Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 10/1 kr. 32
  • ‘Mantumi Amfa Anto Hɔ’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Mantumi Amfa Anto Hɔ’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 10/1 kr. 32

‘Mantumi Amfa Anto Hɔ’

ADETƆNDAN sohwɛfo bi a ɔwɔ Caribbean supɔw a wɔfrɛ no St. Lucia no ahenkurow mu gyee Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no biako. Onipa a ogyei wɔ ne nkyɛn no kyerɛw sɛ:

“Ansa na dapɛn no reba awiei no, ɔfrɛɛ me kɔɔ n’adetɔndan no mu mprɛnsa esiane sɛ na mitwam wɔ ne dan no anim nti. Ná wakenkan nhoma no afã horow bi na na ɔpɛ nkyerɛkyerɛmu foforo a, ɛfa hell, ɔkra, yɛ a Maria nyɛ Onyankopɔn ne na, ne nea ɛtete saa no ho. Ɛwom sɛ ɔyɛ ɔdetɔnfo a onni adagyew ne obi a ɔntaa nkenkan ade pii de, nanso ɔbea yi de adapɛn abien na ɛkenkan nhoma no, na asɛm a n’ankasa kae ne sɛ: ‘Menkenkanee ade pii saa wɔ m’asetra mu da. Bere a akenkan no maa me ti yɛɛ me yaw mpo no, mantumi amfa nhoma no anto hɔ.’”

Ɛkame ayɛ sɛ nhoma no ka Bible mu nkyerɛkyerɛ biara a wogye ho kyim ho asɛm na ɛboaboa ɛho adanse ano wɔ ɔkwantiaa a ntease wom so a ɛma nsemmisa ne ho mmuae mu da hɔ pefee ma ɔkenkanfo no. Nya biako, na wobɛte nea enti a nkurɔfo ani gye ho no ase.

Mesrɛ mo, momfa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So no biako mmana me. Mede ₵75.00 ahyem de retua ka.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena