Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Borɔn So Ne Asasesin A Nnwuma Ahorow Wom Mu
1 “Yɛyɛɛ nnam yɛn Nyankopɔn mu kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo.” (1 Tes. 2:2) Ɔsomafo Paulo asɛm yi ma yehu sɛ nnamyɛ ho hia wɔ asɛmpa a yɛbɛka akyerɛ no mu. Eyi te saa titiriw ma pii bere a wɔka asɛmpa no kyerɛ wɔ borɔn so ne de kyerɛ nnipa a wɔreyɛ adwuma no.
NKURƆFO NKYƐN A WOBƐKƆ WƆ BOBƆN SO
2 Wɔ ne nyinaa mu no, eye kɛse sɛ wobɛkɔ nkurɔfo nkyɛn sen sɛ wubegyina faako anaasɛ wubedi akɔneaba a wode nsɛmma nhoma no rekyerɛ. Esiane sɛ borɔn so adansedi atirimpɔw ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo nti, wobɛpɛ sɛ wopaw beae a nnipa fa hɔ kɛse kakra. Ɔkwampaefo biako a ɔma nsɛmma nhoma 400 kosi 500 ɔsram biara no yɛ adwuma wɔ mmeae a ɛbemmɛn aguadidan ne sikakorabea adan ahorow, a ɛyɛ faako a adagyew nni koraa Fida no. Bere a wokɔ nkurɔfo nkyɛn no, fa nnianim asɛm a wɔn ani begye ho ntɛm ara di dwuma. Nanso fa nhumu di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a woremma ehu nka obi anaasɛ ɔmmɔ piriw. Nya adwempa na yi adamfofa su adi na wo ne onipa no mmɔ anan nnantew, sɛ ɛho hia a.
3 Ansa na wode wo ho bɛhyɛ borɔn so adwuma mu no, paw nsɛm pɔtee a wode bedi dwuma wɔ Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! no mu. Susuw nsɛm a ɛyɛ anigye a wubetumi abisa wɔn a wokɔ wɔn nkyɛn no ho. Onuawa bi a ɔredi adanse wɔ borɔn so bisaa aberante bi a ɔretwam sɛ, “So woasusuw nea enti a nyamesom ahorow pii wɔ hɔ no ho pɛn?” Ná aberante no rekɔ ara. Wɔ ayamye mu no, onuawa no de kaa ho ntɛm ara sɛ, “Ɛyɛ asemmisa a eye, ɛnte saa?” Aberante no gyinae na ɔkae sɛ, “Yiw, ɛte saa.” Ɔsan bae na obegyee nsɛmma nhoma no. Biribi fii n’asemmisa tiaa a ɛyɛ tẽe no mu bae.
WƆ ASASESIN A NNWUMA AHOROW WOM MU
4 Asasesin a nnwuma ahorow wom ma yenya hokwan fɛfɛ kɔ nkurɔfo a yɛntaa nto wɔn wɔ fie no nkyɛn. Nanso, amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ adawurubɔfo kakraa bi na wonya asasesin a nnwuma ahorow wom mu adwumayɛ mu kyɛfa. Ebia esiane osuahu a pii nni nti wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ adwuma yi. So eyi yɛ baabi a ɛho hia sɛ ‘woyɛ nnam’?
5 Asafo ti no de nyansahyɛ ahorow a eye ama wɔ mfe pii a atwam no mu a ɛfa adwuma a wɔyɛ wɔ asasesin a nnwuma ahorow wom mu ho: Siesie wo ho fɛfɛ; kɔ adwumayɛbea hɔ bere a nnipa pii nni hɔ; kɔ adwuma no mu panyin nkyɛn; ma w’asɛm no nyɛ tiawa. Sɛ womfaa nyansahyɛ ahorow yi nnii dwuma a, dɛn nti na wonsɔ nhwɛ?
6 Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira mmɔden ankasa a yɛbɔ sɛ yɛde n’asɛm a ɛma nkwa no bɛkɔ nkurɔfo nkyɛn no so. Hia a ɛho hia sɛ yebedi adanse fefeefe no gye ntɛmpɛ. Esiane sɛ ɛtaa yɛ nea ɛyɛ den sɛ yɛbɛto nkurɔfo wɔ fie nti, ɛsɛ sɛ yɛde hokwan ahorow a yebenya no kasa kyerɛ nkurɔfo wɔ borɔn so ne wɔn adwumayɛbea. Bere a ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea borɔn so adansedi ne asasesin a nnwuma ahorow wom mu adwuma a wɔyɛ yɛ den no, ɛyɛ nea yebetumi ayɛ, sɛ ‘yɛyɛ nnam sɛ yɛbɛka Onyankopɔn asɛmpa no akyerɛ’ a.