Dwom 60
Ɔbɛma Woayɛ Den
1. Nyankopɔn na ɔma wuhuu nokware no;
Wama woafi sum mu aba hann mu.
Yɛn Nyankopɔn hwehwɛɛ wo koma mu huu sɛ
Worehwehwɛ nokware akyi kwan.
Wohyɛɛ bɔ sɛ wobɛyɛ n’apɛde;
Waboa wo pɛn, na ɔbɛboa wo bio.
(NNYESO)
Nyankopɔn de ne Dɔba no mogya atɔ wo.
Ɔbɛma woayɛ den, ɔbɛma woatim daa.
Ɔbɛma wo ahobammɔ na waky’rɛ wo kwan.
Ɔbɛma woayɛ den, ɔbɛma woatim daa.
2. Nyankopɔn de Kristo bɔɔ afɔre maa wo;
Enti obehyira wo da biara.
Wamfa ne Dɔba Kristo mpo ankame yɛn,
Ɔbɛma wo ahoɔden daa nyinaa.
Ne werɛ mfi wo gyidi ne wo dɔ;
Ɔbɛhwɛ n’adɔfo nyinaa ampa.
(NNYESO)
Nyankopɔn de ne Dɔba no mogya atɔ wo.
Ɔbɛma woayɛ den, ɔbɛma woatim daa.
Ɔbɛma wo ahobammɔ na waky’rɛ wo kwan.
Ɔbɛma woayɛ den, ɔbɛma woatim daa.
(Hwɛ Rom. 8:32; 14:8, 9; Heb. 6:10; 1 Pet. 2:9 nso.)