-
Hwɛ Yiye Wɔ Ɔbonsam Mfiri Ho!Ɔwɛn-Aban—2012 | August 15
-
-
Hwɛ Yiye Wɔ Ɔbonsam Mfiri Ho!
‘Fi Ɔbonsam afiri mu.’—2 TIM. 2:26.
WUBEBUA DƐN?
Sɛ wuhu sɛ wotaa ka afoforo ho asɛmmɔne a, nhwehwɛmu bɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
Sɛ wohwɛ Pilato ne Petro nhwɛso no a, dɛn na wubetumi asua afi mu na nnipa ho suro ansum wo afiri?
Dɛn na wobɛyɛ na afobu a ɛmfata ansum wo afiri?
1, 2. Ɔbonsam mfiri bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
ƆBONSAM dɛɛdɛɛ Yehowa asomfo sɛnea ɛbɛyɛ a obenya wɔn akyere wɔn. Nanso ɛnyɛ ne botae ne sɛ obekum wɔn sɛnea ɔbɔmmɔfo kyere mmoa a okum wɔn no. Mmom nea Ɔbonsam pɛ paa ne sɛ ɔbɛkyere obi animono na ɔde no ayɛ nea ɔpɛ.—Monkenkan 2 Timoteo 2:24-26.
2 Sɛ obi pɛ sɛ ɔkyere aboa animono a, obetumi asum no afiri. Ebia ɔbɛyɛ ama aboa no apue afi n’atɛwee na wakyere no. Anaasɛ obetumi de afiri asie aboa no twenenoo so na sɛ otia mu a, na ato ayi no prɛko pɛ. Saa ara na Ɔbonsam nso sum Onyankopɔn asomfo afiri yi wɔn animono. Sɛ yɛmpɛ sɛ Satan yi yɛn a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yetie kɔkɔbɔ a ɛboa ma yehu baabi a wasunsum ne mfiri no. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ ɔkwan a yebetumi afa so akwati Ɔbonsam mfiri abiɛsa a watumi de ayi Onyankopɔn nkurɔfo binom. Saa mfiri no ne (1) anokurokuro, (2) nnipa ho suro, ne (3) afobu a ɛmfata. Adesua a edi hɔ no, yebesusuw Satan mfiri abien foforo ho.
ANOKUROKURO YƐ OGYA—DUM NO
3, 4. Sɛ yɛanhwɛ yɛn tɛkrɛma yiye a, dɛn na ebetumi aba? Ma nhwɛso.
3 Sɛ nkurɔfo kɔ atwee a, wɔtaa twa gya to nwura bi mu na sɛ mmoa a wɔhyehyɛ mu no pue pɛ, na wɔakyere wɔn. Ɔkwan bi so no, Ɔbonsam pɛ sɛ otwa gya to Kristofo asafo no mu. Sɛ otumi yɛ saa a, anuanom a wɔwɔ asafo no mu fi mu ma ɔkyere wɔn. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa Ɔbonsam ma wayɛ saa bere a yɛn ani nna yɛn ho so ma n’afiri ayi yɛn?
4 Osuani Yakobo de tɛkrɛma totoo ogya ho. (Monkenkan Yakobo 3:6-8.) Sɛ yɛanhwɛ yɛn tɛkrɛma yiye a, yebetumi asɔ ogya wɔ asafo no mu. Ɛbɛyɛ dɛn na aba saa? Wo de ma yɛmfa asɛm yi nyɛ nhwɛso: Asafo bi kɔɔ adesua, na bere a wɔrema nkaebɔ no, wɔbɔɔ onuawa bi din sɛ wabɛyɛ daa kwampaefo. Bere a wɔpɔn adesua no, adawurubɔfo baanu fii ase kaa onuawa a wabɛyɛ ɔkwampaefo no ho asɛm. Obiako kae sɛ n’ani agye sɛ onuawa no abɛyɛ ɔkwampaefo, na ne mpaebɔ ne sɛ ɛbɛkɔ yiye ama no. Nea ɔka ho no kae sɛ onuawa no pɛ anuonyam wɔ asafo no mu nti na wabɛyɛ ɔkwampaefo. Adawurubɔfo yi mu hena na wobɛfa no adamfo? Ɛnyɛ den koraa sɛ wubehu nea ne kasa betumi asɔ gya wɔ asafo no mu.
5. Sɛ yebetumi adum anokurokuro gya no a, nhwehwɛmu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
5 Yɛbɛyɛ dɛn adum anokurokuro gya no? Yesu kae sɛ: “Nea ayɛ koma mã no na ano ka.” (Mat. 12:34) Enti ade a edi kan ne sɛ yɛbɛhwehwɛ yɛn koma mu. Ebia adwemmɔne a yɛwɔ wɔ obi ho nti na yɛsɛe ne din. Sɛ saa na ɛte a, so yeyi adwemmɔne a ɛte saa fi yɛn mu? Sɛ nhwɛso no, sɛ yehu sɛ onua bi rebɔ ne ho mmɔden wɔ asafo no mu na ama wɔatumi de no adi dwuma a, yegye di sɛ adwempa na ɔde reyɛ saa? Anaa ɛyɛ a yenya adwene sɛ ɔpɛ anuonyam nti na ɔreyɛ saa? Sɛ yesusuw sɛ ɛnyɛ adwempa na yɛn nuanom de resom Yehowa a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Ɔbonsam nyaa adwene a ɛte saa wɔ Onyankopɔn somfo nokwafo Hiob ho. (Hiob 1:9-11) Sɛ́ anka yebenya yɛn nua ho adwemmɔne no, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho nea enti a yɛkeka ne ho nsɛm. Adwene bɛn na yɛde keka ne ho nsɛm? Anaa yɛresuasua nnipa a wonni dɔ wɔ nna a edi akyiri yi mu no?—2 Tim. 3:1-4.
6, 7. (a) Nneɛma bɛn na ebetumi ama yɛakeka afoforo ho asɛmmɔne? (b) Sɛ nkurɔfo sopa yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
6 Momma yɛnhwɛ nneɛma foforo a ebetumi ama yɛakeka afoforo ho asɛmmɔne. Ade biako ne sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ nkurɔfo hu nneɛma a yetumi yɛ na wɔkamfo yɛn a, ebetumi ama yɛakeka afoforo ho asɛmmɔne. Yɛyɛ saa a, na akɔyɛ te sɛ yɛreka afoforo ahyɛ na ama nnipa ahu yɛn yiye. Anaa ebia yɛrekeka ne ho nsɛm de akata yɛn ankasa mmerɛwyɛ so. Sɛ ahantan anaa ahoɔyaw na ɛma yɛkeka afoforo ho asɛmmɔne oo, sɛ nso nea afoforo yɛ a yentumi nyɛ bi na ɛma yɛyɛ saa oo, ebetumi adi yɛn awu.
7 Sɛ yɛka obi ho asɛmmɔne a, ebia yebenya adwene sɛ yedi ka. Ebia n’ano a ɛnna nti waka asɛm bi ma ahaw yɛn. Sɛ saa mpo a yɛyɛ no bi tua ka a, ɛremmoa; ɛbɛhyɛ mu gya mmom. Saa na Ɔbonsam pɛ sɛ yɛyɛ, nanso Onyankopɔn mpɛ saa. (2 Tim. 2:26) Ɛsɛ sɛ yesuasua nea Yesu yɛe. Bere a nkurɔfo sopaa no no, “wanyɛ bi antua ka.” Mmom “ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ nea obu atɛntrenee no nsa.” (1 Pet. 2:21-23) Ná Yesu wɔ ahotoso sɛ Yehowa bedi nneɛma ho dwuma sɛnea ɔpɛ ne bere a ɔpɛ. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya Onyankopɔn mu ahotoso saa ara. Sɛ yɛka nsɛm a ɛhyɛ nkuran kyerɛ afoforo a, ɛma ‘asomdwoe ne koroyɛ’ tena asafo no mu.—Monkenkan Efesofo 4:1-3.
MMA NNIPA HO SURO NSUM WO AFIRI
8, 9. Dɛn nti na Pilato buu Yesu kumfɔ?
8 Sɛ afiri yi aboa bi a, na waka faako; ontumi nkɔ baabiara. Saa ara na sɛ obi ma nnipa ho suro sum no afiri a, ontumi nyɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. (Monkenkan Mmebusɛm 29:25.) Momma yɛnhwɛ mmarima baanu bi a wɔmaa nipa ho suro sum wɔn afiri ne nea yebetumi asua afi wɔn asɛm no mu.
9 Ná Roma Amrado Pontio Pilato nim sɛ Yesu ho nni asɛm enti na ɔmpɛ sɛ ɔyɛ no bɔne. Pilato kae mpo sɛ Yesu nyɛɛ ‘biribiara a ɛsɛ owu.’ Nanso obuu no kumfɔ. Dɛn ntia? Efisɛ nkurɔfo no hyɛɛ no ma ogyaa ne ho mu. (Luka 23:15, 21-25) Nkurɔfo no hyɛɛ Pilato sɛ ɔnyɛ nea wɔpɛ mma wɔn, na wɔteɛteɛɛm guu ne so sɛ: “Sɛ wugyaa onipa yi a, na wonyɛ Kaesare adamfo.” (Yoh. 19:12) Ɛbɛyɛ sɛ na Pilato suro sɛ ogyaa Kristo a, ne dibea befi ne nsa anaa ɔbɛhwere ne nkwa mpo. Enti ogyaa ne ho mu yɛɛ nea Ɔbonsam pɛ.
10. Dɛn na ɛmaa Petro kae sɛ onnim Kristo?
10 Ná ɔsomafo Petro yɛ Yesu adamfo paa. Ɔka kyerɛɛ afoforo sɛ Yesu ne Mesia no. (Mat. 16:16) Bere bi Yesu kaa asɛm bi na asuafo no bi ante ase, enti wogyaee n’akyidi, nanso Petro kɔɔ so bataa Yesu ho. (Yoh. 6:66-69) Bere a Yesu atamfo bae sɛ wɔrebɛkyere no no, Petro twee nkrante bɔɔ ne Wura ho ban. (Yoh. 18:10, 11) Nanso akyiri yi Petro maa nipa ho suro kyekyeree no, na ɔkae mpo sɛ onnim Yesu Kristo. Nipa ho suro yii ɔsomafo Petro bere tiaa bi, enti wannya akokoduru anyɛ nea ɛfata sɛ ɔyɛ.—Mat. 26:74, 75.
11. Nneɛma bɔne bɛn na nkurɔfo betumi ahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ?
11 Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa yere wɔn ho na nkurɔfo anhyɛ wɔn ma wɔanyɛ nneɛma a ɛnsɔ Onyankopɔn ani. Ebia yɛn adwumawura anaa afoforo bɛhyɛ yɛn sɛ yentwa nkontompo anaa yɛmfa yɛn ho nhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu. Sɛ yɛyɛ sukuufo nso a, ebia yɛn mfɛfo sukuufo bɛhyɛ yɛn sɛ yenwia sɔhwɛ mu, yɛnhwɛ aguamansɛm, yɛnnom sigaret, yɛnnom nnubɔne, yɛnnom mmosa, anaa yɛmfa yɛn ho nhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu. Enti dɛn na ebetumi aboa yɛn na nkurɔfo ampiapia yɛn amma yɛanyɛ nea Yehowa ani nnye ho?
12. Dɛn na yebetumi asua afi Pilato ne Petro asɛm no mu?
12 Momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi Pilato ne Petro asɛm no mu. Ná Pilato nnim Kristo ho asɛm ahe biara. Nanso na onim sɛ Yesu ho nni asɛm na ɔnyɛ onipa biara kɛkɛ. Ná Pilato nni ahobrɛase, na na ɔnnɔ nokware Nyankopɔn no. Enti Ɔbonsam afiri yii no ntɛm. Ná Petro wɔ nokware nimdeɛ ne Onyankopɔn ho dɔ. Nanso ɛtɔ da bi a na Petro yɛ nneɛma boro so, na nipa ho suro yi no, na na ontumi nhyɛso. Ansa na wɔrekyere Yesu no, na Petro ahoahoa ne ho sɛ: “Sɛ ɛto wɔn nyinaa hintidua mpo a, me fam de, ɛremma saa.” (Mar. 14:29) Sɛ Petro de ne ho too Onyankopɔn so sɛnea odwontofo no yɛe a, anka ɛbɛboa no ma wasiesie ne ho yiye ama sɔhwɛ biara a obehyia. Odwontofo no too dwom sɛ: “Yehowa wɔ m’afã; merensuro. Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?” (Dw. 118:6) Anadwo a ade rebɛkye ma Yesu awu afi asase so no, ɔfaa Petro ne n’asomafo abien kaa ne ho kɔɔ Getsemane turo no mfinimfini. Yesu ka kyerɛɛ Petro ne asomafo a wɔaka no sɛ wɔnwɛn, nanso wɔdae. Yesu nyanee wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpae na moankɔ sɔhwɛ mu.” (Mar. 14:38) Nanso Petro san dae na akyiri yi nipa ho suro nti ɔyɛɛ nea ɛnsɛ sɛ ɔyɛ.
13. Dɛn na ɛbɛboa yɛn na nnipa ho suro ampiapia yɛn amma yɛanyɛ bɔne?
13 Petro ne Pilato asɛm no ma yenya asuade foforo a ehia: Ɛne sɛ, sɛ yɛmpɛ sɛ nipa ho suro sum yɛn afiri a, ehia sɛ yenya nimdeɛ, ahobrɛase, Onyankopɔn ho dɔ, yesuro Yehowa na ɛnyɛ nnipa, na ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ho di dodo. Sɛ yɛto yɛn gyidi si nokware nimdeɛ so a, yɛde akokoduru bɛka nea yegye di akyerɛ afoforo. Eyi bɛboa yɛn na nipa ho suro ampiapia yɛn amma yɛanyɛ nea ɛmfata. Ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ho di dodo. Mmom ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yegye tom sɛ, sɛ yebetumi agyina nhyɛso ano a, ehia sɛ Onyankopɔn de ne tumi taa yɛn akyi. Ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn ne honhom. Afei ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ka yɛn ma yedi ne mmara so na yɛtwe yɛn ho fi biribiara a ebegu ne din ho fĩ ho. Bio, nea ɛbɛyɛ na nipa ho suro ansum yɛn afiri no, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sie. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ yɛne yɛn mma bɔ mpae na yɛma wohu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a wɔn atipɛnfo hyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ bɔne bi no.—2 Kor. 13:7.a
KWATI APA NO—AFOBU A ƐMFATA
14. Adwene bɛn na Ɔbonsam pɛ sɛ yenya wɔ bɔne a yɛayɛ atwam ho?
14 Afiri biako nso a wɔde yi mmoa ne apa. Wosum wɔ mmoa twenenoo so; wɔde nnua anaa abo a emu yɛ duru gu so. Sɛ aboa a n’ani nna ne ho so de ne ho ka afiri no a, ehuan ma abo anaa nnua no dwiriw gu no so. Sɛ obi bu ne ho fɔ dodo a, ebetumi abubu no te sɛ nea nnua anaa abo adwiriw agu no so. Sɛ yedwinnwen bɔne bi a yɛayɛ atwam ho a, ebetumi ‘abubu yɛn pasapasa.’ (Kenkan Dwom 38:3-5, 8.) Satan pɛ sɛ yɛte nka sɛ Yehowa renhu yɛn mmɔbɔ mfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn, na yɛrentumi nyɛ n’apɛde da.
15, 16. Dɛn na wobɛyɛ na afobu a ɛmfata ansum wo afiri?
15 Wobɛyɛ dɛn akwati afiri a ebubu nnipa yi? Sɛ woayɛ bɔne bi a emu yɛ duru a, yɛ biribi anim-anim yi ara fa siesie wo ne Yehowa ntam. Kɔka kyerɛ mpanyimfo no sɛ wɔmmoa wo. (Yak. 5:14-16) Yɛ nea wubetumi biara fa siesie mfomso a woadi no. (2 Kor. 7:11) Sɛ wɔteɛ wo so a, mma w’abam mmu. Yehowa teɛ wo so a, ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ wo. (Heb. 12:6) Si wo bo sɛ worenyɛ saa bɔne no bio, na yere wo ho sɛ wobɛtwe wo ho afi nea ɛma woyɛɛ bɔne no ho. Sɛ wunu wo ho na wosesa w’akwan a, nya gyidi sɛ Yesu Kristo agyede afɔre no nti Onyankopɔn de wo bɔne bɛkyɛ wo.—1 Yoh. 4:9, 14.
16 Ebinom da so ara bu wɔn ho fɔ wɔ bɔne a wɔde afiri wɔn ho. Sɛ saa na wote a, kae sɛ bere a Petro ne asomafo a aka no gyaw Yehowa Dɔba Yesu bere a na ohia wɔn paa no, Yehowa de kyɛɛ wɔn. Ɔbarima bi buu brabɔne a ɛyɛ abofono ma wotuu no fii Korinto asafo no mu, nanso akyiri yi onuu ne ho na Yehowa de ne bɔne firii no. (1 Kor. 5:1-5; 2 Kor. 2:6-8) Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm a, yehu nnipa a wɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru a wonuu wɔn ho maa Onyankopɔn de firii wɔn.—2 Be. 33:2, 10-13; 1 Kor. 6:9-11.
17. Dɛn na agyede no betumi ama yɛanya?
17 Sɛ woayɛ bɔne bi na wufi wo komam nu wo ho na wugye di sɛ Yehowa behu wo mmɔbɔ a, ɔde wo bɔne befiri wo na ɔrenkae bio. Ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ Yesu agyede afɔre no ntumi mpata wo bɔne. Sɛ wunya adwene a ɛte saa a, Satan afiri biako beyi wo. Ɛmfa ho adwene a Ɔbonsam pɛ sɛ wunya biara no, hu sɛ wɔn a wɔayɛ bɔne a wanu wɔn ho no, agyede no betumi apata wɔn nyinaa bɔne. (Mmeb. 24:16) Sɛ wugye di sɛ agyede no bɛma woanya bɔne fafiri a, ɛremma wummu wo ho fɔ dodo. Eyi bɛhyɛ wo den ma wode wo koma nyinaa, w’adwene nyinaa ne wo kra nyinaa asom Onyankopɔn.—Mat. 22:37.
YENIM SATAN AKWAN
18. Yɛbɛyɛ dɛn akwati Ɔbonsam mfiri?
18 Afiri kõ a ebeyi yɛn de, Satan mfa ho; nea ehia no ara ne sɛ obeyi yɛn. Esiane sɛ yenim Satan akwan nti, yebetumi ahwɛ yɛn ho yiye na wannya yɛn. (2 Kor. 2:10, 11) Sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ nyansa de gyina sɔhwɛ ano a, Satan mfiri rentumi nyi yɛn. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn efisɛ oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade a ahohora biara nnim, na ɔde bɛma no.” (Yak. 1:5) Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa ma yɛn nyansa de gyina sɔhwɛ ano a, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa sua ade daa na yɛde Bible mu nsɛm bɔ yɛn bra. Akoa nokwafo ne ɔbadwemma no nhoma ahorow boa yɛn ma yehu Ɔbonsam mfiri ne ɔkwan a yɛbɛfa so akwati.
19, 20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yekyi bɔne?
19 Sɛ yɛbɔ mpae na yesua Bible a, ɛboa yɛn ma yɛn ani gye ade pa ho. Nanso ɛho hia sɛ yekyi bɔne nso. (Dw. 97:10) Sɛ yedwinnwen akɔnnɔ bɔne nsunsuanso ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayi akɔnnɔ bɔne akwa. (Yak. 1:14, 15) Sɛ yesua sɛ yebekyi bɔne na yɛadɔ papa a, nneɛma a Satan de sum yɛn afiri no renyɛ yɛn akɔnnɔ mpo na atwetwe yɛn.
20 Yɛda Onyankopɔn ase paa sɛ ɔboa yɛn ma yehu Satan mfiri na anyi yɛn! Yehowa nam ne honhom, n’Asɛm ne n’ahyehyɛde no so gye yɛn fi “ɔbɔnefo no nsam.” (Mat. 6:13) Ɔbonsam wɔ mfiri foforo abien a watumi de ayi Onyankopɔn asomfo. Yɛbɛhwɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na saa mfiri no anyi yɛn wɔ adesua a edi hɔ no mu.
-
-
Gyina Pintinn Na Kwati Ɔbonsam Mfiri!Ɔwɛn-Aban—2012 | August 15
-
-
Gyina Pintinn Na Kwati Ɔbonsam Mfiri!
‘Gyina pintinn ko tia Ɔbonsam nnɛɛdɛe.’—EFE. 6:11.
WUBEBUA DƐN?
Dɛn na Yehowa somfo betumi ayɛ na adedodowpɛ ansum no afiri?
Dɛn na ɛbɛboa Kristoni a waware na awaresɛe ansum no afiri?
Sɛ wokwati adedodowpɛ ne nna mu ɔbrasɛe a, mfaso bɛn na wohwɛ a ebefi mu aba?
1, 2. (a) Dɛn nti na Satan tan wɔn a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” no? (b) Satan mfiri bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
SATAN ƆBONSAM nhu nnipa mmɔbɔ, ɛnkanka wɔn a wɔsom Yehowa. Nokwasɛm ne sɛ Satan ne wɔn a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no reko ankasa. (Adi. 12:17) Kristofo a wɔasra wɔn yi di anim ma wɔka Ahenni no ho asɛm denneennen, na wɔama nkurɔfo ahu sɛ Satan na odi wiase yi so. Wɔn nso a Ɔbonsam atu n’ani asi wɔn so ne “nguan foforo” a wɔboa wɔn a wɔasra wɔn no. Saafo no wɔ hokwan sɛ wɔbɛtena ase daa, nanso saa hokwan no abɔ Ɔbonsam. (Yoh. 10:16) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ne bo afuw saa! Sɛ yɛka wɔn a wɔbɛkɔ soro ho oo, sɛ yɛka wɔn a wɔbɛtena asase so ho oo, yɛnkae sɛ Satan mpɛ yɛn yiye. Nea ɔrehwehwɛ ara ne sɛ ne nsa bɛka yɛn.—1 Pet. 5:8.
2 Nea ɛbɛyɛ na Satan anya yɛn no, wasunsum mfiri pii. Satan afura wɔn a wonnye nni adwene ani ma wonnye asɛmpa no ntom, enti wonhu mfiri a wasunsum no. Wɔn a wɔagye Ahenni asɛm no atom mpo, Ɔbonsam afiri tumi yi wɔn. (2 Kor. 4:3, 4) Adesua a edi eyi anim no kyerɛɛ sɛnea yebetumi akwati Satan mfiri abiɛsa. Saa mfiri no ne: (1) anokurokuro, (2) nnipa ho suro, ne (3) afobu a ɛmfata. Afei momma yɛnhwɛ sɛnea yebetumi atwe yɛn ho afi Satan mfiri foforo abien ho. Ɛno ne adedodowpɛ ne awaresɛe.
ADEDODOWPƐ YƐ ASƆMENE
3, 4. Ɔkwan bɛn so na “wiase yi mu dadwen” betumi ama yɛadi sika akyi?
3 Yesu mfatoho biako mu no, ɔkaa aba a woguu no nsɔe mu ho asɛm. Ɔkyerɛe sɛ ebia obi bɛte asɛm no ‘nanso wiase yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa bemia asɛm no, na ɔrensow aba.’ (Mat. 13:22) Adedodowpɛ yɛ afiri a yɛn tamfo Bonsam de yɛ adwuma.
4 Nneɛma abien na ɛka bom mia asɛm no. Biako ne “wiase yi mu dadwen.” “Mmere a emu yɛ den” yi mu no, nneɛma pii betumi ayɛ wo so dadwen. (2 Tim. 3:1) Esiane sɛ nneɛma bo ayɛ den na adwuma nso nni hɔ nti, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wo nsa bɛkɔ w’ano mpo. Ebia wudwen wo daakye ho na wubisa sɛ, ‘Sɛ minyin na mintumi nyɛ adwuma bio a, mɛyɛ dɛn anya sika ahwɛ me ho?’ Eyi nti ebinom biri wɔn mogya ani pɛ sika gu hɔ na daakye wɔn ani anyɛ wɔn totɔtotɔ.
5. Ɔkwan bɛn so na ahonyade betumi adaadaa yɛn na asum yɛn afiri?
5 Ade foforo a Yesu kae sɛ emia asɛm no ne “ahonyade nnaadaa.” Dadwen ne “ahonyade nnaadaa” betumi asum yɛn afiri ma yɛde yɛn ho ahyɛ adedodowpɛ mu. Bible ka sɛ ‘sika bɔ onipa ho ban.’ (Ɔsɛnk. 7:12) Nanso nyansa nnim sɛ yɛde yɛn adwene nyinaa bedi sika akyi. Nnipa pii ahu sɛ bere a wɔrebiri wɔn mogya ani pɛ sika no na adedodowpɛ asɔ wɔn mene remia wɔn. Ebinom mpo ama sika de wɔn ayɛ nkoa.—Mat. 6:24.
6, 7. (a) Tebea bɛn na ebetumi ama adedodowpɛ asum obi afiri wɔ n’adwumam? (b) Sɛ adwumawura bi ka kyerɛ Kristoni sɛ ɔmfa bere pii nyɛ adwuma a, dɛn na ɛsɛ sɛ osusuw ho?
6 Obi betumi de ne koma adi sika akyi bere mpo a onnim. Wo de susuw asɛm yi ho hwɛ. Fa no sɛ w’adwumawura ka kyerɛ wo sɛ: “Mewɔ anigyesɛm bi ma wo! Yɛanya adwuma kɛse bi. Eyi bɛhwehwɛ sɛ bosome kakra a ɛwɔ yɛn anim yi wopɔn adwuma a, wotena mu kakra. Nanso wubenya sika pii.” Sɛ wɔde asɛm a ɛte saa to w’anim a, dɛn na wobɛyɛ? Ɛho hia sɛ wohwɛ w’abusua nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo ne asɛyɛde a wowɔ. (1 Tim. 5:8) Nneɛma foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wususuw ho. Bere dodow ahe na wode bɛyɛ adwuma aka nea woyɛ dedaw no ho? So w’adwuma no bɛma ayɛ den sɛ wubenya bere ayɛ honhom fam nneɛma te sɛ asafo nhyiam a wobɛkɔ ne abusua som a wobɛyɛ?
7 Sɛ wuhyia asɛm a ɛte saa na woresi ho gyinae a, dɛn na ehia paa sɛ wususuw ho? Wubedwen sika a wubenya ho anaa wo ne Yehowa ntam ho? Sika nti, wobepia Ahenni nneɛma ato nkyɛn anaa? Sɛ wamma w’ankasa wo honhom fam nneɛma ne w’abusua de anhia wo a, wunhu sɛ adedodowpɛ betumi asum wo afiri? Sɛ saa tebea no mu na wowɔ seesei a, wobɛyɛ dɛn agyina pintinn na adedodowpɛ ansɔ wo mene ammia wo?—Monkenkan 1 Timoteo 6:9, 10.
8. Bible mu nhwɛso bɛn na sɛ yesusuw ho a ɛbɛboa yɛn ma yɛahwehwɛ yɛn asetena mu?
8 Sɛ yɛmpɛ sɛ adedodowpɛ sɔ yɛn mene mia yɛn sɛ afiri a, ɛsɛ sɛ bere nyinaa yɛhwehwɛ yɛn asetena mu hwɛ sɛnea yɛbɔ yɛn bra. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Esau da. Ɔno de wankyerɛ akronkronne ho anisɔ. (Gen. 25:34; Heb. 12:16) Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛ ɔdefo a Yesu kaa ne ho asɛm no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔtɔn ne nneɛma mfa mma ahiafo na ommedi n’akyi, nanso wannyɛ. Mmom “ɔde awerɛhow kɔe, efisɛ na ɔwɔ agyapade bebree.” (Mat. 19:21, 22) Ahonyade sum ɔbarima no afiri, enti hokwan kɛse a onyae sɛ obedi onipa a ɔsen biara a watena ase pɛn akyi no bɔɔ no! Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanhwere hokwan a yɛde bɛyɛ Yesu Kristo asuafo no.
9, 10. Sɛ wohwɛ nea Bible ka a, wususuw sɛ adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ honam fam nneɛma ho?
9 Sɛ yɛmpɛ sɛ yebedwinnwen honam fam nneɛma ho dodo a, ɛsɛ sɛ yetie Yesu afotu yi: “Munnnwinnwen nnka sɛ, ‘Dɛn na yebedi?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛhyɛ?’ Na eyinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyi denneennen. Na mo soro Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi nyinaa.”—Mat. 6:31, 32; Luka 21:34, 35.
10 Sɛ yɛmpɛ sɛ ahonyade sum yɛn afiri a, ɛsɛ sɛ yenya adwene a Bible kyerɛwfo Agur nyae no bi. Ɔkae sɛ: “Mma minnni hia buburoo anaa minnnya me ho mmoro so. Ma me nea mihia ara.” (Mmeb. 30:8, Contemporary English Version) Ná Agur nim mfaso a ɛwɔ sika so, nanso bere koro no ara na onim sɛ ahonyade betumi asum no afiri. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ wiase yi mu dadwen ne ahonyade betumi asɛe yɛne Yehowa ntam. Sɛ yedwinnwen honam fam nneɛma ho dodo a, ebetumi agye yɛn bere nyinaa na atwe yɛn mu nsu, na biribiara rempusu yɛn sɛ yɛmfa Ahenni nneɛma nni kan. Enti ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛremma adedodowpɛ a Satan de sum afiri no nyi yɛn!—Monkenkan Hebrifo 13:5.
AWARESƐE YƐ AMOA A WƆAKATA SO
11, 12. Ɛbɛyɛ dɛn na awaresɛe atumi asum Kristoni bi afiri wɔ n’adwumam?
11 Sɛ ɔbɔmmɔfo pɛ sɛ ɔkyere aboa kɛse bi a, otu amoa wɔ aboa no twenenoo so. Afei obubu mmabaa gu so tu dɔte kata so fɛfɛɛfɛ sɛnea ɛbɛyɛ a aboa no renhu sɛ amoa bi wɔ hɔ. Afiri biako a Satan de ayi nnipa pii te sɛ amoa a wɔakata so. Ɛno ne nna mu ɔbrasɛe. (Mmeb. 22:14; 23:27) Saa afiri no ayi Kristofo binom efisɛ wogyaa wɔn ho maa nneɛma faa wɔn ase. Kristofo awarefo bi tumi nya obi a ɔnyɛ ne yere anaa ne kunu ho akɔnnɔ ma ekowie awaresɛe mu.
12 Ɔbea anaa ɔbarima betumi anya obi a ɔnyɛ ne hokafo ho akɔnnɔ wɔ n’adwumam. Nhwehwɛmu bi ama ada adi sɛ mmea ne mmarima a wɔsɛe aware dodow no ara ne obi a wɔne no yɛ adwuma na ɛyɛ saa. Wo ne mmea anaa mmarima na ɛyɛ adwuma? Sɛ saa na ɛte a ayɔnkofa bɛn na ɛda wo ne wɔn ntam? Woyɛ ɔbarima a, wunim baabi a wo ne mmea a wɔwɔ w’adwumam bɛbɔ akodu a ɛremma wunnya wɔn ho akɔnnɔ? Na woyɛ ɔbea nso a, wunim baabi a wo ne mmarima a wɔwɔ w’adwumam bɛbɔ akodu? Nhwɛso bi ni: Ebia onuawa bi taa ne ɔbarima bi a ɔwɔ n’adwumam bɔ nkɔmmɔ. Ɛba saa a, ebia ɔno na ɔne no bɛfa adwene na mpo wafi ase aka n’aware mu nsɛm akyerɛ no. Anaasɛ ebia onuabarima bi ne ɔbea bi a ɔwɔ n’adwumam bɛbɔ papee na waka sɛ: “Ɛyɛ a ɔpɛ sɛ ohu m’adwene wɔ nsɛm ho, na nea mɛka biara otie. Obu me. Saa na me yere yɛ me wɔ fie a, anka minni haw!” So wuhu sɛ ebetumi ayɛ mmerɛw ama Kristofo a wɔwɔ tebea a ɛte saa mu sɛ wɔbɛsɛe aware?
13. Dɛn na ebetumi ama obi anya akɔnnɔ a ɛmfata wɔ asafo no mu?
13 Obi betumi anya akɔnnɔ a ɛmfata wɔ asafo no mu mpo. Yɛnhwɛ asɛm a ɛtoo awarefo bi. Ná Daniel ne ne yere Saraha yɛ daa akwampaefo. Ná Daniel yɛ asafo mu panyin, na dwumadi biara nni hɔ a wɔde ma no a ɔpopo ne ti. Ɔsom hokwan biara a obenya no, ɔde anigye so mu. Daniel ne mmerante baanum suaa Bible, na wɔn mu baasa bɔɔ asu. Mmerante yi bɔɔ asu no, na wohia mmoa. Nanso asafo mu dwumadi a na egu Daniel so nti, ɛtɔ da bi a na ne yere Sarah na ɔboa wɔn. Afei de, sɛ mmerante yi hia biribiara a, na Sarah na ɔyɛ ma wɔn. Afei sɛ Sarah nso hia obi a ɔbɛka n’asɛm akyerɛ no a, na Daniel Bible asuafo yi ara na ɔka kyerɛ wɔn. Eyi bɛyɛɛ afiri a ɛyɛ hu. Daniel ka sɛ: “Me yere de n’ahoɔden nyinaa boaa wɔn asram pii, nanso na ɔno ankasa hia mmoa wɔ honhom fam ne obi a obegyigye n’ani. Saa bere yi nyinaa, na minnya bere mma no, enti ɛkɔfaa awerɛhosɛm bi bae. Me yere ne me Bible asuafo yi biako sɛee aware. Sɛɛ me yere nam m’ani so kɔ ba nyinaa na wayɛ mmerɛw wɔ honhom mu a minnim, efisɛ na asafo mu dwumadi agye m’adwene nyinaa.” Dɛn na wobɛyɛ na woantɔ afiri a ɛte saa mu?
14, 15. Dɛn na ebetumi aboa Kristofo awarefo na awaresɛe ansum wɔn afiri?
14 Awaresɛe yɛ amoa a obi betumi atɔ mu. Sɛ wompɛ sɛ wotɔ saa afiri no mu a, ma ɛntena w’adwenem sɛ aware hwehwɛ sɛ wode ho fam wo hokafo ho bere nyinaa. Yesu kae sɛ: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.” (Mat. 19:6) Nnya adwene da sɛ nnwuma a woyɛ wɔ asafo no mu ho hia sen wo kunu anaa wo yere. Afei nso, kae sɛ sɛ nneɛma a ɛho nhia biara nti wotaa gyaw wo hokafo hɔ a, ɛbɛkyerɛ sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ w’aware mu na ebetumi akowie awaresɛe mu mpo.
15 Ɛnde sɛ woyɛ ɔpanyin a, wobɛyɛ nguankuw no dɛn? Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom mumfi mo pɛ mu; ɛnyɛ adifudepɛ nso nti, na mmom anigye so.” (1 Pet. 5:2) Enti ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu w’asafo mufo so. Nanso mfaso nni so sɛ wobɛyere wo ho ayɛ ɔpanyin pa bere a wonyɛ okunu pa. Ntease biara nnim sɛ wubekum wo ho aboa asafo no mufo bere a wo yere te fie “redi kɔm” honhom mu; ebetumi agu w’aware mpo. Daniel kae sɛ: “Mfa w’adwene nyinaa nsi asafo mu dwumadi so mma w’abusua nnyigya.”
16, 17. (a) Dɛn na Kristofo awarefo betumi ayɛ wɔ wɔn adwumam ma afoforo ahu sɛ wɔn ani nnye ayɔnkofa a ɛmfata ho? (b) Asɛm bɛn na wɔatintim a ebetumi aboa Kristofo ma wɔakwati awaresɛe.
16 Afotu pii wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu a ebetumi aboa Kristofo awarefo ma wɔahwɛ yiye na awaresɛe ansum wɔn afiri. Sɛ nhwɛso no, Ɔwɛn-Aban a ɛbaa September 15, 2006 de afotu bi mae. Ɛkae sɛ: “Hwɛ yiye wɔ obi a ɔnyɛ w’aware mu hokafo a wo ne no bɛfa yɔnko papee wɔ adwuma mu ne mmeae afoforo no ho. Sɛ nhwɛso no, obi a ɛsono ne bɔbeasu a wo ne no bɛyɛ adwuma abom bere a moapɔn no betumi de woakɔ sɔhwɛ mu. Sɛ́ ɔbea anaa barima warefo no, ɛsɛ sɛ woma ɛda adi pefee wɔ wo kasa ne wo nneyɛe mu sɛ w’ani nnye ayɔnkofa a ɛte saa ho. Sɛ́ obi a wode onyamesom pa bɔ wo bra no, worempɛ sɛ wode wo ho bɛhyehyɛ obi a ɔnyɛ wo hokafo anaasɛ wubesiesie wo ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so de atwetwe adwene aba wo ho so. . . . Sɛ wode w’aware mu hokafo ne wo mma mfonini sisi w’adwuma mu a, ɛbɛkae wo ne afoforo sɛ w’abusua ho hia wo. Si wo bo sɛ worenyɛ ade a ɛbɛma afoforo adwene aba wo so, anaa worensosɔ obi a ɔbɛkyerɛ wo ho anigye wɔ ɔkwan a ɛmfata so no so.”
17 Asɛm a wɔato din “Marital Fidelity—What Does It Really Mean?” (Dɛn na Obi Yɛ a Ɛkyerɛ sɛ Onni Ne Hokafo Nokware?) baa April 2009 Awake! mu. Ɛkae sɛ ɛmfata sɛ yedwinnwen obi a ɔnyɛ yɛn kunu anaa yɛn yere ho nya ne ho akɔnnɔ. Ɛkae nso sɛ sɛ yedwinnwen obi ho nya ne ho akɔnnɔ a, ebetumi ama yɛasɛe aware. (Yak. 1:14, 15) Sɛ woaware a, ɛyɛ papa sɛ wo ne wo hokafo bom susuw saa asɛm no ho bere ne bere mu. Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware, enti aware yɛ kronkron. Sɛ wo ne wo hokafo yi bere si hɔ bɔ mo aware mu nkɔmmɔ a, ɛkyerɛ sɛ mubu akronkronne.—Gen. 2:21-24.
18, 19. (a) Sɛ obi sɛe aware a, ne nsunsuanso ne dɛn? (b) Sɛ wudi wo hokafo nokware a, mfaso bɛn na wunya?
18 Sɛ woyɛ ɔwarefo na wuhu sɛ woreyɛ anya obi foforo ho akɔnnɔ a ɛmfata a, susuw aguamammɔ ne awaresɛe nsunsuanso ho. (Mmeb. 7:22, 23; Gal. 6:7) Sɛ obi de ne ho hyɛ ɔbrasɛe mu a, opira ɔne ne hokafo nyinaa, na Yehowa ani nnye onipa a ɔte saa ho. (Monkenkan Malaki 2:13, 14.) Nanso wo de, hwɛ mfaso a wɔn a wɔbɔ bra a ɛho tew no nya. Wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa, na seesei mpo wɔwɔ asetena pa ne ahonim pa.—Monkenkan Mmebusɛm 3:1, 2.
19 Odwontofo no too dwom sɛ: “Asomdwoe pii wɔ hɔ ma wɔn a wɔdɔ [Onyankopɔn] mmara, na biribiara nto wɔn hintidua.” (Dw. 119:165) Enti ma w’ani nnye nokware no ho na ‘hwɛ yiye na sɛnea wonantew no anyɛ sɛ obi a onnim nyansa na mmom sɛ onyansafo’ wɔ nna bɔne yi mu. (Efe. 5:15, 16) Satan asunsum mfiri pii a ɔpɛ sɛ ɔde yi nokware asomfo. Nanso yɛwɔ nneɛma pii a yebetumi de abɔ yɛ ho ban. Yehowa ama yɛn nea yehia a yɛde ‘begyina pintinn’ de “adum ɔbɔnefo no mmɛmma a ɛredɛw no nyinaa”!—Efe. 6:11, 16.
-