Dwom 70
‘Monhwehwɛ Nneɛma a Ehia No’
Nea Yɛaprente
1. Ɛnnɛ nnipa di nneɛma hunu pii
Akyi, wɔnyɛ ade pa.
Yɛbɛhwehwɛ nneɛma ɛho hia no,
Ɛbɛma yɛanya nkɔso!
Yɛ adepa na kyi bɔne.
Som Nyankopɔn
Na fa mpaebɔ kɔ n’anim da biara;
Tie N’asɛm daa.
Fa nea wusua nyinaa di dwuma.
2. B’ribiara nni hɔ a ehia sen sɛ
Yɛka Ahenni asɛm.
Yɛhwehwɛ wɔn a wɔdɔ Nyankopɔn.
Yɛboa ma wɔba ne nkyɛn.
Yɛma wɔnya anidaso.
Yɛbɛdɔ wɔn.
Yɛboa wɔn ma wɔnya ahofadi
Ne ahotɔ!
Asɛnka de nhyira pii ba.
3. Ade fof’ro a ɛho hia ne sɛ
Yebenya gyidi kɛse.
Ɛbɛma yɛadi nokware,
Na ɛbɛma yɛagyina pintinn.
Fa yɔnko pa na nya ɔdɔ,
Ɔdɔ kɛse.
Sua Nyankopɔn Asɛm na nya nimdeɛ
Ne nhumu.
Di nneɛma pa akyi daa nyinaa!
(Hwɛ Dw. 97:10; Mat. 22:37; Yoh. 21:15-17; Aso. 10:42 nso.)