Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Asɛnka Nhyiam Horow
    Ahenni Som—1983 | November
    • Asɛnka Nhyiam Horow

      OCTOBER 31-NOVEMBER 6

      Bere a Yɛde Yɛ Asɛnka Adwuma

      1. Dɛn nti na eyi ho hia?

      2. Ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa ma w’asɛnka anya nkɔso?

      3. Sɛ yɛde bere pii ka asɛm a hena na onya mfaso?

      NOVEMBER 7-13

      Nsɛmma Nhomakra Akwanhwɛ Horow

      1. Ɛhe na wɔtaa nya wɔn a wɔbɛkra?

      2. Emu nsɛm bɛn na woabɔ wo tirim sɛ wode bedi dwuma?

      3. Ne kra ho nkuranhyɛ bɛn na wode ma ofiewura?

      NOVEMBER 14-20

      Ɔkwan Bɛn so na Wo Nsɛmma Nhoma no mu Nsɛm a Wuhu Boa Wo

      1. Wɔ w’asɛnka no mu?

      2. Ma wode emu nsɛm a ɛfata ofiewura di dwuma?

      3. Ma w’asɛm no yɛ anigye kɛse?

      NOVEMBER 21-27

      Kyerɛ Sɛnea Wodi Adanse Bɔnnɔ So

      1. Wɔ Adwuma Mu.

      2. Wɔ Sukuu.

      3. Bere a worekɔ nhyiam.

  • August Ɔsom Akontaabu
    Ahenni Som—1983 | November
    • August Ɔsom Akontaabu

      Nnɔn. Nsɛm. San. BA

      Adwf. nky. nky. nky. nky

      Akw. Tit. 171 138.4 43.7 66.1 9.1

      Daa Akw. 1,218 80.9 35.1 41.4 5.7

      Akw. Abf. 820 62.0 28.1 24.8 3.5

      Adwf. 21,089 10.3 3.6 4.7 0.8

      NKABOM 23,298

      foforo a Wɔahyira Wɔn Ho So Agye Asubɔ: 61

  • Dɛn Na Yɛyɛe Wɔ August Mu?
    Ahenni Som—1983 | November
    • Dɛn Na Yɛyɛe Wɔ August Mu?

      YETUMI NYAE! Adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo a ɛne 23,298 wɔ August mu! Ɛyɛ mmɔdenbɔ kɛse a ɛde awie 1983 ɔsom afe no! Yɛda Yehowa, otwa adwuma Wura no ase! Na, anuanom, yɛma mo ayekoo wɔ mo nsi ne mmɔdenbɔ wɔ adwuma kɛse a yɛayɛ yi mu no ho. Monyɛ nea mubetumi nyinaa mfa mmoa nnipa 28,704 a yɛne wɔn yɛ Bible adesua no wɔ asram a ɛreba no mu ma wommenya nokware no ho nimdeɛ a edi mu a ɛbɛkyerɛ daa nkwa ama wɔn no.

  • Di Adanse Wɔ Baguam Ne Afi Mu
    Ahenni Som—1983 | November
    • Di Adanse Wɔ Baguam Ne Afi Mu

      1 Bere a ɔsomafo Paulo huu sɛnea atoro som akyekyere nnipa a wɔwɔ Atene no, ɛyɛɛ no abufuw. “Enti hyiadan mu ɔne Yudafo ne adefɛrefo no kasa, na gua so nso daa ɔne wɔn a wɔbɛto no kasa.” (Aso. 17:16, 17) Paulo de hokwan biara a onyae dii dwuma wɔ Efeso de dii adanse denam kyerɛ a ɔkyerɛkyerɛe wɔ gua so ne afi mu no so.​—Aso. 20:20, 21.

      2 Yehowa nokware asomfo a wɔtraa ase afeha a edi kan no mu maa wɔn ani daa hɔ sɛ wɔbɛka asɛmpa no bere biara ne wɔ baabiara a wobetumi. Ɛwom sɛ na wabrɛ de, nanso Yesu ne Samariani bea bi fii nkɔmmɔbɔ ase bere a na ɔrehome wɔ abura bi ho no. Nea efii eyi mu bae ne sɛ “Samariafo a wɔwɔ kurow no mu no mu pii gyee no dii.” (Yoh. 4:5-42) Paulo ne n’ahokafo kaa asɛm wɔ asu bi ho na nea efii eyi mu bae ne sɛ wɔbɔɔ Lidia ne ne fifo asu. (Aso.16:14, 15) Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ baguam adansedi mu a, yebetumi anya nhyira pii sɛnea wonyae no.

      3 Sɛ yɛrekɔ afie afie a, so yegyina kasa kyerɛ nnipa a ebia wɔregye wɔn ahome anaa wɔreyɛ adwuma wɔ abɔnten no? Sɛ afei na ebinom reba fie anaasɛ wɔrefi fie a, bɔ mmɔden sɛ wo ne wɔn befi nkɔmmɔbɔ ase. Sɛ anyɛ saa a ebia gye sɛ adapɛn anaa mpo asram bi akyi ansa na wo nsa betumi aka wɔn, titiriw sɛ wɔntaa ntra fie​—sɛnea ɛte mpɛn pii nnɛ no a. Yɛpɛ sɛ, sɛ ebetumi a, yɛkɔ wɔn a wɔwɔ asasesin no mu nyinaa nkyɛn. Bɔ mmɔden sɛ wubedi adanse tiaa wɔ anifere mu na ebia wode Ɔwɛn-Aban, ne Nyan! ama na woayɛ nhyehyɛe asan akɔ hɔ.

      4 Yɛn nyinaa betumi ahwehwɛ hokwan horow a yebenya de adi adanse bɔnnɔ so wɔ baabiara a ebia yɛwɔ. Bere a yɛde lɔre, bɔs, keteke, wimhyɛn, kar, retu kwan anaasɛ yɛnam fam no, yebetumi aka asɛmpa no akyerɛ afoforo mpɛn pii. Sɛ yɛde nsɛmma nhoma ma anaasɛ yegyaw nkratawa a, eyinom betumi ama onigyefo no anya biribi asusuw ho bio.

      NSƐMMA NHOMAKRA A WUBENYA

      5 Esiane sɛ Ɔwɛn-Aban no ne ɔkwan titiriw a yɛnam so de nokware no ma afoforo nti, ɛho hia sɛ yehu nsɛmma nhoma biara a yɛde ma mu nsɛm yiye. Eyi kyerɛ sɛ yebedi kan akenkan mu nyinaa na afei yɛahwehwɛ nsɛm a yɛbɛpɛ sɛ yɛde di dwuma wɔ asɛnka mu. Wɔ nea ɛba biara mu no yebetumi anya nsɛm a ɛne yɛn Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no kɔ. Sɛ kyerɛw nsɛm a yɛde di dwuma no wɔ emu nsɛm no bi mu a, ɛnde na yɛwɔ biribi a ɛwɔ hɔ dedaw a etu mpɔn a yɛde yɛn asɛm no bɛtõa mu.

      6 Ɛsɛ sɛ yɛkanyan ofiewura anigye wɔ nsɛmma nhomakra ho. Ebia ka a yɛbɛka nea enti a yehu sɛ nsɛmma nhoma no mu yɛ anigye na ɛsom bo no bɛboa onipa no ma ɔno nso agye atom sɛ obenya mfaso afi honhom mu nneɛma pa a ne nsa bɛka yi mu. So onipa no ani gye nyamesom ho? So ogye Bible no di, anaasɛ ebia ɔkɔ asɔre? Ɛnde ɛsɛ sɛ ohu sɛ nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban mu no yɛ anigye, ɛhyɛ gyidi den na ɛda nneɛma horow adi. Ɔkwan foforo so no, nnipa pii gye Onyankopɔn di nanso wɔnkɔ asɔre biara. Ebia nea wɔahu wɔ nyamesom akuw horow no mu no na ama wɔn aba mu abu. Wɔn nso ani begye Ɔwɛn-Aban no ho.

      7 Ɛda no adi sɛ atoro nyamesom de mpaapaemu ba, nanso Bible nkyerɛkyerɛ akyidi kã nnipa a wofi mmusua nyinaa mu bom. Bio nso, ɛda anidaso a ɛne wiase biako denam Onyankopɔn soro Ahenni so adi. Ɛnkyerɛkyerɛ atoro anidaso a ɛne wiase nyinaa a wɔbɛyɛ wɔn gyidifo no. Saa ara nso na ɛnka gyidi “ahenni” a ɛwɔ gyidifo nkutoo koma mu a ennya afoforo so tumi biara ho asɛm.

      8 Yiw Ɔwɛn-Aban ka Kyerɛwnsɛm mu nneɛma ahorow pii ho asɛm. Aboa n’akenkanfo pii ma wɔanya nipasu foforo. Yɛanya hokwan bio sɛ yɛbɛma nnipa koma pafo nyinaa akra nsɛmma nhoma yi, ne ne hokafo a ɛyɛ Nyan! no November ne December mu. Yebetumi ama wɔakra n’abien nyinaa anaa emu biako. Nea ɛba ɔsram-fã no biako a wɔkra bo yɛ ¢75.00 na nea ɛba ɔsram biara no yɛ ¢40.00.

      9 Mma w’aba mu mmu ansa na woaka ne kra no ho asɛm denam ka a wobɛka akyerɛ wo ho sɛ ne bo yɛ den no so. Kae sɛ ne bo no da so ara yɛ mmerɛw sen nsɛmma nhoma a ɛte saa ara a wɔkra a emu nsɛm nsom bo ahe biara no. Enti momma yenya adwempa wɔ nsɛmma nhomakra ho asɛm a yɛka no mu. Yɛwɔ anidaso sɛ ɛdenam 24 a yɛbɛma wɔakra afe biako no so no, yebetumi aboa pii ma wɔahu Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no na wɔagye atom. Bere a yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma afoforo nsa nka ne hann ne nokware no, momma yɛmfa hokwan biara a yebenya nni adanse wɔ gua so ne afi mu, na yɛmfa nokware ne nkuranhyɛ fibea fɛfɛ yi mma wɔn.​—Dw. 43:3.

  • Wɔn A Wɔagyae Asɛnka A Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔayɛ Den Wɔ Gyidi No Mu
    Ahenni Som—1983 | November
    • Wɔn A Wɔagyae Asɛnka A Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔayɛ Den Wɔ Gyidi No Mu

      1 Wɔ May 1982 mu no yefii dwumadi titiriw bi ase a ɛne wɔn a wɔagyae asɛnka no a yɛbɛhwehwɛ wɔn na yɛaboa wɔn. Dɛn na afi mu aba? So yebetumi ayɛ pii de aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw anaa wɔagyae asɛnka no? Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyɛ yɛn nuanom nkuran?

      2 Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛma moate sɛ wɔn a na kan wɔagyae asɛnka no mu pii asan ne yɛn abom resom bio. Ná wɔte sɛ odwontofo a ɔkyerɛwee sɛ: “Mafom kwan sɛ oguan a wayera, hwehwɛ w’akoa, na me werɛ mfii wo mmara nsɛm” no. (Dw. 119:176) Bere a onuawa bi huu sɛ wahwere abusuabɔ a emu yɛ den a ɔne Yehowa wɔ no, ɔbɔɔ no mpae hwehwɛɛ akwankyerɛ na da a edi hɔ no ɔpanyin biako baa ne nkyɛn ne no bɛyɛɛ Bible adesua. Ɔkae sɛ: “Dɛn nti na mintumi nkɔ so nsom No?” Mpanyimfo baanu kɔsraa abusua bi a na wonni anigye koraa a wɔagyae asɛnka, a na ne fã bi fi honam fam nneɛma akyidi, na wɔne wɔn yɛɛ Bible adesua. Wɔkae sɛ: “Eyi ne nea na yɛretwɛn.” Ɛnnɛ abusua mũ no nyinaa de anigye nya asɛnka mu kyɛfa bere a wɔatew wɔn honam fam adwuma so no.

      3 Ampa, mpanyimfo no ɔdɔ adwuma, ne wɔn a wɔne wɔn yɛɛ adwene no nyinaa anya Yehowa, Oguanhwɛfo Kɛse, no nhyira. (1 Pet. 2:25) Ɔhwɛfo kwantufo biako bɔ amanneɛ sɛ wɔ beae koro no, anuanom no ani gyei sɛ wohuu sɛ wɔaboa 75 ma wɔasan ayɛ den, ma enti ɛho behiae sɛ wɔsan hyehyɛ asafo foforo. Amansin ahorow pii bɔ fi 25 kosi nea ɛboro 100 a wɔasan ayɛ den ho amanneɛ. Ɔhaha pii nso afi ase reba adesua bio na ɛdenam Bible adesua a wɔhyɛ da yɛ ho nhyehyɛe so no, wɔreyɛ den wɔ gyidi mu.

      4 Nsa aka aseda pii afi wɔn a na kan wɔyɛ “nguan a wɔayera” no hɔ. Bere a mpanyimfo no kɔɔ abusua biako hɔ no na wɔn aware no reyɛ agu. Ná mmofra no ayɛ basaa, a wontumi nhu sɛ wɔda so ara yɛ Yehowa Adansefo anaa. Nanso abusua no penee Bible adesua so na wofii ase ne asafo no bɔe. Onua no se: “Mprempren Yehowa ahyira yɛn mmɔdenbɔ no so na wama yɛayɛ den honhom mu. Yɛn aware no mu ayɛ den, na yɛbom sua ade sɛ abusua; yɛkɔ nhyiam horow nyinaa na mprempren yɛkɔ asɛnka. Yɛda Yehowa boasetɔ ne mmoa a efi anuanom nkyɛn no ho ase kɛse.” Onuawa foforo a ɔbɛyɛɛ den bio de anigye kae sɛ: “Mede m’asɛnka akontaabu a edi kan wɔ mfe du mu bae ɔsram a etwaam no. Na ɛdenam Yehowa ayamye a ɛnsɛ so no meremma ɔsram foforo bi ntwam a menka asɛm.” Awarefo bi ka kyerɛɛ ɔpanyin a ɔkɔsraa wɔn sɛ: “Asram abien a etwaam a na yɛresua ade na yɛkɔ nhyiam horow no ayɛ nea ɛyɛ anigye sen biara wɔ mfe 12 a yɛde aware no mu.”

      5 Ɔkwan bɛn so na yebetumi akɔ so aboa wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ no? Kɔ so bɔ mmɔden a ɛfata sɛ wobɛhwehwɛ wɔn a wɔayera no na woaboa wɔn. Ka nsɛm a ɛhyɛ nkuran na ɛda ntease adi. Wo ne wɔn mmɔ mpae. Ma wɔnte nka sɛ nneɛma bɛyɛ yiye, ne sɛ, wɔsom bo kɛse wɔ Onyankopɔn anim.

      6 Sɛ wo ne obi a wagyae asɛnka resua ade a, kae sɛ honhom mu ahoɔden yɛ nea mpɛn pii ɛba brɛoo, nkakrankakra. Boasetɔ ne abodwokyɛre ho hia. Bere a wobisaa nea ɛboaa no ma ɔsan bae no, onuawa bi kae sɛ nea ɔne no suaa ade no “annyae no koraa.” Boa wɔn ma wonhu bo a ɛsom sɛ ‘wɔbɛfa ɔkwan a wɔakyerɛ’ no so denam su pa a wobenya wɔ adesua ne asɛnka ho no so. (Dw. 50:23) Wɔn a wɔwɔ asafo no mu nyinaa betumi aboa denam fekubɔ a ɔdɔ wom a wɔbɛtwetwe eyinom aba mu no so. Obi a wasan ayɛ den kae sɛ nea ɛboaa no ne “ayamye ne ɔdɔ kɛse a nnamfo yii adi kyerɛɛ me bere a mesan baa nhyiam ahorow no. Yɛyɛ abusua kɛse biako ampa.”

      7 Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔagyae asɛnka no, mommma yɛn werɛ mfi wɔn a wɔde wɔn ho abɛbɔ yɛn nnansa yi a ebia wohia mmoa no. (Aso. 20:35) Yebetumi abɔ pii ho ban afi asɛnka a wɔde nkakrankakra begyae no ho denam yɛn nuanom honhom fam yiyedi a yɛbɛma yɛn ani akũ ho no so. So obi wɔ mo nhoma adesua kuw no mu a ɔreyɛ mmerɛw wɔ asɛnka mu anaa ɔmma nhyiam horow no? So ohia nkuranhyɛ bi? So wubetumi ato nsa afrɛ no ma wabenya mo abusua anaa ankorankoro adesua no mu kyɛfa? So wo ne no betumi ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu? Sɛ́ anka ‘yɛbɛtwe yɛn ho’ afi Yehowa ho esiane gyidi a yenni nti no, momma yɛnkɔ so ntutu yɛn ho yɛn ho fo da biara mmom.​—Heb. 3:12.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
    Ahenni Som—1983 | November
    • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

      DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 6

      Dwom 89

      12 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ anuanom nkuran ma wɔmfa Our Ministry nhoma no mmra dapɛn a edi hɔ. Afei nso “Nsɛm a Yɛka wɔ Nsɛmma Nhoma Da.” Nsemmisa ne mmuae a wɔde di nkyekyem 1 ne 6-8 ho dwuma. Yɛ nsɛmma nhoma abien a wɔde ma, a wɔka August 1 Engiresi Ɔwɛn-Aban (sɛ ebi wɔ hɔ a) ho asɛm ho ɔyɛkyerɛ a wɔde asɛnka a ɛwɔ nkyekyem 2 di dwuma. Hyɛ ho a wɔde bɛhyɛ Memeneda a ɛto so abien nsɛmma nhoma dwumadi mu dapɛn yi awiei ho nkuran.

      15 min: “Di Adanse wɔ Baguam ne Afi Mu.” Nsemmisa ne mmuae. Hyɛ adawurubɔfo nkuran na wɔmfa adwempa ne anigye nka nsɛmma nhomakra ho asɛm a ɛbo foforo no mfa ho.

      18 min: “Wɔn a Wɔagyae Asɛnka a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔayɛ Den wɔ Gyidi no Mu.” Nsemmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bisabisa obi a wɔaboa no nsɛm, ma ɔnka nea ɛboaa no ma ɔsan bɛyɛɛ den bio nkyerɛ.

      Dwom 118 ne mpaebɔ a wɔde wie.

      DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 18

      Dwom 10

      10 min: Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ne asafo mu de. Afei nso sika akontaabu.

      20 min: Nsemmisa ne mmuae a wɔde di “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—denam Nnipa a Woma Wɔn Nsɛmma Nhoma Daa a Wubenya So” ho dwuma. Fa nsɛm ntiantia a wobisa obi a ɔwɔ nnipa a ɔma wɔn bi daa wɔ asafo mu ka ho. Ɛdefa nkyekyem 7 ho no, ma adawurubɔfo baanu a wɔbɔ mmɔden wɔ nsɛmma nhoma dwumadi mu mmɔ nsɛm a ɛwɔ nsɛmma nhoma foforo a aba mu a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛka ho asɛm ho nkɔmmɔ tiaa. Afei yɛ asɛnka a ɛwɔ nkyekyem mu ho ɔyɛkyerɛ sɛ obi a ogyee nsɛmma nhoma a wɔsan kɔsra no. Hyɛ ho a wɔde bɛhyɛ asɛnka mu dapɛn awiei ho nkuran.

      15 min: “Kristo Dibea wɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe mu a Yebegye Atom.” Ɔkasa a ɔpanyin ma de di asɛm a ɛwɔ Our Ministry nhoma ti 3 ho dwuma, na ɔkyerɛ sɛnea ɛfa asafo no no.

      Dwom 68 ne mpaebɔ a wɔde wie.

      DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 20

      Dwom 44

      10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ anuanom nkuran ma wonsua Our Ministry nhoma no ti 4 na wɔmfa mmra dapɛn a edi hɔ. Munsusuw Teokrase Nsɛmmansɛmma nso ho.

      10 min: “Ɔmansin Nhyiam Horow​—Adansesɛm a Ɛba Bere Ano.” Ɔkasa. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnyɛ nhyehyɛe pa nkɔ ɔmansin nhyiam a edi hɔ.

      25 min: “1983 ‘Ahenni Biakoyɛ’ Ɔmantam Nhyiam” ho asɛm a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu ho nkɔmmɔbɔ a efi mfiase kosi asɛmti ketewa “Kristofo Su Horow, Ɔdɔ Agyiraehyɛde” a ɛno nso ka ho so. Sɛ bere ma kwan a monkenkan nkyekyem ahorow a ɛho hia. Si hia a ɛho hia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe mprempren sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akɔ na ama wɔanya honhom mu mfaso horow so dua. Hyɛ asafo mufo nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ nhwɛso pa denam abrabɔ ho asɛm a wɔaka no akyi a wobedi na wɔayɛ aso atie no so.

      Dwom 5 ne mpaebɔ a wɔde wie.

      DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 27

      Dwom 58

      5 min: Asafo mu nkaebɔ, Hyɛ mmusua horow nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɛnka adwuma mu Kwasida a edi kan wɔ December mu.

      17 min: “Sɛnea Wɔhyehyɛ Asafo no na Wodi So.” Ɔkasa a ɔpanyin ma wɔ asɛm a ɛwɔ Our Ministry nhoma ti 4 ho, efi kratafa 21 kosi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 25 so. Momfa nsemmisa ne mmuae nsusuw ti no fã a aka ho.

      23 min: Atiefo nkɔmmɔbɔ a ɛfa nhyiam ho nsɛm a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu fã a aka ho, efi “Abrabɔ Pa” so kosi awiei a “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ Ahorow” ka ho. Sɛ ebinom wɔ asafo mu a wohu sɛ nneɛma ahorow besiw wɔn kwan wɔ nhyiam no nyinaa a wɔbɛkɔ mu a, hyɛ wɔn nkuran ma wɔne afoforo nkasa nhwɛ sɛ ebia wobetumi ayɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renhwere honhom fam nsiesiei fɛfɛ a efi Yehowa hɔ yi mu biara.

      Dwom 60 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena