Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w18 March kr. 13
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Di Paulo Nhwɛso Akyi Na Nya Nkɔso Wɔ Nokware Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • “Minni Fɔ Wɔ Onipa Biara Mogya Ho”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • ‘Odii Adanse’ Fefeefe
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Nya Akokoduru—Yehowa Ne Wo Boafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
w18 March kr. 13
Ɔsomafo Paulo

Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ Yehowa Adansefo yɛ ɔsomafo Paulo mfonini a, ɛyɛ a na n’apampam apa anaa ne ti ho atutu. Adɛn ntia?

Nokwasɛm ne sɛ, ɛnnɛ onipa biara nni hɔ a obetumi akyerɛ sɛnea na Paulo te wɔ nipaduam ankasa. Paulo mfonini a ɛwɔ yɛn nhoma mu no, ennyina adanse a nkurɔfo a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu so, na mmom ɛyɛ mfonini a yɛn ankasa yɛyɛ.

Nanso, adanse ahorow bi wɔ hɔ a ɛma yehu sɛnea na Paulo te wɔ nipaduam. Nhwɛso bi ni. Zion’s Watch Tower a ɛbaa March 1, 1902 no kaa adanse baako ho asɛm sɛ: “Sɛnea na Paulo te wɔ nipaduam: . . . Wɔkyerɛw nhoma a wɔato din ‘Acts of Paul and Thecla,’ (Paulo ne Thecla Nnwuma) no bɛyɛ afe 150 Y.B. Wɔaka Paulo ho asɛm bi wɔ mu a ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne ne ho nsɛm a edi mũ paa, na ɛno na nkurɔfo nim fi tete. Wɔaka wɔ nhoma no mu sɛ na Paulo yɛ ‘onipa tiatiaa, n’apampam apa, ɔyɛ ahɔnɔn, ɔbɔ si, n’ani ntɔn nhwi atu abom; ne hwene yɛ tenten.’”

Nhoma bi ka saa tete nkyerɛwee no ho asɛm sɛ: “Yebetumi aka sɛ nokwasɛm bi wɔ nhoma a wɔato din ‘The Acts of Paul and Thecla’ no mu.” (The Oxford Dictionary of the Christian Church; afe 1997 de) Bere a wɔkyerɛw The Acts of Paul and Thecla nhoma no akyi mfeha kakra no, na nkurɔfo gye emu nsɛm no tom pa ara. Ɛho adanse ne sɛ, saa nsaano nkyerɛwee no 80 a ɛwɔ Hela kasa mu da so wɔ hɔ. Saa ara na nsaano nkyerɛwee no bi wɔ kasa afoforo mu. Ne saa nti, sɛ yɛde mfonini a yɛyɛ de kyerɛ sɛnea na Paulo te wɔ nipaduam no toto tete adanse ahorow a ɛwɔ hɔ no bi ho a, ɛne no hyia.

Nanso kae sɛ, nneɛma foforo wɔ hɔ a ɛho hia koraa sen sɛnea na Paulo te wɔ nipaduam. Bere a Paulo reyɛ ne som adwuma mpo no, nnipa bi a na wɔwɔ honam adwene kasa tiaa no sɛ, “sɛ ɔno ankasa wɔ ha a, ɔyɛ mmerɛw, na ne nsɛm nka hwee.” (2 Kor. 10:10) Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ, ɛnam anwonwade a Yesu yɛe so na ɛmaa Paulo bɛyɛɛ Kristoni. Nneɛma a Paulo yɛe bere a wɔpaw no sɛ, ‘Kristo anwenne a ɔde Yesu din bɛkɔ amanaman nkyɛn’ no nso, yebetumi adwinnwen ho. (Aso. 9:3-5, 15; 22:6-8) Afei nso, yɛnhwɛ mfaso kɛse a yebetumi anya afi Bible mu nhoma ahorow a Yehowa de ne honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛwee no mu.

Ɔsomafo Paulo

Paulo amfa nneɛma a ɔyɛe bere a na ɔnyɛ Kristoni no anhoahoa ne ho. Saa ara na wankyerɛ sɛnea na ɔte wɔ nipaduam nso. (Aso. 26:4, 5; Filip. 3:4-6) Paulo kaa sɛ: “Mene nea osua koraa wɔ asomafo no mu a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo.” (1 Kor. 15:9) Akyiri yi, ɔkyerɛwee sɛ: “Me a mewɔ fam sen nea osua koraa wɔ akronkronfo nyinaa mu no na wɔde adom yi ama me sɛ menka Kristo ahonyade a enni ano ho asɛmpa no nkyerɛ amanaman no.” (Efe. 3:8) Asɛmpa a Paulo kae no ho hia koraa sen sɛnea na ɔte wɔ nipaduam ho asɛm biara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena