Ɛrekɔ So Dɛn?
Adwuma no rekɔ so fɛfɛɛfɛ. Adwumayɛfo no reyɛ adwumaden sɛnea ɛbɛyɛ a yebewie adwuma no ntɛm. Yɛabɔ Ahenni Asa ne Office ahorow no so na enkosi bere a wobɛkenkan amanneɛbɔ yi no na ebia yɛabɔ tintimbea no nso so awie. Yɛrehyehyɛ apon ne mfɛnsere ahorow no nso na ɛrenkyɛ na yɛawie. Yegu so resiesie asase no so ama nhwiren ne nneɛma ahorow a, wobedua wɔ hɔ no. Yɛafi beae a wɔbɛtra no ho adwumayɛ ase na yɛwɔ abansoro-dan a ɛto so abien no so. Sika fam ntoboa so a wonam bɛboa adwuma yi yɛ nea yɛn ani sɔ kɛse na eyi a wobɛyɛ no ntɛm wɔ ayamye mu no ho hia na ama Yɛawie adwuma no ntɛm.