Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔhaw Bi a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
    Nyan!—2001 | November 8
    • Ɔhaw Bi a Ɛwɔ Wiase Nyinaa

      “Nnipa pii rekum wɔn ho ma ɛyɛ hu.”—David Satcher, oduruyɛfo panyin a na ɔwɔ U.S. wɔ 1999 mu.

      ASƐM a ɔkae yi ne bere a edi kan koraa a United States duruyɛfo panyin de too ɔmanfo anim sɛ nkurɔfo rekum wɔn ho. Wɔn a wokum wɔn ho wɔ saa man no mu seesei no dɔɔso sen wɔn a nkurɔfo kum wɔn. Ɛnyɛ nwonwa sɛ U.S. Mmarahyɛ Bagua no de too ɔmanfo nyinaa anim sɛ obiara mfa no asɛnhia mma wonsiw ano.

      Nanso, nnipa 100,000 biara mu 11.4 a wokum wɔn ho 1997 mu wɔ United States no nnu wiase nyinaa de—100,000 biara mu 16—a Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no de too gua wɔ 2000 mu no. Nnipa dodow a wokum wɔn ho wiase nyinaa no akɔ anim ɔha mu 60 wɔ mfe 45 a atwam no mu. Seesei, nnipa a wɔn ankasa kum wɔn ho wɔ wiase nyinaa afe biako pɛ mu no nenam ɔpepem biako. Ɛkyerɛ sɛ bɛyɛ anibu 40 biara no, obi kum ne ho!

      Ne nyinaa mu no, akontaabu mma yenhu nea ɛrekɔ so no nyinaa. Sɛ obi kum ne ho a, ɛtaa ba sɛ n’abusuafo nka mu nokware. Afei nso, sɛ yɛde yɛn ani fa mu a yehu sɛ, sɛ onipa biako kum ne ho a, ɛkyerɛ sɛ nnipa 10 de rekɔ 25 nso faa kwan bi so sɛ wobekum wɔn ho, na yɛ na anyɛ yiye. Nhwehwɛmu bi kyerɛe sɛ United States ntoaso sukuufo bi gye toom sɛ afe a na atwam no, wɔn mu ɔha mu 27 ani beree paa sɛ wobekum wɔn ho; ɔha mu 8 faa akwan bi so sɛ wobekum wɔn ho na anyɛ yiye. Nhwehwɛmu afoforo nso akyerɛ sɛ mpanyimfo ɔha mu 5 de rekɔ 15 adwene ho pɛn sɛ wobekum wɔn ho.

      Amammerɛ mu Nsonsonoe

      Ɛsono sɛnea obiara hu kum a obi bekum ne ho no koraa. Ebinom bu no bɔne, ebinom nso fa no sɛ ade a ahufo de kwati amanehunu, na ebinom nso fa no sɛ nidi kwan a wɔde pa kyɛw. Ebinom mpo fa no sɛ ɔkwampa a wɔde twe adwene si biribi so. Adɛn nti na ɛsono obiara adwene saa no? Amammerɛ ka ho bi paa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛnea The Harvard Mental Health Letter kyerɛ no, amammerɛ betumi “ama obi akum ne ho” mpo.

      Twa w’ani hwɛ Europa mfinimfini man Hungary. Oduruyɛfo Zoltán Rihmer kyerɛ sɛ nnipa bebrebe a wokum wɔn ho wɔ hɔ no fi wɔn “‘amammerɛ’ a ɛyɛ awerɛhow no.” Béla Buda, Ɔman Apɔwmuden Asoɛe a ɛwɔ Hungary no kwankyerɛfo kae sɛ, biribiara tumi ma Hungaryfo kum wɔn ho ntɛm koraa. Buda kyerɛ sɛ wɔtaa ka asɛm bi sɛ: “Ɔyare kokoram—onim ɔkwan a ɔbɛfa so atwa tebea no so.”

      Bere bi, na ɔsom mu amammerɛ bi a wɔfrɛ no sutee wɔ India. Wɔabara amanne yi a ɛhwehwɛ sɛ okunafo huruw ne ho to egya a wɔde hyew ne kunu mu no dedaadaw de, nanso ebinom da so yɛ. Bere a wɔbɔɔ amanneɛ sɛ ɔbea bi ayɛ saa akum ne ho no, ɛhɔfo no pii kamfoo no paa wɔ awerɛhosɛm yi ho. India Today bɔ amanneɛ sɛ India fam hɔ no, “mmea 25 na wɔahyew wɔn ho wɔ wɔn kununom gya mu wɔ mfe 25 mu.”

      Ɛyɛ nwonwa yiye sɛ wɔn a wokum wɔn ho wɔ Japan no kyɛn wɔn a wowu wɔ kar akwanhyia mu no mprɛnsa! Japan—An Illustrated Encyclopedia ka sɛ: “Japanfo a wɔmmaraa ahodɔmdi da no wɔ amammerɛ bi a ase atim yiye (seppuku, anaa hara-kiri) a etumi ma obi twa ne yam tu ne nsono gu.”

      Inazo Nitobe a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Amanaman Apam no kyerɛwfo panyin abadiakyiri no kaa no ne nhoma a ɔkyerɛwee, Bushido—The Soul of Japan, no mu sɛ wɔn ani gye amammerɛ a ɛfa owu ho no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Bere a wɔkyerɛ sɛ na nnipa ani mmuei no na amammerɛ yi [seppuku] bae, na ɛbɛyɛɛ ɔkwan bi a na akofo tumi fa so pata nkurɔfo, pa kyɛw, guan animguase, ka wɔn nnamfo ba wɔn ho, na wɔde kyerɛ sɛ wodi nokware.” Nnipa dodow no ara agyae amammerɛ a ɛma wokum wɔn ho yi, nanso ɛnam sɛ na nnipa dodow no ara yɛ nti, nnipa mmiako mmiako bi da so yɛ.

      Aman a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no de, wofi tete abu ahodɔmdi sɛ ɛyɛ bɔne. Wɔ afeha a ɛtɔ so asia ne ason mu no, Roman Katolik Asɔre no yii wɔn a wokum wɔn ho no fii asɔre no mu na wɔanyɛ wɔn ayi. Mmeae bi wɔ hɔ a ɔsom bi adi wɔn ti araa ma enti sɛ obi kum ne ho a ɛwɔ amanne bi a wɔyɛ—wotumi de wɔn funu sɛn dua so de nnua mpo wowɔ wɔn koma mu.

      Aseresɛm ne sɛ, ɛtɔ da a na wotumi kum wɔn a anka wɔrekum wɔn ho no. Ɛnam sɛ Engiresini bi a ɔtraa ase afeha a ɛtɔ so 19 mu twaa ne mene mu de pɛe sɛ okum ne ho nti, wɔsɛnee no. Enti nea ɔbarima no ankasa antumi anyɛ no, mpanyimfo no yɛ maa no. Ɛho asotwe no de nkakrankakra sesãe de, nanso 1961 ansa na Britain Mmarahyɛ Bagua no de reto gua sɛ ɛnyɛ bɔne bio sɛ obi bekum ne ho anaasɛ ɔbɛsɔ ahwɛ. Irelandfo de, 1993 yi ara na wɔkae sɛ ɛnyɛ bɔne bio.

      Ɛnnɛ, nhoma akyerɛwfo bi kyerɛ sɛ, sɛ obi pɛ a, obetumi akum ne ho. Nhoma bi a wɔkyerɛw no 1991 mu a ɛkyerɛ ɔkwan a yɛbɛfa so aboa wɔn a wɔyare owuyare ama wɔawu no kyerɛɛ akwan bi a obi betumi de atwa ne nkwa so. Akyiri yi wɔn a na wɔnyare owuyare no bebree faa saa akwan no bi so kum wɔn ho.

      Sɛ biribi haw obi a, wugye di sɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ara ne sɛ obekum ne ho? Anaa yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛtra ase? Momma yenni kan nhwɛ nea ɛma nkurɔfo kum wɔn ho no ansa na yɛayi nsɛm yi ano.

      [Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

      Nnipa ɔpepem biako na wokum wɔn ho wɔ wiase nyinaa wɔ afe biako pɛ mu. Ɛkyerɛ sɛ bɛyɛ anibu 40 biara no, obi kum ne ho!

  • Nea Enti a Asetra Fono Ebinom
    Nyan!—2001 | November 8
    • Nea Enti a Asetra Fono Ebinom

      “Obiara bekum ne ho no, na ɛwɔ ase: ade a ontumi nka nkyerɛ obiara, ade a obiara nte ase, ade a ɛhaw adwene yiye.”—Kay Redfield Jamison, adwenemyare ho duruyɛfo.

      “A SETRA yɛ ateetee.” Saa na Ryunosuke Akutagawa, Japanni a ɔkyerɛw nhoma gyee din afeha 20 ahyɛase no kyerɛwee, na ankyɛ koraa na okum ne ho. Nanso nsɛm a ɔkyerɛwee ansa na ɔde eyi retoa so ni: “Nokwasɛm paa ne sɛ, mempɛ sɛ miwu, nanso . . .”

      Nnipa a wokum wɔn ho no bebree te sɛ Akutagawa, wɔmpɛ sɛ wowu, nanso sɛnea nnipa nneyɛe ho nimdefo bi kyerɛ no, “nea ɛhaw wɔn no na wɔpɛ sɛ wotwa so.” Nsɛm a nkurɔfo taa kyerɛw to hɔ ansa na wɔakum wɔn ho no ma yehu sɛ n’asɛm no yɛ nokware. Wɔtaa ka sɛ, ‘Afono me,’ ‘Mete wiase reyɛ dɛn?,’ na ne nyinaa ma yehu sɛ wɔabotow araa ma wɔpɛ sɛ wofi wiase haw ne abɛbrɛsɛ no mu. Nanso onimdefo bi kae sɛ, sɛ obi kum ne ho a, “ɛte sɛ nea ɔde nuklea ɔtopae resa ɔpapu.”

      Nneɛma a ɛma nkurɔfo kum wɔn ho no dɔɔso de, nanso abrabɔ mu nsɛm bi na ɛtaa kɔtwe ba.

      Nneɛma a Ɛkɔtwe Ba

      Ɛnyɛ nwonwa sɛ asɛm a ebinom remfa no asɛm biara mpo betumi ama mmabun abam abu na wɔakum wɔn ho. Sɛ obi yɛ biribi ma no haw mmabun na wontumi nyɛ ho hwee a, ebia wɔbɛyɛ wɔn adwene sɛ wobekum wɔn ho de ayɛ bi atua no ka. Hiroshi Inamura, ɔbenfo a ɔhwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wɔn ho wɔ Japan no kyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ mmofra dɛ sɛ wobekum wɔn ho de atwe obi a wadi wɔn ani aso.”

      Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no Britain nnansa yi kyerɛe sɛ, sɛ nkurɔfo teetee mmofra boro so a, ɛba wɔn tirim bɛyɛ mpɛn ason sɛ wonkum wɔn ho. Mmofra a wɔteetee wɔn saa no di yaw ankasa. Abarimaa bi a wadi mfe13 a ɔhyɛɛ akɔmfo kyerɛw nnipa baanum bi a wɔteetee no san gyee ne sika din too hɔ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mesrɛ mo, mommɔ mmofra a aka no ho ban.”

      Ebinom nso wɔ hɔ a, sɛ wobu mmara so anaa wonya asɛm wɔ sukuu mu, anaa ɔbea bi a wɔpɛ n’asɛm gyae wɔn akyi di, na wɔammɔ mmɔden wɔ sɔhwɛ mu anaasɛ sɔhwɛ ho hu hyɛ wɔn so na daakye ho adwennwene ma wɔbotow a, wobetumi akum wɔn ho. Mmabun a wɔbɔ mmɔden wɔ sukuu a wɔpɛ sɛ wɔyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ no, sɛ wɔantumi anyɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ no na biribi di wɔn huammɔ—anaa mpo wɔn ankasa adwene na ɛyɛ wɔn saa a—ebinom bɛbɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn nkwa betwa so.

      Sikasɛm anaa adwuma mu nsɛmnsɛm tumi ma mpanyimfo nso kum wɔn ho. Ohia a ɛbaa Japan mfe bi nti, nnansa yi wɔn a wokum wɔn ho afe biara no twaa mu 30,000. Mainichi Daily News kyerɛ sɛ nea ɛmaa mmarima mmasiriwa a wokum wɔn ho no baanan biara mu baasa twaa wɔn nkwa so ne sɛ, “na ebinom dede aka, ebinom adwuma nkɔ so, na ahia ebinom, na na ebinom nni adwuma.” Aware mu nsɛmnsɛm nso betumi ama ebinom akum wɔn ho. Finland koowaa krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Mmarima mmasiriwa a wɔagyae aware nnansa yi no” ka wɔn a wobetumi akum wɔn ho paa no ho. Nhwehwɛmu bi a Hungaryfo yɛe kyerɛ sɛ mmabaa a wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wobekum wɔn ho no dodow no ara awofo ntam atetew.

      Pɛnhyɛn ne yare nso ka ho bi paa na nkurɔfo kum wɔn ho, ɛnkanka nkwakora ne mmerewa. Mpɛn pii no, ɛnyɛ owuyare nti na wokum wɔn ho, na mmom wɔhwɛ na sɛ yaw no boro wɔn so a, na wɔatwa biribiara so.

      Nanso, ɛnyɛ obiara na saa nneɛma yi ma no kum ne ho. Mmom no, sɛ asɛm a ɛhaw adwene to nkurɔfo a, dodow no ara nkum wɔn ho. Ɛnde, adɛn nti na ebinom kum wɔn ho de twa biribiara so na ebinom nyɛ saa?

      Nneɛma a Ɛnna Adi

      Kay Redfield Jamison, Johns Hopkins Aduruyɛ Ho Sukuupɔn no mu ɔbenfo a ɔhwɛ adwenemyare no ka sɛ: “Sɛnea yɛte nneɛma ase no na ɛma nnipa dodow no ara yɛ wɔn adwene sɛ wobekum wɔn ho no.” Ɔde toa so sɛ: “Sɛ biribi nhaw obi adwene a, ɛntaa mma sɛ asɛm biara bɛhaw no ama wakum ne ho.” Eve K. Mościcki, a ɔwɔ U.S. Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Adwenemyare Ho Nsɛm no kyerɛ sɛ, nneɛma bebree—ebi wɔ hɔ a yenhu—na ɛka bom ma obi yɛ biribi de kyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ okum ne ho. Nneɛma a yenhu no bi ne adwenemyare, nnubɔne ne nsanom bebrebe a ɛma obi yare, nneɛma a yɛde wo no, ne n’amemene mu nnuannuru dodow. Momma yɛnhwehwɛ ebi mu.

      Nneɛma yi mu akɛse paa ne adwenemyare ne nneɛma a etumi ka obi hɔ te sɛ adwennwene ntraso, anigye ne awerɛhow mmoroso, yare a ɛma obi yɛ nneɛma a ntease nnim, nsanom bebrebe ne nnubɔne. Nhwehwɛmu a wɔyɛɛ no Europa ne United States nyinaa daa no adi sɛ wɔn a wokum wɔn ho no ɔha mu 90 ne akyi fi yare a ɛtete saa. Nokwarem no, nhwehwɛmufo a wɔwɔ Sweden hui sɛ mmarima a wonni yare yi mu biara no 100,000 biara mu 8.3 na wokum wɔn ho, nanso wɔn a wɔwɔ adwenemhaw no 100,000 biara mu 650 na wokum wɔn ho! Animdefo nso ka sɛ nneɛma a ɛtete saa bi na ɛma nkurɔfo kum wɔn ho wɔ Apuei fam aman no mu. Ne nyinaa mu no, sɛ adwenemhaw ne nneɛma a ɛkɔtwe ba no nyinaa ka bom mpo a, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obi kum ne ho.

      Ɔbenfo Jamison a anka ɔrekum ne ho bere bi no kae sɛ: “Ɛyɛ me sɛ, sɛ nnipa hu sɛ nneɛma bɛyɛ yiye a, wotumi fa adwenemhaw mu.” Nanso wahu sɛ, sɛ wɔn abam bu dodo a wɔyɛ wɔn ho hwee a ɛnyɛ yiye a, ɛde nkakrankakra ba wɔn tirim sɛ wobetwa wɔn nkwa so. Ose ɛte sɛ kar breeki a yɛatiatia so ama no ahi.

      Ehia sɛ yehu sɛnea adwenemhaw te yi, efisɛ yebetumi asa. Obi a n’abam abu koraa no betumi anya anidaso. Sɛ yedi nneɛma a yenhu no ho dwuma a, nnipa remma awerɛhow ne adwennwene nhaw wɔn pii nkosi sɛ wobetwa wɔn nkwa so.

      Ebinom dwene sɛ wɔn a wokum wɔn ho no pii wɔ hɔ a ɛwɔ wɔn mogya mu. Ampa, suban bi wɔ hɔ a ɛwɔ yɛn mogya mu, na nhwehwɛmu a nkurɔfo ayeyɛ kyerɛ sɛ mmusua bi kum wɔn ho sen ebinom. Nanso Jamison kyerɛ sɛ, “sɛ ɛwɔ yɛn mogya mu mpo a, biribiara nni hɔ a ɛno nti ɛsɛ sɛ yekum yɛn ho.”

      Obi amemene mu nnuannuru dodow nso betumi ama wakum ne ho. Tumi bi de nnuru kɔ amemene no mu nhama nketenkete ɔpepepem pii no mu ma edi nkitaho. Akwan nketenkete bi deda nhama no ano a akoakoa no mu, na ɛno mu na nnuru no nenam de nsɛm kɔ nhama no mu. Nnuru no biako bi a yɛfrɛ no serotonin dodow a ɛwɔ obi amemene mu no betumi ama wayɛ n’adwene sɛ obekum ne ho bere a asɛm biara nhaw no. Inside the Brain nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ serotonin a ɛwɔ obi amemene mu sua a . . . ebetumi apopa anigye a ɔwɔ wɔ asetram no ama asetra afono no, na ebetumi ama no de nkakrankakra abotow akum ne ho.”

      Nanso, asɛm no ara ne sɛ Onyankopɔn nhyehyɛ ntoo hɔ mmaa obiara sɛ onkum ne ho. Nnipa ɔpepem pii fa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ pii mu. Sɛnea obi adwene ne ne koma yɛ no wɔ asɛm bi a ɛhaw adwene ho no na ɛma ɛba ne tirim sɛ onkum ne ho. Ɛnyɛ nneɛma a yehu sɛ ɛde ba no nko na ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma, ɛsɛ sɛ yedi nea yenhu no nso ho dwuma bi.

      Ɛnde, dɛn na yebetumi ayɛ de ama nnipa anya anidaso sɛ wɔn ani begye wɔ asetra mu?

      [Adaka wɔ kratafa 24]

      Mmea ne Mmarima a Wokum Wɔn Ho

      Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no United States kyerɛ sɛ, sɛ ɔbarima biako bɔ mmɔden sɛ obekum ne ho a, ebia mmea baanu anaa baasa na wɔn nso wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wobekum wɔn ho, nanso sɛ ɔbea biako tumi kum ne ho a, mmarima baanan na ebia wobetumi akum wɔn ho. Sɛ ɔbarima biako nya adwenemhaw a ɛma nnipa dodow no ara kum wɔn ho no a, mmea bɛyɛ baanu na wonya bi. Nanso adwenemhaw no nhyɛ mmea no so mmoro so mma wɔnyɛ basabasa pii. Nanso, mmarima de, sɛ ɛba saa a, wɔbɛfa kwammɔne biara so de ahwɛ ahu sɛ wobekum wɔn ho.

      China de, mmea a wotumi kum wɔn ho no dɔɔso sen mmarima. Nokwarem no, nhwehwɛmu kyerɛ sɛ mmea a wokum wɔn ho wɔ wiase nyinaa no bɛyɛ ɔha mu 56 si wɔ China, ɛnkanka nkuraase. Wɔkyerɛ sɛ nea enti a ɛba mmea no mu sɛ wonkum wɔn ho, na wotumi kum wɔn ho no bi ne mmoawammoawa aduru a edi awu a ɛho nyɛ den koraa no.

      [Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]

      Ankonamyɛ De Ahodɔmdi Ba

      Sɛ obi ani nka a, ɛno nso tumi ma no nya adwenemhaw kum ne ho. Jouko Lönnqvist a odii anim maa wɔyɛɛ ahodɔmdi mu nhwehwɛmu wɔ Finland kae sɛ: “[Wɔn a wokum wɔn ho no] bebree wɔ hɔ a na wɔn ani nka asetra mu. Ná wɔwɔ adagyew paa, nanso na wonnya nnipa ne wɔn mmɔ pii.” Kenshiro Ohara, adwenemyare ho duruyɛfo a ɔwɔ Hamamatsu Aduruyɛ Ho Sukuupɔn a ɛwɔ Japan mu no kae sɛ nya a na mmarima mmasiriwa “nnya nkurɔfo ne wɔn mmɔ” nti na wokunkum wɔn ho pii wɔ ɔman no mu nnansa yi no.

      [Mfonini wɔ kratafa 22]

      Sikasɛm anaa adwuma mu nsɛmnsɛm na ɛma mpanyimfo bebree kum wɔn ho

  • Wubetumi Anya Mmoa
    Nyan!—2001 | November 8
    • Wubetumi Anya Mmoa

      SWITZERLANDNI aberante bi a wadi mfe 28 bisaa ne ho sɛ: ‘Nna aduru 49 gu kuruwa mu. Mennom anaa minnyae?’ Ná ne yere ne ne mma agya no hɔ ama no anya adwenemhaw kɛse bi. Nanso bere a ɔnom aduru no wiei no, ɔkae sɛ: ‘Dabi. Mempɛ sɛ miwu!’ Ne tiri yɛɛ yiye, wanwu, enti otumi kaa asɛm no. Ɛnyɛ da biara na sɛ ɛba obi mu sɛ onkum ne ho a ekowie owu mu.

      Alex Crosby a ɔwɔ U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano no kaa mmabun a wɔbɔ mmɔden sɛ wobekum wɔn ho no ho asɛm sɛ: “Sɛ wutumi siw wɔn kwan nnɔnhwerew kakraa bi mpo a, wubetumi ama wɔagyae. Sɛ wusiw wɔn kwan a, wɔn mu bebree renkum wɔn ho. Wubetumi agye wɔn nkwa.”

      Bere a na Ɔbenfo Hisashi Kurosawa yɛ adwuma wɔ Japan Medical College no Asoɛe a Ɛhwɛ Gye Nkurɔfo Nkwa Wɔ Ahokyere Mu no, ɔboaa nnipa a na wɔayɛ wɔn adwene sɛ wobekum wɔn ho no bebree maa wɔn ani gyee ho bio sɛ wɔbɛtra ase. Ampa, sɛ woyɛ biribi de siw wɔn kwan a, wubetumi agye bebree nkwa. Mmoa bɛn na ehia?

      Di Nneɛma a Ɛnna Adi no Ho Dwuma

      Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ wɔn a wokum wɔn ho no ɔha mu 90 yɛ wɔn a na wɔanya adwenemyare anaa wɔn a na wɔnom nnubɔne ne nsa boro so. Enti, Eve K. Mościcki a ɔwɔ U.S. Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Adwenemyare Ho Nsɛm no kyerɛ sɛ: “Sɛ yetumi siw nnubɔne ne nsanom mmoroso ne adwenemyare ano a, ɛbɛboa paa na mpanyin ne mmofra nyinaa ankum wɔn ho.”

      Awerɛhosɛm ne sɛ wɔn a wɔwɔ saa haw yi no pii nhwehwɛ mmoa. Adɛn ntia? “Efisɛ,” sɛnea Yoshitomo Takahashi a ɔwɔ Tokyo Kuropɔn no Asoɛe a Ɛhwɛ Adwenemyare Ho Nsɛm kyerɛ no, “nkurɔfo bu wɔn animtia paa.” Ɔde toaa so sɛ ɛno nti, wɔn a wɔn yare mu nyɛɛ den papa no mpo mpɛ sɛ wɔhwehwɛ ayaresa ntɛm.

      Nanso, ebinom mma aniwu nsiw wɔn kwan. Hiroshi Ogawa a obiara nim sɛ ɔbɔ amanneɛ wɔ television so a ɔno ara ahwɛ ne dwumadi so mfe 17 wɔ Japan no kaa no baguam sɛ wanya adwenemhaw na ɛkaa kakraa bi mpo sɛ okum ne ho. Ogawa kae sɛ: “Adwenemhaw te sɛ adwene a papu abɔ no.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ebi betumi ayɛ obiara, nanso ebetumi akɔ.

      Ka Ho Asɛm Kyerɛ Obi

      Béla Buda, oduruyɛfo a ɔwɔ Hungary a yɛaka n’asɛm no ka sɛ: “Sɛ biribi haw obi na ɔde hyɛ ne tirim a, mpɛn pii no ohu asɛm no sɛ ɛso paa a ontumi nyɛ ho hwee.” Saa asɛm yi ma yehu sɛ nyansa wɔ Bible mu asɛm a akyɛ yi mu: “Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa, na ade biara ho yɛ no ahi.”—Mmebusɛm 18:1.

      Tie saa nsɛm a nyansa wom no. Ntra hɔ mma nsɛm akɛse a ɛhaw wo no mfa wo te sɛ po. Hwehwɛ obi a wugye no di a wubetumi aka w’asɛm akyerɛ no. Anhwɛ a wobɛka sɛ, ‘Minni kakyerɛfo.’ Sɛnea adwenemyare ho duruyɛfo Naoki Sato kyerɛ no, saa na ɛyɛ nnipa pii. Sato kae sɛ ayarefo mpɛ sɛ wɔka wɔn asɛm kyerɛ nkurɔfo efisɛ wɔmpɛ sɛ obiara hu sɛ biribi haw wɔn.

      Ɛhe na obi betumi anya kakyerɛfo? Mmeae pii wɔ hɔ a obenya asoɛe a esiw ahodɔmdi ano, obetumi aka ho asɛm akyerɛ onimdefo bi wɔ telefon so a ɔmmɔ ne din, na obetumi akohu oduruyɛfo a ɔwɔ dimpa a ɔhwɛ wɔn a wɔanya adwenemyare. Animdefo bi nso kyerɛ sɛ ade foforo bi nso boa—asɔre. Ɛboa wɔ kwan bɛn so?

      Wonyaa Mmoa a na Wohia

      Marin, ɔyarefo bi a ɔwɔ Bulgaria yɛɛ n’adwene denneennen sɛ obekum ne ho. Da bi, onyaa Ɔwɛn-Aban, nsɛmma nhoma a Yehowa Adansefo tintim no bi. Ɔmaa Yehowa Adansefo baa ne nkyɛn sɛnea nsɛmma no kae no. Marin kyerɛkyerɛ nea ekowiei no mu: “Misua fii wɔn hɔ sɛ nkwa yɛ akyɛde a yɛn soro Agya no de ama yɛn, enti yenni kwan sɛ yɛsɛe yɛn ho anaa yɛhyɛ da twa yɛn nkwa so. Enti, mesesãã adwene a ɛbaa me tirim sɛ minkum me ho no, na m’ani gyee sɛ mɛtra ase bio!” Kristofo asafo no nso de ɔdɔ boaa Marin. Ɔda so yɛ yarefo de, nanso ɔka sɛ: “Seesei anigye ne asomdwoe wɔ m’asetra mu, na nneɛma pa pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ—minnya adagyew nyɛ ne nyinaa mpo! Yehowa ne N’adansefo adaworoma na aba saa.”

      Yehowa Adansefo boaa Switzerlandni aberante a yɛaka ne ho asɛm dedaw no nso. Ɛnnɛ ɔka sɛ “Kristofo abusua bi yɛɛ papa paa” gyee no traa wɔn fie. Ɔtoa so sɛ: “Akyiri yi, [Yehowa Adansefo] asafo no mufo too nsa frɛɛ me mmiako mmiako kɔɔ wɔn fie kodidii daa. Ɛnyɛ hwɛ a wɔhwɛɛ me no nko na ɛboaa me, minyaa obi a mɛka m’asɛm akyerɛ no nso.”

      Nea aberante no sua fii Bible mu no hyɛɛ no nkuran paa, ɛnkanka bere a ohuu ɔdɔ a nokware Nyankopɔn, Yehowa de dɔ nnipa no. (Yohane 3:16) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ‘wuyi wo yam kyerɛ’ Yehowa Nyankopɔn a, obetie wo. (Dwom 62:8) “N’aniwa kyini fa asase nyinaa so” a ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔrehwehwɛ yɛn ho mfomso, na mmom “sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho no.” (2 Beresosɛm 16:9) Yehowa ma yenya awerɛhyem sɛ: “Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.”—Yesaia 41:10.

      Switzerlandni aberante no kaa Onyankopɔn bɔ a wahyɛ sɛ ɔde wiase foforo bɛba no ho asɛm sɛ: “Aboa me paa ama manya anidaso.” Anidaso a ɛte sɛ “ɔkra sɛkyɛ” yi yɛ bɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛma yɛn daa nkwa wɔ Paradise asase so.—Hebrifo 6:19; Dwom 37:10, 11, 29.

      Wo Nkwa Hia Ebinom

      Ampa, wubetumi akɔ tebea bi mu a ɛbɛyɛ wo sɛ wunni boafo biara na sɛ wuwu nso a ɛmfa obiara ho. Nanso kae sɛ: Ɛsono sɛ ɛyɛ wo sɛ wunni obiara, ɛna ɛsono sɛ wunni obiara. Bible ka odiyifo Elia ho asɛm sɛ ɔbotow bere bi wɔ n’asetra mu. Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “W’adiyifo nso, wɔde nkrante akunkum wɔn; na me nko na maka.” Yiw, ɛyɛɛ Elia sɛ aka ɔno nko, na na edi sɛ ɔka. Ná wɔakunkum adiyifo a ɔne wɔn yɛ adwuma no bebree. Ná ɔno nso ne tiri kekã, enti na ɔreguan apere ne ti. Ɛyɛ ampa sɛ na aka ɔno nko ara? Dabi. Yehowa maa no hui sɛ na anokwafo bɛyɛ 7,000 a wɔte sɛ no wɔ hɔ a wɔde nokwaredi rebɔ mmɔden asom nokware Nyankopɔn no wɔ saa amanehunu bere no mu. (1 Ahene 19:1-18) Na wo nso ɛ? Ɛyɛ ampa sɛ ɛnkaa wo nko sɛnea ɛyɛ wo no?

      Wo ho hia ebinom. W’awofo wɔ hɔ, wo hokafo wɔ hɔ, wo mma wɔ hɔ, wo nnamfo nso wɔ hɔ. Ebinom nso ka ho. Wubetumi anya Kristofo a wɔn ho akokwaw wɔ Yehowa Adansefo asafo no mu a wɔdwene wo ho a wobenya abotare atie wo ne wo abɔ mpae na wɔabɔ bi ama wo. (Yakobo 5:14, 15) Sɛ nnipa a wɔtɔ sin nyinaa ma wo nsa si fam mpo a, Obi wɔ hɔ a ɔno de ɔntow wo nkyene da. Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete no kae sɛ: “Na m’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me.” (Dwom 27:10) Ampa, Yehowa ‘dwene wo ho.’ (1 Petro 5:7) Mma wo werɛ mmfi da sɛ wosom bo wɔ Yehowa ani so.

      Nkwa yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn. Ɛyɛ nokware sɛ ɛtɔ da a ɔhaw tumi dɔɔso araa ma yenhu mpo sɛ nkwa yɛ akyɛde. Nanso, sɛ wode ade a ne bo yɛ den kyɛ obi na ɔtow kyene ansa na wahyɛ da de ayɛ adwuma a, anka ɛbɛyɛ wo dɛ? Nnipa a yɛtɔ sin nnya mfaa nkwa a Onyankopɔn de akyɛ yɛn no nyɛɛ adwuma mpo. Nokwarem no, Bible kyerɛ sɛ nkwa a yɛwɔ mu nnɛ yi mpo nyɛ “nokware nkwa no” wɔ Onyankopɔn ani so. (1 Timoteo 6:19) Yiw, ɛnkyɛ biara yebenya ahotɔ ne abotɔyam ne anigye pii wɔ asetra mu. Ɛbɛyɛ dɛn na aba saa?

      Bible se: ‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’ (Adiyisɛm 21:3, 4) Fa w’ani kɔ bere a nsɛm yi abam no na hwɛ sɛnea w’asetra bɛyɛ. To wo bo ase. Bɔ mmɔden fa w’adwene yɛ mfonini a kɔla pii wom. Saa mfonini no nyɛ adwennwene hunu. Sɛ wotra ase dinn hwɛ sɛnea Yehowa yɛɛ ne nkurɔfo wɔ tete mmere mu a, ɛma wunya awerɛhyem kɛse wɔ ne mu sɛ mfonini no bɛbam ampa.—Dwom 136:1-26.

      Ebia ɛbɛyɛ kakra ansa na woanya anigye bio koraa sɛ wobɛtra ase. Kɔ so bɔ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu” no mpae. (2 Korintofo 1:3, 4; Romafo 12:12; 1 Tesalonikafo 5:17) Yehowa bɛma woanya ahoɔden a wuhia. Ɔbɛkyerɛ wo sɛ mfaso wɔ so sɛ wobɛtra ase.—Yesaia 40:29.

      [Adaka/Mfonini wɔ kratafa 27]

      Dɛn na Wobɛyɛ De Aboa Obi a Ɔpɛ sɛ Okum Ne Ho?

      Sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ ɔpɛ sɛ okum ne ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? “Yɛ aso tie no.” Saa na U.S. Asoɛe a Esiw Nyarewa Ano (CDC) ka. Ma no nka sɛnea ɔte nka. Kae mmom sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wɔn ho no pii ko wɔn ho na wɔnka wɔn tirim asɛm. Hu sɛ ɔredi yaw paa na wabotow a onni anidaso biara. Sɛ woto wo bo ase kyerɛ no ne nneyɛe pɔtee bi a woahu sɛ asesa a, ebia ɛbɛma no aka a’atirimsɛm akyerɛ wo.

      Sɛ woretie no a, kyerɛ sɛ wowɔ tema. CDC ka sɛ, “ɛho hia sɛ wusi so sɛ ne nkwa hia wo ne ebinom nso.” Ma no nhu sɛ sɛ owu a, ɛbɛhaw wo ne afoforo binom paa. Boa no ma onhu sɛ ne Bɔfo no dwene ne ho.—1 Petro 5:7.

      Animdefo nso kyerɛ sɛ eye sɛ wubeyi biribiara a obetumi de adi ne ho awu afi hɔ—ɛnkanka atuo. Sɛ asɛm no ani soso a, hyɛ no nkuran ma onkohu oduruyɛfo. Sɛ ani soso boro so a, frɛ oduruyɛfo bra hɔ amonom hɔ ara.

      [Adaka wɔ kratafa 29]

      ‘Enti Onyankopɔn De Adwene a Minyae Yi Bɛkyɛ Me?’

      Nnipa bebree de wɔn ho abɔ Yehowa Adansefo ma enti adwene a wonyae sɛ wobekum wɔn ho no afi wɔn tirim. Nanso asetra mu haw ne abɛbrɛsɛ anaa adwenemhaw betumi ato obiara nnɛ. Kristofo a ɛba wɔn tirim sɛ wonkum wɔn ho no adwene bu wɔn fɔ paa akyiri yi. Sɛ wɔn adwene bu wɔn fɔ saa a, ɛma wɔn adwennwene yɛ kɛse kwa. Enti ɛbɛyɛ dɛn na saa atenka no afi hɔ?

      Ade biako a ehia sɛ yɛkae ne sɛ mmarima ne mmea anokwafo bi a Bible ka wɔn ho asɛm botowee wɔ asetram ma enti wɔkekaa nsɛm bi a ɛmfata koraa. Bere bi, abusuasɛm bi haw agyapanyin Isak yere Rebeka paa maa no kae sɛ: “M’asetra afono me.” (Genesis 27:46) Hiob a ɔhweree ne mma, n’ahoɔden, n’agyapade, ne n’anuonyam no kae sɛ: “Me nkwa yɛ me kra nwini.” (Hiob 10:1) Mose su guu Nyankopɔn so bere bi sɛ: “Okum mmom na kum me.” (Numeri 11:15) Onyankopɔn diyifo Elia kaa no bere bi sɛ: “Ɛdɔɔso, afei, [Yehowa, NW], fa me kra.” (1 Ahene 19:4) Odiyifo Yona nso kaa no mpɛn pii sɛ: “Owu ye ma me sen nkwa.”—Yona 4:8.

      Nsɛm a nkurɔfo yi kekae yi nti, Yehowa buu wɔn fɔ anaa? Dabi. Ɔkoraa so wɔ Bible mu mpo. Ehia sɛ yɛhyɛ no nsow mmom sɛ anokwafo no mu biara nni hɔ a ne haw no maa no kum ne ho. Ná wɔn ho hia Yehowa; ná ɔpɛ sɛ wɔtra ase. Asɛm no ara ne sɛ, abɔnefo nkwa mpo hia Onyankopɔn. Ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnsakra wɔn kwan na ‘wonnya nkwa.’ (Hesekiel 33:11) Ɛnde hwɛ sɛnea ɔpɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya n’anim dom no tra ase koraa!

      Onyankopɔn ama yɛanya ne Ba no agyede afɔre no, Kristofo asafo no, Bible, ne hokwan a yɛde bɔ mpae. Mpaebɔ-kwan a yɛfa so ne Nyankopɔn kasa no so nyɛɛ ma da. Onyankopɔn betumi atie wɔn a wɔde ahobrɛase koma kɔ n’anim nokwaredi mu no, na obetie wɔn nso. “Enti momma yɛmfa nnam mmra ɔdom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu, na yɛahu ɔdom, na ɛbere a ɛsɛ mu aboa yɛn.”—Hebrifo 4:16.

      [Adaka wɔ kratafa 28]

      Wo Dɔfo Bi Akum Ne Ho Anaa?

      Sɛ obi kum ne ho a, ɛde adwennwene pii bɛto n’abusuafo ne ne nnamfo paa so. Nnipa bebree ka sɛ wɔn na wɔama awerɛhosɛm no aba. Wɔkeka nsɛm bi te sɛ: ‘Sɛ metraa ne nkyɛn kyɛe kakra saa da no a,’ ‘Sɛ mekaa m’ano toom saa bere no a,’ ‘Sɛ meboaa no kakra kaa ho a.’ Nea wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ ara ne sɛ, ‘Sɛ meyɛɛ sei anaa sei a, anka me dɔfo yi anwu.’ Nanso wugye di sɛ ɛyɛ ne kwan so sɛ wobɛka sɛ wo na womaa obi kum ne ho?

      Kae sɛ, sɛ obi kum ne ho wie a na wuhu sɛ ɔyɛɛ nneɛma bi kyerɛe sɛ ɔpɛ sɛ okum ne ho. Bere a onkum ne ho no de, ɛyɛ den sɛ wubehu. Bible ka sɛ: ‘Koma na enim ne kra awerɛhow, na n’anigye nso, ɔhɔho mfa ne ho mfra mu.’ (Mmebusɛm 14:10) Ɛtɔ da a, nea wobɛyɛ biara no, wunhu obi tirim asɛm anaa nea ɛhaw no. Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum wɔn ho no bebree ntumi nkyerɛkyerɛ nea ɛhaw wɔn paa no mu yiye nkyerɛ obiara, wɔn abusuafo paa mpo.

      Giving Sorrow Words nhoma no ka nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ obi pɛ sɛ otwa ne nkwa so no ho asɛm sɛ: “Nokwasɛm no ara ne sɛ ɛyɛ den sɛ wubehu nsɛnkyerɛnne a ɛte saa.” Nhoma yi ara ka bio sɛ, sɛ wuhuu biribi mpo a, ɛnkyerɛ sɛ anka wubetumi ama no agyae wu. Wubetumi de Ɔhene Salomo nyansafo no nsɛm yi akyekye wo werɛ na woannwennwene anhaw wo ho: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Wɔnyɛ wo dɔfo no ayayade wɔ hellgya mu. Adwennwene ne ateetee a ɛmaa no kum ne ho no nso atwam. Onhu amane; gye ara na ɔregye n’ahome.

      Seesei nea ehia sɛ woyɛ paa ne sɛ wobɛdwene ateasefo ho, a wo nso woka ho. Salomo toaa so sɛ: “Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ,” bere a wote ase yi. (Ɔsɛnkafo 9:10) Nya awerɛhyem sɛ nea ɛbɛto wɔn a wokum wɔn ho daakye de, ɛwɔ Yehowa, “mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn no” nsam.—2 Korintofo 1:3.a

      [Ase hɔ nsɛm]

      a Wubenya nea ɛbɛto wɔn a wokum wɔn ho no ho adwene a ɛfata wɔ “The Bible’s Viewpoint: Suicides—A Resurrection?” a ɛwɔ September 8, 1990, Engiresi Nyan! mu no mu.

      [Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

      Wo nkwa hia ebinom

      [Mfonini wɔ kratafa 26]

      Ka ho asɛm kyerɛ obi

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena