Boa Ma Wɔnkyekyɛ Nsɛmma Nhoma Ahorow No Pii
1 Wɔ bere ne bere mu no, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no ka nsɛm a ɛfa nsɛmti ahorow bi a nnipakuw pɔtee bi ani begye ho ho. Ɛwom sɛ ebia Asafo ti no renyɛ nsɛmma nhoma ahorow a ɛtete saa a wɔbɛkyekyɛ pii no ho nhyehyɛe de, nanso mo ani a mobɛma ada hɔ wɔ sɛnea nkurɔfo ani begye ho wɔ mo asasesin no mu ho no betumi aboa ma moakyekyɛ nsɛm ahorow a ɛsom bo no pii.
2 Sɛ nhwɛso no, March 15 ne April 8 de a ɛbae no kaa “Mmea a Wɔwɔ Adwumayɛbea Ahorow” ne “Awo? Anaa Yafunu a Wotu Gu?” ho asɛm. Sɛ mmea ahyehyɛde ne akuw ahorow wɔ mo asasesin no mu a, akyinnye biara nni ho sɛ wɔn ani begye saa nsɛm atitiriw yi ho.
3 March 8 Awake! (August, 1987 Nyan!) no kaa Afrika ne ɔkɔm ho nsɛm pii. Ɛda adi sɛ emu nsɛm no ho bɛba mfaso ama asoɛe a ɛhwɛ kuadwuma so no ne ahyehyɛde afoforo a wɔyɛ nnuan ho adwuma a ɛwɔ mo mpɔtam hɔ no. Asɛm bi a epuei wɔ April 15 Watchtower no mu asɛmti ne “Tete Aduruyɛ wɔ Afrika . . . ” Nnunsinfo akuw horow wɔ dwumadibea ahorow wɔ nkurow pii so wɔ ɔman yi mu. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn ani begye saa nsɛmma nhoma no ho. Saa ara na wɔn a wɔyɛ nsu mu mmoa ho adwuma anaa wosua nsu mu nneɛma ho ade no ani begye asɛm a ne ti ne “Ɛpo mu Kwae Ahorow” no ho.
4 Wɔ bere ne bere mu no, wɔka nsɛm a ɛfa asanom pii, lɔre akwan so ahwɛyiye, nsɛmmɔnedi ano a wosiw, ogya a ɛsɛe ade, ofie asiane ahorow, nhomasua, nnuruyɛ ne nea ɛtete saa pii ho. Ebinom atumi ayɛ pii wɔ mmiako mmiako a wɔde ma mu denam wɔn ani a wɔma ɛdaa hɔ sɛ wɔde nsɛm bi a wɔapaw bɛma akuw-atitiriw bi a ɛda adi sɛ wɔn ani begye saa amanneɛbɔ pɔtee no ho no so.
5 Wɔ Accra no, baa dwumadibea no taa de nea ɛte sɛɛ a ɛba no bi moma akuw atitiriw a wɔwɔ kurow no mu no. Eyi nti wɔhyɛ nyansa sɛ wɔn a wɔwɔ Accra a wɔpɛ sɛ wɔde biribi kɔma ahyehyɛde atitiriw no mu biara no mmisa wɔ baa dwumabibea hɔ ansa na amma wɔansan amfa bi ankɔka ho. Wɔ asafo afoforo mu no, akyinnye biara nni ho sɛ ɔsom boayikuw no betumi ayɛ saa dwumadi yi ho nhyehyɛe na amma wɔamfa bi ankɔ baabi a wɔde bi akɔ dedaw. Ɛmmra sɛ saa nkaebɔ yi bɛboa mo ma moaboa ma wɔakyekyɛ nsɛmma nhoma pii wɔ mo asasesin no mu.