Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 7/1 kr. 32
  • Katolekni Bi Ani Gye Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Katolekni Bi Ani Gye Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 7/1 kr. 32

Katolekni Bi Ani Gye Ho

Yehowa Adansefo mu biako kar tai dwoe wɔ nwuram baabi wɔ Virginia a ɛwɔ U.S.A. Ná ofi bi bɛn hɔ na ɔkɔbɔɔ ne pon mu. Ɔbea a ɔwɔ fie hɔ no buee no na ɔmaa no kwan ma ɔde wɔn telefon no frɛɛ mfiri ho adwumayɛfo ma wɔbɛboaa no. Akyiri yi Ɔdansefo no kyerɛw krataa de kɔdaa ɔbea no ase, na ɔde Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no biako kaa ho. Ɛho mmuae a onyae no fã bi na edidi so yi:

“Ɛsɛ sɛ meka nokware kyerɛ wo pen. Meyɛ Roman Katolekni. Na bere biara a obi de Ɔwɛn-Aban anaa nhomawa foforo biara bɛba me pon ano no, mebɔ mmɔden sɛ merennye. Sɛ wɔhyɛ me ma migye a, metow gu nwura adaka mu. Wɔde Katoleksɛm ahyɛ me mu fi bere a na meyɛ abofra ketewaa.

“Nanso, m’ani gyee wo nhoma no ho efisɛ na asɛm ‘Paradise’ wɔ n’asɛmti no mu na n’akenkan mu da hɔ na ɛyɛ mmerɛw. Nsemmisa a ɛwowɔ nkratafa no ase no hyɛ wo nkuran ma wokenkan, na mfonini ahorow no yɛ me fɛ. M’ani gyee kratafa 11 ho titiriw efisɛ merebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ paradise a ɛte saa ara bi wɔ ha ama nnomaa ne mmoa. Mewɔ aforote, nnanko, apurow ahorow, wuram krokro ne nnomaa ahorow nyinaa bi. . . .

“Woayɛ ade ankasa sɛ woanya Katolekni ma wakenkan ɔsom foforo bi nhoma. Ha! Minnye nni sɛ mɛsakra akɔ ɔsom foforo bi mu. Nanso mekenkan nhoma no, na mprempren me kunu rekenkan. Meda wo ase bio.”

Saa nhoma fɛfɛ yi kura nkratafa 256, na ne kɛse te sɛ nsɛmma nhoma yi, na mfonini ahorow 150 a wɔde nnuru a ɛyɛ fɛ ayeyɛ emu pii wom. Fa ¢250.00 pɛ mana na wo nsa bɛka biako; ketewa no yɛ ¢125.00.

Mesrɛ mo momfa nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So no biako mmana me. Yɛ agyiraehyɛde wɔ nnaka yi biako mu fa kyerɛ sɛ wopɛ kɛse a ne bo yɛ ¢125.00 no [ ] anaa ketewa a ne bo yɛ ¢125.00 no [ ] na fa sika no ka ho mana.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena