-
Kyerɛwnsɛm a Wosi So Dua Yiye Wɔ Akenkan MuNya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
-
-
ADESUA 21
Kyerɛwnsɛm a Wosi So Dua Yiye Wɔ Akenkan Mu
SƐ WOKA Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho asɛm kyerɛ afoforo, sɛ́ ebia woyɛ saa wɔ kokoam anaa asɛnka agua so no, ɛsɛ sɛ wo nkɔmmɔbɔ no gyina nea ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu so. Mpɛn pii no eyi hwehwɛ sɛ wokenkan kyerɛw nsɛm fi Bible mu, na ɛsɛ sɛ woyɛ no yiye.
Wɔda Nkate Adi Wɔ Asɛm a Wosi so Dua Yiye Mu. Ɛsɛ sɛ wode nkate kenkan kyerɛw nsɛm. Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ. Sɛ wokenkan Dwom 37:11 den a, ɛsɛ sɛ wo nne da anigye a wode rehwɛ asomdwoe a wɔahyɛ ho bɔ wɔ hɔ kwan no adi. Sɛ wokenkan Adiyisɛm 21:4 a ɛfa amanehunu ne owu a ɛbɛba awiei no ho a, ɛsɛ sɛ wo nne da anisɔ a wowɔ ma ahotɔ a wɔahyɛ ho bɔ no adi. Ɛsɛ sɛ wode ɛnne a ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ ade ntɛm so na ɛkenkan Adiyisɛm 18:2, 4, 5, a ɛhwehwɛ sɛ wofi “Babilon kɛse” no mu no. Ɛwom, ɛsɛ sɛ wufi komam da wo nkate adi nanso ɛnsɛ sɛ woyɛ ma ɛboro so. Asɛm no ankasa ne ɔkwan a wɔnam so de redi dwuma no na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ nkate a ɛsɛ sɛ wɔda no adi wɔ ho.
Si Nsɛmfua a Ɛfata so Dua. Sɛ asɛm a wobɛka afa kyerɛwsɛm bi ho no gyina ne fã bi pɛ so a, ɛsɛ sɛ wotwe adwene si saa ɔfã no so bere a worekenkan no. Sɛ nhwɛso no, sɛ worekenkan Mateo 6:33 a, worensi “ne trenee” anaa “nea aka nyinaa” so dua bere a wopɛ sɛ wokyerɛkyerɛ nea ‘ahenni no a wɔhwehwɛ no kan’ kyerɛ mu no.
Wɔ Ɔsom Nhyiam kasa bi mu no, ebia wobɛpɛ sɛ wokenkan Mateo 28:19. Nsɛmfua bɛn na ɛsɛ sɛ wusi so dua? Sɛ wopɛ sɛ wohyɛ nsiyɛ a wɔde befi ofie Bible adesua ase ho nkuran a, si ‘monkɔyɛ asuafo’ no so dua. Nanso sɛ wopɛ sɛ woka asɛyɛde a Kristofo wɔ sɛ wɔka Bible mu nokware no kyerɛ atubrafo, anaasɛ wopɛ sɛ wohyɛ adawurubɔfo bi nkuran ma wɔkɔsom wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse a, wubetumi asi “amanaman nyinaa” so dua.
Mpɛn pii no, wɔde kyerɛwsɛm bua asɛm bi anaa wɔde kyerɛkyerɛ asɛm bi a afoforo adwenem nteɛ wɔn wɔ ho mu. Sɛ wusi adwene a ɛwɔ asɛm no mu nyinaa so dua pɛ a, ebia w’atiefo no ntumi nhu asɛm no ani so. Ebia wo na wobɛte asɛm no ase, na ɛnyɛ wɔn.
Sɛ nhwɛso no, sɛ worekenkan Dwom 83:18 afi Bible a Onyankopɔn din wom mu na sɛ wotwe adwene nyinaa si “ɔsorosoroni” so a, ofiewura no ntumi nhu nokwasɛm pefee a ɛne sɛ Onyankopɔn wɔ din no. Ɛsɛ sɛ wusi edin “Yehowa” no so dua. Nanso, sɛ wode saa kyerɛwsɛm koro no ara rekyerɛkyerɛ Yehowa tumidi mu a, ɛsɛ sɛ wusi “ɔsorosoroni” no so dua titiriw. Saa ara na sɛ wode Yakobo 2:24 rekyerɛ hia a ehia sɛ yɛde nnwuma bata gyidi ho a, “wobu onipa bem” a wode bedi dwuma sen sɛ wode “nnwuma” bedi dwuma no betumi ama asɛm no ayera wɔn a wɔretie wo no binom.
Yebetumi ahu nhwɛso foforo a mfaso wɔ so wɔ Romafo 15:7-13. Eyi yɛ krataa bi a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa asafo bi a na emufo yɛ Amanaman mufo ne Yudafo mu nsɛm bi. Ɔsomafo no kyerɛkyerɛ mu wɔ ha sɛ ɛnyɛ Yudafo a wɔatwa twetia no nkutoo na wonya Kristo som adwuma no so mfaso, na mmom amanaman mufo no nso; “na Onyankopɔn mmɔborohunu nti amanaman [mufo no] ahyɛ no anuonyam.” Afei, Paulo faa kyerɛw nsɛm anan de kaa asɛm twee adwene sii hokwan a amanaman mufo wɔ no so. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wokenkan saa kyerɛw nsɛm no de si adwene a na Paulo kura no so dua? Sɛ worehyɛ nsɛm bi a ɛsɛ sɛ wusi so dua nsow a, wubetumi atwe adwene asi “amanaman” a ɛwɔ nkyekyem 9, “mo amanaman” a ɛwɔ nkyekyem 10, “mo amanaman nyinaa” ne “mo aman ahorow nyinaa” a ɛwɔ nkyekyem 11, ne “amanaman” a ɛwɔ nkyekyem 12 no so. Bɔ mmɔden sɛ wubesi so dua saa, bere a wokenkan Romafo 15:7-13 no. Bere a woyɛ saa no, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛte Paulo nkyerɛkyerɛmu no nyinaa ase, na emu ada hɔ ama wo.
Akwan a Wɔfa so Si Nsɛm so Dua. Wubetumi afa akwan pii so asi nsɛntitiriw a wopɛ sɛ wusi so dua wɔ asɛm bi mu no so dua. Ɛsɛ sɛ ɔkwan a wofa so de di dwuma no ne kyerɛwsɛm no ne sɛnea wo kasa no te no hyia. Wɔama ho nyansahyɛ kakra wɔ ha.
Ɛnne mu nsakrae. Eyi yɛ ɛnne nsakrae biara a ɛma adwene a ɛwɔ asɛntitiriw bi mu no yi ne ho adi wɔ kasamu no fã a aka no ho. Wonam wo nne a wobɛsakra no no so betumi asi so dua—sɛ́ ebia wobɛma akɔ soro anaasɛ wobɛma aba fam. Wɔ kasa horow pii mu no, ɛnne mu nsakrae si asɛm bi so dua. Nanso, wɔ kasa ahorow bi mu no, ebetumi asakra asɛm bi ntease koraa. Sɛ wotɔ wo bo ase ka asɛntitiriw bi a, ɛhyɛ asɛm no mu den. Wɔ kasa horow a wontumi nsakra ɛnne mu mfa nsi nsɛm bi so dua mu no, ebehia sɛ wofa ɔkwan biara a wogye tom wɔ kasa no mu so du wo botae ho.
Ɔkasa mu home. Wubetumi ayɛ eyi de afi akenkan bi ase anaasɛ bere a woakenkan kyerɛwsɛm fã titiriw bi awie—anaa n’abien nyinaa no. Home a wobɛhome ansa na woakenkan adwene a ɛwɔ asɛm bi mu no ma wɔhwɛ biribi kwan; home a wobɛhome bere a woakenkan awie no hyɛ asɛm no mu den. Sɛ wugyinagyina pii a, ɛrensi biribiara so dua.
Ntĩmu. Wubetumi asi asɛm pɔtee bi so dua denam gyina a wubegyina na woasan akenkan asɛmfua bi anaa kasasin bi bio so. Ɔkwan a ɛtaa yɛ papa ne sɛ wobɛkenkan asɛm no awie ansa na woatĩ asɛntitiriw no mu.
Nipadua a wɔde si asɛm so dua. Mpɛn pii no, nipaduam ahokeka ne anim yɛbea betumi ama nkate a ɛwɔ asɛmfua anaa kasasin bi mu no ada adi.
Sɛnea ɛnne gyigye. Wɔ kasa ahorow bi mu no, ɛtɔ mmere bi a wɔde ɛnne bi a etumi sakra asɛm bi nkyerɛase anaa ɛma eyi ne ho na ɛkenkan ade. Ɛsɛ sɛ wode anifere di dwuma wɔ ha nso, titiriw bere a wonam kasa a ɛyɛ yaw so reka asɛm bi no.
Bere a Afoforo Kenkan Kyerɛw Nsɛm. Sɛ ofiewura kenkan kyerɛwsɛm bi a, ebia obesi asɛm a ɛmfata sɛ osi so dua mmom so dua anaasɛ onsi bi so dua koraa. Sɛ ɛba saa a dɛn na wubetumi ayɛ? Mpɛn pii no eye sɛ wobɛma mu ada hɔ denam sɛnea w’ankasa wode kyerɛw nsɛm no bedi dwuma no so. Sɛ wokyerɛkyerɛ mu wie a, wubetumi ahyɛ da atwe adwene asi Bible mu nsɛm a adwene a ɛwɔ asɛm no mu gyina so no so tẽẽ.
-
-
Kyerɛwnsɛm a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan a Ɛteɛ SoNya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
-
-
ADESUA 22
Kyerɛwnsɛm a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan a Ɛteɛ So
SƐ YƐREKYERƐKYERƐ afoforo a, ɛnyɛ nea ehia ara ne sɛ yɛbɛkenkan nsɛm bi afi Bible mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa ne yɔnko Timoteo sɛ: ‘Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’—2 Tim. 2:15.
Eyi a yɛbɛyɛ no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ kyerɛw nsɛm mu nkyerɛkyerɛmu a yɛde ma no ne nea Bible no ankasa kyerɛkyerɛ no hyia. Eyi hwehwɛ sɛ yesusuw nsɛm a atwa ho ahyia no ho sen sɛ yɛbɛpaw nsɛm bi a yɛn ani gye ho ara kwa, na yɛde yɛn nsusuwii akeka ho. Yehowa nam odiyifo Yeremia so bɔɔ adiyifo a na wɔkyerɛ sɛ wɔnam Yehowa so na ɛkasa nanso “wɔn komam adehu na wɔka” no kɔkɔ. (Yer. 23:16) Ɔsomafo Paulo bɔɔ Kristofo kɔkɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm a wɔde nnipa nyansapɛ bɛfra mu no ho bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛapa aniwude a wohintaw so, na yɛnnantew anifere mu, nso yɛmfra Onyankopɔn asɛm mu.” Saa mmere no, na aguadifo adifudepɛfo fra wɔn bobesa mu ma ɛdɔɔso sɛnea ɛbɛma wɔanya sika pii. Yɛmfra Onyankopɔn Asɛm mu denam nnipa nyansapɛ a yɛde bɛfra mu so. Paulo kae sɛ: “Yɛnte sɛ pii no a wɔde Onyankopɔn asɛm yɛ aguade, na mmom sɛ wɔn a woyi wɔn yam [kasa], Onyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu Onyankopɔn anim.”—2 Kor. 2:17; 4:2.
Ɛtɔ mmere bi a, wubetumi afa kyerɛwsɛm bi mu asɛm aka de asi nnyinasosɛm bi so dua. Nnyinasosɛm a ɛma yɛn akwankyerɛ pa a yɛde bedi tebea horow pii ho dwuma wɔ Bible no mu bebree. (2 Tim. 3:16, 17) Nanso ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ wo nkyerɛkyerɛmu no yɛ nokware, ne sɛ womfa kyerɛwsɛm bi nni dwuma wɔ ɔkwan a ɛmfata so mma ɛnyɛ sɛ, ɛreka nea wopɛ sɛ ɛka. (Dw. 91:11, 12; Mat. 4:5, 6) Ɛsɛ sɛ nkyerɛkyerɛmu no ne Yehowa atirimpɔw ne Onyankopɔn Asɛm no nyinaa hyia.
Nea ‘nokwasɛm no a wubekura mu pɛpɛɛpɛ’ kyerɛ nso ne sɛ wobɛte nea Bible no ka ankasa ase yiye. Ɛnyɛ ‘abaa’ a wode bɛhwe afoforo. Nyamesom akannifo a wɔsɔre tiaa Yesu Kristo no faa Kyerɛwnsɛm no mu asɛm kae, nanso na wɔrebu wɔn ani agu mmara no mu nea ɛsom bo—nea ɛfa atɛntrenee ne mmɔborohunu ne nokwaredi ho a Onyankopɔn hwehwɛ—no so. (Mat. 22:23, 24; 23:23, 24) Bere a na Yesu rekyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no, ɔdaa N’agya nipasu adi. Ná ɔdɔ a Yesu wɔ ma nkurɔfo a ɔrekyerɛkyerɛ wɔn no ka nsi a na ɔyɛ wɔ nokware no ho no ho. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi ne nhwɛso akyi.—Mat. 11:28.
Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛrekyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm bi mu yiye? Bible akenkan a yɛbɛyɛ no daa no bɛboa yɛn. Afei nso ehia sɛ yɛkyerɛ nsiesiei a Yehowa nam Kristofo kuw a wɔasra wɔn “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so yɛ de honhom fam aduan ma gyidi fifo no ho anisɔ. (Mat. 24:45)Kokoam adesua ne asafo nhyiam ahorow a yɛbɛkɔ anya mu kyɛfa daa no bɛboa yɛn ma yɛanya akwankyerɛ a wɔnam saa akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no so de ma yɛn no mu mfaso.
Sɛ Reasoning From the Scriptures nhoma no bi wɔ mo kasa mu na sɛ wusua sɛnea wode bedi dwuma yiye a, ɛrenyɛ den mma wo sɛ wubenya kyerɛw nsɛm pii mu nkyerɛkyerɛmu a wɔtaa de di dwuma wɔ asɛnka mu no. Sɛ woreyɛ nhyehyɛe de kyerɛwsɛm bi a wunnim adi dwuma a, ahobrɛase bɛka wo ma woayɛ nhwehwɛmu a ehia na sɛ worekasa a, woaso nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.—Mmeb. 11:2.
Ma Nkyerɛkyerɛmu no Mu Nna Hɔ. Sɛ worekyerɛkyerɛ afoforo a, hwɛ hu sɛ wɔte asɛm a morebɔ ho nkɔmmɔ no ne kyerɛw nsɛm a wode redi dwuma no ase. Sɛ wode asɛmmisa bi di kyerɛwsɛm no anim a, ɛsɛ sɛ w’atiefo no hu sɛnea kyerɛwsɛm no bua asɛm no. Sɛ wode kyerɛwsɛm no regyina asɛm bi akyi a, hwɛ hu sɛ osuani no ahu sɛnea kyerɛwsɛm no si asɛm no so dua no pefee.
Kyerɛwsɛm no a wobɛkenkan ara kwa—na woasi so dua mpo no—ntaa nnɔɔso. Kae sɛ nnipa pii nte Bible no ase ma enti sɛ wokenkan no pɛnkoro pɛ a, wɔrente nea worepɛ akyerɛ no ase. Twe adwene si kyerɛwsɛm no fã a ɛkyerɛkyerɛ asɛm a woreka no mu tẽẽ no so.
Mpɛn pii no eyi hwehwɛ sɛ woma nsɛntitiriw a ɛwom a ɛfa asɛm a moreka ho asɛm tẽẽ no ho no da adi. Ɔkwan a ɛyɛ tiaa koraa ne sɛ wubetĩ nsɛmfua a adwene a ɛwom no gyina so no mu. Sɛ wo ne onipa biako na ɛrekasa a, wubetumi abisa nsɛm a ɛbɛboa no ma wahu nsɛntitiriw a ɛwom no. Sɛ akasafo binom rekasa kyerɛ nnipakuw a, wɔpɛ sɛ wɔde nsɛm a ekura nkyerɛase koro na edi botae no ho dwuma anaasɛ wobetĩ adwene a ɛwom no mu. Nanso sɛ wopaw sɛ wobɛyɛ eyi a, hwɛ yiye na atiefo no adwene amfi nea wode rekyerɛkyerɛ nsɛm mu no ne sɛnea wɔaka asɛm no wɔ kyerɛwsɛm mu no so.
Sɛ woma nsɛntitiriw a ɛwom no da adi a, na woato fapem pa. Afei di akyi. Bere a worefrɛ kyerɛwsɛm no, so wokyerɛ nea enti a wode kyerɛwsɛm no redi dwuma no? Sɛ saa a, kyerɛ sɛnea nsɛm a woasi so dua no ne nea wopɛ sɛ w’atiefo no hwɛ kwan no bɔ abusua. Ma wonhu saa nkyerɛkyerɛmu no pefee. Sɛ mpo woamfa nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa amfi kyerɛwsɛm no ase a, ɛsɛ sɛ wode biribi di akyi.
Farisifo no bisaa Yesu asɛm bi a na wosusuw sɛ ɛyɛ den, a ɛne sɛ: “Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ogyaa ne yere anaa?” Yesu de ne mmuae no gyinaa Genesis 2:24 so. Hyɛ no nsow sɛnea ɔtwee adwene sii ne fã biako pɛ so, na afei ɔde nkyerɛkyerɛmu a ehia mae. Bere a Yesu kae sɛ ɔbarima ne ne yere no bɛyɛɛ “ɔhonam koro” no, ɔde n’asɛm no baa awiei sɛ: “Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!”—Mat. 19:3-6.
Nkyerɛkyerɛmu ahe na ɛsɛ sɛ wode ma na ama sɛnea wode kyerɛwsɛm bi di dwuma no mu ada hɔ? Nnipa ahorow a wɔretie wo no ne hia a asɛm a woreka no ho hia no na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ. Ma ɛnyɛ wo botae sɛ wobɛka nsɛm a ɛyɛ tẽẽ na asete nyɛ den.
Fi Kyerɛwnsɛm Mu Susuw Nsɛm Ho. Ɛdefa ɔsomafo Paulo som adwuma a ɔyɛe wɔ Tesalonika ho no, Asomafo no Nnwuma 17:2, 3 ka kyerɛ yɛn sɛ ‘ofi Kyerɛwnsɛm mu ne wɔn susuw nsɛm ho.’ Eyi yɛ su a ɛsɛ sɛ Yehowa somfo biara bɔ mmɔden sɛ obenya. Sɛ nhwɛso no, Paulo kaa Yesu asetra ne ne som adwuma ho nokwasɛm, na ɔkyerɛe sɛ na wɔaka eyi ho asɛm asie wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu, na afei ɔde n’asɛm no baa awiei pen sɛ: “Yesu a meka mo ne ho asɛm yi ara ne Kristo no.”
Bere a na Paulo rekyerɛw krataa akɔma Hebrifo no, ɔfaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm kae mpɛn pii. Sɛ ɔresi asɛm bi so dua anaasɛ ɔrekyerɛkyerɛ mu a, na ɔtaa twe adwene si asɛmfua biako anaa kasasin bi so na afei ɔkyerɛ sɛnea ɛho hia. (Heb. 12:26, 27) Paulo faa Dwom 95:7-11 de kaa asɛm a ɛwɔ Hebrifo ti 3 no. Hyɛ no nsow sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ n’afã abiɛsa mu: (1) nea ɛfa koma no ho (Heb. 3:8-12), (2) nea asɛmfua “ɛnnɛ” kyerɛ (Heb. 3:7, 13-15; 4:6-11), ne (3) nea asɛm: “Wɔrenhyɛn me home mu” no kyerɛ (Heb. 3:11, 18, 19; 4:1-11). Bɔ mmɔden sɛ wubesuasua saa nhwɛso no bere a wokyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm no mu biara mu no.
Hyɛ ɔkwan a etu mpɔn a Yesu de Kyerɛwnsɛm no susuw nsɛm ho wɔ Luka 10:25-37 no nsow. Mmarakyerɛfo bi bisaa no sɛ: “Kyerɛkyerɛfo menyɛ dɛn na manya daa nkwa?” Yesu de mmuae rema no, odii kan too nsa frɛɛ ɔbarima no sɛ ɔnkyerɛ n’adwene wɔ asɛm no ho, na afei osii hia a ehia sɛ ɔyɛ nea Onyankopɔn Asɛm ka so dua. Bere a ɛbɛdaa adi sɛ ɔbarima no nte asɛm no ase no, Yesu faa asɛmfua biako pɛ—“yɔnko”—fii kyerɛwsɛm no mu kyerɛkyerɛɛ mu yiye. Sɛ́ anka ɔbɛkyerɛkyerɛ mu ara kwa no, ɔde mfatoho dii dwuma de boaa ɔbarima no ma ɔtee ase yiye.
Ɛda adi sɛ, sɛ Yesu rebua nsɛm a, na ɔmfa kyerɛw nsɛm a ebua asɛm no tẽẽ mma mmuae kɛkɛ. Ná osusuw nea ɛka no ho, na wagyina so de akyerɛkyerɛ asɛmmisa no mu.
Bere a na Sadukifo no regye owusɔre anidaso no ho kyim no, Yesu twee adwene sii Exodus 3:6 fã pɔtẽẽ bi so. Nanso bere a ɔfaa kyerɛwsɛm no mu asɛm ka wiei no, wamma anso hɔ ara. Osusuw ho de kyerɛe pefee sɛ owusɔre no ka Onyankopɔn atirimpɔw ho.—Marko 12:24-27.
Wo ho a wobɛma akokwaw wɔ nsɛm a wosusuw ho yiye fi Kyerɛwnsɛm mu no bɛboa wo ma woayɛ ɔkyerɛkyerɛfo a otu mpɔn.
-
-
Aba a Ɛwom a Wɔma Ɛda AdiNya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
-
-
ADESUA 23
Aba a Ɛwom a Wɔma Ɛda Adi
SƐ́ EBIA wo ne obi na ɛrekasa anaasɛ worekasa akyerɛ nnipa pii no, nyansa nnim sɛ wubesusuw sɛ w’atiefo no ani begye w’asɛm no ho esiane sɛ w’ani gye ho nti. W’asɛm no ho hia, nanso sɛ woamma mfaso a ɛwɔ so no anna adi a, worentumi nnya w’atiefo no mma wontie wo nkyɛ.
Eyi te saa wɔ atiefo a wɔwɔ Ahenni Asa so mpo fam. Ebia sɛ wode mfatoho anaa osuahu bi a wɔntee da ma a, wɔn adwene bɛba wo so. Nanso sɛ woka nsɛm a wonim dedaw, titiriw sɛ woansusuw ho ankɔ akyiri a, wobetumi ayi wɔn adwene afi wo so. Ehia sɛ woboa wɔn ma wohu nea enti ne ɔkwan a asɛm a woreka no so bɛba wɔn mfaso ankasa.
Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yensusuw nneɛma ho yiye. (Mmeb. 3:21) Yehowa de Yohane Osuboni dii dwuma maa nkurɔfo ‘nyaa treneefo adwene.’ (Luka 1:17) Eyi ne nyansa a efi Yehowa ho suro pa mu no. (Dw. 111:10) Wɔboa wɔn a wɔkyerɛ saa nyansa yi ho anisɔ no ma wotumi tra ase nnɛ na ama wɔn nsa atumi aka nokware nkwa, daa nkwa a ɛbɛba no.—1 Tim. 4:8; 6:19.
Ɔkasa a Wobɛma Ayɛ Nea Wotumi De Di Dwuma. Sɛ wobetumi de wo kasa adi dwuma a, ɛnsɛ sɛ wususuw asɛm no nko ho, na mmom ɛsɛ sɛ wususuw atiefo no nso ho. Nsusuw wɔn ho sɛ kuw bi kɛkɛ. Ankorankoro ne mmusua na wɔbom yɛ saa kuw no. Ebia na mmofra nkumaa paa, wɔn a wɔadu mpanyin afe so, mpanyimfo, ne afoforo a wɔanyinyin wom. Ebia wɔn a afei na wɔrekyerɛ anigye ne wɔn a wofii Yehowa som ase ansa na wɔrewo wo wom. Ebia na honhom fam no, ebinom ho akokwaw; ebia na suban ahorow ne wiase no nneyɛe bi anya afoforo so nkɛntɛnso kɛse. Bisa wo ho sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na atiefo benya asɛm a merekɔka no so mfaso? Mɛyɛ dɛn aboa wɔn ma wɔanya aba a ɛwom no?’ Ebia wubesi gyinae sɛ wobɛhyɛ da atwe adwene asi kuw a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ ha yi mu biako pɛ anaa abien so. Nanso mma wo werɛ mfi wɔn a aka no koraa.
Na sɛ wɔde Bible nkyerɛkyerɛ titiriw bi na ama wo sɛ kyerɛkyerɛ mu nso ɛ? Ɔkwan bɛn so na wubetumi ama atiefo a wogye saa nkyerɛkyerɛ no di dedaw no anya so mfaso? Bɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ ahotoso a wɔwɔ wom no mu den. Ɔkwan bɛn so? Denam kyerɛwsɛm a ɛkyerɛkyerɛ mu a wo ne wɔn besusuw ho no so. Afei nso wubetumi ama anisɔ a wɔwɔ ma saa Bible nkyerɛkyerɛ no mu ayɛ den kɛse. Wubetumi ayɛ eyi denam sɛnea saa nkyerɛkyerɛ no ne Bible mu nokware afoforo ne Yehowa ankasa nipasu hyia a wobɛda no adi no so. Ma nhwɛso ahorow—sɛ ɛbɛyɛ yiye a, nsɛm a asisi ankasa—a ɛkyerɛ sɛnea nkurɔfo anya saa nkyerɛkyerɛ no so mfaso ne sɛnea anya wɔn daakye asetra so nkɛntɛnso.
Mma mfaso a ɛwɔ so no nnyɛ nsɛm kakraa bi a wode bewie wo kasa no. Wɔ kasa no mfiase pɛɛ no, ɛsɛ sɛ atiefo no mu biara te nka sɛ “asɛm yi fa me ho.” Bere a woato saa fapem no awie no, kɔ so ma mfaso a ɛwɔ so no nna adi bere a woka nsɛntitiriw a ɛwɔ wo kasa no mu ho asɛm ne bere a worewie no nso.
Sɛ worekyerɛ ɛso mfaso no mu a, hwɛ hu sɛ wobɛma ɛne Bible mu nnyinasosɛm ahyia. Dɛn na ɛno kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ wobɛda ɔdɔ ne tema adi. (1 Pet. 3:8; 1 Yoh. 4:8) Bere a na ɔsomafo Paulo redi tebea horow a emu yɛ den ho dwuma wɔ Tesalonika mpo no, ɔde yɛɛ ne su sɛ obesi ne nuanom Kristofo mmarima ne mmea a na wɔwɔ hɔ no honhom fam nkɔso so dua. Afei nso onyaa wɔn mu ahotoso sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ wɔ asɛm a na wɔresusuw ho no mu. (1 Tes. 4:1-12) Nhwɛso fɛfɛ a ɛsɛ sɛ yesua bɛn ara ni!
So wo kasa no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛkanyan afoforo ma wɔde wɔn ho ahyɛ asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu? Kanyan wɔn ma wɔnkyerɛ hokwan no ho anigye ne anisɔ. Nanso, bere a woyɛ saa no, ma ɛntra w’adwenem sɛ ɛsono baabi a obiara betumi de ne ho ahyɛ adwuma yi mu akodu, na Bible no ka eyi ho asɛm. (Mat. 13:23) Mma wo nuanom nnte nka sɛ wɔmmɔ mmɔden. Hebrifo 10:24 hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ Sɛ yɛtwe adwene kɔ ɔdɔ so a, nnwuma a wofi adwempa mu yɛ bedi akyi. Sɛ́ anka wobɛhyɛ wɔn ma wɔayɛ ade no, hyɛ no nsow sɛ ‘osetie a ɛde kɔ gyidi mu’ na Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ. (Rom. 16:26) Bere a eyi wɔ yɛn adwenem no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ gyidi ho nkuran—yɛne yɛn nuanom nyinaa de nso bi.
Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔate Aba a Ɛwom no Ase. Bere a wudi afoforo adanse no, mma w’ani mmpa so sɛ wubesi mfaso a ɛwɔ asɛmpa no so no so dua. Saa a wobɛyɛ no hwehwɛ sɛ wususuw nea ɛwɔ nkurɔfo a wɔwɔ w’asasesin mu no adwenem ho. Wobɛyɛ dɛn ahu? Tie nsɛm a wɔka wɔ radio anaa television so no. Hwɛ nsɛm a epue wɔ atesɛm krataa anim no. Afei nso bɔ mmɔden sɛ wobɛtwetwe nkurɔfo ma wɔakasa, na tie wɔn bere a wɔkasa no. Wubehu sɛ ebia nsɛm bi rehaw wɔn—adwuma a afi wɔn nsa, ɔdan ka, ɔyare, obusuani bi wu, amumɔyɛfo ho suro, atɛnkyea a obi a ɔwɔ tumi bu wɔn, aware a asɛe, mmofra sodi, ne nea ɛtete saa. So Bible no betumi aboa wɔn? Akyinnye biara nni ho.
Sɛ worefi nkɔmmɔbɔ bi ase a, ɛda adi sɛ wubenya asɛmti bi wɔ w’adwenem. Nanso sɛ onipa no kyerɛ sɛ ɔwɔ asɛm foforo bi a ɛho hia no, na sɛ wubetumi ne no asusuw ho a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho, anaasɛ ka kyerɛ no sɛ wobɛsan aba de ho nsɛm a ɛbɛboa no abrɛ no. Ɛwom, yɛkwati sɛ ‘yɛde yɛn ho bɛhyehyɛ nsɛm a ɛmfa yɛn ho mu,’ nanso yefi anigye mu ka Bible mu afotu kyerɛ afoforo. (2 Tes. 3:11) Ɛda adi sɛ nea nkurɔfo ani begye ho paa ne Bible mu afotu a ɛfa wɔn ankasa asetra ho.
Sɛ nkurɔfo ntumi nhu sɛnea yɛn asɛm no fa wɔn ho ankasa a, wobetumi atwa nkɔmmɔbɔ no so ntɛm ara. Sɛ wɔma yɛkasa mpo na sɛ yɛantumi ankyerɛ mfaso a ɛwɔ asɛm no so a, yɛn asɛm no rennya wɔn asetra so nkɛntɛnso pa biara. Nea ɛne no bɔ abira no, sɛ yɛma mfaso a ɛwɔ asɛm no mu no mu da hɔ pefee a, yɛn nkɔmmɔbɔ no betumi asakra nkurɔfo asetra.
Sɛ woreyɛ Bible adesua a, kɔ so si mfaso a ɛwɔ so no so dua. (Mmeb. 4:7) Boa asuafo ma wɔnte Kyerɛwnsɛm mu afotu, nnyinasosɛm, ne nhwɛso ahorow a ɛkyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛnantew Yehowa akwan so no ase. Si mfaso a ebefi saa a wɔbɛyɛ mu aba no so dua. (Yes. 48:17, 18) Eyi bɛka asuafo ma wɔayɛ nsakrae a ehia wɔ wɔn asetram. Ma wonnya Yehowa ho dɔ na wonnya ɔpɛ sɛ wɔbɛsom no, na womfi wɔn komam mfa afotusɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no nni dwuma.
-