Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Germany ne West Berlin buu adawurubɔfo dodow a ɛsen biara a ɛyɛ 114,264 ho akontaa November mu, na ɛyɛ ɔha biara mu nkɔanim 2. Nnipa 2,825 nso de wɔn ho hyɛɛ akwampaefo boafo adwuma no mu, nea ɛsen dodow a wɔayɛ bi November mu wo afe biara a atwam mu.
◆ Greece bɔɔ adawurubɔfo a ɛsen biara a ɛyɛ 22,196 ho amanneɛ November mu.
◆ Hong Kong ani gyei sɛ wonyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo a eye 1,223 November mu.
◆ Wɔ November mu no, Madagascar nyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo a ɛyɛ 1,811 ne adesua ahorow 3,229.
◆ Wɔ asafo bi mu wɔ Togo, faako a wɔabara adwuma no, adawurubɔfo aduɔkron anum kɔɔ asɛnka daa wɔ asram asia ntam na sɛ wɔkyekyem a, nnipa 146 baa wɔn nhyiam horow. Daa akwampaefo 3, akwampaefo aboafo 8, na wɔwɔ asafo no mu, na aduonu biako fii asɛnka ase wɔ asram asia koro no ara mu.