Asemmisa Afã
● So eye sɛ asafo ahorow abien anaa nea ɛboro saa bɛbom ayɛ nhyiam titiriw bi a ne botae ara ne sɛ wɔde beyi ntoboa ama teokrase dwumadi ahorow?
Nhyehyɛe a Woayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no da nhyiam ahorow nyinaa a akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ayɛ a wɔde ma yɛn honhom mu aduan wɔ bere a ɛsɛ mu no adi. (Mat. 24:45) Eyinom ne nhyiam ahorow a ɛho hia na ama asafo no akɔ so. Ɛwom, emu bi, te sɛ Ɔsom Nhyiam no, ma kwan ma wotumi de asafo no ahiade ahorow hyehyɛ mu de, nanso ɛsɛ sɛ asafo ahorow no di ɛho nhyehyɛe a wɔayɛ no akyi pɛpɛɛpɛ a wɔmmfa hokwan no nyɛ nhyiam afoforo bi a ɛnyɛ nea akoa nokwafo no pene so.
Esiane sɛ nhyiam a wɔde yi ntoboa yi nyɛ nea wɔahyɛ da ayɛ ho nhyehyɛe wɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no mu nti, sɛ́ wɔde ɛno bɛhyɛ asafo dwumadi mu no bɛkyerɛ ‘tra a wɔretra nea wɔakyerɛw no so.’ (1 Kor. 4:6) Ɛnyɛ den sɛ yebehu sɛnea eyi betumi ayɛ ɔhaw ama asafo ahorow no. Ɛho asɛm ahaw ebinom anaasɛ ama wɔn ani awu na afoforo nso ate nka sɛ ɛyɛ nea wɔrehyɛ wɔn ma wɔayi ntoboa. Ntoboa biara a woyi a ɛnyɛ nea efi koma mu no nyɛ nea ɛne Kyerɛwnsɛm hyia.—2 Kor. 9:5, 7.
Wɔakyerɛ akwan a wɔfa so yi ntoboa ma Ahenni adwuma wɔ asafo no mu ne mmeae afoforo wɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no ti du. Sɛ ahiade titiriw bi wɔ hɔ a, nea wɔakyerɛ wɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no mu no ma mpanyimfo no kwan ma wotumi yɛ nhyehyɛe bi wɔ Ɔsom Nhyiam no mu de di eyi ho dwuma. Wɔ eyi mu mpo no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Yɛn Som Adwuma nhoma no ka wɔ kratafa 122 sɛ, ɛwom sɛ ebia biribi titiriw ho behia efi bere kɔ bere mu de, “nanso sɛ obiara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma n’ani ada hɔ wɔ asafo a ɔwom no ahiade ahorow ho a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛho hia sɛ wɔma nkaebɔ mpɛn pii wɔ ntoboa ho.” Ɛsɛ sɛ obiara fi ne koma mu te nka sɛ obeyi ntoboa sen sɛ ɔbɛtwɛn na ayɛ te sɛ nea asafo no resrɛ sika ansa.—Hwɛ Yɛn Som Adwuma nhoma no kratafa 121, nkyekyem 1 nso.
Enti asɛm no awiei ne sɛ, ɛte sɛ nea nhyiam atitiriw a wɔyɛ de yi ntoboa yi yɛ nea enni nnyinaso wɔ Kyerɛwnsɛm mu. Ɛnyɛ nea wɔde ama wɔ akwankyerɛ ahorow a yɛn nsa aka afi akoa nokwafo ne ɔbadwemma hɔ no mu, enti ɛnsɛ sɛ wɔyɛ.