-
Obi Biribi Wu a, Ɛyɛ Yaw Pa AraNyan!—2018 | No. 3
-
-
NEA ƐBƐBOA WƆN A WƆN BIRIBI AWU
Obi Biribi Wu a, Ɛyɛ Yaw Pa Ara
“Mewaree Sophiaa no, mfe 39 akyi, yare bi a na atena ne so akyɛ twaa ne nkwa so. Me nnamfo boaa me pa ara, na me nso mantena hɔ kwa, mmom mepɛɛ biribi de me bere yɛe. Nanso afe mua, na megye me ho a ennye; awerɛhow nko ara. Ɛyɛ a na awerɛhow no ayɛ kɛse, ɛyɛ nso a na ɛso atew; na minhu nea menyɛ me ho mpo. Seesei a merekasa yi, me yere wui no, mfe mmiɛnsa atwam. Ɛno mpo, ɛwom ara a awerɛhow tumi hyɛ me so mpofirim.”—Kostas.
Woahwere wo dɔfo bi wɔ owu mu anaa? Sɛ saa a, ebia wo nso wote nka te sɛ Kostas. Yɛreka nneɛma a ɛma obi koma bubu anaa ɛma adwinnwen hyɛ obi so a, emu baako pa ara ne sɛ onii no bɛhwere ne yere, ne kunu, n’adamfo bi a ɔdɔ no, anaa ne busuani. Animdefo bi asua awerɛhow a owu de ba ho ade, na wogye tom sɛ nea yɛreka yi yɛ nokware. Nhoma bi ka sɛ, “sɛ obi biribi wu a, ɛyɛ a ɔte nka sɛ wahwere ade kɛse pa ara, na ɛnyɛ ade a ne nsa betumi aka bio.” (The American Journal of Psychiatry) Sɛ obi biribi wu na odi yaw kɛse saa a, ebia obebisa sɛ: ‘Medi awerɛhow sei ara akosi da bɛn? Enti m’ani bɛsan agye bio? Dɛn koraa na ɛbɛma me ho atɔ me?’
Nyan! yi bɛma yɛanya saa nsɛmmisa no ho mmuae. Sɛ wo dɔfo bi wui nkyɛe a, asɛm a edi hɔ no bɛma woahu nea ɛsɛ sɛ wohwɛ kwan. Nsɛm a aka a ebedidi so no bɛma woahu nneɛma a ebetumi aboa wo ama w’awerɛhow no so atew.
Yegye di pa ara sɛ, obiara a ne dɔfo bi awu ma enti ɔredi awerɛhow no, nsɛm a edidi so no bɛkyekye ne werɛ na aboa no.
a Wɔasesa edin no bi wɔ nsɛm a edidi so yi mu.
-
-
Nea Ɛsɛ Sɛ Wohwɛ KwanNyan!—2018 | No. 3
-
-
NEA ƐBƐBOA WƆN A WƆN BIRIBI AWU
Nea Ɛsɛ Sɛ Wohwɛ Kwan
Ɛwom, abenfo binom aka sɛ, obi biribi wu a ɔkwan pɔtee bi wɔ hɔ a ɔfa so di awerɛhow nkakrankakra. Nanso nea ɛte ne sɛ, ɛsono ɔkwan a obiara fa so di awerɛhow. Enti wei kyerɛ sɛ ebinom wɔ hɔ a sɛ wɔn biribi wu a ɛnka wɔn kɛse anaa wɔka wɔn awerɛhow hyɛ anaa? Ɛnyɛ saa na ɛkyerɛ. Ɛwom, sɛ wo biribi wu na wugye tom sɛ ɛyɛ yaw na wudi ho awerɛhow a, ɛboa ma wo ho tɔ wo ntɛm. Nanso yenni ɔkwan pɔtee bi a yɛfa so di awerɛhow a ɛno nko ara na ɛyɛ papa. Obi amammerɛ, ne suban, nea wafa mu wɔ asetenam, ne ɔkwan a ne dɔfo no faa so wui na ɛbɛkyerɛ sɛnea obedi awerɛhow.
DƐN PA ARA NA AWERƐHOW NO DE BƐBA?
Sɛ wo biribi awu a, ebia worentumi nkyerɛ tebea pɔtee a wobɛkɔ mu. Nanso ɔhaw ne atenka ahorow bi wɔ hɔ a, obiara a ne dɔfo awu tumi fa mu, enti sɛ wo dɔfo awu a, wo nso wubetumi ahwɛ kwan sɛ wobɛfa mu. Susuw nea edidi so yi ho:
Awerɛhow no betumi abunkam wo so. Ebia wubesu pa ara, w’ani begyina nea wawu no, na wo nneyɛe betumi asesa mpofirim. Afei sɛ wokae biribi fa nea wawu no ho anaa woso ne ho dae a, ebetumi ama awerɛhodi no mu ayɛ den. Mfiase no, ebia owu no bɛyɛ wo nwonwa na worennye nni. Ɔbaa bi a ɔde Tiina kae sɛnea ɔyɛɛ n’ade bere a ne kunu Timo wui mpofirim no. Ɔkaa sɛ: “Mfiase no asɛm no tɔɔ me so. Mantumi ansu mpo. Asɛm no bunkam me so araa ma na ɛtɔ mmere bi a, me home a ensi so. Ná minnye nni sɛ wawu ampa.”
Adwinnwen betumi ahyɛ wo so, wo bo betumi afuw, na wubetumi nso abu wo ho fɔ. Ɔbarima bi a ɔde Ivan kaa sɛ: “Yɛn babarima Eric a wadi mfe 24 wui akyi no, mmere kakra a edi hɔ no, me ne me yere Yolanda bo fuwii pa ara! Wei yɛɛ yɛn nwonwa, efisɛ na yennwen ho da sɛ yɛyɛ nnipa a yetumi fa abufuw saa. Yebuu yɛn ho fɔ nso, efisɛ yɛtee nka sɛ anka yebetumi ayɛ biribi de aboa yɛn ba no, nanso yɛanyɛ.” Ɔbarima bi a yɛfrɛ no Alejandro nso buu ne ho fɔ bere a ne yere yare kyɛe na owui no. Ɔkaa sɛ: “Mfiase no metee nka sɛ sɛ Onyankopɔn ama kwan ma merehu amane sei de a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ meyɛ nipabɔnefo. Wei ma mibuu me ho fɔ, enti ɛkɔyɛɛ sɛ merebɔ Onyankopɔn sobo sɛ ɔno na ɔmaa me yere no wui.” Kostas a yɛaka ne ho asɛm no kaa sɛ: “Mmere kakraa bi wɔ hɔ a, na me bo mpo fuw Sophia sɛ wawu. Nanso akyiri yi, mibuu me ho fɔ sɛ metee nka saa. Ade yi, worentumi mfa nhyɛ Sophia.”
Wudwen a, ensi so. Ɛtɔ da a, w’adwene betumi atu afra anaa wudwen a, ɛrensi so. Nhwɛso bi ni. Obi a ne biribi awu betumi asusuw sɛ otumi te nea wawu no nne, otumi so ne mu, anaa ohu no. Ebetumi nso ayɛ den ama no sɛ ɔde n’adwene besi biribi so anaa ɔbɛkae ade. Tiina kaa sɛ: “Ɛtɔ da na merebɔ nkɔmmɔ a, mitumi hu sɛ m’adwene nni nkɔmmɔ no so. Adwene no tumi kokyinkyin. Wobɛhwɛ na meredwennwen Timo wu no ho. M’adwene a na mintumi mfa nsi biribi so no, ɛno nko ara mpo teetee me.”
W’adwene bɛyɛ wo sɛ twe wo ho fi afoforo ho. Obi a ne biribi awu no, sɛ ɔne afoforo wɔ hɔ a, ne ho betumi ayeraw no anaa nneɛma betumi ayɛ no ahi. Kostas kaa sɛ: “Sɛ mewɔ awarefo mu a, na mete nka sɛ matɔ mu. Mekɔ asigyafo mu nso a, na mete nka sɛ matɔ mu.” Ivan yere Yolanda kaa sɛ: “Ebinom wɔ hɔ a, wode wɔn haw toto yɛn de ho a, wuhu sɛ wɔn de no sua koraa. Enti sɛ wɔkasakasa wɔn haw no ho a, ɛma ɛyɛ den sɛ me ne wɔn bɛbɔ. Afoforo nso, mmɔden a wɔn mma rebɔ no, na wɔka ho asɛm kyerɛ yɛn. Ɛyɛ a na m’ani agye ama wɔn, nanso bere koro no ara na ɛyɛ den sɛ metie wɔn. Me ne me kunu gye toom sɛ ɛmfa ho nea asi biara no, ɛsɛ sɛ yɛtoa yɛn abrabɔ so, nanso na yɛnyɛɛ krado sɛ yebetie saa nsɛm no, na na yenni ho abotare nso.”
Awerɛhow no betumi abɔ wo yare. Ɛtaa ba sɛ wɔn a wɔn biribi awu no, wɔn adidi tumi yɛ basaa, wɔn so tew, na wontumi nna yiye. Ɔbarima bi de Aaron. Ne papa wui, na afe baako a edi hɔ no, nea ɛtoo no no, ɔkaa ho asɛm sɛ: “Ná mintumi nna yiye koraa. Anadwo biara na m’ani so tetew me bere pɔtee bi, afei na midwinnwen me papa wu no ho.”
Alejandro yaree a wante ase. Ɔkaa sɛ: “Dɔkota yɛɛ me mu nhwehwɛmu mpɛn pii, na ɔka kyerɛɛ me sɛ menyare. Ná migye di sɛ awerɛhow a na midi no na ɛma me ho yɛ me basabasa.” Nkakrankakra ne ho tɔɔ no. Nanso nyansa wom sɛ Alejandro kohuu dɔkota. Awerɛhodi betumi ama nipadua no nkwammoaa a wɔko tia nyarewa no ayɛ mmerɛw, ebetumi ama wo yare bi ayɛ kɛse, anaa ebetumi ama woanya yare foforo.
Nneɛma bi a ehia no, ɛbɛyɛ den sɛ wubedi ho dwuma. Ivan kaa sɛ: “Eric wui akyi no, na ɛnyɛ abusuafo ne nnamfo pɛ na ɛsɛ sɛ yɛbɔ wɔn amanneɛ, mmom na ɛsɛ sɛ yɛbɔ afoforo pii nso amanneɛ. Ebi ne n’adwumawura ne ne fiewura. Ná nkrataa pii nso wɔ hɔ a mmara hwehwɛ sɛ yɛhyehyɛ. Afei, na ɛsɛ sɛ yeyiyi Eric nneɛma mu. Ná ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si saa nneɛma yi nyinaa so, nanso saa bere no, na yɛn adwene ne yɛn nipadua no nyinaa abrɛ, na na awerɛhow nso ahyɛ yɛn mã.”
Afoforo nso de, ɛba sɛ akyiri yi ɛsɛ sɛ wɔso asɛyɛde a na nea wawu no di ho dwuma no mu a, saa bere no na wohyia wɔn haw. Ebi na ɛtoo Tiina. Nea ɔkae ni: “Timo na na da biara ɔhwɛ yɛn sikasɛm ne nnwuma afoforo a yɛwɔ so. Afei na ɛsɛ sɛ me nkutoo meyɛ ne nyinaa. Wei ma ɔbrɛ no bi bɛkaa ho. Enti mibisaa me ho sɛ, metumi adi ne nyinaa ho dwuma a menyɛ nneɛma basaa anaa?”
Ɔhaw ahorow a yɛaka ho asɛm no, ebi kɔ so wɔ adwenem, ebi kɔ so wɔ nipaduam, na ebi nso fa wo nkate ho. Wohwɛ sɛnea ɛte no a, ebia wobɛka sɛ sɛ wo biribi wu a, ɛbɛyɛ den sɛ wubegyina ɛyawdi no ano. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ obi hwere ne dɔfo wɔ owu mu a, ɛyaw a ɔfa mu no, ano betumi ayɛ den. Nanso sɛ wɔn a wɔahwere wɔn dɔfo nnansa yi ara no nim ɔhaw a wɔbɛfa mu a, ebetumi aboa wɔn ma wɔagyina ano. Afei kae sɛ, ɔhaw ahorow a awerɛhodi de ba no, ɛnyɛ obiara na ɔfa ne nyinaa mu. Bio nso, sɛ obi a wahwere ne dɔfo wɔ owu mu behu sɛ, obiara a ɔredi awerɛhow no tumi fa ɛyaw mu a, ebetumi akyekye ne werɛ.
M’ANI BƐSAN AGYE BIO NI?
Nea ɛsɛ sɛ wohwɛ kwan: Worenkɔ so nni awerɛhow pii saa; nkakrankakra ɛbɛbrɛ ase. Ɛnyɛ nea yɛreka ne sɛ awerɛhow no to betwa koraa anaa worenkae wo dɔfo a wawu no bio. Nanso, nkakrankakra ɛyaw a ano yɛ den no bɛbrɛ ase. Sɛ mpofirim ara wokae biribi fa nea wawu no ho, anaa edu bere bi te sɛ ɛda a mode waree anaa ɛda a ɔde wui a, awerɛhow no betumi asan aba. Nanso nnipa dodow no ara wɔ hɔ a, akyiri yi wotumi di awerɛhow no so, na wotumi san toa wɔn abrabɔ so. Sɛ nea ne biribi awu no abusuafo ne ne nnamfo boa no, na ɔno nso yɛ nneɛma bi a ɛbɛma watumi agyina tebea no ano a, ɛno pa ara na ɛboa ma odi awerɛhow no so.
Wei nyinaa begye bere tenten ahe? Ebinom wɔ hɔ a, wɔn yaw denneennen no ano tumi brɛ ase wɔ abosome kakra akyi. Afoforo pii wɔ ha a, etumi gye afe anaa mfe mmienu ansa na wɔate nka sɛ wɔn ho retɔ wɔn. Ebinom nso de, etumi gye bere tenteenten.a Alejandro kaa sɛ: “Me fam de, midii yaw toaa so bɛyɛ mfe mmiɛnsa.”
Nya wo ho abotare. Nhaw wo ho sɛ wode da koro pɛ bedi awerɛhow no so. Yɛ no nkakrankakra sɛnea w’ahoɔden betumi. Hu sɛ awerɛhodi no rentena hɔ afebɔɔ. Ɛnde ebia wubebisa sɛ, biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ seesei ara na ama awerɛhodi no ano abrɛ ase, na mpo antena hɔ ankyɛ dodo anaa?
Obiara a ɔredi awerɛhow no tumi fa ɛyaw mu
a Nnipa kakraa bi wɔ hɔ a, wotumi di awerɛhow kɛse ma awerɛhow no hyɛ wɔn so kyɛ araa ma yetumi ka sɛ awerɛhow amene wɔn. Sɛ awerɛhow mene obi ma ɛboro so saa a, ebia ɛho behia sɛ okohu dɔkota a ɔhwɛ adwenemyare.
-
-
Sɛnea Wubegyina Awerɛhow Ano—Nea Wubetumi Ayɛ NnɛNyan!—2018 | No. 3
-
-
NEA ƐBƐBOA WƆN A WƆN BIRIBI AWU
Sɛnea Wubegyina Awerɛhow Ano—Nea Wubetumi Ayɛ Nnɛ
Sɛ worepɛ afotu a wode begyina awerɛhodi ano a, ebia wubenya bebree, na ebi bɛyɛ papa asen bi. Ebia nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛnea yɛadi kan aka no ɛsono sɛnea obiara di n’awerɛhow. Afotu a ɛbɛboa asomasi no, ebia ɛremmoa ɔbenten.
Ɛno mpo no, afotusɛm pɔtee bi wɔ hɔ a ebinom de ayɛ adwuma ama aboa wɔn. Saa afotusɛm yi ara bi na abenfo taa de ma nnipa a wɔredi awerɛhow, nanso yɛreka pa ara a, saa afotusɛm yi nyinaa wɔ Bible mu. Bible yɛ nhoma a wɔkyerɛwee akyɛ, ɛka nyansasɛm, na emu nsɛm ntwam da.
1: SƐ W’ABUSUAFO NE WO NNAMFO REBOA WO A, GYE TOM
Abenfo bi kyerɛ sɛ, wei ne ade titiriw pa ara a ebetumi aboa obi ma wagyina awerɛhodi ano. Nanso ɛtɔ da a, ebia wobɛpɛ sɛ wotew wo ho fi afoforo ho. Ebi mpo a, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa wo no, wɔn ho betumi ayɛ wo ahi. Sɛ wote nka saa a, ɛnyɛ nwonwa.
Ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ kyenkyen ara a bere nyinaa ɛsɛ sɛ nnipa wɔ wo ho. Sɛ afoforo ba wo nkyɛn nso a, ɛnsɛ sɛ wopam wɔn. Ade yi, ebia daakye bi wubehia wɔn mmoa. Ma afoforo nhu nea wuhia mprempren ne nea wunhia.
Hu bere a wo ne afoforo bɛbɔ, ne bere a wobɛpɛ sɛ wo nko ara tena wo baabi.
BIBLE MU ASƐM: “Baanu ye sen obiakofo . . . Sɛ obiako hwe ase a, nea ɔka ne ho no bɛma no so.”—Ɔsɛnkafo 4:9, 10.
2: HWƐ W’ADIDI YIYE, NA GYE BERE TEƐTEƐ W’APƆW MU
Sɛ wo biribi wu na wudi aduan a ahoɔden wom a, ɛbɛboa ma w’adwinnwen so atew. Bɔ mmɔden sɛ wubedi nnuaba ahorow, atosode, ne aduan a srade nnim pii.
Nom nsu pii ne anonne afoforo a ahoɔden wom.
Sɛ wo kɔn nnɔ aduan a, ɛnde di aduan kakraa bi, nanso mma bere pii ntwam ansa na woadidi bio. Wubetumi nso abisa wo dɔkota ma wakyerɛ wo nnuru a nnuannuru wom.a
Sɛ wonantew ntɛmntɛm anaa woyɛ nneɛma foforo de teɛteɛ w’apɔw mu a, ɛbɛtew awerɛhow ne ɛyawdi so. Apɔwmuteɛteɛ betumi aboa wo ma woanya bere de asusuw nsakrae a aba w’asetenam no ho, anaa ebetumi ama woayi w’adwene afi ɛyawdi no so kakra.
BIBLE MU ASƐM: “Onipa biara ntan n’ankasa honam da; mmom no ɔyɛn no na n’ani kũ ho.”—Efesofo 5:29.
3: GYE BERE DA YIYE
Nna ho hia pa ara, titiriw bere a obi biribi awu, efisɛ sɛ obi biribi wu a, ɛma otumi brɛ pa ara.
Hwɛ nsã ne kɔfe dodow a wonom no yiye pa ara, efisɛ ebetumi asɛe wo nna.
BIBLE MU ASƐM: “Ɔhome nsa mã ye sen ɔbrɛ ne adehunu nsa mã abien akyidi.”—Ɔsɛnkafo 4:6.
4: HU SƐ ƐSONO SƐNEA OBIARA TE
Gye tom sɛ ɛsono sɛnea obiara di n’awerɛhow. Ne nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wuhu nea woyɛ a ɛbɛboa wo.
Nnipa bebree ahu sɛ, sɛ wɔda sɛnea wɔte nka no adi kyerɛ afoforo a, ɛno na ɛboa wɔn ma wotumi di awerɛhow no so. Afoforo nso de, wɔmpɛ sɛ wɔbɛda wɔn awerɛhow no adi akyerɛ afoforo. Nanso emu nea ɛbɛboa pa ara de, ɛsono nea abenfo pii aka wɔ ho. Sɛ ɛho hia sɛ woka sɛnea wote nka no kyerɛ obi nanso ɛyɛ den ma wo a, wubetumi ayɛ no nkakrankakra. Mfiase no, wubetumi aka ho asɛm kakra akyerɛ w’adamfo bi a wugye no di pa ara.
Ebinom ahu sɛ, sɛ wosu a, ɛno na ɛboa wɔn ma wotumi di wɔn awerɛhow no so. Afoforo nso de, sɛ wɔansu ahe biara mpo a, wotumi gyina awerɛhow no ano.
BIBLE MU ASƐM: “Obiara nim ne haw ne ne yaw.”—2 Beresosɛm 6:29.
5: NYƐ NNEƐMA A EBEPIRA WO
Ebinom wɔ hɔ a, sɛ wɔn biribi wu a, wɔnom nsã bebree, wɔnom nnubɔne, anaa wɔhyɛ wɔn ho nom nnuru bi de dwudwo ɛyaw no ano. Sɛ woyɛ nneɛma saa de dwudwo wo yaw no ano a, ebepira wo. Ahotɔ biara a wubenya afi mu no, ɛbɛyɛ bere tiaa bi, na ɛrenkyɛ ɛde ɔhaw akɛse bɛbrɛ wo. Sɛ adwinnwen hyɛ wo so a, fa akwan foforo a ɛrempira wo so dwudwo wo ho.
BIBLE MU ASƐM: ‘Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi efĩ nyinaa ho.’—2 Korintofo 7:1.
6: FA WO BERE DI DWUMA YIYE
Nnipa pii ahu sɛ, sɛ wɔde bere kakra di awerɛhow (kyerɛ sɛ wodi yaw, na wodwinnwen nea wɔbɛyɛ de adi ɛyaw no so) na wogye bere nso sesa mu kakra (kyerɛ sɛ wɔyɛ nneɛma foforo de yi wɔn adwene fi awerɛhow no so) a, ɛboa wɔn.
Wubetumi ayɛ nneɛma bi ama w’adwene afi ɛyaw no so. Ebi ne sɛ wubesua ade foforo bi yɛ, wobɛyɛ nneɛma bi agyigye w’ani, wobɛfa nnamfo foforo, anaa wobɛhyɛ abusuabɔ a ɛda wo ne wo nnamfo ntam no mu den.
Bere rekɔ so no, ebia nneɛma bɛsesa. Ebia wubehu sɛ afei de, wunnya bere pii mfa nni awerɛhow, na mmom wotaa yɛ nneɛma pii de yi w’adwene fi ɛyaw no so. Sɛ ɛba saa a, ɛkyerɛ sɛ wo ho retɔ wo.
BIBLE MU ASƐM: “Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ, . . . osũ wɔ ne bere, na ɔserew nso wɔ ne bere; benabɔ wɔ ne bere, na ahuruhuruw nso wɔ ne bere.”—Ɔsɛnkafo 3:1, 4.
7: NEA WOYƐ DAA NO, NNYAE YƐ
Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, nneɛma a woyɛ no daa no, san fi ase ntɛm ara.
Sɛ wokɔ so yɛ nneɛma a woyɛ no daa, te sɛ nna a wobɛda, adwuma a wobɛkɔ, ne nea ɛkeka ho a, ebetumi ama woasan asi wo dedaw mu.
Sɛ wode wo bere yɛ nneɛma a mfaso wɔ so a, ebetumi aboa ama ɛyaw no so atew.
BIBLE MU ASƐM: “N’adwene renkɔ ne nkwa nna so pii, efisɛ nokware Nyankopɔn de ahyɛ n’adwenem sɛ n’ani nnye ne komam.”—Ɔsɛnkafo 5:20.
8: MPERE WO HO NSISI GYINAE AKƐSE ANIM ANIM YI ARA
Wɔn a wɔpere wɔn ho sisi gyinae akɛse wɔ wɔn dɔfo bi wu akyi pɛɛ no, akyiri yi wonu wɔn ho.
Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma bere bi a ɛfata ntwam ansa na woatu afi baabi a wowɔ, woasesa w’adwuma, anaa woayiyi wo dɔfo a wawu no nneɛma atow agu.
BIBLE MU ASƐM: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba, na obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.”—Mmebusɛm 21:5.
9: KAE WO DƆFO A WAWU NO
Wɔn a wɔn dɔfo awu no, wɔn mu pii ahu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma woakɔ so akae nea wawu no.
Woyɛ nea edidi so yi a ebetumi akyekye wo werɛ: Pɛ nhoma bi na kyerɛw nsɛm bi a wopɛ sɛ wokae fa nea wawu no ho, anaa boaboa mfoni ne nneɛma foforo bi ano ma ɛnkae wo nea wawu no.
Nneɛma bi a ɛbɛma woakae nea wawu no ho nsɛmpa no, kora so, na akyiri yi woyɛ krado a na woahwɛ mu.
BIBLE MU ASƐM: “Monkae tete.”—Deuteronomium 32:7.
10: ƐYƐ A SESA MU KAKRA
Wubetumi atu kwan kakra.
Sɛ worentumi ntu kwan a, ebia wubetumi de da koro anaa nnanu ayɛ nneɛma foforo bi a ɛbɛma w’ani agye. Ebi ne sɛ wubetu mpase, wobɛkɔ akɔsra baabi a wɔkora tete nneɛma so, wobɛkɔ akɔhwehwɛ mmeae foforo, anaa wobɛfa kurom kakra.
Nea woyɛ daa no, sɛ wosesa mu kakraa bi mpo a ebetumi aboa wo ma woagyina w’awerɛhodi no ano.
BIBLE MU ASƐM: “Mommra mmɛsen nkɔhyɛ baabi nhome kakra.”—Marko 6:31.
11: BOA AFOFORO
Kae sɛ bere biara a wobɛboa afoforo no, na woreyɛ biribi a ɛbɛma w’ani agye.
Wubetumi afi ase aboa wɔn a wo dɔfo no wu aka wɔn no. Ebi ne wo nnamfo anaa w’abusuafo a ebia wohia ɔwerɛkyekyefo.
Sɛ woboa afoforo na wokyekye wɔn werɛ a, ebetumi ama woasan anya anigye ne akomatɔyam a wuhia no.
BIBLE MU ASƐM: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.
12: NNEƐMA A WODE DI KAN WƆ W’ASETENAM NO, SAN HWƐ NO BIO
Sɛ wo dɔfo bi wu a, awerɛhodi no betumi ama woasusuw nea ehia pa ara wɔ asetenam no ho.
Saa bere yi a woahwere wo dɔfo no, fa hokwan no susuw sɛnea wo nso worebɔ wo bra no ho.
Sɛ ɛho hia a, yɛ nsakrae wɔ nea wode di kan wɔ asetenam no mu.
BIBLE MU ASƐM: “Awerɛhow fie kɔ ye sen apontow fie kɔ, efisɛ ɛno ne adesamma nyinaa awiei; na ɔteasefo de bɛhyɛ ne komam.”—Ɔsɛnkafo 7:2.
Nokwasɛm ne sɛ, biribiara nni hɔ a ebetumi atu ɛyaw a worefa mu no ase koraa. Nanso wɔn a wɔn dɔfo bi awu no, wɔn mu pii betumi adi adanse sɛ, bere a wɔyɛɛ nneɛma pɔtee bi te sɛ nea yɛaka ho asɛm wɔ ɔfã yi mu no, ɛboaa wɔn ma wonyaa awerɛkyekye. Ɛwom, nneɛma a wubetumi ayɛ de atew awerɛhodi so no, ɛnyɛ ne nyinaa na yɛaka ho asɛm wɔ ha. Nanso sɛ wode afotusɛm ahorow yi bi yɛ adwuma a, wubehu sɛ anyɛ yiye koraa no, ɛbɛma woanya ahotɔ bi.
a Nyan! nkamfo ayaresa pɔtee bi nkyerɛ.
-
-
Nea Eye Sen Biara a Ɛbɛboa Wɔn a Wɔn Biribi AwuNyan!—2018 | No. 3
-
-
NEA ƐBƐBOA WƆN A WƆN BIRIBI AWU
Nea Eye Sen Biara A Ɛbɛboa Wɔn A Wɔn Biribi Awu
ƐYAW A OBI DI BERE A NE DƆFO AWU NO, NNANSA YI, ABENFO YƐ MU NHWEHWƐMU PA ARA. Nanso sɛnea yɛadi kan ahu no, afotu a eye sen biara a wubenya afi saa abenfo yi hɔ no, ɛtaa ne afotu a ɛwɔ Bible mu no hyia. Wei di adanse pa ara sɛ Bible mu afotusɛm ntwam da. Ɛnyɛ afotu a mfaso wɔ so nko ara na Bible no de ma yɛn. Ɛsan ka nsɛm a yɛrennya wɔ baabiara, na saa nsɛm no betumi de awerɛkyekye a ɛkyɛn so ama wɔn a wɔredi awerɛhow.
Ɛma yenya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ ade a yɛn adɔfo a wɔawuwu no rehu amane
Bible ka wɔ Ɔsɛnkafo 9:5 sɛ “awufo de, wonnim biribiara.” Wɔn “nsusuwii yera.” (Dwom 146:4) Nea ɛne asɛm yi hyia no, Bible de owu toto nna hatee ho.—Yohane 11:11.
Ɛma yenya gyidi wɔ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no mu, na wei kyekye yɛn werɛ
Bible ka wɔ Dwom 34:15 sɛ: “Yehowaa ani wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn sufrɛ.” Sɛ yɛka sɛnea yɛte nka kyerɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu a, eye sen aduru biara, anaa biribi foforo biara a yebetumi ayɛ de adi yɛn adwinnwen so. Nokwasɛm ne sɛ, ɛbɛboa yɛn ama yɛne yɛn Bɔfo no afa adamfo, na ɔno nso betumi de ne tumi no akyekye yɛn werɛ.
Ɛma yɛhwɛ daakye papa bi kwan
Susuw ho hwɛ. Bere bi bɛba a daakye, wɔn a wɔawuwu no bɛsɔre aba nkwa mu bio wɔ asase so! Bible no ka saa bere no ho asɛm mpɛn pii. Bible kyerɛ sɛnea saa bere no, nneɛma bɛyɛ wɔ asase so. Ɛka sɛ Onyankopɔn ‘bɛpopa yɛn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.’—Adiyisɛm 21:3, 4.
Wɔn a wogye Yehowa Nyankopɔn a Bible ka ne ho asɛm di no, wɔabegye atom sɛ daakye wobehu wɔn adɔfo a wɔawuwu no bio, na wei kyekye wɔn werɛ. Ɛho nhwɛso ni. Yɛfrɛ ɔbaa bi Ann, na kunu a waware no mfe 65 no wui. Ann ka sɛ: “Bible ma minya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ ade a yɛn adɔfo a wɔawuwu no rehu amane, afei nso Onyankopɔn benyan wɔn a wɔwɔ ne nkae mu nyinaa. Bere biara a medwen me kunu a wawu ho no, saa Bible mu nsɛm no ba m’adwene mu. Enti ade a ɛyɛ yaw pa ara a ato me no, matumi agyina ano!”
Tiina a yɛadi kan aka ne ho asɛm wɔ nhoma yi mu no kaa sɛ: “Efi da a Timo wui no, mahu sɛ Onyankopɔn aboa me. Mete nka pa ara sɛ Yehowa ataa m’akyi wɔ m’ahohia bere mu. Afei nso, ɛbɔ a Bible ahyɛ afa owusɔre ho no, mihu sɛ ɛbɛbam. Wei hyɛ me den ma mempa abaw, na mekura mu saa ara akosi sɛ mehu Timo bio.”
Nnipa ɔpepem pii a wogye di sɛ Bible mu nsɛm yɛ nokware no, wɔne Tiina yɛ adwene. Sɛ ɛyɛ wo sɛ Bible mu nsɛm no yɛ anansesɛm anaa adaeso mpo a, wo de, adanse a ɛma yehu sɛ Bible mu afotusɛm ne bɔhyɛ ahorow yɛ nokware no, yɛ mu nhwehwɛmu, na ɛbɛboa wo ara. Ebia wubehu sɛ Bible mu nsɛm ne nea eye sen biara a ɛbɛboa wɔn a wɔn biribi awu.
OWUSƆRE HO ANIDASO NO, SUA PII KA HO
Hwɛ ɛho video wɔ yɛn wɛbsaet jw.org/tw so
Bible hyɛ bɔ sɛ daakye, yɛn adɔfo a wɔawuwu no bɛsɔre afi awufo mu na yɛama wɔn akwaaba
Sɛ yewu a, ɛhe na yɛkɔ? Mmuae a emu da hɔ a Bible de ma no bɛkyekye wo werɛ na ama wo awerɛhyem
Akomatusɛm abu so wɔ wiase. Ebia wubebisa sɛ ɛhe na mɛte asɛmpa?
Hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > ASOMDWOE NE ANIGYE
a Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din ne Yehowa.
-