Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɛhe Na Metumi Adan Akɔ Bere A Mewɔ Asɛm Bi A Emu Yɛ Den?
    Nyan!—1984 | January 8
    • asɛm kɛse a emu yɛ den ma me no, na wahyia bi pɛn. Ná ne suahu no ara na mihia.”

      Sɛ wopɛ sɛ wuhu aduannoa, sankubɔ anaasɛ afiri bi ho dwumadi a, so worenkɔ obi a ne ho akokwaw nkyɛn? Na so ɛrenyɛ saa ara wɔ asetra mu nsɛm a emu yɛ den no fam anaa? Kae sɛ osuahu pii a w’awofo anya yɛ nea wubetumi de adi wo nsɛm a emu yɛ den ho dwuma.

      Yiw, w’awofo betumi ayɛ mmoa kɛse. Hena na onim wo yiye sen wɔn? Hena na onim w’ahoɔden nanso onim wo mmerɛwyɛ ahorow sen wɔn? Hena na obetumi aboa wo bere a ɛho hia sɛ wudi afotu pa bi akyi no?

      Ampa, ɛnyɛ awofo nyinaa na wɔbɔ nsɛm a emu yɛ den ho nkɔmmɔ anifere kwan so. Mpɛn pii no nea enti a ɛte saa ne sɛ nkɔmmɔbɔ nyɛ ade a motaa yɛ bere tenteenten, na afei mpofirim ara ɛho hia sɛ wodi asɛm bi a ɛho hia ho dwuma Enti di nkɔmmɔ a mobɛbɔ no bere nyinaa ho dwuma. “Fa wo koma” ma wo nã anaasɛ w’agya. Ka wo kokoamsɛm kyerɛ wɔn bere biara a ɛbɛyɛ yiye. Nea ebefi mu aba ne abusuabɔ pa a ɛbɛboa wo ma wode boasetɔ adi nsɛm nketenkete ho dwuma na wode ntease ne ɔdɔ adi nsɛm a anibere wom ho dwuma nso.​—Mmebusɛm 23:26.

      Mmoa a Egyina Bible so a Wobɛhwehwɛ

      Kay kae sɛ: “Mpofirim ara me wiase nyinaa yɛɛ basaa. Odii mfe 18 no n’awofo gyaee aware, na ɛno akyi bere tiaa no ne nuabarima koro pɛ a na wadi mfe 19 no wui wɔ kar asiane mu. Asram abien akyi no ɔtee sɛ n’agya anya akisikuru ma ɔreyɛ awu. Bere a Kay kɔsraa no no, ne na fi ninkunutwe mu pam no fii fie a na onni hwee. Ná hena nkyɛn na obetumi adan akɔ?

      Bere bi a atwam ni no na Kay ayɛ Yehowa Adansefo mu biako na na n’ani asɔ mmɔborohunu a asafo no mu mpanyimfo ayi adi akyerɛ no wɔ ne mfe a emu yɛ den no mu no. Ntɛm ara ɔfrɛɛ mpanyimfo yi mu biako telefon kaa n’asɛm no kyerɛɛ wɔn. Ɔpanyin yi ne n’abusuafo gyee no kɔɔ wɔn fi na wosiesiee baabi maa no wɔ hɔ​—ma ɔtraa hɔ bɛboro afe.

      Kay kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛtɔ da bi a ɛyaw no mu yɛ den araa ma mibisa me ho sɛ: ‘Dɛn na mereyɛ? Mete ase reyɛ dɛn?’” Nanso, ɔpanyin no ne ne yere de Bible no boaa no ma ohuu hia a ehia sɛ okura abrabɔ pa mu mmom sen sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ anigyede ahorow akyidi ne ɔbrasɛe mu sɛ ɔkwan a obetumi afa so anya anigye. Mmoa a wɔde mae no ho baa no mfaso, efisɛ mprempren Kay aware a ɔwɔ anigye na ne haw ahorow no ano abrɛ ase.

      Nanso ebia ɛbɛyɛ wo fɛre sɛ wobɛka nneɛma ahorow bi ho asɛm. Saa na Arlene a wadi mfe 18 no tee nka. Arlene gye toom sɛ: “Ná metaa de m’adwene kɔ mmerante so. Esiane sɛ na obiara nkyerɛ me ho anigye nti, na mehwehwɛ sɛ ɔbarima bi ani begye me ho. Nanso na mitumi hu faako a anigye a ɛte saa betumi de me akɔ​—na me nuanom baasia no mu baanum awowo mpena mma. Nanso na ɛyɛ me fɛre sɛ me ne obi bɛbɔ saa nkate horow a emu yɛ den yi ho nkɔmmɔ.” Nanso asafo mu mpanyimfo no mu biako hui sɛ ɔte sɛ obi a nsɛm bi haw no, na ɔkɔɔ ne nkyɛn. Ɔkyerɛɛ ne ho anigye. Ɔne ne yere ne no bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ dapɛn biara, na ɛdenam saa mmoa yi so no otumi dii ne nkate horow no so.

      Bere a Arlene susuw ho nnɛ no, ontumi nhu nea enti a wammɔ mmɔden anhwehwɛ mmoa. Bible tu fo sɛ: “Mo mu bi yare [honhom mu] anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo.” (Yakobo 5:14) Nanso, Arlene tee nka sɛ ɔmfata enti na\osuro sɛ ɔbɛkɔ mpanyimfo no nkyɛn. Afei afotu a ɔde ma mmofra afoforo a wɔwɔ nkate a ɛte saa ne sɛ: “Nte nka saa, efisɛ wodwen mo ho!” Sɛ Arlene annya mmoa a egyina Bible so a, anka ɛhe na ɔwɔ mprempren? Mmuae a ɔde ma ne sɛ: “Anka masan akɔka nnamfo dedaw a na mewɔ no ho, na ebia anka meyem mprempren.”

      Yiw, Onyankopɔn susuw mmofra ho​—osusuw wo ho! Ofi ɔdɔ mu ayɛ nsiesiei wɔ abusua nhyehyɛe no mu ne Kristofo asafo no mu. Sɛ wunnya nhuu asafo nhyehyɛe horow a ɛho betumi aba wo mfaso wɔ Ahenni Asa a ɛwɔ faako a wote no so hɔ a, yɛto nsa frɛ wo na woayɛ saa. Yiw, nnipa wɔ hɔ a wubetumi de asetra mu nsɛm a ɛhaw adwene akɔ wɔn nkyɛn. Wo ankasa hu ahotɔ kɛse a mmoa a ɛte saa tumi de ba no.

  • Nufu A Wɔma—Ɛnã “Afɔrebɔ” A Efi Ɔdɔ Mu
    Nyan!—1984 | January 8
    • Nufu A Wɔma​—Ɛnã “Afɔrebɔ” A Efi Ɔdɔ Mu

      NA me ne me kunu wɔ gyinae horow a ɛsɛ sɛ yesisi. Ná yɛrehwɛ yɛn ba a odi kan no kwan! Nanso saa awo a na ɛrebɛn yi maa nsɛm ahorow sɔree a na ɛsɛ sɛ yesisi ho gyinae. So m’ankasa mɛwo a wɔmma me nnuru a ekum yaw a ɛma obi yɛ te sɛ nea wada no bi anaa? So me kunu bɛka me ho wɔ faako a wogye awo no anaa? Ayaresabea bɛn na yɛbɛpaw? Ná nneɛma ahorow a ɛtete sɛɛ wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesisi ho gyinae.

      Na gyinae biako a yesii maa m’ani gyei yiye​—gyinae a yesii sɛ mɛma me ba no nufu no. Ebia w’ani begye sɛ wubehu ɔkwan ko ne nea enti a yesii saa gyinae no​—ne nea enti a m’ani agye sɛ yɛyɛɛ saa.

      Nea edi kan no, mekenkan nhoma ahorow a ɛfa asɛm no ho na me ne me nnamfonom a wɔma wɔn mma nufu anaasɛ wɔama nufu pɛn no bɔɔ nkɔmmɔ. Mihui sɛ ayaresafo ne mmofra ahwɛfo pii gye tom sɛ ɛnã nufusu ye sen biribi foforo biara a wɔde ma abofra, ɛnyɛ ahoɔden a ɛwom wɔ aduan fam nko nti, na mmom abusuabɔ pa a ɛma ɛnã ne abofra no nya nti. Misuaa nsakrae horow a ɛba ɔbea nipadua mu bere a wanyinsɛn ho ade. Me ne me kunu boom kosuaa awo ho ade mpo.

      Nsakrae No

      Nneɛma a yedii kan suae no boaa me ma mihuu sɛnea nufu a mɛma me ba no besi ayɛ: sɛ ɛyɛ adwuma kɛse. Ɛyɛ abayɛn fã bi a ɔyere biara ntumi ne okunu a ɔwɔ mmɔborohunu kɛse mpo nkyɛ! Nanso me ne me kunu bɔɔ ho nkɔmmɔ na yesii gyinae sɛ yɛbɛma yɛn ba no nufu nkutoo.

      Me werɛ mfi da sɛnea na ɛte bere a yɛwoo yɛn abakan no. Awoko yaw no twaam no, oduruyɛfo no de onipa foforo​—ɔbabea​—brɛɛ me! Mehwɛɛ ne nsateaa ne ne nansoa nyinaa ansa na ayarefo hwɛfo no de no rekɔ akoguare no. Nokwarem no, ná nufu a edi kan a mɛma no no haw me kakra. Ná mate sɛ mmofra binom ani nnye adidi a edi kan no ho, ebinom mpo fa mu da wɔ wɔn nã so.

      Nanso amma saa wɔ yɛn babea yi fam. Sɛnea na ɔtwe nufu no yɛɛ me nwonwa. Ɛmaa me nufu ano yɛɛ me yaw kakra. Nanso ɛkokwaw me na mihui sɛ sɛ́ mede nufu no bɛma no bere a ɔhwehwɛ mmom sen sɛ mede bɛma no bere pɔtee bi no amma me nufu anhyehyɛ antra so, ade a etumi haw mmea a wɔawo foforo.

      Awo akyi no egye nna kakraa ansa na nsu aba nufu no mu. Nanso ɛno nhaw abofra no, efisɛ onya ahoɔden fi nsu a ani te sɛ akokɔ srade a wɔfrɛ no Borɔfo mu colostrum a edi kan fi nufu no mu ba no mu. Sɛnea nhoma Nursing Your Body ka no, saa nufusu a ani te sɛ akokɔ srade no “bɔ abofra no ho ban fi nyarewa ahorow ho. Mmoawa ahorow bi a ɛko tia ɔyare mmoawa ahorow wɔ mu, titiriw nea ɛko tia ɔyare mmoawa a ɛwɔ mframa mu, na wɔahu sɛ ɛboa mmofra na ɛbɔ wɔn ho ban tia nyarewa pɔtee bi wɔ asram asia a edi kan wɔ wɔn asetra mu no mu, sɛ́ wɔkɔ so ma wɔn nufu wɔ nna kakra a edi kan no akyi anaasɛ wogyae.”

      Eyi a wubehu no yɛ nkuranhyɛ a ɛho hia ma wo bere a worema wo ba nufu no, efisɛ nokwarem no, ɛtɔ da bi a aduan a edi hɔ a mɛma no no haw me. Dɔkta a ɔhwɛ me no tuu me fo sɛ metumi de srade bi a wɔfrɛ no Lanolin ayeyɛ me nufu ano bere biara a mɛma no nufu akyi no. Me ankasa mihui sɛ eye se mɛto me bo ase adi me tirim kosi sɛ ɛbɛkokwaw me. Ɛyɛɛ me dɛ sɛ mogya amma me nufu ano da, ɛwom sɛ ɛyɛ mmea binom saa. Na ɛtaa yɛ den ma mmea a wɔn honam ani yɛ kɔkɔɔ kɛse, efisɛ mpɛn pii no wɔn honam yɛ mmerɛw. Egye mmɔdenbɔ wɔ eyinom fam na wɔatumi akɔ so ama nufu no.

      Ɛsɛ sɛ ɔkwan a nipadua no fa so ma wosan nya nufusu a abofra no twe no nso kokwaw wo. Nea edi kan a me babea no da kyɛe no, me nufu no yɛɛ me yaw araa ma na ɛsɛ sɛ mesɔre na m’ankasa mikyikyi nufusu no. Nanso mpɛn pii no wɔ adapɛn anan kosi asia a edi kan no mu no abofra no ne ɛnã no hu wɔn ho wɔn ho yiye, na efi hɔ reba no nufusu no fi ase ba sɛnea ɛsɛ.

      Ɛsɛ sɛ meka no pefee sɛ mmere bi wɔ hɔ a ɛkaa kakraa ma mifii ase de ntoa mu nnuan maa me ba no. Ɛkame ayɛ sɛ ɛho hia sɛ wɔma abofra aduan da mu nyinaa. Ɛno kyerɛ sɛ na minni ahomegye biara. Na bere a ɛsɛ sɛ wosɔre ɔdasu mu ma no nufu no, ɛtɔ da bi a na wo yam a anka obi foforo betumi ama abofra no aduan ama wo. Nanso na mayɛ m’adwene sɛ meremfa ntoa mu nnuan afoforo nka nufu a mema no no ho. Enti mihui sɛ eye sɛ mentotɔ saa nnuan no bi mma fie mpo koraa.

      Ampa, afoforo a wokura adwempa taa de afotu a wummisae mpo ma, sɛ: “Ebia na nufusu no nsõ no” anaasɛ “Woyɛ dɛn hu sɛ ɔrenya ahoɔden sɛnea ɛsɛ, esiane sɛ biribiara nni hɔ a ɛbɛma woahu dodow a ɔnom no nti?” Anaa mpo sɛ, “Ebia srade wɔ wo nufusu no mu dodo.” Nanso, bere dodow a abofra no mu duru kɔ anim na ɔrenyin fɛfɛɛfɛ, na ɛnã no nso wɔ ahoɔden na onya aduan a ɛsɛ di no, obetumi anya ahotoso sɛ ne nufusu no yɛ aduan pa ma ne ba no.

      Nea Edi Kan a Migyaw No

      Nea edi kan a mifii fie bere a mewoe akyi no yɛ gua so a mekɔe. Bere a mebae no mihui sɛ agya ne ɔba nyinaa retwɛn me wɔ mfɛnsere no mu a na wɔn ani abere. Na makyikyi nufusu a ɛdɔɔso asi hɔ, nanso na minnim sɛ ne

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena