Ahenni Asɛm Titiriw ma Obiara
1 Efi April 24 na yefii ase kyekyɛɛ Ahenni Asɛm titiriw a akanyan nnipa a nsɛm haw wɔn a wɔwɔ mmaa nyinaa anigye no! Emu nsɛm no nyɛ ne bere mu de nko, na egye ntɛmpɛ nso. Asafo biara mu adawurubɔfo fi koma nyinaa mu aboa, na wɔanya ɔpɛ sɛ wɔde nkrasɛm yi bɛmema nnipa mpempem pii. Wode wo ho rehyɛ mu akosi ase?
2 Wɔde Ahenni Asɛm no bi menaa asafo biara, maa ɔdawurubɔfo biara nyaa bɛyɛ 50, na ɔkwampaefo biara nyaa 250. Dodow ahe na woatumi akyekyɛ? Sɛ wuntumi nyɛɛ pii sɛnea wohwɛɛ kwan sɛ wobɛyɛ no a, woasusuw akwan a wobɛfa so ayɛ pii ansa na ne kyekyɛ aba awiei May 14 ho? Na akwampaefo boafo adwuma a wode wo ho behyem nso ɛ? Wubetumi de wo ho ahyɛ asɛnka nhyiam foforo a wɔyɛ wɔ dapɛn no mu, te sɛ nea wɔyɛ ma anwummere adansedi no mu?
3 Mpanyimfo no de ahwɛyiye besusuw asasesin no mu adwuma a wɔbɛyɛ no fefeefe ho. Sɛ asafo a asasesin bi hyɛ ne nsa ntumi nyɛ afã bi mu adwuma a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no kohu asafo ahorow a ɛbemmɛn no ma wɔbɛboa. Ɛsɛ sɛ mmɔden a yefi koma nyinaa mu bɔ, ne biakoyɛ a ɛwowɔ asafo ahorow no ntam ma yetumi wie adwuma no.
4 Ɛda adi sɛ woanya anigye foforo wɔ adwuma yi mu esiane sɛ nnipa pii atumi de wɔn ho ahyem, a adawurubɔfo a wɔyɛ foforo ne mmofra ka ho nti. Yɛwɔ anidaso sɛ, mubekura saa anigye honhom yi mu, na ahyɛ obiara nkuran ma wasan akɔsra wɔn a wɔakyerɛ anigye kɛse no. Wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yennya afie afie kyerɛwtohɔ pa, na yɛnhyɛ wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no nsow. May awiei bɛyɛ bere a ɛfata sɛ yɛde yɛn adwene si sankɔhwɛ a yɛbɛyɛ so, a botae no ne sɛ yebefi Bible adesua ahorow ase.
5 Sɛ yɛsan kɔ hɔ a, dɛn na yebetumi aka? Ebia wubehu sɛ ɛyɛ papa sɛ wobɛka sɛ: “Ebia wokae krataa a mede gyaa wo nnansa yi no; mewɔ awerɛhyem sɛ wunyaa hokwan kenkan susuw asɛm no ho kakra. Ɛda adi sɛ emu nsɛm no ama nkurɔfo resusuw nsɛm pii ho wɔ yɛn mpɔtam ha, efisɛ ɛfa nsɛm a ɛho hia a adesamma nyinaa hyia ho.” Dan adwene kɔ nsɛm a ɛkanyan adwene a ɛwɔ kratafa abien no bi so, na afei bisa sɛ: “Wususuw sɛ dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na yɛatumi ahu sɛ yɛasiesie yɛn ho ama nea ɛbɛba daakye no?” Twɛn ma ommua. Sɛ ɔkyerɛ anigye a, ɛne no mmɔ nsɛmpɔw afoforo a ɛwɔ Ahenni Asɛm no nkratafa 2-4 ho nkɔmmɔ, na ɛne no nyɛ Bible adesua ho nhyehyɛe, na sɛ ɛno renyɛ yiye a, ma no nsɛmma nhoma a aba foforo no bi.
6 Sɛ woyɛ asafo foforo asasesin mu adwuma a, hwɛ hu sɛ wode anigyefo biara a wunyae din bɛma wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a saa asafo no mu adawurubɔfo betumi akɔyɛ sankɔhwɛ ahorow no. Saa ara nso na sɛ wɔka sɛ kɔyɛ sankɔhwɛ bi a, hwɛ hu sɛ wobɛsan akɔ hɔ ntɛm ara.
7 Ahenni Asɛm titiriw yi kyekyɛ ama yɛn nyinaa anya anigye, na akanyan yɛn ma yɛreyere yɛn ho wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu. Yebetumi anya ahotoso sɛ ebenya nkɔanim kɛse, na ama nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa ahu Yehowa din kɛse no ne n’atirimpɔw yiye. (Yes. 12:4, 5) Dodow a yebetumi ayɛ no, dodow no ara na yɛn anigye bɛyɛ kɛse.—Dw. 126:3.