Dwom 108
Kamfo Yehowa, N’Ahenni no Nti
Nea Yɛaprente
1. Yehowa asra ne Ba no
Sɛ onni obiara so.
Ɔde atɛntrenee di tumi;
N’apɛde nyinaa bɛyɛ hɔ.
(NNYESO)
Kamfo Yehowa, ne Ba no nti.
N’akyidifo, monkamfo no.
Anokwafo a mudi n’akyi daa,
muntie n’ahyɛde nyinaa.
Kamfo Yehowa, ne Ba no nti.
Kristo yɛ hene nwonwafo.
Wɔasra no ama no tumi kɛse
sɛ ɔntew n’Agya din ho.
2. Wɔafrɛ Kristo nuanom nyinaa.
Wɔde honhom awo wɔn.
Wɔne Kristo no bedi ade;
Wɔde Paradise bɛba.
(NNYESO)
Kamfo Yehowa, ne Ba no nti.
N’akyidifo, monkamfo no.
Anokwafo a mudi n’akyi daa,
muntie n’ahyɛde nyinaa.
Kamfo Yehowa, ne Ba no nti.
Kristo yɛ hene nwonwafo.
Wɔasra no ama no tumi kɛse
sɛ ɔntew n’Agya din ho.
(Hwɛ Mmeb. 29:4; Yes. 66:7, 8; Yoh. 10:4; Adi. 5:9, 10 nso.)