Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/95 kr. 8
  • Agyiraehyɛ a Ɛde Nkwagye Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Agyiraehyɛ a Ɛde Nkwagye Ba
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Sankɔhwɛyɛ So
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • San Kɔ Kogye Ebinom
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • San Kɔhwehwɛ Anigyefo Nyinaa Fa Boa Afoforo
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nhoma a Wɔde ma Wɔ Asɛnka Mu Ho Nyansahyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 5/95 kr. 8

Agyiraehyɛ a Ɛde Nkwagye Ba

1 Ansa na Yehowa bebu n’atɛntrenee no, ɔde kɔkɔbɔ ma bere nyinaa na ɔde ɔkwan a ahobrɛasefo bɛfa so afi mu ma. Wɔ Hesekiel bere so no, na nnipa bi wɔ hɔ a wosisi apini di akyide a na wɔreyɛ ho nkɔmmɔ. Yehowa ma wɔhyɛɛ saafo no agyirae maa nkwagye. (Hes. 9:4-6) Yɛn nnɛyi asɛnka adwuma no kura atirimpɔw koro no ara. Yebetumi anya mu kyɛfa kɛse.

2 Nnipa komapafo a yebehu wɔn no yɛ ade a edi kan ara kwa. Yɛyɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe. Yesiesie yɛn ho ma nsrahwɛ a edi kan no ho sankɔhwɛ denam nhoma a yɛde mae ne asɛmti a yɛbɔɔ ho nkɔmmɔ a yɛbɛkyerɛw no so. Sɛ yɛn sankɔhwɛ no betu mpɔn a egyina nea yɛayɛ ahoboa sɛ yɛbɛka anaa yɛbɛyɛ bere a yɛasan akɔ hɔ no so kɛse.

3 Sɛ worekɔyɛ “Ɔwɛn-Aban” a wode mae ho sankɔhwɛ a, wubetumi atwe adwene akɔ n’asɛmti no ankasa so:

◼ “Hyɛ no nsow sɛ asɛm ‘Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ’ wɔ Ɔwɛn-Aban no anim. Nea ɛma nsɛmma nhoma yi da nsow ne sɛ ɛkamfo Onyankopɔn Ahenni kyerɛ sɛ ɛne wiase haw ahorow ano aduru koro pɛ. Ɛkyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ bere a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so no mu. Eyi ne asɛmpa a Yesu kae sɛ wɔbɛka wɔ asase so nyinaa no.” Kenkan Mateo 24:14, na kyerɛkyerɛ sɛnea obetumi anya Ɔwɛn-Aban no bi bere nyinaa de ayɛ kokoam Bible adesua.

4 Ebia wobɛpɛ sɛ wotwe adwene kɔ Bible no ankasa so na wusi hia a ehia sɛ yɛkenkan daa no so dua. Wubetumi aka sɛ:

◼ “Ɛkame ayɛ sɛ obiara a yenim no ani begye ho sɛ obenya afotu pa bi a ɛfa sɛnea yebetumi agyina da biara asetra mu haw ahorow ano ho. Wususuw sɛ ɛhe na yebetumi anya afotu a yebetumi de yɛn ho ato so? [Ma ommua.] Wɔadi nnipa pii a wɔde wɔn ho ato nnamfo afotu so anaa wɔn a wɔatua sika de agye abenfo afotu no huammɔ kɛse. Nanso, nnipa ɔpepem pii ahu sɛ Bible no nkutoo na ɛde afotu a wobetumi de wɔn ho ato so ankasa ma. Bible no kyerɛkyerɛ sɛnea yebegyina ɔhaw biara a ebia yebehyia no ano. [Kenkan 2 Timoteo 3:16, 17.] Ɛwom sɛ ebia ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛte Bible no ase de, nanso ma menkyerɛ wo sɛnea wubetumi de abue ɔdan a wɔakora mu afotu a nyansa wom no.” Toa so denam adwene a wobɛtwe akɔ “Love” so wɔ “Bible Words Indexed” a ɛwɔ New World Translation akyi no so, na twe adwene si nsɛm a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ betumi aboa yɛn ma yɛasiesie yɛne afoforo ntam no so.

5 Sɛ wo botae ne sɛ wubefi Bible adesua ase a, wubetumi de “Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So” nhoma no adi dwuma, bere a wode saa nnianim asɛm yi redi dwuma no:

◼ “Yɛdɔ yɛn mmusua na yɛpɛ sɛ esi wɔn yiye paa. W’abusua bɛyɛ dɛn anya wiase a ɛte sɛ eyi mu a wɔbɛtra mu mfaso?” Fa mfonini a ɛwɔ nkratafa 156-7 no kyerɛ no. Kenkan kyerɛw nsɛm a emu nsɛm wɔ saa nkratafa no mu no biako anaa abien, na kyerɛkyerɛ mu sɛ eyi yɛ bɔ ahorow a Yehowa Nyankopɔn a ɔrentumi nni atoro no na ɔhyɛe. Twe adwene kɔ nsɛmti a wɔahyehyɛ wɔ nkratafa 5-6 no so, na bisa ofiewura no nea n’ani gye ho kɛse; dan kɔ asɛmti a ɔbɛpaw no so, na mommɔ nkyekyem biako anaa abien ho nkɔmmɔ.

6 Wobɛpɛ sɛ woboa onipa foforo bi ma wɔhyɛ no agyirae ma nkwagye? Saa a wubetumi ayɛ no gyina ‘wo som adwuma a wubewie no koraa’ so denam wo ho a wubesiesie yiye na woasan akɔ anigyefo a wunya wɔn nyinaa nkyɛn ntɛm ara no so.—2 Tim. 4:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena