Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mmofra Dɛn Na Mode Mo Nkwa Bɛyɛ?
    Ɔwɛn-Aban—1987 | November 1
    • Mmofra Dɛn Na Mode Mo Nkwa Bɛyɛ?

      “Na wɔn a wɔte ase no antra ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatra ase ama nea owui na ɔsɔre maa wɔn no.”​—2 KORINTOFO 5:15.

      1. Aseda bɛn na nkurɔfo binom de ama. na dɛn ntia?

      ‘MEDA wo ase! Wo na wugyee me nkwa!’ Nkurɔfo a wɔagye wɔn nkwa afi ofi a ɛrehyew anaa nsu bi a anka ɛrefa wɔn mu no taa ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn agyefo no. Na Kristofo a wɔwɔ anisɔ aka asɛm a ɛte saa ara akyerɛ wɔn awofo. Ɛnyɛ nkwa ankasa a wonya fii wɔn awofo hɔ ara kwa no ho asɛm na na wɔreka na mmom ne titiriw no. ɛyɛ sɛnea wofi ɔdɔ mu hwɛɛ wɔn ne akwankyerɛ a ɛde mmofra fa ɔkwan a ɛbɛma wɔanya ‘ɛbɔ a ɔde ahyɛ yɛn a ɛne daa nkwa’ a wɔde maa wɔn no nti.-I Yohane 2:25.

      2. Asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wugyina so de susuw asemmisa, a ɛne Dɛn na wode wo nkwa bɛyɛ no ho?

      2 Ɛyɛ ɔdɔ na ɛkaa Yehowa Nyankopɔn ma ɔyɛɛ ade a ɛbɛma yɛn mu biara nsa aka daa nkwa, “nokware nkwa” no. “Ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.” (1 Timoteo 6:19; 1 Yohane 4:10) Afei nso, susuw ɔdɔ a ne Ba Yesu yii adi bere a owuu owu yayaw sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya daa nkwa no ho! (Yohane 15:13) Esiane eyi nti, Dɛn na wode wo nkwa bɛyɛ?

      3. Dɛn na ɛtaa kyerɛ nea nkurɔfo de wɔn nkwa ɛyɛ?

      3 Wɔn a wotu sukuufo fo anaasɛ nnipa foforo a wɔn ani gye mmofra daakye ho taa bisa mmofra asɛm yi wɔ sukuu mu wɔ ɔkwan bi so. Dɛn na wubegyina so ama mmuae? So ebegyina nea w’ankasa wopɛ ara kwa so? So nea wubegyina so asi gyinae no bɛyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wunya gyinabea kɛse wɔ wiase no mu no afotu? Anaasɛ nea wode wo nkwa bɛyɛ no bɛyɛ nea egyina obi a ɔkorɔn nsusuwii so? Wofi honhom mu kae yɛn sɛ: “Na owu maa wɔn nyinaa na wɔn a wote ase no antra ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatra ase ama nea owui na ɔsɔre maa wɔn no.” (2 Korintofo 5:15) Yiw, hwɛ oye a eye bere a sɛnea yɛde yɛn nkwa di dwuma no da aseda a yɛde ma wɔ nea Yesu Kristo ne ne soro Agya no ayɛ ama yɛn no ho adi no!

      Abrabɔ Mu Nhwɛsofo A Wagye Din

      4. Henanom na wɔyɛ abrabɔ mu nhwɛsofo a wɔagye din nnɛ?

      4 Nanso, henanom ne wɔn a wɔagye din pii nnɛ, wɔn a mmofra fa wɔn sɛ abrabɔ nhwɛsofo ahorow? So ɛnyɛ wiase adefo ne wɔn a wɔagye din no a wɔn abrabɔ gyinapɛn aho-row no mfa ho? Sɛ wohwɛ mmofra pii dan mu a, henanom mfonini ahorow na wuhu wɔ afasu no ho? Mpɛn pii no ɛyɛ nnwontofo, wɔn a wɔagye din wɔ sini mu, ne ammirikatufo. Mmofra taa susuw sɛ wobenya wiase nkonimdi a ɛte saa no bi da bi anaasɛ ebia wɔbɛware obi a ɔwɔ saafo yi nipadua mu su ahorow no bi. Na wo nso ɛ? Dɛn na wohwehwɛ wɔ asetra mu?

      5, 6. (a) Dɛn nti na wobetumi aka sɛ wiase yiyedi ntumi mfa akomatɔyam mma? (b) Dɛn ne nokware akomatɔyam fibea?

      5 Sɛ wunya wiase nkonimdi ahorow a, atitiriwfo a nkurɔfo ani gye wɔn ho no anya no bi a, so w’ani begye na wo koma atɔ wo yam ankasa? Hollywood mmea agodifo a asi wɔn yiye kɛse no mu biako kae sɛ: “Manya ahonyade ne honam fam nneɛma nyinaa bi. Ɛnkyerɛ hwee. Adwenemyare ho ɔbenfo biako gyina abura a woguare wom (swimming pool) biara ho wɔ ha a awaregu ne mmofra a wɔtan wɔn awofonom ho asɛm mpo de mintumi nka.”​—-Ɔsɛnkafo 5:10; 1 Timoteo 6:10.

      6 Sukuuni a onim ammirikatu yiye a ɔno na odii nkonim wɔ mmea ammirikatu titiriw a ne tenten bɛyɛ akwansin 6 a wotui wɔ New York wɔ 1981 mu no bɛyɛɛ obi a wahaw araa ma ɔbɔɔ mmɔden sɛ obekum ne ho. Akyiri yi ɔkyerɛwee sɛ: “Masua asetra mu nokwasɛm ahorow pii wɔ asram kakraa a atwam no mu. Biako ne sɛ ɛnyɛ akwan horow a nnipa pii fa so hwehwɛ akomatɔyam no ne nea ɛma wonya. Wɔ me fam no mmɔden a mebɔe wɔ sukuu adesua mu anaa nkonim a midii wɔ ɔman ammirikatu mu anaa me ho a ɛyɛ fɛ no amma mannya akomatɔyam.” Yiw, ɛho hia sɛ nkurɔfo hu sɛ abusuabɔ a obi ne Onyankopɔn a ɔno nkutoo na otumi ma obi nya nokware asomdwoe ne anigye no benya na ɛde akomatɔyam ankasa ba.​—Dwom 23:1, 6; 16:11.

      7. Wɔ sɛnea wobenya nokware abotɔyam ho no, kɔlege nhomasua ne wiase yiyedi ho hia dɛn?

      7 Ɛnde ɛda adi pefee sɛ ɛnsɛ sɛ wunya ɔpɛ sɛ wubesuasua wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya din ne ahonyade ara kwa no. Akyerɛwfo a wɔwɔ wiase no mu mpo ahyɛ sɛnea wiase no mu yiyedi ntumi mfa nokware akomatɔyam mma no nsow. Ɔkyerɛwfo Bill Reel kyerɛwee sɛ: “Wubewie kɔlege no na wowɔ daakye ho adaeso ahorow pii, Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, nea wo kɔn dɔ no mu pii bɛhyew adan nsõ. Mempɛ sɛ mibu w’abaw mu, nanso eye sɛ wubehu nokwasɛm no: Bere a wunya ahonyade a w’ani bere no, sɛ wunya a, na bere a wo nsa ka yiyedi a wudi akyi no, sɛ wo nsa ka ampa a, ɛremma wo bo ntɔ wo yam. Mmom no, saa bere no ara a wobɛhwɛ kwan sɛ ebia wubedi dɛw wɔ nkonimdi mu no, wobɛte huammɔdi mmom nka sen nkonimdi, haw a woahaw mmom sen anigye, adwenem basaayɛ mmom sen asomdwoe.”​—New York Daily News, May 26, 1983.

      8. Ntease a emu yɛ den bɛn na ɛwɔ hɔ a enti ɛnsɛ sɛ wodi wiase adwuma bi akyi?

      8 Nanso wɔ yɛn a yegyina Bible nkɔmhyɛ so hu nea wiase nsɛm a esisi kyerɛ no fam no, ntease a emu yɛ den kɛse wɔ hɔ a enti ɛnsɛ sɛ yɛde wiase no mu adwuma di kan wɔ yɛn asetra mu. (Mateo 24:3-14) Yebetumi de yɛn ho atoto onipa bi a ohu ɔdan bi a wɔde sɛnkyerɛnnede bi a ese “Saa Adwumakuw yi Begyae Adwumayɛ” abɔ ho no ho. So yɛbɛkɔ akɔhwehwɛ adwuma wɔ hɔ? Dabida! Na sɛ yɛyɛ adwuma ma adwumakuw a ɛte saa a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛhwehwɛ adwuma wɔ baabi foforo. Wiɛ, wohu sɛnkyerɛnnede wɔ saa wiase yi ahyehyɛde ahorow no nyinaa mu: “Yɛregyae Adwumayɛ​—Awiei no Abɛn!” Yiw, Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Wiase no retwam.” (1 Yohane 2:17) Enti, wɔ nyansa mu no, yɛremmfa wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ mu denneennen no sɛ abrabɔ mu nhwɛsofo.

      Afotu A Ɛsɛ Sɛ Yedi Akyi

      9. Wiase no afotu bɛn na ebia wɔn a ɛte sɛ nea wɔpɛ wo yiye no de bɛma wo?

      9 Ɛnyɛ wɔn a wubu wɔn titiriw no nkutoo na wɔkyerɛ w’asetra kwan na mmom abusuafo ne nnamfo a sɛnea wɔka no, ‘wɔpɛ wo yiye’ no nso. Ebia wɔbɛka sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ woyɛ adwuma de hwɛ wo ho.’ Enti ebia wobetu wo fo sɛ kɔ kɔlege anaa sukuupɔn bi fa siesie wo ho ma adwuma bi a n’akatua ye. Ebia wɔbɛka sɛ, ‘Ná Bible kyerɛwfo Luka yɛ oduruyɛfo, na Mmara ho ɔkyerɛkyerɛfo Gamaliel na ɔkyerɛkyerɛɛ ɔsomafo Paulo.”(Kolosefo 4:14; Asomafo no Nnwuma 5:34; 22:3) Nanso pɛɛpɛɛ afotu ahorow a ɛtete saa no mu yiye.

      10. Afotu bɛn na Luka ne Paulo de mae, na dɛn na yebetumi aka wɔ wɔn nnwuma ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo no ho?

      10 Oduruyɛfo Luka anhyɛ Kristofo nkuran da sɛ wonni ne kan adwuma no nhwɛso akyi; mmom no, Luka kaa Yesu ne n’asomafo no asetra ho asɛm sɛ nea ɛsɛ sɛ wosuasua. Ɛda adi yiye sɛ Luka bɛyɛɛ oduruyɛfo ansa na obesuaa Kristo ho ade nanso ɛno akyi no, ɔde ne Kristofo som adwuma no di kan wɔ asetra mu. Saa ara na na ɛte wɔ Paulo fam. Sɛ́ anka Paulo bɛhyɛ afoforo nkuran sɛ wonsuasua no sɛnea osuasuaa Gamaliel mmom no, ɔkyerɛwee Sɛ: “Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.” Paulo buu Kristo ho‘nimdeɛ sɛ ɛsom bo araa ma ɔkae sɛ, sɛ ɔde toto ho a, obu ne kan nneɛma ahorow a odii akyi no se “nwura dodow.”​—1 Korintofo 11:1; Filipifo 3:8, NW.

      11. (a) Dɛn na Petro ka kyerɛɛ Yesu, na dɛn ntia? (b) Yesu maa mmuae dɛn?

      11 Kae, nkate betumi ama wɔn a wɔdɔ wo mpo de afotu a enye’ama. Sɛ nhwɛso no. bere a Yesu kaa nea ɛda n’anim wɔ ne som adwuma mu wɔ Yerusalem ho asɛm no, ɔsomafo Petro maa mmuae sɛ: “Ɛmpare wo, Awurade! Eyi remma wo so.” Ná Petro dɔ Yesu na na ɔmpɛ sɛ obehu amane. Nanso Yesu kaa Petro anim efisɛ Ohui sɛ nã nea ɛka Onyankopɔn apɛde a ɔbɛma abam no ho ne amanehunu ne kum a atamfo bekum no.​—Mateo 16:21-23.

      12. Afotu bɛn na wɔn a ebia wonni adwemmɔne betumi de ama mmofra, na dɛn ntia?

      12 Saa ara na ebia awofo anaasɛ nnamfo bi bebu w’aba mu wɔ ɔkwan bi a wubetumi afa so de wo ho abɔ afɔre no ho. Esiane nsusuwii mu nkate a enye nti, ebia wɔbɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛhyɛ wo nkuran ma woagye dwumadi bi ato wo ho so wɔ bere nyinaa som adwuma no mu, sɛ wobɛsom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo, anaasɛ wobɛyɛ adwuma a wonnye akatua wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea bi. Ebia wɔbɛka sɛ: ‘Dɛn nti na wonware mmom na wontra yɛn nkyɛn ha ara?’ Anaasɛ, ‘Wunim, Betel adwuma no yɛ den. Ebia eye sɛ wobɛtra yɛn nkyɛn.’ Wɔ ɔkwan foforo so, sɛnea Petro kae no, “Ɛmpare wo.”

      13. (a) Adwene mu nsakrae foforo bɛn na Petro daa no adi? (b) Dɛn na ɛka nokware Kristoni a wobɛyɛ no ho?

      13 Ɛtɔ bere bi a ɛho hia sɛ Yehowa nkoa mpo sakra wɔn nsusuwii. Na ɛho hia sɛ Petro yɛ saa, esiane sɛ na wasakra ne nsusuwii nti, ɔkyerɛwee sɛ: “Na eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.” (1 Petro 2:21) Nea ɛka Kristofo asetra kwan ankasa ho ne wo ho a wode bɛbɔ afɔre, yiw, amane a ɛsɛ sɛ wuhu mpo. Ɛnyɛ mmerɛw, nanso ɛno nti na wɔbɔɔ din frɛɛ yɛn sɛ Kristofo. eye a yebegye atom no kyerɛ sɛ ‘yɛrentra ase mma yɛn ho bio, na mmom yɛtra ase ma nea owu maa yɛn no.’ (2 Korintofo 5:15) Abrabɔ ho nhwɛsofo pa a yɛde wɔn besi yɛn ani so no bɛboa yɛn ma yɛde yɛn nkwa adi dwuma wɔ saa afɔrebɔ kwan yi so.

      Abrabɔ Ho Nhwɛsofo A Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Wɔn

      14. Nhwɛso bɛn na Yesu de mae?

      14 Nhwɛso a ɛho hia titiriw sɛ wohwɛ ne nea Yesu de mae no. Sɛ́ obi a ɔyɛ pɛ no, na anka obetumi abɛyɛ mmirikatufo, odwontofo, oduruyɛfo, anaasɛ mmaranimfo a ɔsen biara a waba wiase pɛn. Nanso na nea Yesu adwene si so ne sɛ ɔbɛsɔ ne soro Agya no ani, bere a na ɔyɛ abofra no mpo. (Luka 2:42-49) Akyiri yi ɔkae sɛ “‘Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no . . . efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.” (Luka 4:43) Wɔ ahohuru bere a etwaam no mu no krataa bi a epuei wɔ asɔre nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Ministry no mu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná yɛn Agyenkwa no dɔ sɛ obegyaw nnipadɔm no hɔ, na afei ɔkɔɔ afie ne afie mu​—ɔkɔhwehwɛ akra. Ná N’ani gye ɔkra biako a wɔkasa kyerɛ no ho. Ná obetumi de nokware no​—Onyankopɔn dɔ no​—ama saa bere no.”-Luka 10:1-16.

      15. (a) Dɛn nti na afie afie asɛnka no yɛ asɛnnennen? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ mmofra afie afie som adwuma no tu mpɔn?

      15 Sɛ yɛbɛka a, afie afie asɛnka no nyɛ mmerɛw. Egye adesua a wɔde nsiyɛ yɛ na ama wɔate Ahenni asɛmpa no ase ne adwuma pii a ɛne sɛ wobesiesie nsɛm a ntease wom a wɔbɛka akyerɛ. Afei nso, saa ɔsom yi gye akokoduru, efisɛ afiewuranom pii ani nnye ho, na ebinom kyi mpo. Nanso, mo mmofra afie afie som adwuma no retu mpɔn wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so, sɛnea yɛhyɛ no nsow wɔ Italiafo asɔre nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no La Voce mu no. Ɔkyerɛwfo no kae sɛ: “M’ankasa de, mepɛ Yehowa Adansefo” a sɛnea ɔkyerɛkyerɛ mu no, “wɔba mo fi, no asɛm.” Ɔkae sɛ: “Wɔn a minim wɔn no yɛ nea asɛm biara nni wɔn abrabɔ ho, wɔkasa bɔkɔɔ; wɔyɛ nkurɔfo a wɔn ho yɛ fɛ nso, na dodow no ara yɛ mmofra. Sɛ wɔde ahoɔfɛ ne mmofrabere bom yɛ ade a, etumi dan ti yiye.”

      16. (a) Adwuma bɛn ho na mmofra fata nkamfo? (b) Sɛ wode Yehowa Adansefo ahyehyɛde no toto asɔre ahorow no ho wɔ adwuma a ehia sen biara wɔ asase so a wɔyɛ no mu a, ɛte dɛn?

      16 Nokwarem, no mmofra a muregye Kristo atom sɛ mo nhwɛsofo no fata nkamfo! Mmofra bɛboro 12,000 a wɔadi mfe 25 ne wɔn a wonnu saa, na wɔreyɛ akwampae adwuma no wɔ United States, mpempem dudu pii foforo nso reyɛ akwampae adwuma wɔ mmeae afoforo. (Dwom 110:3) Munnya awerɛhyem sɛ adwuma foforo biara nni hɔ a mubetumi ayɛ a ɛho hia sɛn eyi! Asɔre nsɛmma nhoma a yɛabɔ din wɔ atifi hɔ no kyerɛwfo no mpo kae sɛ: “Onyankopɔn se adwuma a ɛho hia sen biara ne afie afie nsrahwɛ no-akra a wɔhwehwɛ wɔn no,” nanso ɔtoaa so sɛ, “Dɛn na wobɛka wɔ eyi ho? Nsrahwɛ ahe na me ne wo nya mu kyɛfa? Minhui sɛ wɔka saa adwuma yi ho asɛm pii wɔ “MINISTRY” mu.” So yɛrentumi nna ase sɛ yɛne ahyehyɛde a esi ahwehwɛde a ɛne Yesu nhwɛso akyi a yebedi wɔ asɛnka adwuma mu no so dua no bɔ fekuw anaa?

      17. Bere a ebetumi aba sɛ na Timoteo da so ara yɛ.abofra a onnii mfe aduonu no, dɛn na na watumi ayɛ, na dɛn na ɛkyerɛ se ebia na ɔyɛ abofra saa bere no?

      17 Esiane sɛ wɔn a w’ani gye wɔn ho no betumi anya nea wode wo nkwa bɛyɛ no so nkɛntɛnso kɛse nti, ma w’ani nnye nhwɛso a aberantewaa Timoteo nso de mae no ho. Timoteo a wɔwoo no bere tiaa bi ansa na Yesu rewu no gyaw n’abusua bere a na ɔyɛ aberantewaa no na ɔde ne ho bɔɔ Paulo wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no mu. Ɛno akyi asram kakraa bi no, akwasampafo kuw bi hyɛɛ Paulo ne Sila ma woguan fii Tesalonika, nanso na ɛno yɛ bere a wɔanya asuafo binom no akyi. (Asomafo no Nnwuma 16:13; 17:1-10, 13-15) Ɛno akyi bere tiaa bi no Paulo somaa Timoteo kɔɔ saa asasesin a emu yɛ hu no mu sɛ ɔnkɔkyekye anuanom no werɛ wɔ wɔn sɔhwɛ ahorow no mu. (1 Tesalonikafo 3:1-3) Ebetumi aba sɛ na Timoteo nnya nnii mfe aduonu ɛ, efisɛ wɔ ɛno akyi bɛyɛ mfe 12 kosi 14 no na Paulo da so ara ka ne ho asɛm sa ɔyɛ “aberante.” (1 Timoteo 4:12) So w’ani nnye abofra ɔkokodurufo a ɔde ne ho bɔ afɔre saa no ho?

      18. Dɛn nti na na Paulo resoma Timoteo Korintofo no nkyɛn?

      18 Wɔ Timoteo adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa wɔ Tesalonika no akyi mfe anum no, Paulo kyerɛw Korintofo no bere a na ɔwɔ Efeso no sɛ: “Monhwɛ me nsua me! Enti na masoma Timoteo . . . aba mo nkyɛn, ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu, sɛnea mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu mmaa nyinaa.” (1 Korintofo 4:16, 17) Esiane sɛ na aberantewaa Timoteo ne Paulo ayɛ adwuma mfe anum dedaw nti, na onim Paulo akwan a ɔfa so kyerɛkyerɛ no yiye. Ná onim ɔkwan a Paulo faa so kyerɛkyerɛɛ nkrasɛm no mu kyerɛɛ Efesofo no a sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn “gua so ne afi mu” no ka ho. (Asomafo no Nnwuma 20:20, 21) Esiane sɛ na wɔatete Timoteo yiye wɔ asɛnka akwan horow a ɛte sɛɛ no mu yiye nti, mmoa fɛfɛ bɛn ara na na obetumi ayɛ ama asafo horow no sɛɛ yi!

      19. Dɛn na Paulo ka faa Timoteo ho wɔ ɛboro mfe du a na wɔabom asom no akyi?

      19 Mfe anum anaa asia foforo twam, na na Paulo da afiase wɔ Roma. Timoteo a na wɔayi ɔno nso afi afiase nkyɛe no wɔ ne nkyɛn. (Hebrifo 13:23) Fa w’ani bu nea ɛrekɔ so no: Ebetumi aba sɛ bere a Paulo de Timoteo redi dwuma sɛ ne kyerɛwfo no, ɔka krataa a ɔde rekɔma Filipifo no mu nsɛm ma ɔkyerɛw. Bere a Paulo de ntoboase rekasa no, ɔkɔ so sɛ: “M’ani da so, Awurade Yesu mu, sɛ ɛrenkyɛ koraa mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn . . . Na minni obi a ɔne m’adwene sɛ,te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no . . . Na ne fata a ɔfata no, munim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛ ɔba yɛ n’agya.”—Filipifo 1:1; 2:19-22.

      20. Dɛn na ɛma Timoteo yɛ abrabɔ mu nhwɛsofo pa ma mmofra?

      20 Aberantewaa Timoteo yɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ wɔkamfo ampa! Ná ɔyɛ Paulo hokafo nokwafo a otumi de ne ho to no so a na ɔbata ne ho wɔ bere a eye ne nea enye nyinaa mu, ɔboaa no wɔ asɛnka adwuma no mu a na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛkɔ akɔsom wɔ baabiara a ɔbɛsoma no. Ɔde nea wɔfrɛ no asetra a ɛfata wɔ fie no bɔɔ afɔre, na akomatɔyam bɛn ara na ne bra a ɔbɔe wɔ Onyankopɔn som mu no de brɛɛ no sɛɛ yii! Ná Timoteo ‘nte ase mma ne ho, na mmom ma Kristo a owu maa no no’ ampa. (2 Korintofo 5:15) So biribi ka wo ma wusuasua ne nhwɛso no?

      Tra Ase Ma Onyankopɔn Wiase Foforo No

      21. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Timoteo dwen honhom fam nneɛma ho?

      21 Nea ɛno kyerɛ ne sɛ na Timoteo retra ase ama Onyankopɔn wiase foforo no. Ɛnyɛ nea na osusuw ho ara ne ɛha yi ne mprempren de na mmom sɛnea ɔde n’asetra bedi dwuma wɔ ɔkwan a ɛde mfaso a ɛtra hɔ daa bɛba so. (Mateo 6:19-21) Esiane sɛ na Timoteo agya yɛ Helani a ɛda adi sɛ ná onnye nni nti, ebia ɔhyɛɛ Timoteo sɛ onni nhomasua a ɛkɔ anim ne wiase adwuma bi akyi. Nanso esiane onyamesom pa ho ɔkyerɛkyerɛ a Timoteo nya fii ne na ne ne nena hɔ no nti, n’asetra bɛyɛɛ nea ɛfa Kristofo asafo no ho. Odii honhom fam nneɛma akyi a ɛda adi sɛ ɔyɛɛ ɔhokwafo anyɛ yiye koraa no wo bere bi mu, na ɔfatae sɛ ɔne ɔsomafo Paulo bɛsom.​—2 Timoteo 1:5.

      22. Ɔkwan bɛn so na School nhomawa no si asetra kwan a ɛte sɛ Timoteo de no so dua ma mmofra nnɛ?

      22 Na wo nso ɛ? So wode wo mmofra bere no bedi dwuma sɛnea Timoteo yɛe no? Ná nhoma School and Jehovah’s Witnesess no reka asetra kwan a ɛte saa ho asɛm bere a ɛkyerɛkyerɛɛ mu faa Adansefo mmofra ho sɛ: “Wɔn asetra mu botae titiriw ara ne sɛ wobɛsom sɛ Onyankopon asomfo a woyɛ nnam, na wɔfa sukuukɔ sɛ mmoa a wɔde bɛyɛ eyi. Enti Wotaa paw adesua ahorow a ɛho wo mfaso a ɛbɛboa wɔn ma wɔahwɛ wɔn ho wo nnɛyi wiase no mu. Enti, ebia wɔn mu pii bɛpaw adwuma ho adesua bi anaasɛ wobɛkɔ nsaanodwuma sukuu. Sɛ wofi sukuu a, wɔpɛ sɛ wonya adwuma a ɛbɛma wɔanya kwan de wɔn adwene akɔ wɔn adwuma titiriw a ɛne Kristofo som adwuma no so.”

      23. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma Kristofo mmofra sɛ wobebua asemmisa yi, a ɛne sɛ Dɛn na mede me nkwa bɛyɛ?

      23 Wɔ mo a mo ani sɔ nea Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no ayɛ ama mo no ampa fam no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma mo sɛ mubebua asemmisa yi a ɛne sɛ, Dɛn na mede me nkwa bɛyɛ? Sɛ́ anka wobɛtra ase ama wo ne nea wode bɛgye w’ani mmom no, wode wo nkwa bɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ. Wobɛtra ase sɛ honhom muni, sɛnea Timoteo yɛe no.

  • Mmofra​—So Murenya Honhom Mu Nkɔso?
    Ɔwɛn-Aban—1987 | November 1
    • Mmofra​—So Murenya Honhom Mu Nkɔso?

      “Dwen nneɛma yi ho; fa wo ho hyɛ mu koraa, na wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa onim.”-1 TIMOTEO 4:15, New World Translation

      1, 2. Sɛ́ wubenya honhom mu nkɔso no kyerɛ dɛn, na dɛn na ɛnkyerɛ?

      SƐ́ WUBENYA honhom mu nkɔso no kyerɛ dɛn? Ɛkyerɛ sɛ wobɛyɛ te sɛ Yesu ne Timoteo a wɔde honhom fam nneɛma dii kan wɔ wɔn asetra mu no. Sɛ woanya honhom mu nkɔso a, wubehu nea wopɛ sɛ wode wo nkwa yɛ. Worenka sɛ: ‘Sɛ minyin a mefi ase asusuw Yehowa som ho anibere so.’ Dabi, wobɛsom no mprempren

      2 Wɔ ɔkwan foforo so no, honhom mu nkɔso a wubenya no nkyerɛ sɛ wobɛyɛ te sɛ ɔkokorani, wode nyamesom bɛhoahoa wo ho, anaasɛ wobɛyɛ obi a ne ti si nhoma mu bere biara; na saa.ara nso na ɛnkyerɛ sɛ wobɛyɛ wo ho mmɔbɔmmɔbɔ, wobɛyɛ dinn a wo ne afoforo mmɔ. (Yohane 2:1-10) Yehowa yɛ anigye Nyankopɔn, na ɔpɛ sɛ ne mma a wɔwɔ asase so no ani gye. Enti Onyankopɔn pene agodi ne ahomegye a wɔde wɔn ho hyem wɔ kwan a ɛkari pɛ no so.​—l Timoteo 1:11; 4:8.

      Asubɔ Yɛ Ho Adanse

      3. Ɛda adi yiye sɛ bere bɛn na wɔbɔɔ Timoteo asu?

      3 Asubɔ a wosiesie wɔn ho ma na wɔbɔ no yɛ adanse ahorow a ɛkyerɛ sɛ abofra bi renya honhom mu nkɔso. Sɛ na Timoteo da so ara yɛ abofra a onnii mfe aduonu bere a ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo asɛmpatrɛw ɔhokafo no sɛnea yɛkyerɛ no a, ɛnde na ebia wɔbɔɔ Timoteo asu bere a na ɔwɔ mfe 13 kosi 18 mu hɔ baabi. Ná wofi mmofraase akyerɛkyerɛ no Kyerɛwnsɛm no, na bere a na ɔwɔ nimdeɛ a ɛfata no, wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛbɔ asu.-2 Timoteo 3:15.

      4. Asɛm bɛn na wobisaa Filipo, na ɛwom sɛ afei ara na na obisafo no asua Kristo ho ade de, nanso dɛn nti na Filipo penee n’abisade no so?

      4 Na mo mmofra a munnii mfe aduonu a wɔde Kyerɛwnsɛm no akyerɛkyerɛ mo no nso ɛ? So moasusuw saa asemmisa yi ho: “Dɛn na esiw m’asubɔ kwan?” Wɔ afeha a edi kan no mu no, ɔbarima bi a na wɔaben wɔ Kyerɛwnsɛm no mu nanso afei na na wahu onii a Yesu yɛ no bisaa saa asɛm no. Ampa, na ɔbarima no nnim biribiara a ɛfa Onyankopɔn atirimpɔw ho no nyinaa, nanso anisɔ a emu dɔ a onyae wɔ nea na onim no ho no kaa no! Enti, ná osuani Filipo nni ntease pa bi a enti ɛnsɛ sɛ ɔbɔ no asu.​—Asomafo no Nnwuma 8:26-39.

      5. Dɛn na wɔhwehwɛ ansa na woatumi abɔ asu?

      5 Dɛn na esiw wo kwan wɔ asubɔ mu? Nokwarem no, ansa na wobɛfata no, ɛsɛ sɛ wote nea ɛwom no ase. Ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ wɔ nokwarem sɛ wobɛsom Yehowa efisɛ wodɔ no. Afei nso ɛho hia sɛ w’ankasa hyira wo ho so ma no wɔ mpaebɔ mu. Nea ɛka ho no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea wode wo ho abata Onyankopɔn abrabɔ gyinapɛn ahorow no ho na wunya osuahu a ɛsɛ wɔ wo gyidi a woka ho asɛm kyerɛ afoforo no mu. Sɛ wofata wɔ ɔkwan a ɛte saa so a, ɛnde na ɛho hia sɛ wotoa so wie na wugye asubɔ.​—Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 2:38.

      6. Dɛn na wobetumi de asubɔ atoto ho, na dɛn na ɛsɛ sɛ edi akyi?

      6 Ɛwom sɛ asu a wɔbɛbɔ wo no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wurenya honhom mu nkɔso de, nanso kae sɛ asubɔ yɛ adeyɛ a edi kan ara kwa. Ɛdenam ahosohyira a woyɛ ma Yehowa no so no, woba bɛyɛ ɔmamfrafo wɔ saa wiase dedaw a Satan na odi so yi mu. Enti wobetumi de ahosohyira atoto daa nkwa wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu a wubisa ho kwan ho, kyerɛ sɛ, asubɔ mu ahwehwɛde no a woyɛ no yɛ saa nokwasɛm yi a wusi so dua wɔ adansefo pii anim. (Yohane 12:31; Hebrifo 11:13) Ɛno akyi no ɛsɛ sɛ wode nokwaredi tra ase sɛnea w’ahosohyira no kyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wo nsa bɛka Onyankopɔn daa nkwa akyɛde no. -Romafo 6:23.

      Wɔde Abrabɔ Di Ho Adanse

      7. Ɔkwan bɛn so na wo su wɔ wiase nneɛma ho no fa wo honhom mu nkɔso ho?

      7 Wo su wɔ wiase nneɛma ho no nso yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wurenya honhom mu nkɔso anaasɛ dabi. Nneɛma bɛn? Nea ɛka ho ne asetra kwan a mmara sodi nnim, nnubɔne, mmarima ne mmea nna mu ahofadi, ɔbrasɛe ho sini ahorow, nnwom a ɛkanyan akɔnnɔ bɔne, kasafi aguamansaw, abusua ne ɔman a obi fi mu ho ahohoahoa, ne nea ɛkeka ho. (1 Yohane 2:16; Efesofo 5:3-5) Mmofra titiriw na ɛho hia sɛ wɔma wɔn ani da hɔ. Kae sɛ ɔkwan a wofa so yɛ w’ade wɔ saa nneɛma yi ho no bɛma wo honhom mu ahoɔden tebea ada adi.-Mmebusɛm 20:11.

      8. Dɛn nti na mmofra binom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobegye asubɔ?

      8 Satan hwɛ sɛ wiase yi ɔbrasɛe akwan horow no bɛyɛ nea ɛtwetwe adwene .Nokwarem no, abofra bi a wadi mfe 15 kae sɛ: “Dodow a yehu mmarima ne mmea nna ne nnubɔne wɔ TV so no, dodow no ara na ɛbɛyɛ te sɛ nea eye wɔ asetra mu.” Wɔma mmofra a wɔmmfa wɔn ho nhyehyɛ wiase no akwan horow mu no te nka sɛ wɔyɛ ntetekwaa ne sɛ wɔrehwere anigyede bi. So ɛyɛ a wote nka wɔ saa kwan no so? Ebinom a wɔne asafo no bɔ fekuw te nka saa na ɛmma wonhu nea wɔyɛ. Bere a wobisaa abofraa bi sɛ ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔbɔ asu anaa no, ɔkae sɛ: ‘Mempɛ sɛ meyɛ saa mprempren efisɛ ebia na makɔyɛ biribi a ɛbɛma wɔatu me afi asafo no mu.’ Nanso worentumi nhinhim wɔ nsɛm abien ntam. Onyankopɔn diyifo bi kae bere bi sɛ: “Sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no a, munni n’akyi; na sɛ Baal nso a, munni n’akyi.”​—1 Ahene 18: 21, NW.

      9. Sɛ wowɔ honhom mu nkɔso a, ahobammɔ bɛn na ɛma wunya?

      9 Nokwarem no, sɛ wopow wiase no ɔbrasɛe akwan horow no a, nea wɔhwere ankasa ne ɔhaw ahorow pii. Ɔbea biako kae sɛ: “Asetra a miwom no mu abasamtu ne afobu hyɛɛ me so kɛse. Mesɛee me ne abofra a na meyem no no na medaadaa me ho ne no.” Yiw, nea ɛte sɛ afɛfɛde a ɛwɔ ɔbonsam wiase no mu no yɛ anidaso hunu ne nnaadaa ara kwa. Wiase no akwan akyidi de mpenatwe mu nyinsɛn, afie a emu apaapae, mmaninyare, ne ahoyeraw ne awerɛhowdi kɛse na ɛba. Enti tie afotu, nya honhom mu nkɔso. ‘Kyi bɔne na yɛ papa.’​—1 Petro 3:11.

      10. Afotu bɛn ne henanom nhwɛso na abofra a ɔwɔ honhom mu nkɔso betie na wadi akyi?

      10 Abofra a wanya honhom mu nkɔso no betie afotu a ɔsomafo Paulo de mae yi: “Bɔne mu na monyɛ mmofraa, na asɛm ho dwen mu de, monyɛ pɛ.” (1 Korintofo 14:20) Ɛda adi sɛ aberantewaa Timoteo de saa afotu yi dii dwuma. So wugye di sɛ na ɔbɛhwehwɛ ayɔnkofo wɔ wiase mmofra a wɔn bra asɛe no mu‘! Dabida! Na n’ayɔnkofo yɛ mfɛfo Onyankopɔn nkoa. (Mmebusɛm 13:20) Sua ne nhwɛso no. Sɛ ɛba sɛ woreyɛ de wo ho akɔhyɛ adeyɛ bi a asɛm wɔ ho mu a, bisa wo ho sɛ So anka Timoteo anaa Yesu bɛyɛ eyi?

      Wɔde Bible Adesua Di Ho Adanse

      11. Anidaso bɛn na wiasefo mmofra nni, na ɔkwan bɛn so na wɔfa nya na wokura mu?

      11 Asɛm bi a efi Italy a wɔkyerɛwee wɔ World Press Review mu ka sɛ: “Mmofra nnaadaa ne ahoyeraw kɔ anim da biara, na obiara rentumi mma wɔn daakye bi a ɛhyɛ nkuran.” Wɔn a wɔwɔ Satan wiase no mu a wɔn ani afura no nni Onyankopɔn wiase foforo ne daakye pa a wɔahyɛ ho bɔ a ɛda hɔ retwɛn wɔn a wɔfata sɛ wonya nkwa wɔ hɔ no ho anidaso biara. (2 Korintofo 4:4; Mmebusɛm 29:18; 2 Petro 3:13) Nanso mmofra a wɔwɔ honhom mu nkɔso wɔ anidaso a ɛte saa a ɛkɔ so hyerɛn na emu da hɔ denam Bible adesua a wɔyɛ no daa so.

      12. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya Onyankopɔn ho nimdeɛ?(b) Dɛn nti na ɛfata sɛ wɔbɔ saa nimdeɛ yi ho mmɔden?

      12 So Onyankopɔn wiase foforo no yɛ paara ma wo. Ebetumi ayɛ saa, nanso nya a wubenya no gye mmɔdenbɔ ankasa wɔ wo fam. Ɛho hia sɛ wunya Bible mu ntease a wubenya ho akɔnnɔ kɛse na “wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw.” (Mmebusɛm 2:1-6) Dɛn na ɛma obi a ɔrehwehwɛ akorade bi kɔ so hwehwɛ na ɔbɔre, a ɛtɔ bere bi a egye mfe pii no? Ɔwɔ ahonya a akorade no de bɛbrɛ no ho akɔnnɔ kɛse. Nanso nimdeɛ som bo kɛse koraa sen honam fam akorade. Yesu kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Sɛ wugye nea Yesu kae wɔ ho no di ampa a, Bible no sua bɛba abɛyɛ ade a wode ahopere di akyi a ɛde akatua a ɛsom bo kɛse sen abohene a ne bo yɛ den nyinaa betua wo ka.​—Mmebusɛm 3:13-18.

      13. Adesua ho nyansahyɛ ahorow bɛn na mmofra a wonya honhom mu nkɔso no bedi akyi?

      13 Wubehu sɛ dodow a wusua no, dodow no ara na wo honhom fam aduan ho akɔnnɔ no mu yɛ den. Sua akwan pa ahorow a wɔfa so sua ade. Ntwitwa mmuae no ase ara kwa, na mmom kenkan Bible mu nsɛm a wɔabobɔ din no nso, na afei hwehwɛ Bible mu nsɛm afoforo a ɛfa ho a wɔahyehyɛ wɔ Bible no ase ne ano no mu. Afei nso wubetumi de index ahorow, te sɛ Watch Tower Publications index 1930-1985 no ayɛ nhwehwɛmu foforo. Pɛɛpɛe sɛnea asɛm no fa wo ho ne sɛnea wubetumi de adi dwuma no mu. Ka nea woresua no ho asɛm kyerɛ afoforo. Eyi bɛma nsɛntitiriw no atra w’adwenem na ɛbɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔn nso wɔayɛ nhwehwɛmu. Ɛdenam mmɔden ankasa a wobɛbɔ so no, na wuretie afotu a wɔde maa Timoteo no: “Dwen nneɛma yi ho; fa wo ho hyɛ mu koraa na wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.”​—1 Timoteo 4:15, NW; 2 Timoteo 2:15.

      Ɛda Adi Wɔ Nhyiam Ase Ne Ɔsom Adwuma Mu

      14. Dɛn na aboa ma Kristofo nhyiam horow no yɛ anigye kɛse, na akwan horow bɛn so na wubetumi ahyɛ afoforo nkuran bere a wokɔ no?

      14 Sɛ w’ani gye Bible sua ho na woasiesie wo ho yiye a, Kristofo nhyiam bɛyɛ anigye kɛse. (Dwom 122:1; Hebrifo 2:12) Afei wo-bɛhwɛ kwan kɛse mpo sɛ wubenya afã horow a atiefo nya mu kyɛfa no mu kyɛfa na woama ɔkasa ahorow wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Nanso sɛ wowɔ nhyiam ase a, akwan afoforo wɔ hɔ a wobɛfa so adi akwankyerɛ a ɛne sɛ ‘yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran’ na “yɛntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu” no so. (Hebrifo 10:24, 25) Sɛ nhwɛso’ no, so wudi kan ne afoforo kasa?” Oh, m’ani agye sɛ mahu wo!” a wobɛka wɔ adamfofa kwan so anaasɛ asemmisa a efi koma pa mu sɛ”Wo ho te dɛn?” betumi ayɛ nkuranhyɛ kɛse, titiriw, bere a efi abofra hɔ no.

      15. Ɔkwan bɛn so na wubetumi de wo ho ama na woayɛ nnwuma ahorow a ɛho hia, na dɛn nti na eye sɛ wobɛma Kristo nhwɛso no atra w’adwene mu?

      15 Asafo no nkɔso gye adwuma pii. So wubetumi anya mu kyɛfa? Ɛda adi sɛ aberantewaa Timoteo yɛɛ nnwuma a ɛho wɔ mfaso pii maa Paulo​—ɔsoma, nneɛma a ohia a ɔkɔhwehwɛ brɛ no, nkra a ɔde kɔma afoforo, ne nea ɛkeka ho. Sɛ wonka nkyerɛɛ mpanyimfo no sɛ wowɔ ɔpɛ sɛ sɛ wobɛboa a, dɛn nti na wonyɛ saa? Ebia wɔbɛma woakyekyɛ nhyiam ho dwumadi ahorow, woaprapra asa no so, anaasɛ woayɛ adwuma foforo bia ɛho hia. Kae, Kristo hohoroo n’asuafo no nan ase, enti adwuma biara nni hɔ a ɛba fam ma obi a wanya honhom mu nkɔso.​—Yohane 13:4, 5.

      16. Dwumadi bɛn na Katolekfo krataa bi gye toom sɛ ɛyɛ Kristofo asɛyɛde?

      16 Sɛ yɛhwɛ ɔsom afoforo mu a, yebetumi ada asɛnka adwuma a ɛho hia sen biara no ho ntetee a yenya wɔ yɛn nhyiam horow ase no ho ase. Bere a Kenneth Guentert rekyerɛw wɔ U.S’. Catholic mu September a etwaam no mu no, ɔkae sɛ: “Minyinii wɔ saa bere a na wɔka sɛ ɛnsɛ sɛ Katolekfo kenkan Bible no esiane sɛ ebia wobenya adwene a ɛmfata​—te sɛ nea ese ɛsɛ sɛ Kristofo a wodwen kɔbobɔ apon mu na wɔsakra nkurɔfo​—nti no mu. Ɛno na afei Vatican II bae, na mifii ase kenkan Bible no. Ampa ara; mprempren misusuw sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo kɔbɔ apon mu na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra nkurɔfo.” Ɔde ka ho sɛ: “Nea ɛte ne sɛ, ɛnyɛ sɛ ebia saa nsusuwii no ma minya ahotɔ bi; nanso sɛ wokenkan Apam Foforo no a, ɛte sɛnea wurentumi nguan mfi saa asɛm yi ho.”​—Mateo 10:11-.13; Luka 10:1-6; Asomafo no Nnwuma 20:20, 21.

      17. Ɔkwan bɛn so na ɔsom adwuma no betumi abɛyɛ nea ɛyɛ anigye kɛse ama wo?

      17 Yiw, na tete Kristofo no yɛ nnam wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu, na ɛda adi sɛ na mmofra te sɛ Timoteo ka mpanyimfo no ho kɔyɛ ɔsom adwuma yi. Nanso, yebegye atom sɛ wɔ ebinom fam nnɛ no, eyi nyɛ adwuma a ɛyɛ anigye sen biara. Dɛn nti? Ahokokwaw ho hia. Sɛ nhwɛso no, sɛ wobɔ mmɔden wɔ agoru anaa agumadi bi mu a, so w’ani nnye ho kɛse? Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte wɔ ɔsom adwuma no mu. Bere a woyɛ nnam wɔ Bible no a wɔde di dwuma ne Bible mu nsɛmti ho nkɔmmɔbɔ mu no, ɔsom adwuma no bɛba abɛyɛ nea ɛma anigye, titiriw bere a wunya obi a wubetumi ne no akyɛ nimdeɛ a ɛma nkwa no. Enti nya honhom mu nkɔso! Sua nsɛm a wobɛka wɔ afie mu. Hwehwɛ nyansahyɛ ahorow fi afoforo hɔ. Srɛ Yehowa mmoa.-Luka 11:13.

      Denam Wɔne Mpanyimfo Ntam Abusuabɔ So

      18. Abusuabɔ bɛn na Yesu ne Timoteo nyaa mu anigye wɔ wɔne mpanyimfo ntam?

      18 Bere a na Yesu yɛ abofra a wadi mfe 12 pɛ no, na n’ani gye ho sɛ obegye bere atra mpanyimfo mu na ɔne wɔn adi honhom fam nneɛma ho nkɔmmɔ. Bere bi n’awofo “kohuu no wɔ asɔrefi sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo ntam retie wɔn na obisabisa wɔn nsɛm.” (Luka 2:46) Saa ara na na ɛte wɔ Timoteo fam. Bere a ɔsomafo Paulo ne n’ahokafo kɔɔ Listra no, ɛda adi sɛ na Timoteo ani gye ho sɛ ɔne wɔn bɛnantew na ɔyɛɛ aso tiee wɔn nkyerɛkyerɛ no. Ná abusuabɔ pa wɔ ɔne anuanom a wɔwɔ hɔ a wɔkamfoo no pii no ntam.​—-Asomafo no Nnwuma 16:1-3.

      19. Dɛn titiriw nti na Paulo paw Timoteo sɛ akwantu mu ɔhokafo, na ɔkwan bɛn so na Timoteo boae?

      19 Ɛwom sɛ Timoteo fi ne pɛ mu yɛɛ honam fam nnwuma pii maa afoforo de, nanso ɛyɛ tumi a na obetumi asom wɔ nkurɔfo honhom fam ahiade ho no titiriw nti na Paulo paw no sɛ akwantu mu ɔhokafo no. Esiane saa nti, bere a akwasampafo kuw bi hyɛɛ Paulo ma ofii Tesalonika no, ɔsomaa aberantewaa Timoteo sɛ ɔnkɔkyekye asuafo afoforo no werɛ na ɔnhyɛ wɔn den. Enti ɛnyɛ sɛ na Timoteo wɔ ɔpɛ sɛ obesua ade afi mpanyimfo nkyɛn na n’ani agye wɔn nantew ho nko; ɔboaa wɔn wɔ honhom fam ankasa nso.​—Asomafo no Nnwuma 17:1-10; 1 Tesalonikafo 3:1-3.

      20. Dɛn na nyansa wom sɛ wobɛyɛ, na nnwuma bɛn na wubetumi ayɛ ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim?

      20 Nyansa wom sɛ wubesuasua Yesu ne Timoteo na woanya ɔpɛ sɛ wubenya mfaso afi mpanyimfo osuahu ne wɔn nimdeɛ mu. Wo ne wɔn mmɔ na bisabisa wɔn nsɛm. Nanso da wo honhom mu nkɔso a woanya adi denam boa a wobɛboa wɔn no so nso. So wɔn a wɔn mfe akɔ anim anaasɛ wɔyare bi wɔ hɔ a wɔn ani bɛsɔ sɛ wobɛkɔ akodi gua abrɛ wɔn anaasɛ wobɛyɛ nneɛma afoforo bi a wohia ama wɔn anaa? Ebia wubetumi akɔsra wɔn ara kwa, akenkan ade akyerɛ wɔn, na woaka osuahu ahorow a woanya wɔ ɔsom adwuma no mu no bi akyerɛ wɔn.

      Awofo Ne Afoforo Afá

      21. Awofo afã no ho hia dɛn, na dɛn na ɛho hia sɛ wosi so dua kɛse?

      21 Honhom mu ahoɔden a mmofra benya no gyina akwankyerɛ ne nhwɛso a wɔn awofo de ma no so titiriw. (Mmebusɛm 22:6) Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu nyaa mfaso kɛse fii akwankyerɛ a n’asase so awofo a wosuro Onyankopɔn de maa no no mu. (Luka 2:51, 52) Nã ɛda adi yiye sɛ ɛnyɛ Timoteo na ne ne nena ntetee a, anka ɔremmɛyɛ abofra a ɔwɔ honhom mu nkɔso te sɛ nea na ɔte no. (2 Timoteo 1:5; 3:15) Hia a Bible mu nkyerɛkyerɛ ho hia no yɛ nea wosi so dua kɛse! Sɛ awofo no, so mode eyi rema? Anaasɛ moabu mo ani agu so?

      22. (a) Sɛ awofo bu abusua Bible adesua sɛ adehia a, ɛka mmofra dɛn? (b) Akwankyerɛ bɛn na ɛsɛ sɛ awofo de ma wɔn mma?

      22 Aberantewaa bi a ɔyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa dwumadibea ti kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔ mfe a ɔde nyinii no mu no, na wɔn abusua no mu ade biako a ɛmpa wɔn ti so ne dapɛn Bible adesua a wɔne mmofra no yɛ. “Ɛtɔ mmere bi a Papa brɛ wɔ adwumam araa ma ɛyɛ den sɛ ɔbɛtra ase a ɔrenna, nanso ne nyinaa akyi no na yɛyɛ adesua no, na eyi boa ma yehuu aniberesɛm a ɛwom no.” Awofo, ebia mo mma no remmu honhom mu nneɛma sɛ ɛsom bo kɛse gye sɛ mo ankasa moyɛ saa. Enti fa akwampae adwuma ne ɔsɛmpatrɛwfo ne Betel som botae horow sisi wɔn anim. Mommoa wɔn ma wonhu sɛ ɔsom adwuma no yɛ adwuma a ɛma wonya daakye pa ne sɛ daakye pa biara nni wiase nnwuma ahorow no mu.​—-Fa toto 1 Samuel 1:26-28 ho.

      23. Ɔkwan bɛn so na afoforo a wɔwɔ asafo no mu betumi aboa mmofra ma wɔanya honhom mu nkɔso?

      23 Afoforo nso betumi aboa mmofra ma wɔanya honhom mu nkɔso. Wubetumi de ayɛ w’adwene sɛ wo ne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ wɔ nhyiam horow no ase. Afei nso, bɔ mmɔden fa wɔn ka wo dwumadi ahorow ho. Bere a awofo apene so no, ɔpanyin bi betumi de abofra bi aka ne ho wɔ ɔkasa dwumadi bi mu anaasɛ ɔde no bɛka ne ho apue. (Hiob 31: 16-18) Nea ebia ɛte sɛ ade ketewaa bi no betumi akyerɛ pii. Bere a ɔhwɛfo kwantufo bi a ɔrema ɔkasa hui sɛ abofra bi a ɔretie no nni Bible no, ɔkyɛɛ no biako akyiri yi. Ɛnyɛ akyɛde no nkutoo na ɛkaa abofra no koma na mmom ne ho anigye a ɔkyerɛe no nso. Bɛboro mfe 30 akyi no, aberantewaa yi a mprempren n’ankasa yɛ ɔpanyin no da so ara de anigye kae saa onua no adeyɛ a efi ɔdɔ mu no.

      24. Dɛn na ɛyɛ anigye kɛse sɛ yebehu, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn bo a yɛasi?

      24 So ɛnyɛ anigye kɛse sɛ wubehu sɛ ‘mmerante asafo a wɔba sɛ obosu’ ɔpehaha pii wɔ hɔ a wɔrebɔ Ahenni nkrasɛm a ɛma ahotɔ no ho dawuru na anyɛ yiye koraa no mmabaa a wɔyɛ wɔn a ‘wɔka asɛmpa no asafo a ɛsõ’ a wɔn dodow te saa ara nso wɔ hɔ anaa? Ɛmmra sɛ wɔn nyinaa bɛbɔ mmɔden sɛ wobenya honhom mu nkɔso, na ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛboa wɔn ma wɔayɛ saa.​—Dwom 110:3; 68:11.

      Ntimu Nsemmisa

      ◻ Dɛn na ebetumi aboa abofra bi ma wasi bere a obegye asubɔ ho gyinae?

      ◻ Ɔkwan bɛn so na wɔde abɔfra bi abrabɔ hu ne honhom mu nkɔso a wanya?

      ◻ Dɛn na ebetumi aboa mmofra ma wɔn ani agye nhyiam ne asɛnka adwuma ho?

      ◻ Abusuabɔ bɛn na ɛsɛ sɛ mmofra ne mpanyimfo nya?

      ◻ Akwan horow bɛn so na awofo ne mpanyimfo betumi aboa mmɔfra?

      [Mfonini wɔ kratafa 27]

      Dɛn no esiw w’asubɔ kwan?

  • Ɛrenkyɛ Na Ɔpepepem Pii A Wɔawuwu Nnɛ No Asan Aba Nkwa Mu Bio
    Ɔwɛn-Aban—1987 | November 1
    • Ɛrenkyɛ Na Ɔpepepem Pii A Wɔawuwu Nnɛ No Asan Aba Nkwa Mu Bio

      Eyi yɛ nokware bɔhyɛ a efi Onyankopɔn hɔ. Sua sɛnea ebenya mmamu no ho ade; kenkan atiri a ekura asɛmti a ɛwɔ atifi hɔ no wɔ nhoma So Asetra Yi Ara Na Ɛwɔ Hɔ? no mu. Wo nsa betumi aka nhoma a ekura nkratafa 192 yi bi bere a woatua ₵150 na wɔahyehyɛ kratasin a ɛka ho yi na wode amana no so.

      Mesrɛ mo momfa So Asetra Yi Ara Na Ɛwɔ Hɔ Nhoma a Akyi yɛ den no biako mmana me. Mede ₵150 ahyɛ mu de retua ka.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena