Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Reasoning Nhoma a Wɔde Di Dwuma So
1 Obiara bɛpɛ sɛ ‘okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’ (2 Tim. 2:15) Saa asɛm no ne “honhom nkrante” a sɛ ɛwɔ Yehowa nkurɔfo nsam a, wotumi de buruw adwene a ɛyɛ den na ɛkorɔn biara no. (Efe. 6:17; 2 Kor. 10:4, 5) Adwinnade a ɛsom bo bɛn ara na Reasoning nhoma no yɛ sɛɛ yi, bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa nkurɔfo no
2 Yɛwɔ hokwan ahorow pii a yebetumi de nyansahyɛ a eye wɔ Reasoning nhoma no mu no adi dwuma wom. Ɛnyɛ nnianim nsɛm a eye nko na wɔde ama wɔ nkratafa 9-15, na mmom nyansahyɛ ahorow a eye nso wɔ nkratafa a edidi so no mu a ɛbɛboa yɛn ma yɛabua nsemmisa a efi koma pa mu, na yɛatumi adi wɔn a wobetumi asiw yɛn nkɔmmɔbɔ ano no ho dwuma. Emu nea ɛwɔ he na woahu sɛ eye wɔ daakye ho nkɔmmɔ a wokɔ so bɔ no mu?
3 Ebia mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no bɛma ofiewura abisa nsɛm ahorow. Sɛ ɛfata a, wubetumi atoa nkɔmmɔbɔ no so na wode nsɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no mu wɔ nsɛmti te sɛ “Harmagedon,” “Nniso,” “Ahenni,” anaasɛ “Nna a Edi Akyiri” ase no adi dwuma. Anaasɛ, sɛ obi ka sɛ. “Eyinom remma wɔ me nkwa nna mu” a, dan kɔ kratafa 233, faako a ɛka eyi no: “Nanso ɛbɛba wɔ obi nkwa nna mu, so ɛnte saa? . . . So obi betumi ahu sɛ n’awo ntoatoaso no na ebehu eyi? Yesu ankasa asomafo no pɛe sɛ wohu, na mmuae a ɔde maa wɔn no kyerɛ biribi kɛse ma yɛn nnɛ.” (Luka 21:29-32) Anaasɛ ebia wobɛpɛ sɛ wode nsɛm a ɛwɔ kratafa 234 anaa 242 no di dwuma. Wo mmuae tiawa a akomatɔyam wom no betumi abɔ kwan ama sankɔhwɛ. Nhoma a nsɛm pii wom bɛn ara na yɛn nsa aka sɛɛ yi!
4 Ebia nnipa binom adwenem bɛyɛ wɔn naa wɔ yɛ a Onyankopɔn bɛyɛ biribi de ama nneɛma asakra no ho. Yebetumi ne wɔn asusuw nsɛm ho, na yɛde nsɛm a ɛwɔ “Nsɛmmɔnedi” ase wɔ kratafa 430 ne 431 no adi dwuma. Afei twe wɔn adwene kɔ asɛm a ɛfata wɔ nhoma a wode rema no mu so.
5 Wɔn a wɔde Reasoning nhoma no di dwuma renya osuahu ahorow a ɛyɛ anigye. Bere a onua bi reyɛ borɔn so adwuma no, ɔne obi a ɔretwam fii nkɔmmɔbɔ ase. Ɔbarima no bisaa nsɛm ahorow a ebi yɛ akyinnye kwan so de. Bere a onua no abua ɔbarima no nsemmisa no pii no, osii gyinae sɛ ɔde Reasoning nhoma no bedi dwuma. Ɔkenkan afã horow a ɛfata no ara kɛkɛ a nea ɔka ara ne “So ɛno nyɛ anigye?” Ɔbarima no su sakrae ntɛm ara. Nokwasɛm a ohui wɔ nhoma no mu no ara na ɛmaa n’adwene sakrae. Ansa na ɔrekɔ no, obisaa faako a wɔyɛ yɛn nhyiam ahorow no mpo. Eyi nyinaa kɔɔ so wɔ borɔn a adagyew nni so so.
6 Reasoning nhoma no a yɛde bedi dwuma betumi de nneɛma pa a ɛte saa ara aba. Hu emu nsɛm no. Fa di dwuma wɔ asɛnka mu. Bɔ mmɔden sɛ ‘wubesiesie wo ho sɛ wobɛkyerɛkyerɛ obiara a obisa wo anidaso a ɛwɔ wo mu no ase.’—1 Pet. 3:15.