-
Bible Nkɔmhyɛ—Ɛba Mu PɛpɛɛpɛƆwɛn-Aban—2012 | June 1
-
-
Bible Nkɔmhyɛ—Ɛba Mu Pɛpɛɛpɛ
“Nsɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn aka akyerɛ mo no mu asɛm biako mpo ntɔɔ fam.”—YOSUA 23:14.
DƐN NA ƐMA BIBLE YƐ SORONKO? Nnipa pii nim sɛ tete asumanfo no, sɛ wɔhyɛ nkɔm a, na wonsi no pi na na ɛmma mu nso. Saa ara na ɛnnɛ wɔn a wɔhwɛ nnipa nsoromma de ka wɔn daakye no nso te. Ebinom nso hwɛ nneɛma a ɛresisi nnɛ de ka nea ɛbɛba daakye, na ɛyɛ a wɔnhaw wɔn ho mpo sɛ wɔbɛkyerɛ biribi pɔtee a ebesi mfe ɔha ne akyi a ɛbɛba. Bible nkɔmhyɛ de, efi “tete ka nea ensii” mpo ho asɛm, na ɛka nsɛm pɔtee, na bere nyinaa nso ɛba mu.—Yesaia 46:10.
ƐHO NHWƐSO: Bɛboro mfe 2,500 ni no, odiyifo Daniel nyaa anisoadehu bi, na ɔkae sɛ Hela bedi Media ne Persia so nkonim ntɛm. Ɔsan hyɛɛ nkɔm sɛ, sɛ Hela hene no di nkonim na ‘ɔbɛyɛ den’ ara pɛ a, n’ahenni no ‘bebu.’ Hena na obedi n’ade? Daniel kyerɛwee sɛ: “Ahenni anan bɛsɔre wɔ ne man mu, nanso wɔn ahoɔden rennu ne de no.”—Daniel 8:5-8, 20-22.
NEA ABAKƆSƐM AKYERƐWFO AKA: Daniel asɛm no akyi bɛboro mfe 200 no, Alexander Ɔkɛseɛ bedii Hela so hene. Anni mfe du na Alexander dii Media ne Persia Ahemman no so nkonim, na ɔtrɛw Hela nniso no kɔkaa Indus Asubɔnten no (ɛnnɛ ɛhɔ yɛ Pakistan). Nanso owui mpofirim bere a na wadi mfe 32. Akyiri yi, ɔko bi sii wɔ Asia Kumaa kurow Ipsus nkyɛn baabi, na ɛno na eguu n’ahemman no. Ewiee ase no, nnipa baanan a wodii ɔko no mu nkonim no kyɛɛ Hela Ahemman no mu fae. Nanso wɔn mu biara nni hɔ a na ne tumi te sɛ Alexander.
WUDWEN HO DƐN? Nhoma bi wɔ hɔ a ɛhyɛ nkɔm ma ɛba mu pɛpɛɛpɛ saa? Anaasɛ Bible no nkutoo na ɛte saa?
“Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Bible mu no . . . ɛdɔɔso ara ma sɛ nea ɛka no ba mu a, ɛyɛ den paa sɛ obi bɛka sɛ asɛm na ɛne asɛm ahyia kɛkɛ.”—A LAWYER EXAMINES THE BIBLE, IRWIN H. LINTON NA ƆKYERƐWEE
-
-
Ɛyɛ Abakɔsɛm, Ɛnyɛ AnansesɛmƆwɛn-Aban—2012 | June 1
-
-
Ɛyɛ Abakɔsɛm, Ɛnyɛ Anansesɛm
“Mahwehwɛ nneɛma no nyinaa mu pɛpɛɛpɛ afi mfiase.”—LUKA 1:3.
DƐN NA ƐMA BIBLE YƐ SORONKO? Anansesɛm ne ayɛsɛm taa ka nsɛm a ɛyɛ nwonwa a esisii, nanso ɛnkyerɛ baabi a asɛm no sii ne bere a esii, na ɛmmobɔ nnipa a ɛwom no din. Bible de, ɛka nsɛm pɔtee ma nea ɔkenkan no nya awerɛhyem sɛ emu “nsɛm yɛ nokware turodoo.”—Dwom 119:160, The Psalms for Today, R. K. Harrison na ɔkyerɛwee.
ƐHO NHWƐSO: Bible bɔ amanneɛ sɛ Babilon hene Nebukadnesar faa Yudafo hene “Yehoiakin kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.” Afei, “afe a Babilon hene Ewil-Merodak bɛyɛɛ ɔhene no, ɔmaa Yuda hene Yehoiakin so fii nneduafie.” Bio nso, “nea wɔahyɛ sɛ wɔmfa mma [Yehoiakin] no, efi ɔhene nkyɛn na wɔde maa no daa, da biara ne ne de, ne nkwa nna nyinaa.”—2 Ahene 24:11, 15; 25:27-30.
NEA ABAKƆSƐM AKYERƐWFO AKA: Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no akohu ahemfie nneɛma bi wɔ tete Babilon amanfo so a ɛyɛ Nebukadnesar a ɔto so abien bere so de. Wɔakyerɛw nneduafo ne afoforo a ahemfie na ɛmaa wɔn aduan no din wɔ emu bi so, na ɛkyerɛɛ aduan dodow a wɔde maa wɔn. Wɔn a wɔn din wom no bi ne “Yaukin [Yehoiakin]” a na ɔyɛ “Yahud (Yuda) asase so hene” ne ne fiefo. Ewil-Merodak a obedii Nebukadnesar ade no nso ɛ? Biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔtenaa ase ampa anaa? Wohuu kuku bi wɔ Susa kurow no nkyɛn baabi a wɔakyerɛw ho sɛ: “Babilon hene Amil-Marduk [Ewil-Merodak] ahemfie; ɔyɛ Babilon hene Nebukadnesar ba.”
WUDWEN HO DƐN? Nyamesom nhoma foforo bi wɔ hɔ a etumi ka abakɔsɛm pɛpɛɛpɛ saa? Anaasɛ Bible no nkutoo na ɛte saa?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
“Mmere ne mmeae a ɛka ho asɛm no yɛ nokware na edi mu sen nea abakɔsɛm nhoma foforo biara ka.”—A SCIENTIFIC INVESTIGATION OF THE OLD TESTAMENT, ROBERT D. WILSON NA ƆKYERƐWEE
[Kratafa 5 mfonini]
Babilon akorade a Yuda hene Yehoiakin din wɔ so
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 5]
© bpk, Berlin/Vorderasiatisches Museum, SMB/Olaf M. Tessmer/Art Resource, NY
-
-
Nyansahu A Edi MuƆwɛn-Aban—2012 | June 1
-
-
Nyansahu A Edi Mu
“So menkyerɛw afotusɛm ne nimdeɛ mmaa wo, sɛ fa hu sɛnea nsɛmpa no yɛ nokware na wode mmuae a ɛyɛ nokware akɔma nea ɔsomaa wo no anaa?”—MMEBUSƐM 22:20, 21.
DƐN NA ƐMA BIBLE YƐ SORONKO? Tete nhoma taa ka nsɛm a ntease nnim a ɛyɛ hu; nso sɛ wode toto ɛnnɛ nyansahu ho a, ɛne no nkɔ koraa. Ɛnnɛ mpo nhomakyerɛwfo taa sesa wɔn nhoma mu nsɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne nneɛma a afei na wɔahu behyia. Bible de, ɛka sɛ nsɛm a ɛwom no fi Ɔbɔadeɛ no hɔ, na n’Asɛm nso “tena hɔ daa.”—1 Petro 1:25.
ƐHO NHWƐSO: Mose Mmara no hyɛɛ Israelfo no sɛ, sɛ wokogya wɔn anan a, wɔnkata so wɔ amoa mu wɔ “nsraban no akyi.” (Deuteronomium 23:12, 13) Sɛ Israelni bi ho ka aboa anaa nnipa funu a, mmara kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔde nsu guare anaa ɔhoro ne ntade. (Leviticus 11:27, 28; Numeri 19:13, 19) Saa bere no sɛ kwata yɛ obi a, na woyi no kɔtena baabi kosi sɛ wɔbɛhwɛ ahu sɛ yare no kɔ na ɛrentumi nsan obiara.—Leviticus 13:1-8.
NEA NNURUYƐFO AKA: Agyanan a wɔkata so, nsa a wɔhohoro, ne ayarefo a woyi wɔn fi nnipa mu yɛ akwan a edi mu a wɔfa so ko yare. Sɛ agyananbea ne baabi a nkurɔfo bɛyɛ wɔn ho yiye nni hɔ a, U.S. Asoɛe Ahorow a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano (AASN) no de nyansahyɛ ma sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wugya w’anan bɛn nsu; anyɛ yiye koraa no, kɔ akyiri bɛyɛ mita 30, na wuwie a, kata so.” Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ka sɛ, sɛ ɔmanfo no kata agyanan so yiye a, nea ɛbɛba ne sɛ, sɛ nnipa 100 na anka wobenya ayamtu a, ɛso bɛtew aba 64. Bɛyɛ mfe 200 a atwam yi ara na nnuruyɛfo ahu sɛ kan no na wɔde yare san ayarefo pii esiane sɛ wosusoo efunu mu a wɔanhohoro wɔn nsa nti. U.S. Asoɛe (AASN) no da so ara ka sɛ “ade biako a etumi siw yare ano paa” ne nsa hohoro. Akwatafo ne afoforo a wɔwɔ nsanyare a woyi wɔn fi nnipa mu no nso ɛ? Nnansa yi ara, nhoma bi kae sɛ: “Sɛ nsanyare bi ba a, ɔkwan a edi mu paa a wɔbɛfa so adi ho dwuma ne sɛ wobeyi ayarefo no afi nnipa mu ntɛm.”—Saudi Medical Journal.
WUDWEN HO DƐN? Tete nhoma kronkron bɛn bio na ebetumi ne ɛnnɛ nyansahu ahyia saa? Anaasɛ Bible no nkutoo na ɛte saa?
“Ahotew ho mmara a na ɛwɔ hɔ wɔ Mose bere so no de, edu twam koraa.”—MANUAL OF TROPICAL MEDICINE, ODURUYƐFO ALDO CASTELLANI NE ODURUYƐFO ALBERT J. CHALMERS NA WƆKYERƐWEE
-
-
Nhoma A Emu Nsɛm HyiaƆwɛn-Aban—2012 | June 1
-
-
Nhoma A Emu Nsɛm Hyia
“Nkɔmhyɛ mfaa onipa pɛ so mmae da, na mmom nea efi Onyankopɔn hɔ na nnipa kae sɛnea honhom kronkron kaa wɔn no.”—2 PETRO 1:21.
DƐN NA ƐMA BIBLE YƐ SORONKO? Tete kyerɛwtohɔ ahorow a wɔyɛe wɔ bere koro mu mpo no, bebree na emu nsɛm nhyia. Sɛ nnipa ahorow kyerɛw nhoma na ɛsono mmeae a wɔtenae ne mmere a wɔde kyerɛwee a, ɛyɛ den sɛ emu nsɛm nyinaa behyia pɛpɛɛpɛ. Nanso Bible ka sɛ nhoma 66 a ɛwom no nyinaa mu nsɛm fi faako, ɛno nti emu nsɛm nyinaa hyia.—2 Timoteo 3:16.
ƐHO NHWƐSO: Mose a na ɔyɛ oguanhwɛfo bɛboro mfe 3,500 ni no kyerɛw wɔ Bible nhoma a edi kan no mu sɛ “aseni” bi bɛba abegye adesamma. Nhoma no ara san hyɛɛ nkɔm sɛ saa aseni no befi Abraham, Isak ne Yakob abusua mu. (Genesis 3:15; 22:17, 18; 26:24; 28:14) Bɛyɛ mfe 500 akyi no, odiyifo Natan daa no adi sɛ aseni no befi Dawid adehye abusua no mu. (2 Samuel 7:12) Ɛno nso akyi mfe apem no, ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yesu ne n’akyidifo bi a wapaw wɔn na wɔka bom yɛ aseni no. (Romafo 1:1-4; Galatifo 3:16, 29) Afei bɛyɛ afe 96 Y.B. mu no, Bible nhoma a etwa to no hyɛɛ nkɔm sɛ nnipa a wɔka bom yɛ aseni no bedi Yesu ho adanse wɔ asase so, na wobenyan wɔn akɔ soro na wɔne no adi hene mfe 1,000. Wɔn a wobom yɛ aseni no bɛsɛe Ɔbonsam, na wobegye adesamma.—Adiyisɛm 12:17; 20:6-10.
NEA BIBLE NKYERƐKYERƐMUFO AKA: Bere a Louis Gaussen de ntoboase hwehwɛɛ Bible nhoma 66 no nyinaa mu wiei no, ɔkyerɛwee sɛ ne ho adwiriw no, efisɛ “biakoyɛ wɔ nhoma a akyerɛwfo pii de mfe apem ahanum na ɛkyerɛwee yi mu; . . . na wuhu sɛ wɔn nyinaa, botae biako na na esi wɔn anim, na wɔdaa no adi nkakrankakra bere a na wɔn ankasa nte ase, kosi sɛ botae a ɛne sɛ Onyankopɔn Ba no begye wiase no bɛba mu.”—Theopneusty—The Plenary Inspiration of the Holy Scriptures.
WUDWEN HO DƐN? Sɛ nhoma foforo bi na mmarima bɛyɛ 40 de mfe bɛboro 1,500 kyerɛwee a, wugye di sɛ anka emu nsɛm nyinaa betumi ahyia pɛpɛɛpɛ saa? Anaasɛ Bible no nkutoo na ɛte saa?
“Sɛ wokeka nhoma no nyinaa bom a, wubehu no sɛ nhoma biako pɛ . . . Nhoma foforo biara ne no nsɛ, na ebiara mmɛn no mpo.”—THE PROBLEM OF THE OLD TESTAMENT, JAMES ORR NA ƆKYERƐWEE
-
-
Yɛde Bɔ Bra NnɛƆwɛn-Aban—2012 | June 1
-
-
Yɛde Bɔ Bra Nnɛ
“W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.”—DWOM 119:105.
DƐN NA ƐMA BIBLE YƐ SORONKO? Nhoma a nkurɔfo bu no sɛ ɛyɛ papa no, ɛyɛ a ɛnhyɛ da mma yɛn akwankyerɛ papa biara wɔ asetena mu. Afei nso, akwankyerɛ nhoma a nnipa kyerɛw no, bere nyinaa wɔyɛ nsakrae wɔ mu. Bible de, ɛkyerɛ sɛ “biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ” fi tete no, “wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ.”—Romafo 15:4.
ƐHO NHWƐSO: Bible no nyɛ aduruyɛ nhoma nanso sɛ wode emu nyansahyɛ no yɛ adwuma a, ɛbɛma w’asom adwo wo na woanya akwahosan pa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɛka sɛ “koma a edwo yɛ ɔhonam nkwa.” (Mmebusɛm 14:30) Bible no san bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɔtew ne ho no hwehwɛ nea n’ankasa pɛ; ɔtwe ne ho fi nyansa nyinaa ho.” (Mmebusɛm 18:1) Ɛsan ka wɔ baabi foforo sɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.
NEA NHWEHWƐMUFO AHU: Sɛ wudwo na wowɔ nnamfo pa, na sɛ wo yam ye a, ebetumi ama woanya akwahosan pa. Nhoma bi ka sɛ: “Mmarima a wɔn bo fuw ntɛmntɛm tumi nya ɔyare a ɛma obi fã dwudwo ntɛm sen wɔn a wodi wɔn abufuw so.” (The Journal of the American Medical Association) Wɔde mfe du yɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ Australia, na wohui sɛ mpanyimfo a “wɔwɔ nnamfo pa a wotumi ne wɔn di atirimsɛm” no taa nyin kyɛ. Afe 2008 mu no, nhwehwɛmufo bi a wofi Canada ne United States hui sɛ, “sɛ wobɔ afoforo ho ka a, ɛma w’ani gye sen sɛ wode sika no bɛyɛ wo ara wo ho nneɛma bi.”
WUDWEN HO DƐN? Sɛ yɛreka akwahosan pa ho asɛm a, nhoma foforo bɛn na adi boro mfe 2,000 a wubetumi de wo ho ato so? Anaasɛ Bible no nkutoo na ɛte saa?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
“M’ani gye Bible ho paa . . . efisɛ ɛka aduruyɛ ho nsɛm a ɛso bi ni.”—ODURUYƐFO HOWARD KELLY, ƆPANYIN A ƆWƆ SUAPƆN A WƆFRƐ NO THE JOHNS HOPKINS UNIVERSITY SCHOOL OF MEDICINE
-