‘Nkokoaa Anom’
BERE a na Samuel yɛ abarimaa ketewaa no, ogyinaa nnyinasosɛm ahorow a ɛteɛ akyi pintinn ɛmfa ho nsɛmmɔne a Ɔsɔfopanyin Eli mmabarima no dii no. (1 Samuel 2:22; 3:1) Wɔ Elisa nna no mu no, Israelni abeawa bi a na ɔwɔ nnommumfa mu wɔ Siria de akokoduru dii ne wura yere adanse. (2 Ahene 5:2-4) Bere a na Yesu adi mfe 12 no, ɔde akokoduru kasa kyerɛɛ Israel akyerɛkyerɛfo no, bisabisaa wɔn nsɛm, na ɔmaa mmuae ahorow a ɛmaa wɔn a wɔrehwɛ ho dwiriw wɔn. (Luka 2:46-48) Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, Yehowa asomfo nkumaa de nokwaredi asom no.
Mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ nso da nokwaredi a ɛte saa ara adi anaa? Yiw, ɛte saa ankasa! Amanneɛbɔ ahorow a efi Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow kyerɛ sɛ mmofra agyidifo bebree ‘ayi wɔn yam koraa de wɔn ho ama’ Yehowa som. (Dwom 110:3) Mfaso pa a afi wɔn mmɔdenbɔ mu aba no hyɛ Kristofo nyinaa nkuran, mmofra ne mpanyin, sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wɔmmrɛ papayɛ mu.’—Galatifo 6:9.
Nhwɛso fɛfɛ biako ne Ayumi, Japanni abeawa kumaa bi a ɔbɛyɛɛ ɔdawurubɔfo bere a na wadi mfe asia, a ɔde yɛɛ ne botae sɛ obedi obiara a ɔwɔ n’adesuakuw no mu adanse no. Wɔmaa no kwan ma ɔde nhoma ahorow pii koguu adesuadan no nhomakorabea hɔ, na osiesiee ne ho sɛ obebua nsemmisa biara a ebia ne mfɛfo sukuufo no bebisa no no. Ɛkame ayɛ sɛ n’adesuakuw no mufo nyinaa ne ɔkyerɛkyerɛfo no nso huu nhoma ahorow no yiye. Wɔ mfe asia a Ayumi de kɔɔ mfiase sukuu no, ɔhyehyɛɛ Bible adesua ahorow 13. Wɔbɔɔ no asu bere a na ɔwɔ ne sukuu afe a ɛto so anan mu no, na wɔbɔɔ ne nnamfo no mu biako a ɔne no suaa ade asu wɔ ne sukuu afe a ɛto so asia mu. Afei nso, saa Bible suani yi maame ne ne nuabeanom mpanyimfo baanu nso suaa ade, na wɔbɔɔ wɔn asu.
Abrabɔ Pa Di Adanse
Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu,” na Kristofo nkumaa fa saa ahyɛde yi aniberesɛm. (1 Petro 2:12) Ne saa nti, wɔn abrabɔ pa taa di adanse kɛse. Wɔ Afrika man Cameroon mu no, ɔbarima bi baa Yehowa Adansefo asafo nhyiam ase nea ɛto so abien, na ɛkɔbae sɛ ɔtraa abeawa ketewaa bi nkyɛn. Ɔbarima no hyɛɛ no nsow sɛ, sɛ ɔkasafo no to nsa frɛ atiefo no sɛ wɔnkan asɛm bi mfi Bible no mu a, na abeawa ketewa no bue nkyekyem no ntɛm wɔ n’ankasa Bible mu, na ɔyɛ komm di akyi bere a akenkan no kɔ so no. Ne su no kaa ɔbarima no araa ma bere a nhyiam no baa awiei no, ɔkɔɔ ɔkasafo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Saa abeawa ketewa yi ama manya ɔpɛ sɛ me ne wo besua Bible.”
Sukuu bi wɔ South Africa a sukuufo no mu 25 yɛ Yehowa Adansefo mma. Wɔn abrabɔ pa no ama Yehowa Adansefo anya din pa. Ɔkyerɛkyerɛfo biako daa no adi kyerɛɛ Ɔdansefo ɔwofo bi sɛ ɔnte ɔkwan a Adansefo no fa so tete wɔn mma yiye saa no ase, titiriw esiane sɛ n’ankasa asɔre ntumi mmoaa mmofra nti. Ɔkyerɛkyerɛfo foforo bɛboae wɔ sukuu hɔ, na ankyɛ na ohuu abrabɔ pa a Adansefo mmofra no yi no adi no. Obisaa Adansefo mmarimaa no biako nea ebehia sɛ ɔyɛ na watumi abɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ ɛsɛ sɛ wɔne no yɛ Bible adesua, na ɔyɛɛ nhyehyɛe maa n’awofo toaa so hyɛɛ n’anigye no mu den.
Wɔ Costa Rica no, Rigoberto huu nokware a na ɛwɔ asɛm no mu bere a n’adesuakuw mufo baanu de Bible no buaa nsemmisa a ɛfa Baasakoro, ɔkra, ne hellgya ho no. Nea wɔkae no nyaa ne so tumi kɛse, a ɛnyɛ sɛ Kyerɛwsɛm no a wotumi de dii dwuma nkutoo nti, na mmom esiane sɛ na wɔn abrabɔ a ɛkyɛn so no yɛ soronko koraa wɔ nea na wahu wɔ Kristoman mu asɔre ahorow mu no nso nti. Ɛmfa ho sɛ Rigoberto hyia ɔsɔretia fi n’abusuafo hɔ no, ɔrenya nkɔso kɛse wɔ ne Bible adesua no mu.
Wɔ Spain no, Yehowa Adansefo baanu—wɔn mu biako adi mfe akron—kɔsraa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Onofre. Bere a Ɔdansefo panyin no na ɔkasaa pii no, Ɔdansefo kumaa no buee Kyerɛwsɛm no dii akenkan no akyi, na ofi ne tirim kaa Bible mu nsɛm bi. Ɛkaa Onofre. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ baabi a saa abarimaa kumaa no suaa sɛnea wobue Kyerɛwnsɛm no yiye no, ɛhɔ ara na ɔno nso besua Bible no. Enti, ade kyee Kwasida anɔpatutu no, ɔkɔɔ Ahenni Asa so hɔ. Ɔtwɛnee wɔ abɔnten hɔ kosii awia ketee, bere a Adansefo no baa wɔn nhyiam no. Efi saa bere no, onyaa nkɔso kɛse na nnansa yi ara ɔde nsu mu asubɔ ayɛ n’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne.
Adansefo Nkumaa a Wotu Mpɔn
Yiw, Yehowa de mmofra ne mpanyin nyinaa di dwuma de hwehwɛ komam ahobrɛasefo. Wohuu ɛno kɛse wɔ osuahu bi a efi Hungary mu. Ɛhɔ no, ɔyarehwɛfo bi hyɛɛ no nsow sɛ bere biara a nkurɔfo bɛsraa ɔyarefo bi a wadi mfe du no, na wɔde biribi a ɔbɛkenkan ne aduan brɛ no. Ɛyɛɛ no nwonwa, na na ɔresusuw dekode a abeawa kumaa bɛkenkan ho, na ohui sɛ ɛyɛ Bible no. Ɔyarehwɛfo no ne no kasae, na akyiri yi ɔkae sɛ: “Efi saa bere a edi kan no, ofii ase sɛ ɔrekyerɛkyerɛ me ankasa.” Bere a abeawa kumaa no fii ayaresabea hɔ no, ɔtoo nsa frɛɛ ɔyarehwɛfo no sɛ ɔmmra ɔmantam nhyiam bi ase, nanso ɔyarehwɛfo no ampene so. Nanso, akyiri yi, ɔpenee so sɛ ɔbɛkɔ “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam no bi. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ofii Bible adesua ase, na afe akyi no, wɔbɔɔ no asu—ne nyinaa fi abeawa ketewa bi a ɔde ne bere kenkan Bible ho nhoma ahorow wɔ ayaresabea no.
Ná Ana Ruth a ɔwɔ El Salvador wɔ n’afe a ɛto so abien wɔ ntoaso sukuu. Ná ɛyɛ ne su sɛ ɔde Bible ho nhoma ahorow begu ne pon so ma afoforo a wɔpɛ akenkan bi. Bere a Ana Ruth hyɛɛ no nsow sɛ nhoma no yerae na ɛsan bae bio wɔ bere bi akyi no, obehui sɛ na ne yɔnko sukuuni, Evelyn, rekenkan. Bere bi akyi no, Evelyn penee so sɛ wɔne no nsua ade, na ofii ase kɔɔ asafo nhyiam horow. Awiei koraa, wɔbɔɔ no asu, na seesei ɔsom sɛ daa ɔkwampaefo boafo. Ana Ruth yɛ daa ɔkwampaefo.
Wɔ Panama no, onuawa bi ne ɔbea bi fii adesua ase, na ne kunu sɔre tiaa nokware no araa ma anka wɔreyɛ agyae adesua no. Nanso, ne kunu no gow ɔsɔretia no mu nkakrankakra. Bere bi akyi no, ne honam fam nuabarima a ɔyɛ Ɔdansefo srɛɛ no sɛ ɔmmɛhyehyɛ akorɔmfo ho dɔn wɔ ne fie mma no. Bere a ogu so rehyehyɛ dɔn no, ne nuabarima no babea a wadi mfe akron no baa fie a na wayɛ bosaa yiye. Obisaa no nea aba, na ɔkae sɛ ɔne ne nuabea panyin kɔe sɛ wɔrekɔyɛ Bible adesua bi nanso na onipa no nni fie, enti ontumi nyɛɛ biribiara mmaa Yehowa saa da no. Ne papa nuabarima no kae sɛ: “Dɛn nti na wonka asɛm no nkyerɛ me? Saayɛ so no, wobɛyɛ biribi ama Yehowa.” Ne nuabarima babea no de anigye tuu mmirika kɔfaa ne Bible bae, na wofii adesua ase.
Ná abeawa no maame (ɔbarima no nua yere) retie. Osusuwii sɛ agoru bi na na wɔredi, nanso bere biara a ɔbarima no bɛba ne fie hɔ no, na ɔma ne nuabarima ba no ne no yɛ Bible adesua. Bere a maame no hui sɛ ne kunu nuabarima no ani abere, na ɔwɔ nsemmisa bi a emu yɛ den no, ɔno ankasa ne no yɛɛ adesua no a na ne babea no tra mu bi. Ɔbarima no fii ase suaa ade mprenu dapɛn biara, na onyaa nkɔso ntɛmntɛm. Awiei koraa no, ohyiraa ne ho so ma wɔbɔɔ ɔne ne yere nyinaa asu wɔ nhyiam biako ase—su pa a ne nuabarima ba ketewa no daa no adi na ɛmaa no baa saa.
Mmofra Akokoduru Di Adanse Fɛfɛ
Bible no se: “Hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, na ma w’ani nna [Yehowa] so.” (Dwom 27:14) Nsɛm yi fa Onyankopɔn asomfo nyinaa ho, na mmofra ne mpanyin nyinaa de dii dwuma wɔ afe a etwaam no mu. Wɔ Australia no, bere a abeawa bi a wadi mfe anum kɔɔ sukuu bi mu foforo no, ne maame kɔɔ ɔkyerɛkyerɛfo no hɔ sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ nea Yehowa Adansefo gye di mu akyerɛ no. Ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ: “Minim nea mugye di dedaw. Wo babea no akyerɛ me ne nyinaa dedaw.” Abeawa ketewa yi ansuro sɛ ɔno nkutoo bɛkɔ ne kyerɛkyerɛfo no anim akɔkyerɛkyerɛ nea ogye di mu akyerɛ no.
Andrea a wadi mfe anum a ɔte Romania nso daa akokoduru adi. Bere a ne maame gyaee Ortodɔks asɔre no bɛyɛɛ Ɔdansefo no, n’afipamfo ampɛ sɛ wotie no. Da bi, Andrea tee wɔ Asafo Nhoma Adesua ase sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no resi hia a ɛho hia sɛ obi ka asɛm kyerɛ n’afipamfo so dua. Osusuw eyi ho anibere so, ɔkɔɔ fie no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Maame, sɛ wokɔ adwuma a mɛhyehyɛ nhoma agu me bag mu sɛnea ɛyɛ a woyɛ no, mɛbɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me ma menka nokware no ho asɛm nkyerɛ afipamfo no.”
Da a edi hɔ no, Andrea yɛɛ nea ɔhyɛɛ ho bɔ no. Afei, ɔde akokoduru bɔɔ ofipamfo bi dɔn. Bere a ofipamfo no baa ɔpon no ano no, abeawa ketewa yi kae sɛ: “Minim sɛ efi bere a me maame bɛyɛɛ Ɔdansefo no, wompɛ n’asɛm. Wabɔ mmɔden sɛ ɔne wo bɛkasa mpɛn pii, nanso wompɛ sɛ wutie no. Eyi haw no, nanso mepɛ sɛ wuhu sɛ yɛdɔ wo.” Afei, Andrea kɔɔ so dii adanse fɛfɛ. Ɔmaa nhoma asia, nsɛmma nhoma asia, nhomawa anan, ne nkratawa anan da koro. Efi saa bere no, ɔkɔ asɛnka daa.
Wɔ Rwanda no, ɛho abehia sɛ yɛn nuanom da akokoduru kɛse adi esiane ɔko a ɛrekɔ so wɔ hɔ no nti. Bere bi, asraafo bi de Adansefo abusua bi guu dan bi mu sɛ wɔrebekum wɔn. Abusua no srɛe sɛ wɔmma wɔn kwan ma wɔmmɔ mpae ansa. Wɔmaa wɔn kwan, na wɔn nyinaa bɔɔ mpae wɔn tirim gye wɔn babea Deborah nkutoo. Amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ Deborah bɔɔ mpae den sɛ: “Yehowa, dapɛn yi me ne Paapa maa nsɛmma nhoma anum. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asan akɔ nkurɔfo yi nkyɛn akɔkyerɛkyerɛ wɔn nokware no na yɛaboa wɔn ma wɔanya nkwa? Ɛno pa ho a, mɛyɛ dɛn atumi ayɛ ɔdawurubɔfo seesei? Anka mepɛ sɛ migye asubɔ na ama matumi asom wo.” Bere a ɔsraani bi tee eyi no, ɔkae sɛ: “Abeawa ketewa yi nti, yentumi nkunkum mo.” Deborah buae sɛ: “Yɛda mo ase.” Wogyaee abusua no.
Bere a Yesu nam nkonimdi so kɔɔ Yerusalem wɔ ɛrekɔ n’asase so asetra awiei no, nnipakuw a na wɔrebɔ gye so behyiaa no. Ná mmofra ne mpanyimfo nyinaa wɔ nnipakuw no mu. Sɛnea kyerɛwtohɔ no kyerɛ no, na mmarimaa nketewa ‘reteɛɛm wɔ asɔrefi sɛ: Hosiana Dawid ba no.’ Bere a asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no kasa tiaa eyi no, Yesu buae sɛ: “Monkanee pɛn sɛ: Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu anom na woasiesie ayeyi, anaa?”—Mateo 21:15, 16.
So ɛnyɛ anigye sɛ yebehu sɛ Yesu nsɛm no yɛ nokware nnɛ mpo? “Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu”—na momma yɛnka nka ho sɛ wɔn a wonnii mfe aduonu ne mmerante ne mmabaa—“anom” na Yehowa asiesie ayeyi. Nokwarem no, sɛ yɛreka ayeyi a wɔde ma Yehowa ho asɛm a, obiara nni hɔ a osua dodo.—Yoel 2:28, 29.