Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/96 kr. 7
  • Fa Yɛn Man Yi Mu Kasa Mu Nyan! Di Dwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Yɛn Man Yi Mu Kasa Mu Nyan! Di Dwuma
  • Yɛn Ahenni Som—1996
Yɛn Ahenni Som—1996
km 7/96 kr. 7

Fa Yɛn Man Yi Mu Kasa Mu Nyan! Di Dwuma

1 November 1993 Yɛn Ahenni Som no kaa Nyan! a ɛba wɔ Twi ne Ewe mu no ho asɛm. Ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔn a wɔkenkan no so retew, na ɛkyerɛe sɛ ade titiriw biako nti a ɛte saa ne ɔman yi mu sikasɛm mu ahokyere no. Ná dodow a wotintim wɔ Twi mu no yɛ 3,400, na Ewe nso yɛ 3,900 (Ghana ne Togo). Wɔde nkuranhyɛ a ɛbɛma nnipa pii akenkan mae. Efi saa bere no, Twi mu Nyan! no dodow a wotintim akɔ anim akodu 3,900. Nanso, Ewe de a wotintim wɔ Ghana no dodow aba fam sen biara abedu 911. Dɛn na yebetumi ayɛ sɛ ankorankoro, mmusua, ne asafo ahorow na amma wɔannyae nsɛmma nhoma a ɛyɛ ne bere mu de yi tintim koraa?

2 Nea Enti a Wɔn a Wɔkenkan no So Retew: Wɔahyɛ no nsow sɛ bere a sikasɛm mu ahokyere ka ho bi na nnipa pii nkenkan no, asafo ahorow pii nkra bi, na nea wɔka ne sɛ anuanom rennye bi nkenkan na wɔmfa nkɔ asɛnka. Enti wɔmfa nsɛmma nhoma yi nni dwuma wɔ asɛnka mu, na wɔnam saa kwan no so de honhom fam aduan a etu mpɔn no kame anigyefo a wontumi nkenkan Engiresi no. (Fa toto Mmebusɛm 3:27 ho.) Wɔ asafo horow 667 a wɔyɛ nhyiam wɔ Twi anaa Ewe mu no, 470 pɛ na wɔkra ɔman yi mu kasa mu Nyan! no bi. Mo asafo betumi akra bi seesei anaa? Wubetumi akra bi afa anaa ama w’abusua mufo?

3 Wubetumi Ahyɛ Afoforo Nkuran Ama Wɔakenkan: Nea ɛbɛyɛ a dodow a wotintim no bɛkɔ anim no, November 1993 Yɛn Ahenni Som no hyɛɛ nyansa sɛ yɛmfa nsɛmma nhoma horow yi nkyerɛ yɛn Bible asuafo bere a yɛhwɛ kwan sɛ yɛde wɔn bɛyɛ wɔn a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa. Dɛn nti na w’ankasa wonkra bi mfa nsɛmma nhoma sohwɛfo no so? Afoforo a yebetumi de yɛn ani asi wɔn so ama wɔn nsɛmma nhoma daa anaasɛ yɛbɛma wɔakra bi ne akyerɛkyerɛfo, sukuufo, ne afoforo a wɔwɔ yɛn asasesin mu a wotumi kenkan Twi anaa Ewe.

4 Egye yɛn nsɛm asekyerɛfo no nnɔnhwerew pii na wɔde akyerɛ nsɛm a ɛwɔ Nyan! mu no ase. Kakraa bi a wotintim no ma Asafo Ti no bɔ ka kɛse. Enti yɛhyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkenkan na ɔnhyɛ afoforo nso nkuran ma wonnya honhom fam aduampa a efi Yehowa nsam yi mu mfaso bi.—Dw. 145:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena