-
Ɔsom Kronn Sɛ AbusuaƆwɛn-Aban—1982 | July 1
-
-
mmusua horow no behu sɛ ampa wobetumi anya kyɛfa kɛse wɔ asɛm a ɛho hia sen biara a wɔreka wo asase so, a ɛne Onyankopon ahenni a wode asi hɔ no ho “asɛmpa” no mu. Esiane mmɔden a wobom bɔ nti, Yehowa nhyira bɛyɛ wɔn de, na ɛmfa ɔbrɛ nka nhyira horow a ɔde ma ho.—Mmebusɛm 10:22.
16 Adɛn nti na mommom ntra ase sɛ abusua na munsusuw nea moreyɛ ne nea mubetumi ayɛ no ho? Akyinnye biara nni ho sɛ nokware a yebedi bɛma yɛn mu dodow no ara agye atom sɛ, sɛ yɛbɔ mmɔden kakraa a yebetumi atrɛw afã a yɛn abusua no nya wɔ Yehowa “ɔsom kronn” mu no mu. Monkae sɛ Yehowa nhwehwɛ nea ɛboro so wɔ yɛn ho. Ɛsɛ sɛ ɔdɔ ma ɔno, yɛn abusua ne adesamma nyinaa ka yɛn ma yɛhwehwɛ yɛn ho mu hwɛ na yehu nea ebia yɛbɛyɛ. Susuw “ɔsom kronn” no afã horow, wo som adwuma a anuonyam wom sɛ Kristo suani no ho hwɛ. (2 Korintofo 4:7) Fa asɛm no to Yehowa anim wo mpaebɔ mu, na hwehwɛ n’akwankyerɛ ne ne mmoa wɔ mmɔden a wobɔ no mu. Nhyira no dɔɔso mprempren a onyamesom pa mu abotɔyam ka ho, na woahyɛ yɛn nkwa ankasa ho bɔ daakye, wɔ Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo no mu.—Mateo 25:34; 1 Timoteo 6:6, 17-19.
NSƐM A WOBESUSUW HO SƐ ABUSUA
• Wɔ sɛnea Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 6:33 no fa yɛn ho sɛ ankorankoro akyi no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ mmusua susuw sɛnea wɔbɛbom de saa asɛm no adi dwuma no ho?
• Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya kyɛfa kɛse wɔ abusua nhyehyɛe a wɔde kyerɛkyerɛ mmofra ma wɔka Ahenni asɛm no kyerɛ afoforo no mu?
• Nsakrae ahorow a ɛbɛboa bɛn na wususuw sɛ mubetumi ayɛ wɔ mo abusua no mu na ama mmofra no anya kyɛfa kɛse wɔ adwuma yi mu?
• “Ɔsom kronn” afã titiriw bɛn na ebetumi ayɛ botae horow a eye ma wo anaa mo abusua no muni bi?
• Ɔkwan bɛn so na ebia mo abusua no betumi ayɛ adwuma abom na ama, anyɛ yiye koraa no, ebia mo mu biako atumi adu botae a ɛte saa no ho?
-
-
Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni AbɛnƆwɛn-Aban—1982 | July 1
-
-
Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
45. (a) Dɛn na yebetumi aka wɔ sɛ ebia nnipa a wɔwɔ Kristoman mu asɔre horow mu no afi Babilon Kɛse mu dedaw no ho, na dɛn ntia? (b) Enti, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔsɛe Kristoman ka Babilon Kɛse no ho?
45 Eyi nyɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔdaadaa yɛn. Esiane sɛ Kristoman ka sɛ edi Kristo akyi nti, ɛnsɛ sɛ n’asɔremma a wɔwɔ ne nyamesom akuw ɔhaha no mu no susuw sɛ woafi Babilon Kɛse no mu dedaw. Bere tenten a wɔda so yɛ Kristoman fã no, wɔda so ara wɔ Babilon Kɛse no mu na wonya ne bɔne no mu kyɛfa. Dɛn ntia? Efisɛ Kristoman ankasa yɛ Babilon Kɛse no fã, nokwarem no, ɛno ne wiase atoro som ahemman no fã titiriw. Bio nso, Kristoman a adi akodi ne mogyahwiegu ho fɔ no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so nnɛyi Yerusalem a enni nokware a ɛsɛ sɛ Yesu nokware akyidifo nyinaa guan fi mu na wɔanya nkwa. Enti, sɛ Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe (Amanaman Nkabom no) sɛe Babilon Kɛse no a, ɛbɛsɛe Babilon Kɛse no fã a edi sõ sen biara, a ɛne Kristoman, no nso. Ɛsɛ sɛ wɔn a wodɔ asetra a ɛne nokware Nyankopɔn no akwankyerɛ hyia no guan fi Kristoman mu ntɛm, sɛnea Yesu Kristo akyidifo a ná woyɛ
-