Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/88 kr. 4
  • Ɛbɛba Ɔsram-Fã Biara, Ɛne Borɔfo De Behyia!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛbɛba Ɔsram-Fã Biara, Ɛne Borɔfo De Behyia!
  • Yɛn Ahenni Som—1988
Yɛn Ahenni Som—1988
km 10/88 kr. 4

Ɛbɛba Ɔsram-Fã Biara, Ɛne Borɔfo De Behyia!

1 Ɛdefi January 1, 1989 mu no, yɛreyɛ nhyehyɛe sɛ yebetintim Ɔwɛn-Aban a ɛwɔ Ewe, Ga ne Twi mu no ɔsram-fã biara ma ɛne Borɔfo no nso ahyia. Eyi kyerɛ sɛ nsɛmma nhoma yi a ɛwɔ yɛn kasa ahorow no mu no bɛba ɔsram no da a edi kan ne nea ɛto so dunnum biara. Afei nso, nsɛm a edi kan ne nea wobesua no bɛyɛ nea ɛwɔ Engiresi de a ɛbɛba saa da no ara mu no ara.

2 Eyi mu mfaso dɔɔso. Ɛbɛyɛ nea asafo ahorow a ɛwɔ Ghana no besua Ɔwɛn-Aban koro no ara te sɛ nea yɛn nuanom a wɔwɔ mmeae afoforo a wɔde Engiresi, French, German, Spanish, Japanese ne afoforo a wotintim no bere koro mu di dwuma no dapɛn biara. Nea ɛka ho no, ɔsram-fã biara a wotintim no bɛma honhom fam aduan a wɔde ma wɔ eyinom mu no abɔ ho.

3 Nanso, eye sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ eyi nso bɛma nsɛmma nhoma ahorow a wɔde mana wɔn a wogye bi no abɔ ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ asafo bi gye Twi 50, Ewe 20 ne Ga 10 mprempren a, esiane sɛ yetintim no ɔsram-fã biara nti, asafo koro no ara nsa bɛka Twi 100, Ewe 40 ne Ga 20 ɔsram biara. Esiane eyi nti, asafo ahorow betumi asusuw tebea no ho na wɔatew nea wogye no so mprempren ma afi ase ayɛ adwuma fi January 1, 1989 rekɔ.

4 Eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ asafo no tew nea wogye no so ba fã. Adawurubɔfo ne anigyefo pii wɔ hɔ a wɔn ankasa nkraa bi na wɔbɛkɔ so agye nea wosua no afi nea mugye no mu mprenu ɔsram biara. Afei yebetumi ahyɛ wɔn a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa no nkuran na wɔagye foforo a ɛbɛba no ɔsram-fã biara. Na, esiane sɛ nea ɛbɛba biara bɛka nsɛm foforo a aba so nti, sɛ adawurubɔfo ne akwampaefo bɔ mmɔden kakraa bi a wobetumi de nea abɛtɔ so no amema.

5 Esiane adwuma ne ɛka a ɛwɔ ɔsram fã biara ne nea ɛne Borɔfo de no hyia no tintim ho nti, yɛmpɛ sɛ nea yɛde mema no so tew. Mmom no, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de nokware ahorow a ɛma nkwa a ɛwɔ nsɛmma nhoma ahorow no mu no du nnipa dodow pii nkyɛn. Momma yɛnkyerɛ yɛn anisɔ wɔ nea wobetintim no ɔsram-fã biara ma ɛne Borɔfo de no ahyia wɔ yɛn kasa mu no ho denam pii a yɛde bɛmema no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena