Nsakrae Horow Bi Wɔ Nkratasin Ahorow A Wɔde Di Dwuma Mu
1 Wɔ mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛma nneɛma ayɛ tiaa no mu no, Sodikuw no apene nsakrae horow a ɛfa nsaano nkrataa ne nea wɔde to nsa frɛ afoforo ba Nkaedi ase ne afei amansin nhyiam dwumadi nhyehyɛe ne nea wɔde bɔ koko so ho no so. Wɔayɛ nsakrae horow yi na atew bere pii a wɔde yɛ eyi no so ama Asafo ti no, na atew asafo mu ahwɛfo adwuma no bi so. Afei nso ɛbɛma ka ahorow bi a wɔbɔ no afi hɔ a ɛremmrɛ Ahenni asɛnka adwuma no mpɔntu anaa asafo horow no ahiade ho dwuma a yedi no ase.
2 Wɔrentintim nsaano nkrataa mma March/April ɔkasa titiriw ne ɔmansin nhyiam baguam ɔkasa horow no bio. Afei, ɛdefi Nkaedi a ɛreba yi so no, ɛho renhia sɛ asafo ahorow no kra Nkaedi nsaano nkrataa.
3 Wobetintim nkaedi nsaano nkrataa koro ama asafo horow no nyinaa. Ɛbɛda nsow afe biara. Wɔde dodow a ɛfata bɛmana mo a egyina Yɛn Ahenni Som dodow a wɔde mana asafo biara no so. Ɛho nhia sɛ mobɛsan akra nsaano nkrataa yi bio. Asafo ahorow no betua ¢42.00 wɔ 500 biara ho. Wɔde Nkaedi nsaano nkrataa ma April 15, 1984 no nkutoo bɛmana, nanso ɛdefi afe yi August mu no, wɔde bɛka nkrataa ahorow ne asafo nneɛma afoforo a wɔde mana no ho. Nea wobetintim wɔ Nkaedi nsaano nkrataa yi so ara ne da ne bere a wɔbɛhyɛ fã no bere a owia akɔtɔ. Bere a ɔdawurubɔfo de nsaano krataa no rema onigyefo no, obetumi de nsɛm afoforo biara a ɛho hia aka ho.
4 Nea wɔremfa nni dwuma bio nso ne Baguam Nhyiam Akwaabama kratasin no. Yɛremfa nsaano nkrataa nni dwuma wɔ ɔmansin nhyiam baguam ɔkasa horow no ho. nanso yɛde ɔmansin nhyiam dwumadi nhyehyɛe koro bedi dwuma efi October 1984. Wɔabɔ ɔmansin so ahwɛfo amanneɛ wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so akra dwumadi nhyehyɛe horow yi ho. Wɔremfa krataa a wɔde bɔ koko so nni dwuma bio wɔ ɔmansin nhyiam ase. Nanso yɛbɛkɔ so de adi dwuma wɔ ɔmantam nhyiam ase.
5 Bere a Ahenni adwuma no mu kɔ so trɛw na enya nkɔso wɔ asase so nyinaa no, ɛbɛyɛ nea ɛho hia kɛse sɛ yɛde nea yɛwɔ nyinaa, ne yɛn ahoɔden di dwuma yiye. Yɛpɛ sɛ yɛde nimdeɛ ne nneɛma ahorow a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no di dwuma yiye kɛse. (Fa toto Ɔsɛnkafo 10:10 ho.) Mmoa kɛse a anuanom nyinaa de rema wɔ asɛnka adwuma no mu nnɛ no yɛ nea Asafo ti no ani sɔ yiye. Ɛbɛma Yehowa ani agye. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa behyira nhyehyɛe foforo yi so na ayɛ nea eye wɔ adwuma a ɛda yɛn anim a yebewie no mu.