Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔkwan A Yɛbɛfa So Ayɛ Asomfo A Wɔn Ho Akokwaw
    Ɔwɛn-Aban—1985 | May 1
    • nsɛm a wode aba yiye yɛn asom asɛm foforo.”​—Asomafo no Nnwuma 17:18-20.

      15. Nkurɔfo yɛ wɔn ade dɛn wɔ yɛn som adwuma no ho? Nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

      15 Ɛsɛ sɛ yehu sɛ sɛnea nsɛm ho amanneɛbɔfo ne asɔretiafo da yɛn asɛm no adi no betumi ayɛ asɛm foforo ama ɔmanfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no. Esiane eyi nti, nnipa pii a wogyina nea afoforo aka ama wɔate so bu nneɛma ho atɛn wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so na wɔpow yɛn a wontie yɛn. Afoforo a wɔte sɛ wɔn a na wɔwɔ Atene no tie asɛm no mpɛn pii ansa na wɔasi gyinae. Ɛwom, ebia bere a wɔatie no wɔbɛkɔ so ara adi Ahenni anidaso ho asɛm no ho fɛw sɛ biribi a wonnye nni. Nanso, kae, Kristo ne n’asɛm no na wɔpow, ɛnyɛ wo.​—Asomafo no Nnwuma 17:32-34; Mateo 12:30.

      Ahɔho Dan Nnamfo

      16. (a) Ebia yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn bere a ahɔho ba yɛn fi no? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nnianim asɛm tumi yɛ?

      16 Sɛ ahɔho ba wo fi a wote nka dɛn? Nsemmisa bɛn na ebetumi aba w’adwene mu? Ebia ebi ne sɛ, Wɔyɛ nnipa bɛn? Dɛn na wɔpɛ? So worebɛhaw me anaa? Sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ asomfo wɔ obi pon ano a, ɛsɛ sɛ yɛkae saa. Enti ɛsɛ sɛ yɛn nnianim asɛm no ma wɔn koma tɔ wɔn yam wɔ saa nsemmisa no ho. Nanso ɔkwan bɛn so? Wiɛ, dɛn ne nnianim asɛm a Yesu hyɛɛ ho nyansa? Ɔkae sɛ: “Na mohyɛn ofi bi mu a, munkyia emufo no na sɛ ɛsɛ ofi no a, mo asomdwoe mmra so; na sɛ ɛnsɛ no a, mo asomdwoe nsan mmra mo nkyɛn.”​—Mateo 10:12, 13.

      17. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama obi koma atɔ ne yam wɔ yɛn nnianim asɛm no mu?

      17 “Mo asomdwoe mmra so.” Dɛn na ɛno kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ wɔ yɛn som adwuma no mu no, ɛsɛ sɛ yɛn asomdwoe ba onipa ne ofi biara so. Enti ɛsɛ sɛ yɛn nnianim asɛm no kyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ asomdwoe. Ɛde besi nnɛ mpo no, Yudafo ne Nkramofo de nkyia “Asomdwoe nka wo” anaa “Asomdwoe” (“Shalom aleichem” anaa “Shalom” wɔ Hebri mu, ne “Assalām alaikum” anaa “Salām” wɔ Arabik mu) no di dwuma. Ɛwom, yɛn nkyia no bɛyɛ nea ɛsonosonoe wɔ aman horow so a egyina sɛnea ɛhɔ amanne te so. Nanso botae no yɛ biako​—sɛ́ ɛbɛma onipa no koma atɔ ne yam na ama watie Ahenni asɛm no. Ebia wo din a wubedi kan abɔ na woakyerɛ faako a wote mpo bɛboa wɔ ɛno mu. Ɛno kyerɛ sɛ biribiara nni hɔ a wode resuma no. W’atirimpɔw ne nokwaredi a ɛwɔ w’asɛm no mu no da adi ma obiara hu. Ɛnde na woreyɛ sɛnea Paulo tuu fo no: “Monhwɛ sɛ sɛnea moyɛ mo ade wɔ baguam no yɛ nea wonnya ho asɛm nka. Bere dodow a ɛyɛ mo asɛyɛde no, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”​—Romafo 12:17, 18, Phillips.

      18. Gyinapɛn bɛn na ɛsɛ sɛ yedu ho wɔ yɛn som adwuma no mu bere nyinaa?

      18 Sɛ́ ɛyɛ nea yɛreyɛ ɔsom adwuma no wɔ afie afie anaa wɔ mmorɔn so no, nkurɔfo rehwɛ yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nkɔmmɔbɔ ne yɛn nneyɛe yɛ nea wonnya ho asɛm biara nka a empira afoforo bere nyinaa. Nanso, bere a ɛsɛ sɛ yɛn asɛm a yɛka no yɛ nea ɛyɛ odwo ne asomdwoe mu de no, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea yɛde repa kyɛw. Yɛn ani nnwu sɛ yɛyɛ baguam asomfo ma Onyankopɔn.​—Marko 8:38.

      19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na obi betumi akɔ nnipa a wɔtwe wɔn ho nkyɛn wɔ borɔn so? (b) Dɛn nti na na Yesu ho akokwaw wɔ bɔnnɔ so adansedi mu?

      19 Wɔ aman binom so no nkurɔfo ntaa nka wɔn ho nkɔ nnipa ho na wɔtwe wɔn ho. Ɛyɛ ebinom fɛre sɛ obi a okura nsɛmma nhoma de rekyerɛ bɛba wɔn nkyɛn wɔ borɔn so. Sɛ saa na ɛte a, dɛn nti na womfa anifere kwan foforo so? Obi betumi ne onipa a ɔmpɛ ntɛm afi nkɔmmɔbɔ ase wɔ anifere kwan so na afei wayi Bible nhoma ahorow bi akyerɛ.

      20 Ná Yesu ho akokwaw wɔ asɛnka adwuma a ɛte saa ara yɛ mu. Esiane sɛ na Yudafo bu Samariafo ne mmea animtiaa nti, Yesu de anifere dii dwuma bere a ɔkɔɔ Samariani ɔbea a ne bra asɛe no nkyɛn wɔ Yakob asubura no ho no. Ne nkɔmmɔbɔ no yɛ bɔnnɔ so ne borɔn so adansedi ho nhwɛso. Ɛyɛ ayamhyehye ne ɔkyerɛkyerɛ pa ho nhwɛso fɛfɛ nso.​—Yohane 4:5-30.

      21. Ade foforo a ɛho hia bɛn na wɔayɛ ho nhwɛso wɔ Paulo som adwuma no mu?

      21 Ɛsɛ sɛ yesusuw ade titiriw foforo biako ho bere a yɛda Ahenni ho asɛmpa no adi no. Ná Paulo ho akokwaw wɔ eyi mu. Hwɛ sɛ wubetumi ahu eyi wo ne nnianim nsɛm a wohu wɔ Asomafo no Nnwuma 13:16-20; 17:22 ne 22:1-3 no bi mu. Hyɛ no nsow sɛ wɔ emu biara mu no ɔhwehwɛɛ biribi a ɔne n’atiefo no betumi asusuw ho. Ná ohu eyi wɔ wɔn ankasa ho ne wo sɛnea wote no mu. Nea efii mu bae ne sɛ wotiei, sɛ ɛyɛ nea na wɔne no nyɛ adwene mpo a. Saa ara na yɛn nnianim asɛm no betumi ayɛ nea ɛkã onipa no, nea ɛfa yɛne ofiewura no ho. Ebia wuhu sɛ mmofra wɔ ofie ho na wo nso woyɛ ɔwofo. Ɛnde na mowɔ biribi a ɛfa mo nyinaa ho a mubetumi abɔ ho nkɔmmɔ wɔ adamfofa kwan so. Wowɔ nea wubetumi aka ho asɛm a ɛbɛma woatumi adan akɔ Ahenni asɛm no so!​—Mateo 18:1-6.

      22. Afei nsemmisa bɛn na ehia mmuae?

      22 Nanso nyansahyɛ ahorow yi yɛ ne mfiase ara kwa. Nneɛma afoforo bɛn na ɛho hia sɛ yɛyɛ na ama awiei koraa no yɛanya osuani foforo? Yiw, dɛn bio na ɛho hia na yɛaboa afoforo ma wɔne Onyankopɔn abenya abusuabɔ denam Kristo so? Su horow bɛn na ɛbɛma wo som adwuma no atu mpɔn kɛse?

      Wubebua Dɛn?

      ◻ Nneɛma a ɛho hia wɔ gye a obi begye Ahenni asɛm no atom mu no bi ne nea ɛwɔ he?

      ◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi ehu ne te a yɛte nka sɛ yɛmfata no so wɔ ɔsom adwuma no mu?

      ◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn botae wɔ yɛn nnianim asɛm mu wɔ asɛnka adwuma mu?

      ◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu ne Paulo nhwɛso no betumi aboa yɛn bere a yɛkɔ nkurɔfo nkyɛn no?

  • Ɔsom Adwuma A Etu Mpɔn A Ɛde Asuafo Pii Ba
    Ɔwɛn-Aban—1985 | May 1
    • Ɔsom Adwuma A Etu Mpɔn A Ɛde Asuafo Pii Ba

      “Eyinom ne n’akyɛde horow: ebinom ayɛ . . . asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo, ma wɔasesɛw Onyankopɔn nkurɔfo ama adwuma wɔ ne som mu.”​—EFESOFO 4:11, 12. The New English Bible.

      1. Kristo tee nka dɛn wɔ nkurɔfo ho?

      NÁ KRISTO Yesu nyɛ obi a ɔtwe ne ho fi nnipa ho. Ne som adwuma no yɛ nea ɔyɛɛ ne nyinaa wɔ nnipa mu. Wɔ Nsɛmpa anan kyerɛwtohɔ no mu no, ɛkame a yɛ sɛ wohu Yesu bere nyinaa sɛ nnɛ nkurɔfo di nkitaho. Wɔ n’akwantu ahorow no mu no, ohuu tebea ankasa a wɔwom na ne yam hyehyee no kɛse maa wɔn. Sɛ woyɛ Kristoni ɔsomfo a, so wo yam hyehye wo ma nnipa a wuhyia wɔn no?​—Mateo 9:35, 36.

      2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo suasua Yesu nhwɛso no?

      2 Ɛsɛ sɛ Kristofo som adwuma a wɔyɛ nnɛ no nso yɛ nea ɛfa nnipa ho. Esiane sɛ wɔn ani da hɔ wɔ saa nokwasɛm no ho nti, Yehowa Adansefo wɔ ɔkwan a eye a wɔfa so wɔ wɔn som ma Onyankopɔn no mu. Wɔ wiase nyinaa no wotumi hu wɔn sɛ wɔrekasa akyerɛ nkurɔfo​—wɔ mmorɔn so, wɔ afie mu, wɔ aguadibea ahorow a adagyew nni hɔ, wɔ lɔre ne keteke gyinabea ahorow, wɔ mfiridwuma ahorow mu ne mmeae a nnwuma afoforo wɔ. Baabiara a wubehu nnipa no ná Adansefo no wɔ hɔ a wɔresom sɛ asɛmpakafo. Dɛn ntia? Efisɛ Engiresi asɛmfua ma asɛmpaka a ɛne “evangel” no fi Hela asɛmfua evaggelion a ase kyerɛ “asɛmpa” no mu. Te sɛ Kristo no, ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔyɛ ɔdansefo ma Yehowa biara yɛ asɛmpa no ho somfo, ɔsɛmpakafo. Enti ɛsɛ sɛ ɔdansefo biara nso ne nkurɔfo di nkitaho.​—2 Timoteo 4:5; Efesofo 4:11, 12.

      3. Dɛn ne ɔkwan a etu mpɔn sen biara wɔ Kristofo som adwuma no mu?

      3 Ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛmpaka adwuma yi wɔ ɔkwan a etu mpɔn bɛn so? So radio ne TV a nyamesom ahorow pii nam so di dwuma no ne ɛho mmuae ankasa? Wiɛ, bisa wo ho sɛ, so radio ne TV no betumi abua wo nsemmisa ahorow no wɔ hɔ ara? Dabi​—wɔ ɔkwan bi so no, ɛnonom nyɛ nnipa a wɔne wɔn di nkitaho. Ɔsom adwuma a etu mpɔn sen biara da so ara yɛ ɔkwan a Yesu ne n’asuafo faa so no a wɔne wɔn a wɔhwehwɛ nokware no hyiae anim ne anim no. Nanso egye bere ne mmɔdenbɔ a ɛno na Paulo de nhwɛso tiawa bi daa no adi no: “Miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔma enyinii. Enti ɛnyɛ nea odua, na ɛnyɛ nea ogugu so nsu na ɔyɛ biribi, na mmom Onyankopɔn a ɔma enyin no.”​—1 Korintofo 3:5-7.

      4. Ɔsom adwuma a etu mpɔn gye adeyɛ ahorow abiɛsa bɛn?

      4 Saa asɛm yi kyerɛ adeyɛ ahorow abiɛsa wɔ Kristofo som adwuma no mu​—dua a wodua, ɛho adwuma a wɔyɛ ne ne twa. Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan no, dua a wobedua no wɔ hɔ a ɛne Ahenni ho asɛmpa no a wɔde kɔ obi nkyɛn nea edi kan no. Afei na aka ɛho adwumayɛ a nea wɔadua no a wobegugu so nsu ka ho. Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ ɛno? Ɛdenam nkɔmmɔ foforo a mobɛkɔ so abɔ na woabua nsemmisa ahorow, adi adwenem naayɛ ahorow so no so. Mpɛn pii eyi kowie Bible adesua a wɔyɛ no daa a ɛma Bible mu nokware no ase tim wɔ onipa no adwene ne ne komam so; na sɛ Onyankopɔn nhyira bɛka ho a, ɛma enyin. Awiei koraa no nea efi mu ba ne Kristo Yesu suani, ɔsomfo foforo a ɔyɛ nnam a wonya. Afei ɔkwan bɛn so na yɛn nyinaa sɛ́ asomfo no betumi anya nhyira a ɛyɛ anigye yi a ɛne osuani foforo a wobenya no?

      5. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ asomfo a wɔn ho akokwaw?

      5 Sɛnea yɛn adesua a na edi eyi anim no kyerɛe no, Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no ɔkwan a eye a wɔbɛfa so ayɛ wɔn som adwuma no. Na Paulo kaa ‘n’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu’ ho asɛm. (1 Korintofo 4:17) Asafo ahorow pii a ɔboa ma wɔhyehyɛɛ wɔ Asia Kumaa ne Hela no yɛ yiye a odii no ho adanse. Yɛaka ɔno (ne Yesu) akwan horow a wɔfaa so no ho asɛm dedaw, nanso so pii wɔ hɔ a yebetumi de adi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so nnɛ?

      Egyina Dɛn So? Na Asɛm No Ne Dɛn?

      6. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn som adwuma no tweatibo?

      6 Ɛsɛ sɛ Kristofo asɛm no yɛ nea egyina dɛn so? Nea egyina nnipa nyansa so? Paulo krataa a ɔde kɔmaa Timoteo no ma mmuae a emu da hɔ: “Na wo de, tra nea woasua na woahu mu nokware no mu wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu. Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ.” Ɛda adi sɛ Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ Bible no na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn som adwuma no tweatibo.​—2 Timoteo 3:14-17.

      7, 8. Ɔkwan bɛn so na Yesu ne Paulo yɛɛ nhwɛso wɔ kyerɛw nsɛm a wɔde di dwuma mu?

      7 Kristo Yesu yɛɛ nhwɛso wɔ eyi mu​—ná ɔfa Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm ka bere nyinaa; ɔsomafo Paulo nso yɛɛ saa. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔwɔ Tesalonika no, so ɔdan kɔɔ Helafo nyansapɛ nkyerɛkyerɛ no so? Dabi, efisɛ sɛnea kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn no: “Na sɛnea Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn homeda abiɛsa ne wɔn kɔkaa kyerɛw nsɛm na ho asɛm; ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanse sɛ etwa sɛ Kristo no hu amane, na ɔsɔre fi awufo mu.”​—Asomafo no Nnwuma 17:1-3.

      8 Dɛn na efii mu bae? “Wɔn mu binom gye dii.” Enti, bere a yɛfa Paulo kwan no so no, ɛsɛ sɛ asɛnka adwuma a yɛyɛ nnɛ no yɛ nea egyina Onyankopɔn Asɛm no so. Ɛno nti na yɛwɔ Bible mu asɛmti ma nkɔmmɔbɔ a wɔhyɛ ho nyansa wɔ yɛn som adwuma no mu no. Wɔ saa kwan no so no, Onyankopɔn Asɛm mu nokware no betumi akã wɔn a honhom mu nneɛma ho hia wɔn no ma wɔatie.​—Asomafo no Nnwuma 17:4.

      9, 10. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn asɛnka no ti nnɛ? (b) Fi Paulo som adwuma no mu ma nhwɛso.

      9 Afei asemmisa a edi hɔ ne, Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛka? Wiɛ, ná Kristo som adwuma no ti ne dɛn? Ná Yesu nim adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa no yiye, efisɛ ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa mekyerɛ nkurow foforo nso; efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.” Ɔreka yɛn mprempren nhyehyɛe yi nna a edi akyiri ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”​—Luka 4:43; Mateo 24:14.

      10 Yehu sɛ Paulo si asɛm koro no ara so dua wɔ n’asɛnka adwuma no mu. Sɛ nhwɛso no, “ɔde nnam kaa asɛm, na asram abiɛsa na ɔkasa, na ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm” kyerɛɛ Yudafo wɔ hyiadan mu. Ɛdefa wɔn a wɔwɔ Roma no ho no, ‘ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn ase dii Onyankopɔn ahenni ho adanse.’ Enti “Onyankopɔn ahenni” no na ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea yɛn Kristofo som adwuma no gyina so nnɛ.​—Asomafo no Nnwuma 19:8; 28:23, 31.

      So Wokasa Tia Wɔn Anaasɛ Woma Wɔn Ani Gye Ho?

      11. Nkurɔfo taa yɛ wɔn ade dɛn bere a wɔahyia Ɔdansefo no, na ɔkwan bɛn so na yebetumi adi ɛno so? (Asomafo no Nnwuma 17:17, 18)

      11 Wɔ afeha a edi kan no mu no, na nyamesom, mmusua ne ɔmampɛ ama nnipa no mu apaapae sɛnea ɛte nnɛ no ara. (Asomafo no Nnwuma 2:7-11) Ɛno kyerɛ sɛ nnipa pii wɔ adwene horow a ɛnteɛ dedaw, sɛ ɛba nsɛm a ɛfa nyamesom ho mu a. Mpɛn pii sɛ wohyia ɔdansefo a, wosuro na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde anoyi bɛma wɔ wɔn nyamesom ho. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asakra ɛno? Ɛdenam ayamye, anifere ne nsɛm mu adannan a yɛde bedi dwuma no so.

      12, 13. Ɔkwan bɛn na Paulo faa so kasa kyerɛɛ abosonsomfo a wɔwɔ Atene no? Wɔyɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

      12 Hyɛ sɛnea Paulo dii tebea a ɛte saa ho dwuma wɔ Atenefo a wɔyɛ abosonsomfo mu no nsow. Bere a ohuu anyame ahorow pii no nea edi kan no ne bo fuwii. Bere a ɔsɔre gyinaa hɔ sɛ ɔrebɛkasa wɔ Areopago no, so ɔkasa tiaa ahoni ahorow a wɔsom no wɔ hɔ ara? Ne nnianim asɛm ne sɛ: “Atene mmarima, mahu sɛ nneɛma nyinaa mu mopɛ abosonsom papa. Efisɛ meretwam na mehwɛɛ nneɛma a mosom no, mihuu afɔremuka bi nso a wɔakyerɛw so sɛ: Onyame a wonnim no dea. Enti nea munnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi.”​—Asomafo no Nnwuma 17:16-23.

      13 So saa Paulo nnianim asɛm no maa n’atiefo no twee wɔn ho? Dabida. Ɔfaa anifere kwan so, wannyɛ katee. Wankasa antia wɔn, ɛwom mpo sɛ wɔ Onyankopɔn fam no, ná wɔn som no yɛ nea mfaso nni so de. Ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔka Ahenni ho asɛm no akyerɛ wɔn, wankɔ sɛ ɔrekɔkasa atia wɔn. Ohuu nyamesom mu nkate a ano yɛ den a wɔwɔ no na ogyinaa eyi so dan kɔɔ n’asɛmti a ɛne nokware Nyankopɔn no ne Ne nanmusifo, Yesu Kristo a wɔanyan no no so. Dɛn na efii anifere kwan a ɔfaa so yi mu bae? Ɛwom sɛ ebinom dii fɛw de, nanso “ebinom kae sɛ: Yebetie wo asɛm yi ho bio.” Yiw, wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ sankɔhwɛ!​—Asomafo no Nnwuma 17:22-32.

      14. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Paulo nhwɛso no adi dwuma wɔ yɛn som adwuma no mu?

      14 Ɔkwan bɛn so na yebetumi de saa kwan yi adi dwuma wɔ yɛn som adwuma mu nnɛ? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛhwɛ sɛnkyerɛnnede ahorow a ɛma wohu onipa no adwene wɔ nyamesom ho​—ebia denam nyamesom nneɛma a ɛda ne kɔn mu anaasɛ esi ne pon ano anaasɛ ɛwɔ n’asa so wɔ fie hɔ no so. Enti, sɛnea Paulo yɛe no, yebetumi anya onipa foforo no nyamesom nsusuwii no ho adwempa mpɛn pii. Eyi boa ma yɛde nnianim asɛm a ɛyɛ adamfofa kwan so de, nea ɛkanyan anigye nanso ɛnyɛ nea ɛma akyinnye sɔre ma. Kae sɛ atirimpɔw titiriw nti a worekɔ onipa no nkyɛn ne sɛ wobɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm​—ɛnyɛ sɛ wobɛka ne nyamesom nkyerɛkyerɛ ho asɛm wɔ hɔ ara. Yɛpɛ sɛ yɛn nsa ka nnipa no, na ɛnyɛ sɛ yebegye akyinnye ara kwa.​—Fa toto 2 Timoteo 2:23-26 ho.

      15. Asuade foforo fɛfɛ bɛn na yebetumi anya wɔ Yesu som adwuma no mu? (Luka 10:38-42)

      15 Dɛn bio na yebetumi asua afi Kristo nhwɛso no mu? Sɛ yɛhwehwɛ ne som adwuma

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena