-
Ebesi wo Dɛn wɔ Atemmu Agua no Anim?Ɔwɛn-Aban—1995 | October 15
-
-
ne dɔba ahenni mu.”—Kolosefo 1:13; 3:1.
15, 16. (a) Dɛn nti na yɛka sɛ Yesu ammɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no Hene wɔ 33 Y.B. mu? (b) Bere bɛn na Yesu fii ase dii ade wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu?
15 Nanso, saa bere no, Yesu anyɛ amanaman no so Hene ne Temmufo. Ɔtraa Onyankopɔn nkyɛn twɛn kosii sɛ bere bɛso ma wayɛ Onyankopɔn Ahenni no Hene. Paulo kyerɛw faa ne ho sɛ: “Abɔfo no mu hena ho na waka pɛn sɛ: Tra me nifa so kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso?”—Hebrifo 1:13.
16 Yehowa Adansefo atintim nsɛm pii a edi adanse sɛ bere a Yesu de twɛnee no baa awiei wɔ 1914 mu, bere a ɔbɛyɛɛ Onyankopɔn Ahenni no sodifo wɔ soro a aniwa nhu hɔ no. Adiyisɛm 11:15, 18 se: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de, na obedi hene daa daa.” “Na amanaman no bo afuw, na w’abufuw . . . bere no adu.” Yiw, amanaman no bo fuw wɔn ho wɔn ho wɔ Wiase Ko I no mu. (Luka 21:24) Akodi, asasewosow, ɔyaredɔm, aduankɔm, ne nneɛma a ɛtete saa a yɛahu fi 1914 no si so dua sɛ seesei Yesu redi ade wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu, na wiase awiei koraa abɛn.—Mateo 24:3-14.
17. Nsɛntitiriw bɛn na ɛde besi ha no yɛasusuw ho?
17 Yɛmmɔ no mua wɔ saa kwan yi so: Wobetumi aka sɛ Onyankopɔn atra ahengua so sɛ Ɔhene, nanso wɔ ntease foforo mu no, obetumi atra n’ahengua so abu atɛn. Wɔ afe 33 Y.B. mu no, Yesu traa Onyankopɔn nifa so, na seesei ɔyɛ Ahenni no so Hene. Nanso, Yesu a mprempren ɔyɛ Ɔhene no san yɛ Ɔtemmufo anaa? Na dɛn nti na ɛsɛ sɛ eyi ho hia yɛn saa bere yi titiriw?
18. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Yesu bɛyɛ Ɔtemmufo nso?
18 Yehowa a ɔwɔ hokwan sɛ ɔpaw atemmufo no paw Yesu sɛ Ɔtemmufo a odu Ne gyinapɛn ahorow ho. Yesu daa eyi adi bere a na ɔreka nkwa a nnipa benya wɔ honhom mu ho asɛm no: “Agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmu nyinaa ahyɛ ɔba no nsa.” (Yohane 5:22) Nanso Yesu atɛn a obu no kɔ akyiri sen saa atemmu no, efisɛ ɔyɛ ateasefo ne awufo temmufo. (Asomafo no Nnwuma 10:42; 2 Timoteo 4:1) Bere bi Paulo kae sɛ: “[Onyankopɔn ayi] da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima [Yesu] a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu; ɔno na wama wasɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.”—Asomafo no Nnwuma 17:31; Dwom 72:2-7.
19. Dɛn nti na ɛyɛ ne kwan so sɛ yɛbɛka sɛ Yesu bɛtra ase sɛ Ɔtemmufo?
19 Ɛnde sɛ yɛka sɛ Yesu bɛtra anuonyam ahengua so a dwuma pɔtee a obedi ne sɛ ɔbɛyɛ Ɔtemmufo a, ɛyɛ ne kwan so? Yiw. Yesu ka kyerɛɛ asomafo no sɛ: “Awofoforo no mu no, da a onipa ba no bɛtra n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtra nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.” (Mateo 19:28) Ɛwom sɛ seesei Yesu yɛ Ahenni no Hene de, nanso ne dwumadi foforo a wɔka ho asɛm wɔ Mateo 19:28 no fã bi ne sɛ ɔbɛtra ahengua so abu atɛn wɔ Mfirihyia Apem nniso no mu. Saa bere no obebu adesamma nyinaa atɛn, wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Mfaso wɔ so sɛ yɛma eyi tra yɛn adwene mu bere a yɛdan yɛn adwene kɔ Yesu mmɛ no biako a ɛfa yɛn bere yi ne yɛn nkwa ho so no.
Dɛn na Ɛbɛ no Ka?
20, 21. Asɛm bɛn na Yesu asomafo no bisae a ɛfa yɛn bere yi ho, na asemmisa bɛn na ɛma ɛsɔre?
20 Aka kakra ma Yesu awu no, n’asomafo no bisaa no sɛ: “Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛba, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3) Yesu hyɛɛ nsɛm atitiriw a ebesisi asase so ansa na ‘awiei no aba’ ho nkɔm. Sɛ ɛrebɛka kakraa bi ama saa awiei no aba a, amanaman no ‘behu onipa ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so ahoɔden ne anuonyam kɛse mu.’—Mateo 24:14, 29, 30.
21 Nanso sɛ onipa Ba no ba n’anuonyam mu a, ebesi wɔn a wɔwɔ saa amanaman no mu dɛn? Momma yɛnhwehwɛ mu wɔ nguanten ne mpapo ho bɛ a nsɛm a ɛde fi ase na edi so yi mu: “Onipa ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim.”—Mateo 25:31, 32.
22, 23. Nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ nguanten ne mpapo ho bɛ no amfi ase annya mmamu wɔ 1914 mu?
22 Saa bɛ yi baa mu bere a Yesu traa ahenni tumidi mu 1914 sɛnea yɛate ase bere tenten no anaa? Wiɛ, Mateo 25:34 ka ne ho asɛm sɛ Ɔhene, enti sɛnea ntease wom no, ɛbɛ no nya mmamu wɔ bere a Yesu bɛyɛɛ Ɔhene fi 1914 no. Nanso atɛn bɛn na obui wɔ ɛno akyi pɛɛ? Wammu “amanaman nyinaa” atɛn. Mmom no, ɔde n’ani sii wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔka bom yɛ “Onyankopɔn fi” no so. (1 Petro 4:17) Sɛnea ɛne Malaki 3:1-3 hyia no, sɛ Yehowa bɔfo no, Yesu bɛhwɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔaka wɔ asase so no buu wɔn atɛn. Ná bere adu nso sɛ wobu Kristoman a edii atoro kae sɛ ɛne “Onyankopɔn fi” no atɛn.c (Adiyisɛm 17:1, 2; 18:4-8) Nanso biribiara nkyerɛ sɛ saa bere no anaa ɛno akyi no, Yesu traa ase buu nnipa a wofi amanaman nyinaa mu atɛn sɛ nguanten anaa mpapo awiei koraa.
23 Sɛ yɛhwehwɛ dwuma a Yesu di wɔ bɛ no mu no mu a, yehu sɛ obu amanaman nyinaa atɛn awiei koraa. Ɛbɛ no nkyerɛ sɛ saa atemmu no bɛkɔ so bere tenten ma mfe pii atwam, te sɛ nea gyama obiara a wawu wɔ mfe kakra a atwam yi mu no yɛ nea wɔabu no atɛn sɛ ɔfata daa owu anaa daa nkwa. Ɛte sɛ nea wɔn a wɔawuwu wɔ mfe kakra a atwam yi mu no dodow no ara kɔ adesamma nyinaa damoa mu. (Adiyisɛm 6:8; 20:13) Nanso ɛbɛ no kyerɛ bere a Yesu bebu “amanaman nyinaa” mufo a wɔte ase saa bere no atɛn, de n’atemmu aba wɔn so.
24. Bere bɛn na nguanten ne mpapo ho bɛ no benya mmamu?
24 Yɛbɛka no kwan foforo so a, ɛbɛ no kyerɛ nea ɛbɛba daakye bere a onipa Ba no aba n’anuonyam mu no. Ɔbɛtra ase abu nnipa a wɔte ase saa bere no atɛn. N’atemmu no begyina nnipa ko a wɔdaa no adi sɛ wɔyɛ no so. Saa bere no, wobehu “nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam” no pefee. (Malaki 3:18) Atɛn a wobebu na wɔadi ho dwuma ankasa no bɛkɔ so wɔ bere tiaa mu. Yesu begyina su a ankorankoro da no adi so abu atɛntrenee.—Hwɛ 2 Korintofo 5:10 nso.
25. Dɛn na Mateo 25:31 kyerɛ bere a ɛka sɛ onipa Ba no tra anuonyam ahengua so no?
25 Enti eyi kyerɛ sɛ tra a Yesu ‘bɛtra anuonyam ahengua so’ abu atɛn a wɔka ho asɛm wɔ Mateo 25:31 no benya mmamu daakye bere a saa Ɔhene a ɔwɔ tumi yi tra ase bu amanaman no atɛn di ho dwuma. Yiw, atɛn a Yesu bebu a ɛho asɛm wɔ Mateo 25:31-33, 46 no te sɛ nea wɔka ho asɛm wɔ Daniel ti 7 no, bere a Ɔhene a ɔredi ade, Nea ne Nna akyɛ no, traa ase yɛɛ n’adwuma sɛ Ɔtemmufo no.
26. Ɛbɛ no ho nkyerɛkyerɛmu foforo bɛn na ada adi?
26 Ntease a ɛte sɛɛ a yebenya wɔ nguanten ne mpapo ho bɛ no ho no kyerɛ sɛ atemmu a wɔde ba nguanten ne mpapo no so no yɛ daakye asɛm. “Ahohiahia” a wɔka ho asɛm wɔ Mateo 24:29, 30 no ba ma onipa Ba no ‘ba n’anuonyam mu’ ansa na aba. (Fa toto Marko 13:24-26 ho.) Afei, bere a nhyehyɛe bɔne no nyinaa adu n’awiei no, Yesu bɛtra ase abu atɛn ama obiara n’akatua.—Yohane 5:30; 2 Tesalonikafo 1:7-10.
27. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ho sɛ yebehu wɔ Yesu bɛ a etwa to no ho?
27 Eyi kyerɛkyerɛ ntease a yɛwɔ wɔ bere a Yesu bɛ a ɛkyerɛ bere a wobebu nguanten ne mpapo no atɛn no benya mmamu no mu fann. Nanso ɛka yɛn a yɛde nsiyɛ reka Ahenni ho asɛmpa no dɛn? (Mateo 24:14) Ɛmma yɛn adwuma no ho nhia pii, anaa ɛde asɛyɛde pii mmom na ɛba? Momma yɛnhwɛ sɛnea ɛka yɛn wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
-
-
Daakye Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Nguanten ne Mpapo No?Ɔwɛn-Aban—1995 | October 15
-
-
Daakye Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Nguanten ne Mpapo No?
“Ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu.”—MATEO 25:32.
1, 2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ nguanten ne mpapo ho bɛ no hia yɛn?
AKYINNYE biara nni ho sɛ Yesu Kristo ne Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara a watra asase so pɛn. (Yohane 7:46) Ɔkwan biako a ɔnam so kyerɛkyerɛe ne sɛ ɔde mmebu ne mfatoho ahorow dii dwuma. (Mateo 13:34, 35) Ná eyinom asete nyɛ den nanso na etumi boa yiye ma wɔte honhom ne nkɔmhyɛ mu nokware ahorow ase.
2 Wɔ nguanten ne mpapo ho bɛ no mu no, Yesu kyerɛɛ bere bi a obedi dwuma titiriw bi: “Onipa ba no bɛba n’anuonyam mu a . . . ” (Mateo 25:31) Ɛsɛ sɛ eyi ho hia yɛn efisɛ ɛno ne mfatoho a Yesu de wiee saa asemmisa yi ho mmuaema: “Ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3) Nanso dɛn na eyi kyerɛ ma yɛn?
3. Dɛn na Yesu dii kan kae wɔ ne kasa no mu sɛ ɛbɛba wɔ ahohiahia kɛse no mfiase pɛɛ?
3 Yesu hyɛɛ nsɛntitiriw a ebesisi bere a ahohiahia kɛse no afi ase “akyi,” nsɛm a yɛrehwɛ kwan sɛ ebesisi, ho nkɔm. Ɔkae sɛ saa bere no “onipa ba no sɛnkyerɛnne” bɛda adi. Eyi benya “asase so mmusuakuw nyinaa,” a “wobehu onipa ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so ahoɔden ne anuonyam kɛse mu” so tumi kɛse. Onipa Ba no ne “n’abɔfo” na ɛbɛba. (Mateo 24:21, 29-31)a Nguanten ne mpapo ho bɛ no nso ɛ? Wɔ nnɛyi Bible
-