Dwom 116
Hann no Kɔ So Hyerɛn
1. Adiyifo no pɛɛ sɛ wɔhu Kristo;
Abɔde nyinaa anidaso.
Nyankopɔn honhom ky’rɛe sɛ Mesia bɛba,
Ɔbɛma yɛahu nkwagye kwan.
B’re asõ na Mesia no redi hene,
Adanse kyerɛ sɛ waba.
Ɛyɛ nhyira sɛ yɛahu nneɛma yi;
Abɔfo pɛɛ sɛ wɔhwehwɛ mu!
(NNYESO)
Ɛnnɛ yɛn kwan no kɔ so hyerɛn;
Yɛnantew adekyee hann mu.
Hwɛ nea Nyankopɔn rekyerɛ yɛn;
Ɔma yehu yɛn kwan mu yie.
2. Yɛn Aw’rade apaw n’akoa nokwafo;
Ɔma yɛn aduane b’re pa mu.
Nokware hann no akɔ so ahyerɛn;
Akã nnipa koma ne adwen.
Yɛn kwan so hyerɛn, na yegyina pintinn;
Yɛnantew adekyee hann mu.
Yɛnkamfo Yehowa, nokware Hene;
Yɛde anisɔ bɛsom no daa.
(NNYESO)
Ɛnnɛ yɛn kwan no kɔ so hyerɛn;
Yɛnantew adekyee hann mu.
Hwɛ nea Nyankopɔn rekyerɛ yɛn;
Ɔma yehu yɛn kwan mu yie.
(Hwɛ Rom. 8:22; 1 Kor. 2:10; 1 Pet. 1:12 nso.)