔkwan pa a wobɛfa so agyina wo biribi wu ano ne sɛ wode wo ho bɛma akyekye afoforo werɛ.”
WOSOM BO MA ONYANKOPƆN BERE A WO MFE KƆ ANIM NO
23, 24. Awerɛkyekye kɛse bɛn na Bible de ma nkwakoraa ne mmerewa, titiriw wɔn a wɔyɛ akunafo no?
23 Ɛwom sɛ owu fa wo hokafo a wodɔ no kɔ de, nanso Yehowa yɛ ɔnokwafo bere nyinaa. Ɔhene Dawid a ɔtraa ase wɔ tete mmere no mu no too dwom sɛ: “Ade biako na masrɛ Awurade, ɛno na mehwehwɛ akyi kwan, sɛ me nna a midi nyinaa mɛtra Awurade fi, na mahwɛ Awurade animtew, na madwen me tirim, n’asɔrefi.”—Dwom 27:4.
24 Ɔsomafo Paulo de nkuranhyɛ mae sɛ: “Di mmea akunafo a wɔyɛ akunafo ampa no ni.” (1 Timoteo 5:3) Afotu a ɔde mae wɔ ahyɛde yi akyi kyerɛ sɛ na akunafo a wɔfata a wonni abusuafo a wɔbɛn no behia honam fam mmoa. Nanso, adwene a ɛwɔ ahyɛde a ese ‘wonni wɔn ni’ no akyi no biako ne sɛ wobebu wɔn sɛ wɔsom bo. Hwɛ Awerɛkyekye a akunafo a wosuro Onyankopɔn betumi anya afi nim a wonim sɛ Yehowa bu wɔn sɛ wɔsom bo na ɔbɛwowaw wɔn no mu!—Yakobo 1:27.
25. Botae bɛn na ɛda so wɔ hɔ ma nkwakoraa ne mmerewa?
25 Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ka sɛ: “Nkwakoraa ahoɔfɛ ne dwen.” Ɛyɛ ‘abotiri a ɛyɛ fɛ bere a wohu no trenee kwan so no.’ (Mmebusɛm 16:31; 20:29) Ɛnde, kɔ so sɛ wode Yehowa som bedi kan wɔ w’asetra mu, sɛ ebia woyɛ ɔwarefo anaa woadan ɔhokwafo bio no. Wonam saayɛ so benya din pa wɔ Onyankopɔn anim mprempren ne daa nkwa wɔ wiase bi a nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ mu yaw rentra hɔ bio mu no ho anidaso.—Dwom 37:3-5; Yesaia 65:20.
a Sɛ wopɛ asɛm yi ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ Bere a Obi a Wodɔ No Awu nhomawa a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no mu.
-
-
Yɛn Awofo a Wɔanyinyin a Yebedi Wɔn NiNea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
-
-
TI DUNNUM
Yɛn Awofo a Wɔanyinyin a Yebedi Wɔn Ni
1. Ɛka bɛn na yɛde yɛn awofo, enti ɛsɛ sɛ yɛte nka na yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ wɔn ho?
ONYANSAFO a ɔtraa ase bere tenten a atwam ni no tuu fo sɛ: “Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.” (Mmebusɛm 23:22) Ebia wobɛka sɛ: ‘Menyɛ saa da!’ Sɛ anka yebebu yɛn maame—anaa yɛn papa—animtiaa no, yɛn mu dodow no ara wɔ ɔdɔ kɛse ma wɔn. Yenim sɛ yɛde wɔn ka pii. Nea edi kan koraa no, yɛn awofo na wɔmaa yɛn nkwa. Ɛwom sɛ Yehowa ne Nkwamafo de, nanso sɛ ɛnyɛ yɛn awofo a, anka yɛnte nkwa mu. Biribiara a yɛde ma yɛn awofo nsom bo sɛ nkwa ankasa. Afei, susuw wɔn ho a wɔde bɔ afɔre, dadwen, sika, ne ɔdɔ a wɔde hwɛ abofra boa no fi ne mmofrabere mu kosi sɛ obenyin ayɛ ɔpanyin no ho. Enti, hwɛ ntease a ɛwom sɛ Onyankopɔn Asɛm tu fo sɛ: “Di w’agya ne wo na ni . . . na awie wo yiye, na wo nna aware asase so”!—Efesofo 6:2, 3.
NKATE MU AHIADE AHOROW A WUBEHU
2. Ɔkwan bɛn so na mma a wɔanyinyin betumi de ‘akatua a ɛfata’ ama wɔn awofo?
2 Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo sɛ: ‘Ma mma anaa mmanana nsua onyamesom pa wɔn fi mu kan ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani.’ (1 Timoteo 5:4) Mma a wɔanyinyin de ‘akatua a ɛfata’ yi ma denam anisɔ a wɔkyerɛ wɔ mfe pii a wɔn awofo ne wɔn nananom de dɔɔ wɔn, yɛɛ adwuma, na wɔhwɛɛ wɔn ho no so. Ɔkwan biako a mma betumi afa so ayɛ saa ne sɛ wobehu sɛ nkwakoraa ne mmerewa hia ɔdɔ ne awerɛkyekye te sɛ obi foforo biara pɛ—mpɛn pii wohia no denneennen. Te sɛ yɛn mu biara no, ɛho hia sɛ wɔte nka sɛ wɔn ho wɔ mfaso. Ɛho hia sɛ wɔte nka sɛ wɔn nkwa som bo.
3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi yɛn awofo ne yɛn nananom ni?
3 Enti yɛnam hu a yɛbɛma yɛn awofo ne yɛn nananom ahu sɛ yɛdɔ wɔn no so betumi adi wɔn ni. (1 Korintofo 16:14) Sɛ ɛnyɛ yɛne yɛn awofo na ɛte a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ te a wɔbɛte yɛn nka no betumi akyerɛ pii ama wɔn. Krataa emu nsɛm yɛ dɛ, telefon so frɛ, anaa nsrahwɛ betumi ama wɔn ani agye kɛse. Bere a Miyo a ɔte Japan no dii mfe 82 no, ɔkyerɛwee sɛ: “Me babea [a ne kunu yɛ ɔhwɛfo kwantufo no] ka kyerɛ me sɛ: ‘Mama, mesrɛ sɛ wo ne yɛn “ntu kwan.”’ Ɔde wɔn dapɛn biara akwantu nhyehyɛe ne wɔn telefon nɔma brɛ me. Mitumi bue m’asase mfonini mu ka sɛ: ‘Ɛhee. Mprempren wɔwɔ ha!’ Meda Yehowa ase daa sɛ wahyira me ma manya ɔba a ɔte saa.”
HONAM FAM NNEƐMA A WODE BƐBOA
4. Ɔkwan bɛn so na Yudafo nyamesom mu atetesɛm hyɛɛ atirimɔden a wɔbɛbɔ awofo ho nkuran?
4 So ebetumi aba sɛ obi awofo honam fam ahiade ahorow a ɔde bɛma wɔn no nso ka di a ɛsɛ sɛ odi wɔn ni no ho? Yiw. Mpɛn pii no ɛte saa. Wɔ Yesu nna no mu no, na Yudafo nyamesom akannifo no kura atetesɛm a ɛne sɛ, sɛ obi ka sɛ ne sika anaa agyapade yɛ ‘ayɛyɛde ma Onyankopɔn’ a, ɛnyɛ n’asɛyɛde bio sɛ ɔde bɛhwɛ n’awofo. (Mateo 15:3-6) Atirimɔdensɛm bɛn ara ni! Nokwarem no, na saa nyamesom akannifo no rehyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wonnni wɔn awofo ni na mmom wommu wɔn animtiaa denam pɛsɛmenkominya mu a wofi de wɔn ahiade bɛkame wɔn no so. Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ saa da!—Deuteronomium 27:16.
5. Nsiesiei a aman bi mu nniso ayɛ nyinaa akyi no, dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a, sika fam mmoa a obi de bɛma n’awofo ka di a obedi wɔn ni no ho?
5 Wɔ nsase pii so nnɛ no, asetra mu mmoa a aban de ma no ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim nya honam fam ahiade ahorow bi, te sɛ nnuan, ntade, ne dabere. Ɛno akyi no, ebia na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no atumi ayɛ nsiesie bi ama wɔn nkwakoraa ne wɔn mmerewa bere. Nanso sɛ saa nsiesiei yi sa anaa esua a, mma di wɔn awofo ni denam nea wobetumi a wɔyɛ de ma wɔn awofo nya wɔn ahiade ahorow no so. Nokwarem no, obi awofo a wɔn mfe akɔ anim a ɔhwɛ wɔn no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ onyamesom pa, kyerɛ sɛ, ɔsom Yehowa Nyankopɔn, abusua nhyehyɛe no Farebae no.
ƆDƆ NE OBI HO A ƆDE BƆ AFƆRE
6. Asetra mu nhyehyɛe bɛn na ebinom ayɛ na ama wɔde wɔn awofo ahiade ahorow ama wɔn?
6 Mma a wɔyɛ mpanyimfo nam ɔdɔ ne wɔn ho a wɔde bɔ afɔre so de wɔn awofo a wɔayɛ mmerɛw ahiade ahorow ma wɔn. Ebinom de wɔn awofo kɔtra wɔn ankasa fie, anaa wotu kɔtra baabi a ɛbɛn wɔn. Afoforo tu kɔtra wɔn awofo nkyɛn. Mpɛn pii no, saa nhyehyɛe ahorow no yɛ nhyira ma awofo ne wɔn mma nyinaa.
7. Dɛn nti na ɛnyɛ papa sɛ wɔde ntɛmpɛ besisi gyinae afa awofo a wɔn mfe akɔ anim ho?
7 Nanso, ɛtɔ mmere bi a, mfaso mma tu a wotu saa no so. Dɛn ntia? Efisɛ ebia wosisi gyinae ahorow bi ntɛm dodo anaa egyina nkate nkutoo so. Bible de kɔkɔbɔ ma wɔ nyansam sɛ: “Onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ ɛyɛ den ma wo maame aberewa no sɛ ne nkutoo bɛtra na wususuw sɛ mfaso bɛba so sɛ obetu abɛtra wo nkyɛn. Bere a wufi nyansam dwen nea wobɛyɛ ho no, wubetumi asusuw nea edidi so yi ho: Nneɛma bɛn na ohia ankasa? So asetra mu mmoa a ɔman anaa ankorankoro de ma a ɛma munya ano aduru a ɛfata wɔ hɔ? So ɔpɛ sɛ obetu? Sɛ otu a, ɛbɛka n’asetra wɔ akwan bɛn so? Ɛsɛ sɛ ogyaw ne nnamfo hɔ? Ɔkwan bɛn so na eyi bɛka no wɔ nkate fam? So wo ne no asusuw eyinom ho? Ɔkwan bɛn so na adeyɛ a ɛte saa no bɛka wo, wo hokafo, ne w’ankasa wo mma? Sɛ ɛho hia sɛ wɔhwɛ wo maame a, hena na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ no? Wo ne afoforo betumi abom adi asɛyɛde no ho dwuma? Wo ne wɔn a asɛm no fa wɔn ho nyinaa asusuw ho?
8. Henanom na wubetumi akohu wɔn bere a woresi sɛnea wobɛboa w’awofo a wɔn mfe akɔ anim ho gyinae no?
8 Esiane sɛ ɛyɛ mma a wɔwɔ abusua no mu nyinaa asɛyɛde sɛ wɔbɛhwɛ no nti, ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ mobɛyɛ abusua nhyiam na ama mo nyinaa asi gyinae no. Kristofo asafo no mu mpanyimfo anaa wɔn nnamfo a wɔakɔ tebea a ɛte saa ara mu a wo ne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ no nso betumi aboa. Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa, na agyinatufo pii mu na ebegyina.”—Mmebusɛm 15:22.
DA TEMA NE NTEASE ADI
Ɛnyɛ papa sɛ wubesi gyinae ama w’awofo bere a wunnii kan ne wɔn nkaa ho asɛm
9, 10. (a) Ɛmfa ho sɛ wɔn a wɔn mfe rekɔ anim no rebɔ nkwakoraa ne mmerewa no, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw wɔn ho wom? (b) Ɛmfa ho nea ɔba a wanyin bɛyɛ ama n’awofo a wɔn mfe akɔ anim biara no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔn daa?
9 Yɛn awofo a wɔn mfe akɔ anim a yebedi wɔn ni no hwehwɛ sɛ yɛda tema ne ntease adi. Bere a onyin ma wohyia nsɛnnennen no, ebetumi akɔ so ayɛ den ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim no sɛ wɔbɛnantew, wobedidi, na wɔakae nsɛm. Ebia wobehia mmoa. Mpɛn pii no wɔn mma bɔ wɔn ho ban tra so anaa wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn akwankyerɛ. Nanso wɔn a wɔn mfe akɔ anim no anya nyansa ne osuahu pii wɔ asetra mu, asetra a wɔahwɛ wɔn ho na wɔasisi wɔn ankasa gyinae ahorow wom. Ebia wɔn nipasu ne obu a wɔwɔ ma wɔn ho no gyina wɔn asɛyɛde sɛ awofo ne mpanyimfo no so. Ebia awofo a wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔma kwan ma wɔn mma di wɔn asetra so bɛbotow anaa wɔn bo befuw. Sɛ ebinom hu nea ebia wobu no sɛ ɛyɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobegye wɔn ahofadi afi wɔn nsam a, wɔn bo fuw na wɔko tia.
10 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobenya ɔhaw ahorow a ɛte saa no ano aduru, nanso ɛyɛ ayamye sɛ wɔbɛma awofo a wɔn mfe akɔ anim no kwan ma wɔahwɛ wɔn ho asisi wɔn ankasa gyinae sɛnea wobetumi. Ɛnyɛ papa sɛ wubesi nea eye ma w’awofo ho gyinae a wunni kan ne wɔn nka ho asɛm. Ebia wɔahwere nneɛma pii. Nnye kakra a wɔda so wɔ no mfi wɔn nsam. Ebia wubehu sɛ bere a wommɔ mmɔden pii sɛ wubedi w’awofo asetra so no, wo ne wɔn ntam abusuabɔ bɛyɛ papa. Wɔn ani begye kɛse, na wo nso w’ani begye. Sɛ ɛho hia sɛ wode wo nan si fam yɛ nneɛma bi na ama w’awofo adi yiye mpo a, di a wubedi w’awofo ni no hwehwɛ sɛ wode anuonyam ne obu a ɛfata wɔn no ma wɔn. Onyankopɔn Asɛm tu fo sɛ: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni.”—Leviticus 19:32.
SU PA A WUBEKURA MU
11-13. Sɛ ɔba a wanyin ne n’awofo ntam nyɛ papa wɔ bere a atwam mu a, ɔkwan bɛn so na obetumi akɔ so ahwɛ wɔn wɔ wɔn nkwakoraabere ne mmerewabere mu?
11 Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ den ma mma a wɔanyin ayɛ mpanyimfo sɛ wobedi wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no ni esiane sɛnea na wɔne wɔn awofo no te bere a na wɔyɛ mmofra no nti. Ebia na wo papa nni tema na ne tirim yɛ den, wo maame yɛ nhyɛso ne katee. Ebia woda so ara te abasamtu ne abufuw nka, anaa wudi yaw efisɛ na wɔnyɛ awofo a wopɛ sɛ wɔyɛ no. Wubetumi adi nkate horow a ɛte saa so?a
12 Basse a onyinii wɔ Finland no ka sɛ: “Na me maame kunu yɛ Nasi Germany SS polisini. Na ne bo nkyɛ fuw, na sɛ ne bo fuw a, ne ho yɛ hu. Ɔhwee me maame mpɛn pii wɔ m’anim. Da bi a ne bo fuw me no, ohim ne bɛlt na ano dade no bɔɔ m’anim. Ɛbɔɔ me denneennen araa ma mifi mpa so hwee fam.”
13 Nanso, na ɔwɔ su afoforo. Basse de ka ho sɛ: “Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɔyɛɛ adwuma denneennen na wammu n’ani angu n’abusua honam fam nneɛma so. Wanyi ɔdɔ adi ankyerɛ me sɛ agya da, nanso na minim sɛ wafa ɛyaw mu pɛn. Ne maame pam no fii fie bere a na ɔyɛ aberantewaa no. Ɔkoo ntɔkwaw de nyinii, na ɔde ne ho hyɛɛ ɔko no mu sɛ aberante. Na mete tebea no ase kodu baabi, na mamfa asodi no anto no so. Bere a minyinii no, mepɛe sɛ meboa no sɛnea metumi kosi sɛ obewu. Na ɛnyɛ mmerɛw, nanso meyɛɛ nea metumi. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ ɔba pa akosi awiei, na misusuw sɛ ogyee me toom saa.”
14. Kyerɛwnsɛm bɛn na yebetumi de adi dwuma wɔ tebea horow nyinaa mu, a nea ɛsɔre wɔ awofo a wɔn mfe akɔ anim hwɛ mu ka ho?
14 Yebetumi de Bible no afotu adi dwuma wɔ abusua mu tebea horow ho, sɛnea yɛde di dwuma wɔ nsɛm foforo mu no: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea Awurade de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.”—Kolosefo 3:12, 13.
AHWƐFO NSO HIA ƆHWƐ
15. Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a awofo hwɛ haw adwene?
15 Ɔwofo a onni ahoɔden hwɛ yɛ adwumaden, na egye nneɛma, asɛyɛde ne nnɔnhwerew pii. Nanso nea ɛyɛ den wom sen biara no taa yɛ nkate fam de. Ɛhaw adwene yiye sɛ wubehu sɛ w’awofo akwahosan resɛe, wontumi nkae nsɛm, na wɔahwere wɔn ahofadi. Sandy a ofi Puerto Rico ka sɛ: “Na me maame ne yɛn abusua no nnyinaso titiriw. Na ne hwɛ yɛ awerɛhow yiye. Nea di kan no, ofii ase tɔ guu so; afei ebehiae sɛ onya poma, afei yɛmaa no nnua a mmubuafo de nantew, ne afei mmubuafo akongua. Ɛno akyi no ne tebea kɔɔ so sɛee kosii sɛ owui. Onyaa dompe mu kokoram a na ɛho hia sɛ wɔhwɛ bere nyinaa—awia ne anadwo. Yeguaree no maa no aduan kenkan nhoma kyerɛɛ no. Na ɛyɛ den yiye—wɔ nkate fam titiriw. Bere a mihui sɛ me maame rewu no, misui efisɛ na medɔ no kɛse.”
16, 17. Afotu bɛn na ebetumi aboa obi a ɔhwɛ n’awofo ma wanya adwene a ɛkari pɛ wɔ nneɛma ho?
16 Sɛ wuhu wo ho wɔ tebea a ɛte saa ara mu a, dɛn na wubetumi ayɛ na woagyina ano? Tie a wubetie Yehowa denam Bible akenkan ne mpaebɔ a wonam so bɛka wo nsɛm akyerɛ no so bɛboa wo kɛse. (Filipifo 4:6, 7) Nea ɛfata sɛ woyɛ ne sɛ wobɛhwɛ ahu sɛ wubedi nnuan a ahoɔden wom, na woabɔ mmɔden sɛ wobɛda sɛnea ɛsɛ. Sɛ woyɛ saa a, wo tebea bɛyɛ papa, nkate ne honam fam nyinaa, na ama woahwɛ wo dɔfo no. Ebia wubetumi agye w’ahome wɔ bere ne bere mu. Sɛ wuntumi nnya akwamma mpo a, nyansa wom ara sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe anya bere bi de agye w’ahome. Nea ɛbɛyɛ na woanya bere de agye w’ahome no, ebia wubetumi ayɛ nhyehyɛe ma obi foforo abɛtra wo maame anaa wo papa a ɔyare no ho.
17 Mpɛn pii no, ahwɛfo a wɔanyin hwɛ nneɛma a ntease nnim kwan fi wɔn ankasa hɔ. Nanso ɛnsɛ sɛ woma nea wuntumi nyɛ no ma wote afobu nka. Wɔ tebea horow bi mu no, ebia ɛho behia sɛ wɔde wo dɔfo no kɔtra beae a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Sɛ wo na worehwɛ w’akwakoraa anaa w’aberewa a, fa nneɛma a ntease wom sisi w’ani so. Ɛsɛ sɛ wokari pɛ wɔ w’awofo, wo mma, wo hokafo, ne w’ankasa nso ahiade ho.
AHOƆDEN A ƐBORO SO
18, 19. Mmoa ho bɔ bɛn na Yehowa ahyɛ, na osuahu bɛn na ɛda no adi sɛ odi ne bɔhyɛ so?
18 Yehowa nam N’asɛm Bible so fi ɔdɔ mu de akwankyerɛ a ɛbɛboa obi kɛse ma wahwɛ n’awofo a wɔn mfe akɔ anim ma, nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo ne mmoa a ɔde ma. Wɔde honhom kaa odwontofo no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa . . . na otie wɔn sufrɛ, na ogye wɔn.” Yehowa begye, anaa ɔbɛkora n’anokwafo so wɔ tebea a emu yɛ den sen biara mpo mu.—Dwom 145:18, 19.
19 Myrna a ɔwɔ Philippines no huu eyi bere a na ɔrehwɛ ne maame a na ne fã adwudwo ma ontumi nyɛ hwee no. Myrna kyerɛw sɛ: “Biribiara nhaw adwene sɛ wubehu sɛ wo dɔfo rehu amane, na ontumi nkyerɛ faako a ɛyɛ ne yaw. Ɛte sɛ nea mihu sɛ nsu refa no nkakrankakra, na mintumi nyɛ ho hwee. Na mibu nkotodwe mpɛn pii bɔ Yehowa mpae wɔ sɛnea mabrɛ no ho. Misui sɛ Dawid, nea ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne nsu nhyɛ tumpan mu na ɔnkae no no. [Dwom 56:8] Sɛnea Yehowa hyɛɛ bɔ no, ɔmaa me ahoɔden a na mihia no. ‘Yehowa yɛɛ m’akyidua.’”—Dwom 18:18.
20. Bible mu bɔhyɛ ahorow bɛn na ɛboa wɔn a wɔhwɛ awofo no ma wonya adwempa, sɛ nea wɔhwɛ no no wu mpo a?
20 Wɔaka sɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim hwɛ yɛ “ade a n’awiei yɛ awerɛhosɛm.” Mmɔden a ɛsen biara a yɛbɔ sɛ yɛbɛhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nyinaa akyi no, ebia wobewu sɛnea Myrna maame wui no. Nanso wɔn a wɔwɔ Yehowa mu ahotoso no nim sɛ ɛnyɛ owu ne asɛm no awiei. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Na mewɔ Onyankopɔn ho anidaso . . . sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Wɔn a wɔahwere awofo a wɔn mfe akɔ anim wɔ owu mu no ma owusɔre ho anidaso no ne wiase foforo a anigye wom a ‘owu nnim’ a Onyankopɔn de bɛba no ho bɔhyɛ kyekye wɔn werɛ.—Adiyisɛm 21:4.
21. Nnepa bɛn na efi awofo a wɔn mfe akɔ anim a wodi wɔn ni no mu ba?
21 Onyankopɔn asomfo wɔ obu a emu dɔ ma wɔn awofo, ɛwom sɛ ebia eyinom abɔ nkwakoraa ne mmerewa de. (Mmebusɛm 23:22-24) Wodi wɔn ni. Bere a wɔyɛ saa no, wohu nea abebusɛm a wɔnam honhom so kyerɛwee no ka no: “Ma w’agya ne wo na ani nnye, na nea ɔwoo wo no nni ahurusi.” (Mmebusɛm 23:25) Nea ɛsen biara no, wɔn a wodi wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim ni no sɔ Yehowa Nyankopɔn ani na wodi no ni nso.
a Nea yɛreka ho asɛm wɔ ha no nyɛ tebea horow a ɛkyerɛ sɛ awofo de wɔn tumi ne wɔn mu ahotoso a wɔwɔ no dii dwuma wɔ ɔkwammɔne so koduu baabi a wobetumi abu no sɛ nsɛmmɔnedi wɔ mmara mu.
-
-
Nya Daakye a Enni Awiei Ma W’abusuaNea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
-
-
TI DUNSIA
Nya Daakye a Enni Awiei Ma W’abusua
1. Na dɛn ne Yehowa atirimpɔw ma abusua nhyehyɛe no?
BERE a Yehowa kaa Adam ne Hawa boom wɔ aware mu no, Adam nam asɛm a ɔkae a ɛno ne Hebri anwensɛm a edi kan pɛɛ a wɔakyerɛw ato hɔ no so daa n’anigye adi. (Genesis 2:22, 23) Nanso, na Ɔbɔadeɛ no wɔ nneɛma pii wɔ n’adwenem sen anigye a na ɔbɛma ne mma a wɔyɛ nnipa anya kɛkɛ no. Na ɔpɛ sɛ awarefo ne wɔn mmusua yɛ n’apɛde. Ɔka kyerɛɛ awarefo a wodi kan no sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” (Genesis 1:28) Hwɛ sɛnea na ɛyɛ adwuma a mfaso kɛse wɔ so! Sɛ Adam ne Hawa de osetie a edi mũ yɛɛ Yehowa apɛde a, hwɛ anigye a anka wɔne wɔn mma a wɔbɛwo wɔn daakye no benya!
2, 3. Ɔkwan bɛn so na mmusua betumi anya anigye a ɛsen biara nnɛ?
2 Ɛnnɛ nso, mmusua nya anigye sen biara bere a wɔbom yɛ Onyankopɔn apɛde no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.” (1 Timoteo 4:8) Abusua a ɛde onyamesom pa tra ase na edi Yehowa akwankyerɛ a ɛwɔ Bible no mu akyi no benya anigye wɔ “nkwa a ɛwɔ hɔ yi” mu. (Dwom 1:1-3; 119:105; 2 Timoteo 3:16) Sɛ abusua no muni biako pɛ mpo na ɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow di dwuma a, tebea no yɛ papa sen sɛ obiara nyɛ saa.
3 Nhoma yi aka Bible mu nnyinasosɛm pii a ɛboa ma wonya abusua mu anigye ho asɛm. Ebia woahyɛ no nsow sɛ emu bi apue mpɛn pii wɔ nhoma yi mu nyinaa. Dɛn ntia? Efisɛ ɛyɛ nokware ahorow a tumi wom a edi boa obiara wɔ abusua asetra afã horow nyinaa mu. Abusua a ɛbɔ mmɔden de Bible mu nnyinasosɛm ahorow yi di dwuma no hu sɛ onyamesom pa ‘de nkwa a ɛwɔ hɔ yi ho bɔhyɛ ma.’ Ma yɛnsan nhwɛ nnyinasosɛm atitiriw yi mu anan.
AHOSODI SO MFASO
4. Dɛn nti na ahosodi ho hia wɔ aware mu?
4 Ɔhene Salomo kae sɛ: “Ɔbarima a ontumi nsianka ne honhom te sɛ kurow a abubu a afasu nni ho.” (Mmebusɛm 25:28; 29:11) ‘Honhom a wosianka no,’ ahosodi a wɔda no adi, ho hia ma wɔn a wɔpɛ sɛ wonya aware a anigye wom no. Nkate bɔne, te sɛ abufuhyew anaa akɔnnɔ bɔne a wobɛma adi wo so no bɛsɛe ade a ebegye mfe pii na wode asiesie—sɛ wubetumi asiesie mpo a.
5. Ɔkwan bɛn so na onipa a ɔnyɛ pɛ betumi anya ahosodi, na mfaso horow bɛn na obenya?
5 Nokwarem no, Adam aseni biara ntumi nni ne honam a ɛtɔ sin no so nwie koraa. (Romafo 7:21, 22) Nanso, ahosodi yɛ honhom no aba. (Galatifo 5:22, 23) Enti, Onyankopɔn honhom no bɛma yɛanya ahosodi, sɛ yɛbɔ mpae bisa saa su yi, de afotu a ɛfata a yehu wɔ Kyerɛwnsɛm mu di dwuma, na yɛne afoforo a wɔda no adi bɔ fekuw na yɛkwati wɔn a wɔnna no adi a. (Dwom 119:100, 101, 130; Mmebusɛm 13:20; 1 Petro 4:7) Adeyɛ a ɛte saa bɛboa yɛn ma ‘yɛaguan aguamammɔ,’ bere a wɔsɔ yɛn hwɛ mpo no. (1 Korintofo 6:18) Yɛbɛpow basabasayɛ na yɛakwati sadweam na yɛadi so. Yɛde odwo kɛse bedi abufusɛm ne tebea a emu yɛ den ho dwuma. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa—a mmofra ka ho—besuasua sɛnea yebenya honhom aba a ɛho hia yi bi.—Dwom 119:1, 2.
ADWENE A ƐTEƐ WƆ TIYƐ HO
6. (a) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ahyehyɛ tiyɛ? (b) Sɛ ɔbarima tiyɛ bɛma n’abusua anya anigye a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔkae?
6 Nnyinasosɛm a ɛho hia a ɛto so abien ne tiyɛ a yebegye atom. Paulo kaa sɛnea wɔahyehyɛ nneɛma wɔano wɔano ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ muhu sɛ ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn” no. (1 Korintofo 11:3) Eyi kyerɛ sɛ ɔbarima di abusua no anim, ne yere de nokwaredi boa, na mmofra yɛ osetie ma wɔn awofo. (Efesofo 5:22-25, 28-33; 6:1-4) Nanso, hyɛ no nsow sɛ tiyɛ de anigye ba bere a wodi ho dwuma wɔ ɔkwampa so nkutoo no. Okununom a wɔde onyamesom pa tra ase no nim sɛ tiyɛ nkyerɛ kankabi. Wosuasua Yesu, wɔn Ti no. Ɛwom sɛ na Yesu bɛyɛ “ade nyinaa so ti” de, nanso ‘wamma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee.’ (Efesofo 1:22; Mateo 20:28) Saa ara na ɔbarima Kristoni di ne tiyɛ ho dwuma, sɛ ɔde bɛhwehwɛ ne yere ne ne mma yiyedi, na ɛnyɛ sɛ ɔde bɛpɛ mfaso.—1 Korintofo 13:4, 5.
7. Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow bɛn na ɛbɛboa ɔyere ma wadi n’asɛyɛde a Onyankopɔn de ama no wɔ abusua no mu ho dwuma?
7 Ɔyere a ɔde onyamesom pa tra ase de, ɔne ne kunu nsi akan na ɔnhwehwɛ sɛ obedi no so. N’ani gye sɛ ɔbɛboa no na ɔne no ayɛ adwuma. Ɛtɔ mmere bi a, Bible no ka ɔyere ho asɛm sɛ ɔyɛ ne kunu “de,” na ɛma ɛda adi sɛ ne kunu ne ne ti. (Genesis 20:3, NW) Ɔnam aware so ba ne ‘kunu mmara’ ase. (Romafo 7:2) Bere koro no ara no, Bible no frɛ no ‘ɔboafo’. (Genesis 2:20) Ɔde su horow ne ɔdom akyɛde horow a ne kunu nni ma, na ɔde mmoa a ohia ma no. (Mmebusɛm 31:10-31) Bible san ka sɛ ɔyere yɛ ‘ɔhokafo,’ obi a ɔne ne kunu bom yɛ adwuma. (Malaki 2:14) Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow yi boa okunu ne ɔyere ma wohu obiara gyinabea na wonya obu ne nidi ma wɔn ho.
‘YƐ NTƐM TIE’
8, 9. Kyerɛkyerɛ nnyinasosɛm ahorow bi a ɛbɛboa abusua no mufo nyinaa ma wɔn nkɔmmɔbɔ atu mpɔn.
8 Wosi hia a nkɔmmɔbɔ ho hia so dua mpɛn pii wɔ nhoma yi mu. Dɛn ntia? Efisɛ tebea no yɛ papa bere a nnipa bɔ nkɔmmɔ na wotie nea wɔn mu biara ka no. Wosii so dua mpɛn pii sɛ obiakofo mmɔ nkɔmmɔ. Osuani Yakobo kaa ho asɛm sɛɛ se: “Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa.”—Yakobo 1:19.
9 Ɛho hia nso sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛkasa no nso yiye. Nsɛm a wɔde ahopere ka, atutupɛ, anaa ɔkasatia denneennen mmoa mma nkɔmmɔ nkɔ so. (Mmebusɛm 15:1; 21:9; 29:11, 20) Sɛ nea yɛka no yɛ nokware mpo, na sɛ yɛka ma ɛyɛ yaw wɔ ahomaso mu ne ɔkwan a tema nnim so a, ebetumi apira onipa no mmom sen sɛ ɛbɛboa no. Ɛsɛ sɛ yɛn kasa yɛ dɛ na “nkyene wom.” (Kolosefo 4:6) Ɛsɛ sɛ yɛn kasa yɛ te sɛ “sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.” (Mmebusɛm 25:11) Mmusua a wosua sɛnea wɔbɔ nkɔmmɔ yiye no atu anammɔn titiriw a ɛbɛma wɔanya anigye.
ADE TITIRIW A ƆDƆ YƐ
10. Ɔdɔ bɛn na ɛho hia wɔ aware mu?
10 Asɛmfua “ɔdɔ” pue mpɛn pii wɔ nhoma yi mu nyinaa. Wokae ɔdɔ ko a wɔkaa ho asɛm titiriw no? Ɛwom sɛ ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ (Hela, eʹros) di dwuma titiriw wɔ aware mu, na wɔ aware pa mu no, ɔdɔ ne adamfofa a emu yɛ den (Hela, phi·liʹa) yɛ kɛse wɔ okunu ne ɔyere ntam. Nanso nea ɛho hia sen saa mpo ne ɔdɔ a wɔde Hela asɛmfua a·gaʹpe gyina hɔ ma no. Eyi ne ɔdɔ a yenya ma Yehowa, Yesu, ne yɛn yɔnko no. (Mateo 22:37-39) Ɛne ɔdɔ a Yehowa yi no adi kyerɛ adesamma. (Yohane 3:16) Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yebetumi ayi ɔdɔ koro yi ara bi adi akyerɛ yɛn aware mu hokafo ne yɛn mma!—1 Yohane 4:19.
11. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ ma aware bi yɛ papa?
11 Wɔ aware mu no, ɔdɔ a ɛkorɔn yi yɛ “pɛyɛ hama” ampa. (Kolosefo 3:14) Ɛka awarefo bom na ɛma wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nea eye paa ama wɔn ho ne wɔn mma. Sɛ mmusua hyia tebea horow a emu yɛ den a, ɔdɔ boa wɔn ma wɔde biakoyɛ di nneɛma ho dwuma. Bere a awarefo mfe rekɔ anim no, ɔdɔ ma wɔboa wɔn ho na wɔkɔ so nya anisɔ ma wɔn ho wɔn ho. ‘Ɔdɔ nhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de. Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. Ɔdɔ to ntwa da.’—1 Korintofo 13:4-8.
12. Dɛn nti na ɔdɔ a awarefo wɔ ma Onyankopɔn bɛhyɛ wɔn aware no mu den?
12 Aware mu biakoyɛ mu yɛ den ɛnkanka bere a Yehowa ho dɔ titiriw hyɛ mu den na ɛnyɛ awarefo no ntam dɔ kɛkɛ no. (Ɔsɛnkafo 4:9-12) Dɛn ntia? Wiɛ, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Na eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.” (1 Yohane 5:3) Enti, ɛsɛ sɛ awarefo de onyamesom pa tete wɔn mma efisɛ ɛyɛ Yehowa ahyɛde, na ɛnyɛ sɛ wɔdɔ wɔn kɛse kɛkɛ nti. (Deuteronomium 6:6, 7) Ɛsɛ sɛ wɔkwati ɔbrasɛe, ɛnyɛ sɛ wɔdodɔ wɔn ho nkutoo nti, na mmom wɔdɔ Yehowa a ‘obebu nguaman ne awaresɛefo atɛn’ no nti. (Hebrifo 13:4) Sɛ awarefo no mu biako ma ɔhaw a emu yɛ den ba aware no mu mpo a, Yehowa ho dɔ bɛka ɔfoforo no ma wakɔ so de Bible nnyinasosɛm ahorow adi dwuma. Nokwarem no, mmusua a Yehowa ho dɔ hyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho mu den no wɔ anigye!
ABUSUA A ƐYƐ ONYANKOPƆN APƐDE
13. Ɔkwan bɛn so na si a ankorankoro besi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no bɛboa wɔn ma wɔde wɔn adwene asi nneɛma a ɛho hia ankasa so?
13 Kristoni asetra nyinaa gyina Onyankopɔn apɛdeyɛ so. (Dwom 143:10) Eyi ne nea onyamesom pa kyerɛ ankasa. Onyankopɔn apɛdeyɛ bɛboa mmusua ma wɔde wɔn adwene asi nneɛma a ɛho hia ankasa so. (Filipifo 1:9, 10) Sɛ nhwɛso no, Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Na meba mebɛpaapaee mu na onipa asɔre atia n’agya, na ɔbabea asɔre atia ne na, na osew asɔre atia n’ase; na onipa fifo bɛyɛ n’atamfo.” (Mateo 10:35, 36) Sɛnea Yesu kɔkɔbɔ no kyerɛ no, abusuafo ataa n’akyidifo pii. Awerɛhow tebea a ɛyɛ yaw bɛn ara ni! Nanso, ɛnsɛ sɛ abusuasɛm bunkam ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo no so. (Mateo 10:37-39) Sɛ obi gyina mu wɔ abusua sɔretia nyinaa akyi a, ebia asɔretiafo no bɛsakra bere a wohu nnepa a efi onyamesom pa mu ba no. (1 Korintofo 7:12-16; 1 Petro 3:1, 2) Sɛ amma saa mpo a, adepa biara remfi mu mma bere a ɔsɔretia nti obi gyae Onyankopɔn som no.
14. Ɔkwan bɛn so na ɔpɛ a awofo wɔ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no bɛyɛ ade titiriw a ɛbɛboa wɔn mma?
14 Onyankopɔn apɛde a awofo yɛ no boa wɔn ma wosisi gyinae pa. Sɛ nhwɛso no, wɔ aman bi mu no awofo bu wɔn mma sɛ dwetiri, na wɔde wɔn ani to wɔn mma so sɛ wɔn na wɔbɛhwɛ wɔn wɔ wɔn nkwakoraabere ne wɔn mmerewabere mu. Ɛwom sɛ ɛfata sɛ mma a wɔanyinyin hwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no de, nanso ɛnsɛ sɛ saa adwene no piapia awofo ma wɔn mma di honam fam ade dodowpɛ asetra akyi. Sɛ awofo tete wɔn mma ma wobu honam fam nneɛma sen honhom fam nneɛma a, wɔmmoa wɔn wɔ ɔkwan biara so.—1 Timoteo 6:9.
15. Ɔkwan bɛn so na Timoteo maame Eunike yɛɛ nhwɛso a eye kyɛn so sɛ ɔwofo a ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde?
15 Nea ɔyɛɛ nhwɛso pa wɔ eyi mu ne Eunike, Paulo adamfo kumaa Timoteo maame. (2 Timoteo 1:5) Ɛwom sɛ na Eunike ware obi a onnye nni de, nanso ɔne Timoteo nanabea Lois, tumi tetee Timoteo yiye ma odii nyamesom pa akyi. (2 Timoteo 3:14, 15) Bere a Timoteo nyinii sɛnea ɛsɛ no, Eunike maa no kwan ma ofii fie kɔyɛɛ Ahenni asɛnka adwuma sɛ Paulo asɛmpatrɛw adwuma hokafo. (Asomafo no Nnwuma 16:1-5) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei bere a ne ba no bɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo a ɔda nsow no! Onyamesom pa a ɔdaa no adi sɛ ɔpanyin no daa no adi sɛ onyaa ntetee pa fi ne mmofraase. Akyinnye biara nni ho sɛ Eunike nyaa akomatɔyam ne anigye bere a ɔtee nokwaredi a Timoteo de yɛɛ ne som adwuma ho asɛm no, ɛwom sɛ ebia na n’ani gyina no de.—Filipifo 2:19, 20.
ABUSUA NO NE WO DAAKYE
16. Sɛ ɔba no, afoforo ho adwempa bɛn na Yesu daa no adi, nanso na dɛn ne ne botae titiriw?
16 Wɔtetee Yesu wɔ abusua a na wosuro Onyankopɔn mu, na sɛ ɔpanyin no, ɔkyerɛe sɛ odwen ne maame ho yiye sɛ ɔba. (Luka 2:51, 52; Yohane 19:26) Nanso, na Yesu botae titiriw ne sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde, na wɔ ne fam no, na ɔkwan a obebue ama adesamma anya daa nkwa ka eyi ho. Ɔyɛɛ eyi bere a ɔde ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no mae sɛ agyede maa adesamma abɔnefo no.—Marko 10:45; Yohane 5:28, 29.
17. Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn na Yesu nokwaredi buee ho kwan maa wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no?
17 Yesu wu akyi no, Yehowa nyan no kɔɔ ɔsoro asetra mu na ɔmaa no tumi kɛse, na awiei koraa no osii no Hene wɔ ɔsoro Ahenni no mu. (Mateo 28:18; Romafo 14:9; Adiyisɛm 11:15) Yesu afɔrebɔ no ma etumi yɛɛ yiye sɛ wɔbɛpaw nnipa bi ma wɔne no adi tumi wɔ saa Ahenni no mu. Abue kwan nso ama adesamma komapafo a aka no ma wobenya nkwa a ɛyɛ pɛ wɔ asase a wɔasan ama adan paradise so. (Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1, 4; 21:3-5; 22:1-4) Hokwan a ɛsen biara a yɛwɔ nnɛ no mu biako ne sɛ yɛbɛka anuonyam asɛmpa no akyerɛ yɛn mfɛfo.—Mateo 24:14.
18. Nkaebɔ ne nkuranhyɛ bɛn na wɔde ma awofo ne ankorankoro nyinaa?
18 Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛe no, onyamesom pa a nkurɔfo de tra ase no ma wonya anidaso sɛ wobetumi anya saa nhyira horow no wɔ asetra a “ɛrebɛba no” mu. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ne ɔkwan pa a ɛsen biara a wobɛfa so anya anigye! Kae sɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Enti sɛ ebia woyɛ abofra anaa ɔwofo, okunu anaa ɔyere, ɔpanyin a woyɛ sigyani a wowɔ mma anaa wunni bi no, bɔ mmɔden yɛ Onyankopɔn apɛde. Sɛ wuhyia nhyɛso anaa ɔhaw ahorow a emu yɛ den mpo a, mma wo werɛ mmfi da sɛ wo Onyankopɔn teasefo no somfo. Enti, ma wo nneyɛe mma Yehowa ani nnye. (Mmebusɛm 27:11) Na ɛmmra sɛ wo nneyɛe bɛma woanya anigye nnɛ ne daa nkwa wɔ wiase foforo a ɛreba no mu!
-