Dwom 85
Akatua Kɛse a Efi Yehowa Hɔ
1. Yehowa yɛ ɔnokwafo na onim
Wɔn a wɔde gyidi som no.
Nyankopɔn nim sɛ wɔn ahofama nti
Wɔbɛhwere wɔn nneɛma bi.
Woagyaw afie, abusuafo ne nnamfo?
Hu sɛ Nyankopɔn dwen wo ho.
Woanya anuanom bebree ahyɛ anan.
Wubenya wiase fof’ro no.
(NNYESO)
Aw’rɛkyekye Nyankopɔn no bɛhwɛ;
Ɔbɛma wo akatua kɛse bi.
Kɔhyɛ ne ntaban kɛse ase;
Yɛn Nyankopɔn no yɛ ɔnokwafo daa.
2. Ebinom ahyɛ da sɛ wɔrenware.
Ebinom tebea siw wɔn kwan.
Wɔde wɔn koma hwehwɛ Ahenni no;
Wɔwɔ koma mu anigye.
Ebinom betumi ayɛ ankonam,
Ahokafo a wɔnni nti.
Anokwafo yi nyinaa yɛ yɛn nuanom.
Yɛboa wɔn na yɛhyɛ wɔn den.
(NNYESO)
Aw’rɛkyekye Nyankopɔn no bɛhwɛ;
Ɔbɛma wo akatua kɛse bi.
Kɔhyɛ ne ntaban kɛse ase;
Yɛn Nyankopɔn no yɛ ɔnokwafo daa.
(Hwɛ Atem. 11:38-40; Rut 2:12; Mat. 19:12 nso.)