Asemmisa Afã
● Dɛn na asɛm: “Ɛsɛ sɛ wodi kan de aware no kɔhyɛ mmara ase” a ɛwɔ krataa a na ɛhyɛ April, 1980, Yɛn Ahenni Som mu no kyerɛ?
Ná krataa no asɛmti ne “Aware Nhyehyɛe a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam.” Bere a aka ti ade a wotua ne mmɔden a ebinom bɔ sɛ wɔnam eyi so bɛpɛ afoforo ho mfaso ho asɛm no, ɛka sɛ: “Enti, ɛyɛ ɔbarima a ɔpɛ sɛ ɔware ɔbea no asɛyɛde sɛ ɔne awofo no bɛkasa ma wɔagye biribi a ntease wom a obetumi atua. Sɛ ɛho hia a, wobetumi ayɛ no sɛ Yakob de no, a bere a ɔsomee mfe ason akyi no wɔde Rahel maa no, nanso ɔsan yɛɛ adwuma mfe ason bio na mfe dunan a wɔhwehwɛ no aso no. Tebea a ɛtete saa mu no, ɛsɛ sɛ wodi kan de aware no kɔhyɛ mmara ase.”
Afã a wɔde nkyerɛwde soronko akyerɛw no fa ABAN MU AWARE (Civil marriage) nkutoo ho na ɛtwe nea wɔde hyɛ local anaa district council mmara ase. Ná krataa no atirimpɔw titiriw ne sɛ ɛde afotu bɛma wɔ anidahɔ a wɔde bedi dwuma wɔ ayeforohyia ho ka ho mu. Ɛnyɛ nea na ɛkyerɛ ne sɛ ɛbɛhyɛ anuanom a wɔatua ti ade no fã no nkuran ma wɔde “aware fã” no akɔhyɛ local anaa district council mmara ase na afei wɔate nka sɛ wobetumi ayɛ adawurubɔfo a wɔwɔ gyinabea pa. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nsow sɛ wɔ nkyekyyem koro no ara mu no, krataa no kae sɛ: “Sɛ awofo pɛ sɛ wogye boro nea amanne hwehwɛ so a, wone wɔn nsusuw ho. Sɛ anyɛ yiye a, yɛ nea amanne hwehwɛ ankasa no fa aware no kɔhyɛ mmara ase, afei bɔ mmɔden sɛ wubetua nea ɛkeka ho a wɔhwehwɛ no akyiri yi.” Hyɛ no nsow sɛ nea wosi so dua ne nea amanne hwehwɛ ankasa no a wobɛyɛ. Nanso, esiane sɛ nea amanne hwehwɛ no ye nea ɛkame ayɛ sɛ wɔtaa gye ho kyim wɔ baabiara nti, ɔkwan koro pɛ a wubetumi afa so afi haw yi mu ne sɛ wobɛware wɔ aban mu. Aban mu aware yɛ nea edi mũ a ti ade a wotua biara ho nhia.
Nokwasɛm no ne sɛ, sɛ woantua ti ade no nyinaa anwie a, hyɛ a wode bɛhyɛ local anaa district council mmara ase no yɛ nea enni mũ. Nokwarem no, sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no nim sɛ wonyɛɛ ne ho ade nwiei a, wɔremfa nhyɛ mmara ase koraa. Enti, sɛ nea wɔde hye local anaa district council mmara ase no bɛyɛ nea edi mũ a, ɛsɛ sɛ woyɛ ɔbea no no ade nyinaa wie. Nanso sɛnea yɛadi kan aka no, aban mu aware yɛ nea edi mu, sɛ́ ɛyɛ nea woayɛ ne ho ade anaasɛ dabi, efisɛ ɛnyɛ nea wɔhwehwɛ ɛno ansa na aban mu aware nhyehyɛe no adi mũ. Ɛdefa eyi ho no, krataa a na ɛhyɛ March, 1978, Yɛn Ahenni Som mu no ka eyi:
“Asemmisa no asɔre wɔ nea yebetumi ayɛ wɔ baabi a wontumi ntua ti ade no nyinaa bere koro mu no ho. Nea wɔyɛ ne sɛ ababaa no awofo pene so ma wotua ti ade no fã kakra na wɔbom tra ase sɛ okunu ne ɔyere. Afei, wɔn nkwa nna nyinaa no, wɔyɛ adwuma tua nea aka no. So yebetumi agye wɔn a wɔwɔ nhyehyɛe a ɛte sɛe mu no atom sɛ adawurubɔfo anaa?
“Mmuae no yɛ Dabi. Wɔn de no nye aware a edi mu. . . . Enti ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ tebea a ɛte sɛɛ mu no tua ti ade no nyinaa anaasɛ wɔkɔware wɔ aban mu. Aban mu aware di mũ na ɛfata, a ti ade a wotua ho nhia.”
Adwene yi nyɛ nea asakra na ɛno ne nea ɛsɛ sɛ mpanyimfo di akyi bere a wɔboa ankorankoro a wɔn amanne kwan so aware nni mu no.