Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 2/1 kr. 5-7
  • Hena Paa na Ɔde Ɔko ne Amanehunu Ba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena Paa na Ɔde Ɔko ne Amanehunu Ba?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NNA A EDI AKYIRI HO SƐNKYERƐNNE
  • WƆBƐSƐE ƆBONSAM NNWUMA
  • Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Ahenni Pɔnkɔsotefo no Rekɔ
    “W’Ahenni Mmra”
  • Ɔko A Ɛde Akodi Bɛba Awiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Apɔnkɔsotefo Baanan Tu Mmirikaden!
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 2/1 kr. 5-7

ASƐM A ƐDA SO | ƆKO A ƐDANEE WIASE BUTUWII

Hena Paa na Ɔde Ɔko ne Amanehunu Ba?

November 11, 1918 no, Wiase Ko I no baa awiei. Wɔtotoo nnwumakuw ahorow mu na nnipa de asaw gyinaa mu wɔ mmɔnten so. Nanso anigye no ankyɛ, efisɛ nea esii ɔko no akyi de, atuo no mpo mfa ne ho.

Bere a ɔko no gyina mu wɔ June 1918 mu no, owuyare a wɔfrɛ no Spania influensa no te sii akofo no mu wɔ France. Ankyɛ na yare yi kyerɛɛ ne tumi. Sɛ yɛfa Amerika asraafo sei a, asraafo dodow a yare no de abosome kakraa bi kunkum wɔn wɔ France no, na wɔdɔɔso sen wɔn a atuo kunkum wɔn. Bere a ɔko no baa awiei a asraafo no resan akɔ wɔn kurom nso, yare no dii wɔn akyi kɔe, na ankyɛ na etuu atese wɔ wiase nyinaa.

Ɔko no akyi na aduankɔm nso yii ne ti, na sikasɛm sɛee koraa. Bere a ɔko no baa awiei wɔ afe 1918 mu no, na Europe redi kɔm. Eduu afe 1923 no, na Germanifo sika ntumi ntɔ hwee. Mfe asia akyi no, wiase sikasɛm gyigyae koraa. Afei afe 1939 mu no, wiase ko a ɛto so abien no fii ase, na na ayɛ te sɛ wiase ko a edi kan no ntoaso. Amanenya a na wiase ntee bi da yi, dɛn koraa na ɛkɔfa bae?

NNA A EDI AKYIRI HO SƐNKYERƐNNE

Nsɛm pii a asisi nnipa abakɔsɛm mu no, Bible nkɔmhyɛ ma yehu nea ɛkɔfa bae, na yɛrenka nnya Wiase Ko I no. Yesu Kristo hyɛɛ nkɔm sɛ bere bi bɛba a “ɔman bɛsɔre atia ɔman,” na aduankɔm ne ɔyaredɔm bebu so wɔ asase so. (Mateo 24:3, 7; Luka 21:10, 11) Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ saa nneɛma bɔne no bɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ yɛadu nna a edi akyiri mu. Yɛkenkan Adiyisɛm nhoma no a, yehu nsɛm pii wom a ɛkyerɛ sɛ ɔhaw a ɛrekɔ so wɔ asase so no ne ɔko bi a ɛkɔɔ so wɔ soro wɔ biribi yɛ.​—Hwɛ adaka a wɔato din “Ɔko Baa Asase so ne Ɔsoro.”

Adiyisɛm koro no ara ka apɔnkɔsotefo baanan bi ho asɛm. Apɔnkɔsotefo no mu baasa gyina hɔ ma nneɛma bɔne a na Yesu aka dedaw sɛ ebesisi no​—akokoakoko, aduankɔm, ne ɔyaredɔm. (Hwɛ adaka a wɔato din “Enti Apɔnkɔsotefo Baanan no Reyɛ Adwuma Ampa?”) Ɛda adi pefee sɛ wiase ko a edi kan no akɔfa amanehunu bi abɛto yɛn so, na ano mmrɛɛ ase besi nnɛ. Bible ma yehu sɛ ɔkwan bi so no, Satan na otwaa gya toom. (1 Yohane 5:19) Bere bi bɛba a wobegye ne tumi afi ne nsam anaa?

Adiyisɛm nhoma no ma yɛn awerɛhyem nso sɛ Satan “bere a aka yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Ɛno nti na n’ani abere na ɔde ɔhaw pii reba wiase saa no. Nanso ne bere asõ ara ne sa.

WƆBƐSƐE ƆBONSAM NNWUMA

Wiase Ko I no asesa biribiara wɔ wiase. Akɔfa akokoakoko aba wiase, ɛma nkurɔfo tu aban gu, na ama nnipa nnye wɔn mpanyimfo nni bio. Ɛsan ma yehu pefee sɛ wɔapam Satan afi soro. (Adiyisɛm 12:9) Wiase sodifo a yentumi mfa yɛn aniwa nhu no yi, ɔreyɛ n’ade te sɛ ɔmampanyin tirimɔdenfo bi a onim sɛ n’aban regu. Sɛ bere no sõ a, ɔhaw a Wiase Ko I akɔfa aba no nyinaa begyae.

Nea Bible nkɔmhyɛ aka nti ɛsɛ sɛ wunya awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ, yɛn soro Hene Yesu Kristo ‘bɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.’ (1 Yohane 3:8) Ɛnnɛ, nnipa mpempem pii bɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra. Wo nso ɛyɛ a wobɔ bi anaa? Ahenni no adaworoma, ɛbere bi bɛba a afei de ɛnyɛ Ɔbonsam apɛde na nnipa anokwafo behu wɔ asase so, na mmom Onyankopɔn apɛde. (Mateo 6:9, 10) Onyankopɔn Ahenni ba a, ɔko biara remma mpo na kampɛsɛ akowie wiase ko! (Dwom 46:9) Sua saa Ahenni no ho ade, na da a asomdwoe bɛhyɛ asase so ma no, wo nso woatena ase ahu bi.​—Yesaia 9:6, 7.

Ɔko Baa Asase so ne Ɔsoro

Bɛyɛ mfe 1,900 ansa na Wiase Ko I repae agu no, Satan kae sɛ ɔde “wiase ahenni nyinaa” bɛma Yesu. (Mateo 4:8, 9) Yesu poe, na akyiri yi ɔkaa Ɔbonsam ho asɛm sɛ “wiase sodifo.” (Yohane 14:30) Bio nso, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.”​—1 Yohane 5:19.

Sɛ Satan Ɔbonsam wɔ wiase so tumi saa a, ɛnde ntease nnim sɛ yɛbɛka sɛ wiase ko a edi kan no ne nea efii mu bae nyinaa, onim ho bi anaa? Nsɛm bi mpo wɔ Adiyisɛm nhoma no mu a ɛma yehu sɛ efi afe 1914 no, ɔhaw a aba asase so nyinaa no, Satan na ɔhyɛ akyi. Nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm ti 12 no, n’apɔw so n’apɔw so ni:

  • Nkyekyɛm 7 Ɔko baa ɔsoro; Mikael (Yesu Kristo) ne ɔtweaseɛ no (Satan) koe.

  • Nkyekyɛm 9 Ɔbonsam a “ɔredaadaa asase sofo nyinaa no,” wɔtow no kyenee asase so.

  • Nkyekyɛm 12 “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn na ne bo afuw denneennen, efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa.”

Sɛ yɛhwɛ sɛnea Bible bu mmere ne nsɛm a esisii wɔ wiase a, yehu sɛ bere a wɔhyehyɛɛ Onyankopɔn Ahenni wɔ soro afe 1914 mu no, ɛno akyi na ɔko no kɔɔ so wɔ soro.a Enti saa afe koro yi ara mu na ɔko kɔɔ so wɔ asase so ne ɔsoro nyinaa.

a Hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 8. Yehowa Adansefo na wotintimii.

Enti Apɔnkɔsotefo Baanan no Reyɛ Adwuma Ampa?

Ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ no ne asraafo a wɔwɔ akono

Ɔpɔnkɔ fitaa; nea ɔte ne so no yɛ ɔhene wɔ soro. Yesu Kristo ne Ɔhene no, na ɔtenaa ne pɔnkɔ so kɔko maa trenee. (Dwom 45:4) Ade a edi kan a na ɔbɛyɛ ne sɛ obeyi Satan ne n’adaemone no afi soro.​—Adiyisɛm 6:2; 12:9.

Ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ no ne asraafo a wɔwɔ akono

Ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ; wɔama nea ɔte no so kwan sɛ “onyi asomdwoe mfi asase so.” (Adiyisɛm 6:4) Efi afe 1914 no, ɔko ateetee adesamma saa ara. Wiase Ko I no akyi mfe 21 pɛ na wiase ko a ɛto so abien pae gui, na ekunkum nnipa pii sen nea edi kan no koraa. Akontaabu bi kyerɛ sɛ Wiase Ko II kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 60. Efi 1945 reba no, wiase ko biara nsii bio, nanso akokoakoko a akɔ so wɔ mmeaemmeae no nso adi awu saa ara. Abakɔsɛm akyerɛwfo binom ka sɛ efi 1901 kosi 2000 no, nnipa bɛboro ɔpepem ɔha na akokoakoko ama wɔahwere wɔn nkwa.

Ɔpɔnkɔ tuntum ne mmofra pii a ɔkɔm adosaw wɔn

Ɔpɔnkɔ tuntum; nea ɔte no so no kura nsenia wɔ ne nsam, na ɛkyerɛ ɔkɔm. (Adiyisɛm 6:5, 6) Bere a wiase ko a edi kan no rekɔ so no, Amerika ne n’apamfo siw kwan maa ɔkɔm kunkum nnipa bɛyɛ 750,000 wɔ Germany. Afe 1921 mu no, Russiafo bɛboro ɔpepem abien na ɔkɔm kunkum wɔn, na ankyɛ na ɔkɔm kunkum nkurɔfo wɔ aman foforo so. Wobu akontaa sɛ efi 1901 kosi 2000 no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 70 na ɔkɔm akunkum wɔn. Aduan pa a mmofra a wonnii mfe anum nnya nni nti, afe biara wɔn mu bɛboro ɔpepem abiɛsa wuwu.

Ɔpɔnkɔ nsonso ne ayarefo a wogu ayaresabea

Ɔpɔnkɔ nsonso; nea ɔte no so no de owuyare kunkum nnipa. (Adiyisɛm 6:8) Efi afe 1901 kosi 2000 no, yare a edi kan a ekunkum nnipa paa ne Spania influensa. Nnipa dodow a wowuwui no, ɛsono nea nkurɔfo ka wɔ ho, nanso akontaa bi a wobui kyerɛ sɛ yare no kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 50. Nhoma bi ka sɛ: “Yare yi yɛ yare a ekunkum nnipa paa no baako.” (Man and Microbes) Nyarewa akɛse a ɛbae ansa na influensa no reba no mpo ankum nnipa ntɛmntɛm saa. Borɔmpete, atiridii ne nsamanwaw yɛ nsanyare a efi 1901 kosi 2000 no, ɛno nso kunkum nnipa ɔpepepeepee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena