Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Hena Ne Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2019 | No. 1
    • Ɔbarima bi rehwɛ asase a ɛyɛ fɛ

      Hena Ne Onyankopɔn?

      Nnipa pii ka sɛ wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nanso sɛ wubisa wɔn sɛ hena ne Onyankopɔn a, ɛsono nea obiara bɛka. Ebinom ka sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtemmufo a ne tirim yɛ den, na nea ɔpɛ ara ne sɛ ɔbɛtwe abɔnefo aso. Afoforo nso ka sɛ Onyankopɔn dɔ de, ɛnsa da, na nea wɔbɛyɛ biara ɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn. Ebinom nso kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ akyirikyiri na yɛn asɛm mfa ne ho. Esiane sɛ ɛsono nea obiara ka wɔ Onyankopɔn ho nti, ebia nnipa pii bɛka sɛ yɛrentumi nhu Onyankopɔn yiye da.

      Ɛho hia sɛ yehu Onyankopɔn yiye anaa? Aane, ɛho hia. Sɛ wuhu Onyankopɔn yiye a, ebetumi ama woahu nea enti a wowɔ wiase, na w’ani begye wɔ abrabɔ mu. (Asomafo Nnwuma 17:26-28) Mpɛn dodow a wobɛn Onyankopɔn no, dodow no ara na ɔno nso bɛdɔ wo na waboa wo. (Yakobo 4:8) Sɛ wuhu Onyankopɔn yiye a, awiei koraa no wubetumi anya daa nkwa.—Yohane 17:3.

      Wobɛyɛ dɛn ahu Onyankopɔn yiye? Wo de, dwen w’adamfo bi a wunim no yiye ho hwɛ. Ɛyɛɛ dɛn na mobɛyɛɛ nnamfo? Ɛnyɛ dɛn ara a wubehuu ne din, ne suban, nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ, ne afei nea wayɛ ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ, ne nneɛma afoforo. Nea ɛma wobɛn saa nipa no ne sɛ, wusuaa ne ho ade.

      Saa ara na sɛ yesusuw nea edidi so yi ho a, ɛbɛma yɛahu Onyankopɔn yiye:

      • ONYANKOPƆN DIN DE SƐN?

      • ONYANKOPƆN SUBAN TE SƐN?

      • NNEƐMA BƐN NA ONYANKOPƆN AYƐ?

      • DƐN NA ONYANKOPƆN ABƆ NE TIRIM SƐ ƆBƐYƐ?

      • WUHU ONYANKOPƆN YIYE A, MFASO BƐN NA WUBENYA?

      Saa nhoma yi bɛboa wo ama woahu sɛnea Bible bua nsɛmmisa yi. Nsɛm a ɛwom no bɛma woahu Onyankopɔn yiye, na ɛbɛsan aboa wo ama woahu mfaso a wubenya bere a wo ne Onyankopɔn afa adamfo no.

  • Onyankopɔn Din De Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2019 | No. 1
    • Onyankopɔn Din De Sɛn?

      Sɛ wopɛ sɛ wuhu obi yiye a, nea ebia wubedi kan abisa no ara ne sɛ, “Yɛfrɛ wo sɛn?” Sɛ worebisa Onyankopɔn saa asɛm no a, mmuae bɛn na anka ɔde bɛma wo?

      “Mene Yehowa; me din ne no.”—Yesaia 42:8.

      Woate saa din no pɛn? Ebia wontee da, efisɛ nnipa a wɔkyerɛɛ Bible ase no, wɔn mu pii anhyɛ da amfa Onyankopɔn din anhyɛ mu. Ná wɔtaa de abodin “AWURADE” na ɛhyɛ ananmu. Nanso, Onyankopɔn din pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no mu. Wɔde Hebri nkyerɛwde nnan YHWH na ɛkyerɛw edin no. Twi kasa mu no, wɔtaa kyerɛw edin no “Yehowa.”

      Sɛnea wɔkyerɛw Onyankopɔn din wɔ Hebri kasa mu a epue wɔ Nhoma Mmobɔwee a wohui wɔ Po a Awu no mu

      Dwom Nhoma Mmobɔwee a Wohui Wɔ Po a Awu No Mu Tete Kristofo bere so, HEBRI kasa

      Sɛnea wɔkyerɛw Onyankopɔn din wɔ Borɔfo kasa mu a epue wɔ Tyndale Bible nkyerɛase no mu

      Tyndale nkyerɛase 1530, BORƆFO kasa

      Sɛnea wɔkyerɛw Onyankopɔn din wɔ Spanish kasa mu a epue wɔ Reina-Valera Bible nkyerɛase no mu

      Reina-Valera nkyerɛase 1602, SPANISH kasa

      Sɛnea wɔkyerɛw Onyankopɔn din wɔ Chinese kasa mu wɔ Union Version Bible nkyerɛase no mu

      Union Version 1919, CHINESE kasa

      Onyankopɔn din pue wɔ Hebri nkyerɛwee no mu nyinaa, na saa ara nso na ɛwɔ nkyerɛase bebree mu

      NEA ENTI A EHIA SƐ YEHU ONYANKOPƆN DIN

      Edin no ho hia Onyankopɔn ankasa. Ɔno ara na ɔde saa din no too ne ho so; ɛnyɛ obiara na ɔde maa no. Yehowa kaa sɛ: “Eyi ne me din de kosi daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu.” (Exodus 3:15) Bible mu no, Onyankopɔn din no pue mpɛn pii sen n’abodin ahorow te sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ, Agya, Awurade, anaa Onyankopɔn. Saa ara nso na ne din no pue bebree sen edin foforo biara te sɛ Abraham, Mose, Dawid, anaa Yesu. Afei nso, Yehowa pɛ sɛ obiara hu ne din no. Bible ka sɛ: “Na nnipa nhu sɛ wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”—Dwom 83:18.

      Edin no ho hia Yesu. Yesu kyerɛɛ n’asuafo no wɔ mpae a wɔtaa frɛ no Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro anaa Awurade Mpaebɔ no mu sɛ, wɔrebɔ Onyankopɔn mpae a, wɔnka sɛ: “Wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Yesu ankasa bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Agya, hyɛ wo din anuonyam.” (Yohane 12:28) Ná Onyankopɔn din a Yesu bɛhyɛ no anuonyam no ho hia no pa ara wɔ n’asetenam. Wei nti ɔkaa wɔ ne mpaebɔ bi mu sɛ: “Mama wɔahu wo din na mɛma wɔahu.”—Yohane 17:26.

      Edin no ho hia wɔn a wonim Onyankopɔn. Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no, na wonim sɛ sɛ wobenya ahobammɔ ne nkwagye a, ɛsɛ sɛ wohu Onyankopɔn din soronko no. “Abannennen ne Yehowa din. Emu na ɔtreneeni guan kɔ, na onya ahobammɔ.” (Mmebusɛm 18:10) “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, obenya nkwa.” (Yoel 2:32) Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din no bɛma wɔn a wɔsom no no ada nsow. “Aman no mu biara bɛnantew ne nyame din mu, na yɛn de, yɛbɛnantew Yehowa yɛn Nyankopɔn din mu daa daa.”—Mika 4:5; Asomafo Nnwuma 15:14.

      NEA EDIN NO MA YEHU

      Edin no ma yehu onii kõ a Onyankopɔn yɛ. Nhomanimfo pii ka sɛ edin Yehowa no kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Yehowa Nyankopɔn nam Mose so kaa asɛm bi faa n’ankasa ho, na ɛboa ma yɛte ne din no ase. Ɔkaa sɛ: “Mɛyɛ Me Ho Nea Mepɛ Sɛ Meyɛ.” (Exodus 3:14) Ɛnyɛ nea Onyankopɔn din kyerɛ ara ne sɛ ɔno ne Ɔbɔadeɛ a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. Ne din no kyerɛ sɛ Onyankopɔn betumi ama ɔno ankasa anaa n’abɔde bi ayɛ nea ehia biara ama n’apɛde ayɛ hɔ. Ɛwom, Onyankopɔn abodin ahorow ma yehu ne dibea, ne tumi anaa n’ahoɔden, nanso ne din Yehowa no nkutoo na ɛkyerɛ onii kõ a ɔyɛ, ne nea obetumi ayɛ ne ho biara.

      Edin no ma yehu sɛ yɛn ho hia Onyankopɔn. Nea Onyankopɔn din no kyerɛ no ma yehu sɛ n’ani kũ n’abɔde nyinaa ho, a yɛn nso yɛka ho. Bio nso, Onyankopɔn din a wama yɛahu no kyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ yehu no yiye. Yɛreka yi, yɛammisa ne din ansa na ɔrekyerɛ yɛn; ɔno ara na ɔka kyerɛɛ yɛn. Ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn mpɛ sɛ yehu no sɛ onyame hunu bi a ɔwɔ akyirikyiri a yɛrentumi mmɛn no. Mmom ɔpɛ sɛ yehu sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa a yebetumi abɛn no.—Dwom 73:28.

      Sɛ yɛbɔ Onyankopɔn din a, ɛkyerɛ sɛ ne ho hia yɛn. Yɛbɛyɛ mfatoho a, sɛ wopɛ sɛ wofa obi adamfo a, wubetumi aka akyerɛ no sɛ ɛyɛ a ɔmfa wo din ankasa mfrɛ wo. Sɛ saa nipa no de yɛ ne su sɛ ɔremfa wo din mfrɛ wo a, wobɛte nka sɛn? Bere rekɔ so no, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ gyama onipa no ani mmeree sɛ ɔbɛbɛn wo. Saa ara na Onyankopɔn nso te nka. Yehowa abɔ ne din akyerɛ nnipa, na ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa nni dwuma. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma Yehowa ahu sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛn no. Ade yi, ohu ‘wɔn a wodwen ne din ho’ no mpo! —Malaki 3:16.

      Sɛ yɛpɛ sɛ yehu Onyankopɔn yiye a, ade a ehia pa ara sɛ yedi kan yɛ ne sɛ yebehu ne din. Nanso yehu a, na yenwiei. Ɛsɛ sɛ yehu onii kõ a Onyankopɔn yɛ. Ɛsɛ sɛ yesua ne ho ade na yɛahu sɛnea ɔte ankasa.

      ONYANKOPƆN DIN DE SƐN? Onyankopɔn din de Yehowa. Saa din no ma yehu sɛ Onyankopɔn nkutoo na otumi ma n’apɛde yɛ hɔ

      ƐHE NA ONYANKOPƆN FI BAE?

      Nnipa pii abisa saa asɛm yi. Ebia wo nso, woabisa pɛn. Yebetumi abisa asɛm yi ɔkwan foforo so sɛ: Sɛ amansan yi, kyerɛ sɛ ɔsoro ne asase ne nea ɛwom nyinaa, obi na ɔbɔe a, ɛnde ɛhe na Onyankopɔn fi bae?

      Nyansahufo pii gye tom sɛ amansan a yehu yi, ɛwɔ mfiase. Bible mu asɛm a edi kan no foa saa nokwasɛm yi so. Ɛka sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.”—Genesis 1:1.

      Amansan yi, ɛnyɛ n’ankasa na ɛbae kɛkɛ. Sɛ biribi nni hɔ a, biribiara ntumi mfi mu mma. Sɛ na biribiara nni hɔ ansa na amansan yi reba a, anka nnɛ amansan biara nni hɔ. Ɛwom sɛ yɛrentumi nte ase nwie de, nanso amansan a yehu yi, obi a ɔwɔ hɔ fi teteete a ɔde ne ho a ɔnka amansan yi ho na ɔde bae. Nea na ɔwɔ hɔ fi teteete no, ɔno ne Yehowa Nyankopɔn. Ɔyɛ honhom, na ɔyɛ onyansafo a ne tumi nni ano.—Yohane 4:24.

      Bible ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Wunnya nwoo mmepɔw, na wunnya nwoo asase ne wiase no, na woyɛ Onyankopɔn fi mmeresanten kosi mmeresanten.” (Dwom 90:2) Enti Onyankopɔn de, watena ase bere nyinaa fi teteete. Ɛno ansa na “mfiase no,” ɔrebɔ amansan a yehu no nyinaa.—Adiyisɛm 4:11.

  • Onyankopɔn Suban Te Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2019 | No. 1
    • Nsoromma ahyɛ wim mã anadwo

      Onyankopɔn Suban Te Sɛn?

      Mpɛn dodow a yehu obi suban no, dodow no ara na yehu sɛnea ɔte, na wei betumi ama yɛne n’adamfofa mu ayɛ den. Saa ara na sɛ yehu Yehowa su ahorow no yiye a, ɛbɛma yɛahu sɛnea ɔte, na ebetumi ama yɛne n’adamfofa mu ayɛ den. Onyankopɔn wɔ su ahorow pii a ɛyɛ fɛ, nanso emu nnan de, ɛda nsow: ne tumi, ne nyansa, n’atɛntrenee, ne ne dɔ.

      ONYANKOPƆN WƆ TUMI

      ‘O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Hwɛ, wo na wode wo tumi yɛɛ ɔsoro ne asase.’—YEREMIA 32:17.

      Tumi a Onyankopɔn wɔ no, yehu wɔ n’adebɔ mu. Nhwɛso bi ni. Sɛ owia bɔ na wupue kogyina abɔnten a, wote nka sɛn wɔ wo honam ani? Wote sɛ owia a ɛrebɔ no yɛ hyew. Saa ɔhyew no fi Yehowa tumi a ɔde bɔɔ ade no mu. Owia no ano den te sɛn? Ɔhyew a ɛwɔ owia no mfinimfini no bɛyɛ digrii Celsius ɔpepem 15. Anibu biara mu no, tumi a efi owia mu ba no, ɛne tumi a ɛwɔ nuklea atopae ɔpehaha pii mu no yɛ pɛ.

      Nanso, nsoromma ɔpepepem pii a ɛwɔ amansan no mu no, sɛ yɛde owia no toto emu bi ho a, owia no sua koraa. Nyansahufo kyerɛ sɛ nsoromma a ɛsoso pa ara no, wɔfrɛ emu baako UY Scuti. Ne kɛse te sɛ owia no mmaako mmaako 1,700 a yɛaka abom. Baabi a owia no wɔ no, sɛ yɛde UY Scuti kɔhyɛ hɔ a, sɛnea ɛsõ no nti, ɛbɛmene asase yi koraa akɔ ara akɔtra okyinnsoromma Jupiter. Yebetumi aka sɛ wei boa ma yɛte asɛm a Yeremia kae no ase yiye. Ɔkaa sɛ, Yehowa Nyankopɔn na ɔde ne tumi yɛɛ ɔsoro ne asase, kyerɛ sɛ, amansan yi nyinaa.

      Nsoromma ahyɛ wim mã anadwo

      Sɛn na Onyankopɔn tumi no boa yɛn? Owia ne nneɛma ahorow a ɛwɔ asase so a Onyankopɔn abɔ no na ɛboa yɛn ma yɛtena nkwa mu. Ne nyinaa akyi no, Onyankopɔn san de ne tumi boa yɛn mu biara. Ɔkwan bɛn so? Bere a na Yesu wɔ asase so no, Onyankopɔn maa no tumi ma ɔde yɛɛ anwonwade pii. Bible ka sɛ: “Anifuraefo hu ade bio, na mmubuafo nantew, akwatafo ho fi na asotifo te asɛm, wonyan awufo.” (Mateo 11:5) Ɛnnɛ nso ɛ? Bible san ka sɛ: ‘Ɔma nea wabrɛ no tumi, na wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no benya ahoɔden foforo.’ (Yesaia 40:29, 31) Onyankopɔn betumi ama yɛn “tumi a ɛboro onipa de so,” na yɛde agyina asetenam nsɛnnennen ne sɔhwɛ ahorow ano. (2 Korintofo 4:7) Wohwɛ sɛnea Onyankopɔn dɔ yɛn na ɔde ne tumi a enni ano no boa yɛn no a, w’ani nnye ho sɛ wobɛbɛn no?

      ONYANKOPƆN YƐ ONYANSAFO

      “O Yehowa, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara! Nyansam na woayɛ ne nyinaa.”—DWOM 104:24.

      Mpɛn dodow a yesua nneɛma a Onyankopɔn abɔ ho ade no, dodow no ara na ne nyansa ma yɛn ho dwiriw yɛn. Nyansahufo bi wɔ hɔ a, adwuma a wɔyɛ ara ne sɛ wɔhwɛ nneɛma a Yehowa abɔ so yɛ nneɛma bebree. Nea wɔyɛ no, efi nneɛma nketenkete so kosi biribi te sɛ wimhyɛn so.

      Onipa aniwa

      Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ onipa aniwa no yɛ nwonwa

      Nneɛma a Onyankopɔn ayɛ a ɛma yehu ne nyansa no, nea ɛyɛ nwonwa wom pa ara ne sɛnea ɔyɛɛ onipa. Susuw sɛnea abofra nyin wɔ ne maame yafunum no ho hwɛ. Nkwaboaa baako pɛ na efi ase. Ɛno na onipa no awosu ho nsɛm nyinaa wom. Saa nkwaboaa baako no, emu kyekyɛ, na ɛbɛyɛ nkwammoaa bebree a edi nsɛ. Bere a ɛfata mu no, emu kyekyɛ bio ma yenya mogya de, dompe de, adwene de, ne nea ɛkeka ho. Ɛnkyɛ, na nipadua no afã ahorow nso aba. Ebi te sɛ nipadua no fã a ɛma ɔhome, ɛma odidi, ɛma mogya di aforosian wɔ ne mu, ne nea ɛkeka ho. Afei ne nyinaa fi ase yɛ adwuma. Abosome nkron pɛ mu no, nkwaboaa baako no nyin bɛyɛ abofra ketewa. Nkwammoaa ɔpepepem pii na ɛka bom yɛ saa abofra yi. Adebɔ mu nyansa yi, sɛ nnipa pii dwen ho a, ɛma wɔne Bible kyerɛwfo yi yɛ adwene. Ɔkaa sɛ: “Mɛkamfo wo efisɛ sɛnea woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwonwa.”—Dwom 139:14.

      Sɛn na Onyankopɔn nyansa boa yɛn? Ɔbɔadeɛ no nim nea yehia na ama yɛn ani agye. Esiane sɛ ɔwɔ nimdeɛ pii na otumi hu ade kɔ akyiri nti, wama yɛn afotu a nyansa wom wɔ n’Asɛm Bible mu. Ebi ne sɛ, Bible tu yɛn fo sɛ: ‘Monkɔ so mfa mfirifiri mo ho korakora.’ (Kolosefo 3:13) Saa afotu yi, nyansa wom anaa? Yiw. Adɔkotafo kyerɛ sɛ, sɛ yɛde bɔne kyɛ a, ebetumi ama yɛn nna ayɛ yɛn dɛ, na ebetumi ama yɛakwati mogya mmoroso. Afei nso, ebetumi ama yɛn adwinnwen so atew, na yɛade yɛn ho afi nyarewa ahorow bi ho. Onyankopɔn te sɛ adamfo bi a onim nyansa na odwen yɛn ho. Daa ɔma yɛn afotu a mfaso wɔ so. (2 Timoteo 3:16, 17) Wunya adamfo a ɔte saa a, anka wompɛ?

      ONYANKOPƆN BU ATƐNTRENEE

      “Yehowa dɔ atɛntrenee.”—DWOM 37:28.

      Bere nyinaa Onyankopɔn yɛ nea ɛteɛ. “Ɛmpare nokware Nyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne, ne ade nyinaa so Tumfoɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛnteɛ!” (Hiob 34:10) N’atemmu nyinaa teɛ. Saa na odwontofo no kae bere a na ɔne Yehowa rekasa no. Ɔkaa sɛ: “Teeyɛ mu na wubebu aman atɛn.” (Dwom 67:4) Esiane sɛ ‘Yehowa hwɛ komam’ nti, obi a ɔyɛ nyaatwom ntumi nnaadaa no. Mmom no, bere nyinaa Onyankopɔn tumi hu nokwasɛm a ɛwɔ asɛm biara mu, na obu atɛntrenee. (1 Samuel 16:7) Bio nso, ntɛnkyea ne nsisi a ɛrekɔ so wɔ asase so nyinaa, Onyankopɔn nim. Wahyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ ‘obetwa abɔnefo afi asase so.’—Mmebusɛm 2:22.

      Nanso Onyankopɔn nyɛ ɔtemmufo a ne tirim yɛ den a nea ɔpɛ ara ne sɛ ɔbɛtwe abɔnefo aso. Bere biara a ɛfata no, ɔda mmɔborɔhunu adi. Bible ka sɛ: “Yehowa yɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo.” Abɔnefo mpo, sɛ wofi wɔn komam sakra a, ohu wɔn mmɔbɔ. Wohwɛ a, ɛnyɛ wei pa ara na yɛfrɛ no atɛntrenee?—Dwom 103:8; 2 Petro 3:9.

      Sɛn na Onyankopɔn atɛntrenee boa yɛn? Ɔsomafo Petro kaa sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) Nea enti a Onyankopɔn atɛntrenee boa yɛn ne sɛ, ɔnyɛ nyiyim na ɔnhwɛ nnipa anim. Ɛmfa ho abusua a yefi mu, ɔman a yefi mu, sukuu a yɛakɔ anaa yɛn dibea no, obetumi agye yɛn atom na yɛayɛ n’asomfo.

      Nnamfo bi a ɛsono baabi a obiara fi abom redidi

      Onyankopɔn nyɛ nyiyim, enti ɛmfa ho abusua a yefi mu anaa yɛn dibea no, yebetumi anya ne nhyira

      Esiane sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛte n’atɛntrenee ase na yenya so mfaso nti, wama yɛn ahonim. Bible ka ahonim no ho asɛm sɛ ɛyɛ mmara a ‘wɔakyerɛw agu yɛn komam,’ na sɛ yɛyɛ papa anaa bɔne a, ɛno na ‘edi ho adanse.’ (Romafo 2:15) Sɛn na yenya so mfaso? Sɛ yɛtete yɛn ahonim yiye a, ebetumi aboa yɛn ama yɛatwe yɛn ho afi biribiara a ebetumi apira yɛn anaa nneyɛe bɔne ho. Na sɛ yɛyɛ bɔne a, ebetumi aka yɛn ama yɛanu yɛn ho na yɛateɛ yɛn akwan. Anokwa, sɛ yɛte Onyankopɔn atɛntrenee ase a, ɛbɛboa yɛn ama yɛabɛn no!

      ONYANKOPƆN NE DƆ

      “Onyankopɔn ne dɔ.”—1 YOHANE 4:8.

      Onyankopɔn da tumi, nyansa ne atɛntrenee adi, nanso Bible nka sɛ Onyankopɔn ne tumi, nyansa, anaa atɛntrenee. Ɛka sɛ Onyankopɔn ne dɔ. Adɛn ntia? Efisɛ yebetumi aka pa ara sɛ tumi a Onyankopɔn wɔ no na ɔde yɛ ne nnwuma. N’atɛntrenee ne ne nyansa na ɛkyerɛ sɛnea ɔyɛ n’ade. Nanso, Yehowa dɔ de, ɛno na ɛkanyan no ma ɔyɛ biribiara.

      Ɛwom sɛ na Yehowa nhia hwee de, nanso ne dɔ na ɛkanyan no ma ɔbɔɔ nnipa ne abɔfo wɔ ɔsoro ne asase so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhwɛ wɔn so na wɔanya ne dɔ so mfaso. Oyii ne yam siesiee asase no kama de maa nnipa a ɔbɔɔ wɔn no sɛ wɔntena so. Na ɔda so ara da ne dɔ adi kyerɛ nnipa efisɛ “ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma osu tɔ gu treneefo ne abɔnefo so.”—Mateo 5:45.

      Afei nso, “Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu.” (Yakobo 5:11) Ɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a wofi wɔn komam hwehwɛ n’akyi kwan na wɔpɛ sɛ wɔbɛn no no. Onyankopɔn ani kũ nnipa a wɔte saa no mu biara ho. Nokwasɛm ni, ‘odwen wo ho.’—1 Petro 5:7.

      Ɔbaatan bi a okura ne ba

      Sɛn na Onyankopɔn dɔ boa yɛn? Sɛ owia rekɔtɔ a, ɛyɛ yɛn fɛ. Sɛ yɛte sɛ abofra bi reserew a, yɛn ani gye. Sɛ yɛn ho nnipa bi da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam pa ara. Ɛnyɛ saa nneɛma yi na ɛma yɛtena nkwa mu de, nanso ɛma yɛn ani gye kɛse.

      Ade foforo a Onyankopɔn yɛ de kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn ne sɛ, ɔma yɛbɔ no mpae. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu.” Onyankopɔn te sɛ agya bi a ɔdɔ yɛn, enti nneɛma a ɛhaw yɛn nyinaa, ɔpɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi ne hɔ. Esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn pa ara nti, sɛ yɛhwehwɛ ne mmoa a, wahyɛ bɔ sɛ ɔde nea Bible aka yi bɛma yɛn: “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so.”—Filipifo 4:6, 7.

      Yɛaka Onyankopɔn su atitiriw nnan no ho asɛm. Ɛno ne ne tumi, ne nyansa, n’atɛntrenee ne ne dɔ. Wei aboa wo ama woahu sɛnea Onyankopɔn te anaa? Nea ɛbɛyɛ na woahu pii afa Onyankopɔn ho no, yɛhyɛ wo nkuran sɛ toa so sua nea wayɛ ne nea ɔbɛyɛ daakye ho ade, na ɛbɛboa wo.

      ONYANKOPƆN SUBAN TE SƐN? Obiara nni hɔ a ɔwɔ tumi ne nyansa na obu atɛntrenee sen Yehowa. Nanso ne su a yɛn ani gye ho pa ara ne ne dɔ

  • Nneɛma Bɛn Na Onyankopɔn Ayɛ?
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2019 | No. 1
    • Adam ne Hawa wɔ Eden turo mu

      Nneɛma Bɛn Na Onyankopɔn Ayɛ?

      Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea obi te pa ara a, ɛbɛyɛ papa sɛ wuhu nneɛma a watumi ayɛ ne ɔhaw ahorow a watumi agyina ano. Saa ara na sɛ wopɛ sɛ wuhu Onyankopɔn yiye a, ehia sɛ wuhu nea watumi ayɛ. Bere a woreyɛ saa no, ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ nneɛma pii a wayɛ atwam no, yenya so mfaso nnɛ na ebetumi aboa yɛn daakye nso.

      YƐN YIYEDI NTI NA ONYANKOPƆN BƆƆ NNEƐMA NYINAA

      Yehowa Nyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ Kɛse no, na “ne su horow a wonhu no ada adi pefee fi wiase bɔ so, efisɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu.” (Romafo 1:20) “Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase, na ɔde ne nyansa maa asase tim hɔ; ɔno na ɔde ne nhumu trɛw ɔsoro mu.” (Yeremia 10:12) Afei nso, abɔde mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa ma yehu sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho.

      Wo de susuw sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn wɔ ɔkwan soronko so no ho hwɛ; ɔbɔɔ yɛn “wɔ ne suban so.” (Genesis 1:27) Wei kyerɛ sɛ wama ayɛ yiye sɛ yɛbɛda ne su ahorow a ɛkyɛn so no bi adi kakra. Sɛnea ɔbɔɔ yɛn no nti, yebetumi asom no, kyerɛ sɛ, yebetumi ahu n’adwene wɔ nneɛma ho, na yɛagye n’afotu atom. Sɛ yɛbɔ mmɔden de n’akwankyerɛ bɔ yɛn bra a, yenya anigye ne akomatɔyam wɔ abrabɔ mu. Ne nyinaa nka mfua, wama yetumi fa no adamfo.

      Sɛ yɛhwɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ wɔ asase so a, yehu sɛnea ɔte nka wɔ yɛn ho. Ɔsomafo Paulo kaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ, “wannyae ne ho adansedi efisɛ ɔyɛɛ papa, maa [yɛn] osu fii soro ne mmere a aduan ba, na ɔde aduan ne abotɔyam hyɛɛ [yɛn] koma mã.” (Asomafo Nnwuma 14:17) Ɛnyɛ nneɛma a yehia na yɛatumi atena nkwa mu nkutoo na Onyankopɔn bɔe. Mmom, wabɔ nneɛma foforo bebree, na wayɛ no ahorow ahorow na ama asetena ayɛ yɛn dɛ. Nneɛma a Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn no, wei yɛ emu kakraa bi.

      Yehowa bɔɔ asase maa nnipa sɛ yɛntena so daa. Bible ka sɛ: “Asase de, ɔde ama nnipa mma” na “wammɔ no hunu na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so.” (Dwom 115:16; Yesaia 45:18) Hefo na na wɔbɛtena so, na na wɔbɛtena so bere tenten sɛn? “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”—Dwom 37:29.

      Yehowa bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa a wodi kan, Adam ne Hawa, na ɔde wɔn kɔtenaa paradise asase so sɛ ‘wɔnnɔw hɔ na wɔnhwɛ hɔ.’ (Genesis 2:8, 15) Onyankopɔn maa wɔn adwuma a ɛbɛma wɔn ani agye, na na ɛwɔ afã mmienu. Ɛne sɛ: ‘Monwo na monnɔɔso; monhyɛ asase so mã na munni so.’ (Genesis 1:28) Ne saa nti, na Adam ne Hawa wɔ anidaso sɛ wobetumi atena ase wɔ asase so daa a wɔrenwu. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ wɔantie Onyankopɔn. Enti anidaso a na wɔwɔ sɛ wɔn nso wɔbɛka “treneefo” a ‘wobenya asase no adi’ ho no fii wɔn nsa. Nanso, sɛnea yebehu no, nea wɔyɛe no ansesa nea Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn anaa asase no. Ansa na yɛbɛka ɛno ho asɛm no, momma yenni kan nhwɛ biribi foforo nso a Onyankopɔn ayɛ.

      ONYANKOPƆN AMA YƐN N’ASƐM BIBLE NO

      Bible no, yɛsan frɛ no Onyankopɔn Asɛm. Adɛn nti na Yehowa de Bible no maa yɛn? Nea enti pa ara a ɔde maa yɛn ne sɛ yebesua ne ho ade. (Mmebusɛm 2:1-5) Ɛwom, nneɛma a yɛpɛ sɛ yehu fa Onyankopɔn ho no, ɛnyɛ ne nyinaa na Bible ma yɛn ho mmuae. Nhoma biara ntumi nyɛ saa da. (Ɔsɛnkafo 3:11) Nanso, Bible mu nsɛm nyinaa boa yɛn ma yehu Onyankopɔn yiye. Sɛ yɛhwɛ Bible mu na yehu sɛnea Onyankopɔn ne nnipa dii nsɛm a, ɛboa ma yehu sɛnea ɔte. Ɛma yehu nnipa kõ a ɔpɛ wɔn asɛm ne wɔn a n’ani nnye wɔn ho. (Dwom 15:1-5) Bible boa ma yehu adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nyamesom, abrabɔ, ne ahonyade ho. Afei nso Bible ka Onyankopɔn Ba Yesu Kristo suban ne ne nneyɛe ho asɛm, na ɛno na ɛma yehu sɛnea Yehowa te yiye pa ara.—Yohane 14:9.

      Ade foforo nti a Yehowa de n’Asɛm Bible maa yɛn ne sɛ ɛbɛma yɛahu sɛnea yebenya anigye wɔ abrabɔ mu, na yɛanya akomatɔyam. Bible mu no, Yehowa akyerɛ yɛn sɛnea yebenya anigye wɔ yɛn abusua mu, sɛnea yɛbɛma yɛn ani asɔ nea yɛwɔ, ne sɛnea yebegyina adwinnwen ano. Abrabɔ mu nsɛmmisa a ɛkyere adwene pa ara no, Bible ma ɛho mmuae. Ebi ne sɛ: Adɛn nti na amanehunu adɔɔso saa? Dɛn na ebesi daakye? Nhoma yi mu no, yebehu sɛ Bible ma saa nsɛmmisa no ho mmuae, na yɛasan ahu nea Onyankopɔn ayɛ a ɛbɛma nea enti a ɔbɔɔ asase no abam.

      Nneɛma afoforo pii wɔ hɔ a ɛma yehu sɛ Bible yɛ nhoma a ɛda nsow, na Onyankopɔn ankasa na ɔma wɔkyerɛwee. Mmarima bɛyɛ 40 na wɔkyerɛw Bible no, na egyee bɛyɛ mfe 1,600 ansa na wɔrekyerɛw awie. Nanso emu nsɛm nyinaa gyina asɛntitiriw baako so, efisɛ ne Kyerɛwfo ankasa ne Onyankopɔn. (2 Timoteo 3:16) Sɛ wode Bible toto nhoma ahorow a wɔkyerɛw no tete no ho a, Bible nko ara ne nhoma a wɔatumi akora emu nsɛm no so yiye. Tete Bible nsaano nkyerɛwee mpempem pii di asɛm yi ho adanse. Bio nso nnipa abɔ mmɔden sɛ wɔremma wɔnkyerɛ Bible ase, wɔremma wɔnkyekyɛ mma afoforo, na wɔremma afoforo nkenkan, nanso ne nyinaa ankosi hwee. Ɛnnɛ Bible no ne nhoma a wɔakyekyɛ na wɔakyerɛ ase kɔ kasa foforo mu sen nhoma biara. Bible a ɛda so ara wɔ hɔ no kyerɛ sɛ, ‘Nyankopɔn asɛm de, etim hɔ daa.’—Yesaia 40:8.

      ONYANKOPƆN AMA YƐN AWERƐHYEM SƐ NEA WABƆ NE TIRIM SƐ ƆBƐYƐ NO BƐBAM

      Ade foforo a Onyankopɔn ayɛ ne sɛ, wayɛ nhyehyɛe soronko a ɛbɛma yɛahu sɛ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn no bɛbam ɔkwan biara so. Sɛnea yɛadi kan aka no, Onyankopɔn bɔɔ nnipa sɛ wɔntena asase so daa. Nanso, bere a Adam yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden na ɔyɛɛ bɔne no, hokwan a na ɔwɔ sɛ anka ɔne ne mma a ɔbɛwo wɔn daakye bɛtena ase daa no bɔɔ no. “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Bɔne a Adam yɛe nti, wobɛka sɛ nea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa no amma mu. Dɛn na Yehowa yɛe wɔ ho?

      Sɛnea Yehowa dii tebea no ho dwuma no, ɛne ne su ahorow no hyia. Esiane sɛ obu atɛntrenee nti, wamma Adam ne Hawa amfa wɔn ho anni bere a wɔyɛɛ bɔne no. Nanso Yehowa dɔ nti, ɔyɛɛ nhyehyɛe maa wɔn mma a wɔbɛba daakye no. Yehowa nyansa nti, ohuu ɔkwan a ɔbɛfa so asiesie asɛm a aba no, enti ntɛm ara ɔkaa nea ɔbɛyɛ wɔ tebea no ho. (Genesis 3:15) Ɔkaa sɛ ɔnam ne Ba Yesu Kristo so beyi yɛn afi bɔne ne owu mu. Ná ɔbɛyɛ no sɛn?

      Yesu rekyerɛkyerɛ nnipakuw bi

      Nea ɛbɛyɛ na Yehowa agye nnipa afi nea Adam atuatew de aba mu no, ɔsomaa ne Ba Yesu baa asase so sɛ ɔmmɛkyerɛkyerɛ ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no na ɔmfa ‘ne nkwa nyɛ agyede mfa nnye nnipa bebree.’a (Mateo 20:28; Yohane 14:6) Bere a na Adam nyɛɛ bɔne no, na ɔyɛ pɛ. Saa ara na na Yesu te, enti na obetumi de ne nkwa ayɛ agyede. Yesu anyɛ n’ade te sɛ Adam, enti ɔyɛɛ osetie ara kosii owu mu mpo. Esiane sɛ Yesu anyɛ biribiara a na ɛfata sɛ owu nti, Yehowa nyanee no de no san kɔɔ soro. Afei, nea Adam antumi anyɛ no, na Yesu betumi ayɛ. Ɛne sɛ, ɔmaa nnipa a wotie Onyankopɔn nyaa anidaso sɛ wobetumi atena ase daa. “Na sɛnea onipa biako no asoɔden maa nnipa bebree bɛyɛɛ abɔnefo no, saa ara na obiakofo no setie bɛma nnipa bebree ayɛ treneefo.” (Romafo 5:19) Yesu agyede afɔre no nti, ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛma nnipa atena asase so daa no, ɛbɛbam.

      Sɛnea Yehowa dii ɔhaw a Adam asoɔden no kɔfa bae ho dwuma no, ɛma yehu Yehowa yiye pa ara. Yehu sɛ, biribiara ntumi nsiw Yehowa kwan sɛ obewie nea ofii ase no. N’asɛm bɛbam ɔkwan biara so. (Yesaia 55:11) Ɛsan ma yehu sɛ Yehowa dɔ yɛn pa ara. “Eyi mu na woyii Onyankopɔn dɔ adi wɔ yɛn ho, efisɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa. Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba bae sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔre mpata mma yɛn bɔne.”—1 Yohane 4:9, 10.

      Onyankopɔn ‘ankame n’ankasa ne Ba mpo, na mmom yɛn nyinaa nti ɔde no mae.’ Wei ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ‘de nneɛma foforo nyinaa nso bɛka ho adom yɛn’ sɛnea wahyɛ bɔ no. (Romafo 8:32) Dɛn na Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn? Toa akenkan no so.

      NNEƐMA BƐN NA ONYANKOPƆN AYƐ? Yehowa bɔɔ nnipa sɛ wɔntena asase so daa. Ɔde Bible no ama yɛn sɛ yensua ne ho ade. Yehowa nam Yesu Kristo so de agyede no ama yɛn, na ɛma yenya awerɛhyem sɛ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no bɛbam

      a Sɛ wopɛ agyede no ho nsɛm pii a, hwɛ nhoma a yɛato din Wubetumi Anya Anigye Daa! no adesua 27. Yehowa Adansefo na wɔyɛe. Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.pr2711.com/tw.

  • Dɛn Na Onyankopɔn Abɔ Ne Tirim Sɛ Ɔbɛyɛ?
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2019 | No. 1
    • Onyankopɔn nkurɔfo resiesie asase ayɛ no paradise

      Dɛn Na Onyankopɔn Abɔ Ne Tirim Sɛ Ɔbɛyɛ?

      Sɛ wuhyia ɔhaw bi a, ɛnyɛ dɛn ara a wobɛhwɛ kwan sɛ w’adamfo bi a ɔpɛ w’asɛm bɛyɛ biribi de aboa wo. Wei nti, ebinom ka sɛ Onyankopɔn nyɛ adamfo pa efisɛ ɔnyɛ hwee mfa mmoa wɔn. Nanso nokwasɛm pa ara ne sɛ, Onyankopɔn ayɛ nneɛma pii de aboa yɛn, na ɔhaw ne amanehunu a yɛrehyia nnɛ nso, obedi ho dwuma. Dɛn na Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ?

      ONYANKOPƆN BEYI NNEƐMA BƆNE NYINAA AFI HƆ

      Nea Onyankopɔn bɛyɛ de ayi nneɛma bɔne nyinaa afi hɔ ne sɛ, ɔbɛsɛe onii a ɔde nneɛma bɔne bae no. Bible ka nea ɔde bɔne bae no ho asɛm sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (1 Yohane 5:19) Saa “ɔbɔnefo” no nyɛ obiara sɛ Satan Ɔbonsam. Ɔno na Yesu frɛɛ no “wiase yi sodifo” no. (Yohane 12:31) Tumi a Satan anya wɔ wiase so no na akɔfa nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ asase so nyinaa no aba. Dɛn na Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ?

      Ɛrenkyɛ Yehowa Nyankopɔn nam ne Ba Yesu Kristo so ‘betu nea otumi de owu ba a ɔne Ɔbonsam no agu.’ (Hebrifo 2:14; 1 Yohane 3:8) Nea ɛte ne sɛ, Bible ma yehu sɛ Ɔbonsam ankasa nim sɛ wɔbɛsɛe no, na onim sɛ “ne bere a aka yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Nnipa a wɔyɛ nneɛma bɔne nyinaa nso, Onyankopɔn beyi wɔn afi hɔ.—Dwom 37:9; Mmebusɛm 2:22.

      ONYANKOPƆN BƐYƐ ASASE PARADISE

      Sɛ yɛn Bɔfo no yi nneɛma bɔne nyinaa fi asase so a, ne tirim a wabɔ sɛ ɔbɛma nnipa a wɔyɛ pɛ atena paradise asase so daa no, ɔbɛma abam ɔkwan biara so. Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan?

      Yebenya asomdwoe ne ahotɔ a enni awiei. “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:11.

      Yebenya aduan pa ma abu so. “Asase no so nnɔbae bɛdɔɔso; ebebu so akodu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:16.

      Yebenya adan papa mu atena, na yɛayɛ adwuma a yɛn koma pɛ. “Wobesisi adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. . . . Wɔn a mapaw wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma amee.”—Yesaia 65:21, 22.

      Wunyae a, anka wei nyinaa abam anaa? Ɛrenkyɛ, yɛn nsa bɛka saa nhyira yi nyinaa.

      ONYANKOPƆN BEYI YARE NE OWU AFI HƆ

      Ɛnnɛ, yare ne owu haw obiara. Nanso ɛrenkyɛ, ne nyinaa befi hɔ. Onyankopɔn bɛma yɛanya Yesu agyede afɔre no so mfaso na “obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Dɛn na wei de bɛba?

      Yare befi hɔ. “Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’ Wɔde asase no sofo bɔne befiri wɔn.”—Yesaia 33:24.

      Owu renhaw nnipa bio. “Ɔbɛmene owu akosi daa, na Awurade Tumfoɔ Yehowa bɛpopa obiara aniwam nusu.”—Yesaia 25:8.

      Nnipa bɛtena ase daa. “Akyɛde a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu so.”—Romafo 6:23.

      Wɔn a wɔawuwu bɛsan aba nkwa mu. “Bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.” (Asomafo Nnwuma 24:15) Agyede no yɛ Onyankopɔn akyɛde, na wɔn a wobenyan wɔn no benya so mfaso.

      Nea yɛaka ho asɛm yi nyinaa, ɔkwan bɛn na Onyankopɔn bɛfa so de aba?

      ONYANKOPƆN BƐMA YƐN ABAN PAPA

      Nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama nnipa ne asase no, ɔnam aban bi a efi soro so na ɛbɛyɛ. Kristo Yesu na odi so Hene. (Dwom 110:1, 2) Saa aban anaa ahenni yi na Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae. Ɔkaa sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro . . . w’ahenni mmra.”—Mateo 6:9, 10.

      Onyankopɔn Ahenni bedi asase nyinaa so, na ebeyi ɛyaw ne amanehunu nyinaa afi hɔ. Aban biara nni hɔ a ɛyɛ papa sen saa Ahenni yi! Ɛno nti na bere a Yesu wɔ asase so no, ɔyeree ne ho denneennen kaa “ahenni no ho asɛmpa” no. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔn nso wɔnyɛ saa ara.—Mateo 4:23; 24:14.

      Yehowa Nyankopɔn dɔ nnipa pa ara, ɛno nti na wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ nneɛma pa yi nyinaa ama wɔn no. Ɛno nka wo sɛ sua ne ho ade yiye na fa no adamfo anaa? Sɛ woyɛ saa a, mfaso bɛn na wubenya? Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ mu.

      DƐN NA ONYANKOPƆN ABƆ NE TIRIM SƐ ƆBƐYƐ? Onyankopɔn beyi yare ne owu afi hɔ, ɔbɛka nnipa nyinaa abom wɔ n’Aban no ase, na ɔbɛma asase nyinaa adan paradise

      DƐN NE ONYANKOPƆN AHENNI?

      • Ɛyɛ aban a Onyankopɔn ahyehyɛ wɔ soro a ɔnam so bɛyɛ n’apɛde.—Genesis 1:28; Mateo 6:9, 10.

      • Ɔhene bi a Onyankopɔn apaw no na odi aban no so, na saa Ɔhene no, ɔwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so tumi.—Yesaia 9:6, 7; 11:2-4; Mateo 28:18.

      • Saa aban no de Yesu nkyerɛkyerɛ a egyina Onyankopɔn mmara so na ɛyɛ adwuma.—Mateo 22:37-39; Yakobo 2:8.

      • Yɛrekasa yi, aban no redi tumi, na nnipa ɔpepem pii reka ‘ahenni no ho asɛmpa’ wɔ wiase baabiara.—Mateo 24:14; 28:19, 20.a

      a Ahenni no ne sɛnea ebedi asase so no, sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ nhoma a yɛato din Wubetumi Anya Anigye Daa! no adesua 32 ne 33. Yehowa Adansefo na wɔyɛe. Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.pr2711.com/tw.

  • Wuhu Onyankopɔn Yiye a, Mfaso Bɛn Na Wubenya?
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2019 | No. 1
    • Nkurɔfo regye wɔn ani wɔ Paradise

      Wuhu Onyankopɔn Yiye a, Mfaso Bɛn Na Wubenya?

      Ɛde besi ha yi, yɛasusuw nneɛma ho nkakrankakra na yɛanya asɛmmisa a ɛne sɛ Hena ne Onyankopɔn no ho mmuae. Yedii kan suae sɛ Bible ka sɛ Onyankopɔn din de Yehowa, na ne su titiriw ne ɔdɔ. Afei nso, yɛasusuw nea wayɛ ne nea ɔbɛyɛ ama nnipa nyinaa ho. Ɛwom, nneɛma pii da so ara wɔ hɔ a yebetumi asua afa Onyankopɔn ho, nanso ebia wubebisa sɛ, sɛ obi yɛ saa a, mfaso bɛn na obenya?

      Yehowa ahyɛ bɔ sɛ “sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no.” (1 Beresosɛm 28:9) Sɛ wohwehwɛ Onyankopɔn na wuhu no yiye a, wubenya biribi a ɛsom bo pa ara. Ɛne sɛ, ɔne wo bɛfa adamfo a emu yɛ den! (Dwom 25:14) Saa adamfofa no, mfaso bɛn na wubenya afi so?

      W’ani begye pa ara. Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11) Sɛ wofa Onyankopɔn adamfo na wusuasua no a, ɛbɛma w’ani agye ankasa. Wei beyi adwinnwen, kɔdaanna ne nyarewa pii afi wo so. (Dwom 33:12) Afei wubetumi ayɛ nneɛma bi a ɛbɛma w’ani agye. Ebi ne sɛ, wubetumi atwe wo ho afi nneyɛe ne suban ahorow a ebetumi apira wo ho, wubenya suban pa, na wo ne afoforo bɛtena ase asomdwoe mu. Nea odwontofo no kae yi, wo ne no bɛyɛ adwene. Ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn a mɛbɛn no no ye ma me.”—Dwom 73:28.

      Yehowa ani bekũ wo ho na waboa wo. Yehowa ahyɛ n’asomfo bɔ sɛ: “M’ani bɛba wo so, na matu wo fo.” (Dwom 32:8) Ɛno kyerɛ sɛ Yehowa ani kũ n’asomfo ho na ɔbɛhwɛ nea obiara hia na wayɛ ama no pɛpɛɛpɛ. (Dwom 139:1, 2) Sɛ wo ne Yehowa ntam yɛ kama a, bere nyinaa wubehu sɛ, ɔwɔ hɔ ma wo.

      Wubenya daakye a ɛyɛ anigye. Anigye ne akomatɔyam a Yehowa Nyankopɔn bɛma woanya nnɛ akyi no, ɔbɛma woasan anya daakye a ɛyɛ anigye. (Yesaia 48:17, 18) Bible ka sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.” (Yohane 17:3) Saa bere a nneɛma mu yɛ den yi, anidaso a Onyankopɔn de ma yɛn no te sɛ sɛkyɛ, na ɛma ‘yetim na yɛyɛ pintinn.’—Hebrifo 6:19.

      Nea enti a ehia pa ara sɛ yehu Onyankopɔn yiye na yɛne no fa adamfo no, emu kakraa bi na yɛasusuw ho yi. Sɛ wopɛ sɛ wuhu pii a, wubetumi ne Yehowa Danseni biara akasa, anaa wubetumi akɔ yɛn wɛbsaet jw.org/tw so.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena