Ebetumi Aboa Wo Ma Woaka Asɛm
BERE a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnkɔka asɛm no, ɛda adi sɛ na wonni sɛnea nea na ɔrekyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no ho hia kɛse no ho adwene biara. (Mateo 10:7) Wɔ osetieyɛ mu no wodii ne nhwɛso akyi na wɔkɔfaa “nkurow ne nkuraa nyinaa mu kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa kyerɛe.” (Luka 8:1) Na ɛno ne asɛnka mfiase ketewaa a emu atrɛw akodu sɛ nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ate Ahenni ho asɛmpa no.
Wɔ Kristofo asafo no nna a edi kan no mu no, na wɔde ano na ɛka asɛm no titiriw. Kristo asuafo no kasa kyerɛɛ obiara a obetie. “Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara.”—Asomafo no Nnwuma 5:42.
Ɛdaa adi sɛ na wɔwɔ ɔsoro akyigyina efisɛ wotumi yɛɛ sɛnkyerɛnne ahorow. (Asomafo no Nnwuma 14:3) Wɔsaa nnipa pii yare honam mu na afei wɔtwɛn tiee honhom mu ayaresa nsɛm. Nea efii mu bae ne sɛ ‘wɔde nnipa a wogye dii . . . bɛkaa Awurade ho.”—Asomafo no Nnwuma 5:14-16.
Asɛmpa no a Wɔtrɛw mu Nnɛ
Bere a asomafo no wuwui no, ayaresa ne kasa foforo akyɛde ahorow no to twae. Nanso so eyi sakraa ahyɛde a na Yesu de ama n’asuafo no ɔkwan bi so? Dabi! Na waka akyerɛ wɔn sɛ ‘wɔnyɛ amanaman nyinaa asuafo,’ na bere a wɔyɛ saa no, ɔne wɔn wɔ hɔ “nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mateo 28:19, 20) Ɛnnɛ, Kyerɛwnsɛm mu adanse mu da hɔ sɛ yɛte nneɛma nhyehyɛe no nna a edi akyiri mu. So Yesu ama ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛka n’asuafo no ho wɔ asuafoyɛ adwuma no mu no aba mu? Adanse no kyerɛ sɛ yiw!
Sɛ́ wɔde ano ara kwa bɛka asɛm akyerɛ asase sotefo ɔpepepem pii no bɛyɛ adwuma a ɔdesani rentumi nyɛ. Enti, wɔde mmoa ama denam Bible ho nhoma a nkurɔfo betumi akenkan wɔn ankasa afi mu so. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1879 mu no bere a Bible asuafo kuw mmɔdenbɔfo bi pɛe sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni nkrasɛm no du afoforo nkyɛn no, wofii ase tintim nkrataa te sɛ Bible ho nsɛmma nhoma a mprempren wonim no sɛ Ɔwɛn-Aban no ne nkratawa ahorow a ɛka Bible mu nsɛmti ho asɛm. Nea edi kan no wɔde nkrataa ahorow no maa nhoma tintimfo a wogye sika na wotintimii. Ɛde beduu 1920 mu no na wɔwɔ wɔn ankasa tintim afiri a esi ɔdan bi a wotua ho ka mu, na ebeduu 1927 mu no na wɔasi wɔn ankasa nhoma tintimbea a wɔde betintim Bible, nhoma, nhomawa, nsɛmma nhoma, ne nkratawa ahorow a obiara a na ɔpɛ sɛ ɔboa ma wodi Yesu ahyɛde a ɔde maa n’asuafo no ho dwuma no betumi de adi dwuma.
Bere a asɔretiafo a wɔkae sɛ wɔn tintim adwuma no begu no antumi ammu Ɔwɛn Aban Asafo no abaw mu no, wɔahyehyɛ tintim mfiri wiase nyinaa. Afe a etwaam no mu no, wotintim Bible, nhoma, ne nhomawa ahorow bɛboro 63,000,000 ne nsɛmma nhoma bɛboro 582,000,000 wɔ kasa bɛboro 200 mu.
Nkrataa ahorow a wɔatintim no ayɛ nea ɛsom bo kɛse wɔ nkurɔfo honhom mu ahiade a wodi ho dwuma mu. Wɔatintim nhoma ahorow a wɔhyɛɛ da yɛ maa nkurɔfo a wɔwɔ nsusuwii ne gyidi ahorow pɔtee bi. Mmofra ɔpepem pii akyerɛ Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm ne Your Youth—Getting the Best out of It ho anisɔ. Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye ayɛ nea mfaso kɛse wɔ so wɔ abusua mu a wɔma ɛyɛ den ne okununom ne ɔyerenom a wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wonya ɔdɔ kɛse ma wɔn ho wɔn ho no mu. United in Worship of the Only True God ayɛ mmoa ama afoforofo a wɔpo sɛ wɔde nokware no yɛ wɔn ankasa de no. Wɔn a wɔkenkan saa nhoma yi no hu sɛ wɔma wodwen na wosusuw wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho wɔ ɔkwan a emu dɔ yiye so.
Nhoma a wɔtaa fra no “ɔtopae bruu,” Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu no aka nnipa ɔpepem pii asetra wɔ ɔkwan a eye nwonwa so. Yennya nhuu nnipa dodow a ebia Bible mu nokware ahorow a wosua fi saa nhoma yi mu no bɛka wɔn ma wɔasom Onyankopɔn no.
Mprempren, Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So reboa wɔn a wɔyɛ adwuma de ka asɛmpa no wɔ Yesu akwankyerɛ ase no. Wɔne nnipa ɔpepem pii a wɔn mu pii rema wɔn asetra ne Bible gyinapɛn ahorow ahyia resua Bible.
Sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi a wadi mfe 68 a ɔwɔ New York State no nuabarima a ɔwɔ Colorado ne no dii nkitaho, na ɔmaa no Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow bi sɛ ɔnkenkan. Ɔbarima no kenkan nhoma ahorow no nyinaa ntɛm ara na n’ani gyei sɛ ɔne Ɔdansefo bi befi ase asua Tra Ase Daa nhoma no bere a ɔbaa ne fie no. Wɔ saa ɔbarima yi asetra bere mu nyinaa no, waboaboa abakɔsɛm mu akode ahorow ano, nanso bere a ɔkenkanee sɛ wɔn a wɔsom Yehowa no rensua akodi bio no, ɔtɔn n’akode ahorow no nyinaa ntɛm ara a ɔbɔɔ ka kɛse. (Yesaia 2:4) Bio, bere a wanom sigaret mfe 53 akyi no, ogyaee bere a ɔkenkanee sɛ Yehowa ani nnye ho no ara pɛ. (2 Korintofo 7:1) Bere a ɔnam adesua so hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo no, ɔde abotu siesiee ne ho sɛ ɔbɛkɔ akɔsra ne babarima ne n’asebea na ɔne wɔn ne ne nananom akasa. Bere a ɔhyɛn ɔdan a wɔde ma ahɔho no mu no, n’ani gyei sɛ ohui sɛ Tra Ase Daa nhoma no bi da ɔpon so. Na n’asebea no resua nanso na onhu ɔkwan a ɔbɛfa so aka akyerɛ no. Wɔn baanu nyinaa anya honhom mu nkɔso fɛfɛ.
Wɔ Spain no, wosii Yehowa Adansefo nhyiambea bi wɔ baabi a ɛbɛn Katolekfo asɔredan bi. Ɔsɔfo no bo fuwii kɛse. Ɔkae sɛ sɛ na onim sɛ Adansefo no rebesi nhyiambea wɔ hɔ a, anka ɔtɔɔ asase no na wɔn nsa anka. Saa Ahenni Asa yi wɔ mfɛnsere bi a wɔde Tra Ase Daa nhoma no bi rekyerɛ wom. Da biara, asafo no muni bi bue kratafa foforo to hɔ. Kurow no mufo gyina hɔ na wɔkenkan kratafa foforo no. Nea efii mu bae ne sɛ nnipa pii kyerɛɛ anigye, na wɔne wɔn fii Bible adesua ase. Yiw, nhoma no dii adanse komm nanso wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.
Nsɛmma Nhoma Afã wɔ Asɛmpa no a Wɔtrɛw mu Mu
Bere a wotintim Ɔwɛn-Aban a edi kan no wɔ July 1879 mu no, wotintim mfuamfua 6,000 pɛ. Nanso, kuw ketewaa a wɔkenkanee no de ahopere kaa emu nsɛm no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo bɛboro 3,500,000 de ebiara a wotintim a ɛyɛ 13,000,000 no di dwuma de ka Onyankopɔn Ahenni no kyerɛ sɛ adesamma anidaso biako pɛ.
Nsɛmma nhoma ayɛ mmoa kɛse wɔ Kyerɛwnsɛm mu nsɛmti ahorow a wɔkyerɛkyerɛ mu mu. Asɛm bi a wɔkyerɛw no ntoatoaso a wɔda so ara kyerɛw wɔ Ɔwɛn-Aban no mu aka Yesu asetra ne ne som adwuma ho asɛm. Eyi aboa ɔpepem pii ma wɔayɛ Asɛmpa kyerɛwtohɔ ahorow no mu nsɛm a ɛho hia ho mfonini wɔ wɔn adwenem na wɔate ase yiye.
Wɔkyerɛw Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛntitiriw ahorow bi sɛnea ɛbɛka mmofra koma. Nsɛm “Onyankopɔn Asɛm wɔ Nkwa” no kyerɛkyerɛɛ nnyinasosɛm pii na ɛmaa nsɛm pii mu daa hɔ wɔ nkurɔfo adwene mu. Nsɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . .” no adi asetra mu nsemmisa ahorow ankasa ho dwuma, na afei ɛde mmuae a eye a wɔde kyerɛw nsɛm gyina akyi ama sɛnea ɛbɛkyerɛ mmofra nsusuwii ne wɔn nneyɛe kwan wɔ nna a nsɛnnennen wom yi mu. Bere a Yehowa Adansefo de saa nsɛm yi adi dwuma bere a wɔde nsɛmma nhoma ahorow no ma no, nkurɔfo yɛ ho ade wɔ ɔkwan pa so.
Nanso nea ɛka nsɛmti atitiriw bi ho nsɛm ho no, Ɔwɛn-Aban no mu aduan ankasa no ne nsɛntitiriw a ɛhyɛ nokware Kristofo nyinaa gyidi den no. Saa nsɛm a egyina Kyerɛwnsɛm so yi de adanse a akyinnye biara nni ho a ɛfa bɛn a nneɛma nhyehyɛe yi awiei abɛn no ho ma, ɛka Bible nkɔmhyɛ ahorow mmamu ho asɛm, na ɛde afotu a ɛma wɔhwehwɛ komam wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo tra ase esiane mmere no nti no ma. Bere a saa nimdeɛ yi ayɛ Kristofo ma no, wɔasi wɔn bo sɛ wɔde nneɛma a wɔasua no bedi dwuma wɔ asɛnka dwumadi no mu.
Yennim bere tenten a aka a saa asɛnka adwuma yi bɛkɔ so ansa na nneɛma nhyehyɛe yi awiei no aba. Nanso, yebetumi agye adi sɛ nhoma ahorow a Yehowa Adansefo tintim na wɔde moma no bɛboa Kristofo kɛse bere a wodi wɔn Kannifo Yesu ahyɛde no ho dwuma no.