-
Wo Som bo wɔ Onyankopɔn Ani So!Ɔwɛn-Aban—1995 | April 1
-
-
20. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahomaso anaa ahopɛ esiane sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn no nti?
20 Kristoni a ɔkari pɛ biara nni hɔ a ɔde Onyankopɔn dɔ ne obu ho adanse a ɛte saa bɛyɛ hokwan de abu ne ho akyɛn sɛnea ɔte ankasa. Paulo kyerɛwee sɛ: “Menam ɔdom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene, sɛnea Onyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ de ama obiara no.” (Romafo 12:3) Enti bere a yɛn soro Agya no dɔ ma yɛn ho yɛ yɛn hyew no, momma yɛn adwene mu nna hɔ na yɛnkae sɛ Onyankopɔn adɔe no yɛ ɔdom.—Fa toto Luka 17:10 ho.
21. Satan atosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ko tia, na ɔsoro nokwasɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho daa?
21 Momma yɛn mu biara nyɛ nea obetumi biara mfa mpow nsusuwii a Satan hyɛ ho nkuran wɔ saa wiase dedaw a ɛretwam yi mu no nyinaa. Nea ɛka ɛno ho ne pow a yɛbɛpow adwene a ɛne sɛ yɛnsom bo na yɛn ho nhia no. Sɛ nhyehyɛe yi mu asetra akyerɛ wo ma woahu wo ho sɛ woyɛ akwanside a ɛsõ dodo sɛ Onyankopɔn dɔ kɛse no mpo betumi adi ho dwuma, anaa wo nnwuma pa no sua koraa sɛ n’ani a ehu ade nyinaa no mpo behu, anaa wo bɔne dɔɔso dodo sɛ ne Ba a ɔsom bo no wu mpo betumi apopa a, wɔakyerɛ wo atosɛm. Pow saa atosɛm no sɛ akyide koraa! Momma yɛmma nsɛm a wɔnam honhom so de maa ɔsomafo Paulo, a ɛwɔ Romafo 8:38, 39 yi ntra yɛn adwenem daa: “Migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no mu.”
-
-
Kanyan Afoforo kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu—Ɔkwan Bɛn So?Ɔwɛn-Aban—1995 | April 1
-
-
Kanyan Afoforo kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu—Ɔkwan Bɛn So?
“Momma yɛn mu biara nsusuw ne yɔnko ho mfa nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, . . . yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.”—HEBRIFO 10:24, 25, NW.
1, 2. (a) Dɛn nti na na ɛho hia sɛ tete Kristofo no nya awerɛkyekye ne nkuranhyɛ fi hyia a na wohyiam no mu? (b) Paulo afotu bɛn na ɛkaa hia a ɛho hia sɛ yehyiam no ho asɛm?
WOHYIAAM wɔ kokoam a na wɔaka wɔn ho aboa ano wɔ dan bi a wɔatom mu. Ná abɔnten baabiara yɛ hu. Ná wokum wɔn Kannifo, Yesu, wɔ baguam nkyɛe, na na wabɔ n’akyidifo kɔkɔ sɛ sɛnea wɔyɛɛ no no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn nso. (Yohane 15:20; 20:19) Nanso bere a wɔbrɛɛ wɔn nne ase kaa Yesu a wɔdɔ no no ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔmmɔ hu pii esiane sɛ na wɔwɔ faako no nti.
2 Ɛbere kɔɔ so no, Kristofo hyiaa sɔhwɛ ne ɔtaa ahorow nyinaa bi. Te sɛ saa asuafo a wodi kan no, wonyaa awerɛkyekye ne nkuranhyɛ fii hyia a wohyiam faako no mu. Enti, ɔsomafo
-