-
Kristofo Adwene Wɔ Ayiyɛ Ho Amanne Ahorow HoƆwɛn-Aban—1998 | July 15
-
-
Kristofo Adwene Wɔ Ayiyɛ Ho Amanne Ahorow Ho
SƐ OBI dɔfo wu ɔpatuwu a, ɛyɛ awerɛhow yiye. Ɛhaw adwene, na ɛde nkate fam yawdi nso ba. Sɛ yare bɔ obi dɔfo ma odi yaw bere tenten ansa na wawu a, ɛntaa nyɛ nwonwa, nanso awerɛhow ne adehwere kɛse nka a ɔte no de, ɛnsesa.
Ɛmfa ho ɔkwan a obi dɔfo fa so wu no, nea ade atɔ n’ani no hia mmoa ne awerɛkyekye. Kristoni a ade atɔ n’ani no betumi ahyia ɔtaa nso afi nkurɔfo a wɔwe da so sɛ wɔnyɛ ayiyɛ ho amanne ahorow a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia no hɔ. Eyi taa si wɔ Afrika aman pii mu ne mmeae foforo wɔ asase so.
Dɛn na ɛbɛboa Kristoni a ade atɔ n’ani no ma wakwati ayiyɛ ho amanne ahorow a ɛne kyerɛw nsɛm nhyia? Ɔkwan bɛn so na mfɛfo gyidifo betumi aboa no wɔ sɔhwɛ bere a ɛte saa mu? Nsɛmmisa yi ho mmuae hia nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Yehowa ani nyinaa, efisɛ “Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu.”—Yakobo 1:27.
Egyina Gyidi Bi So
Ade biako a ayi amanne pii gyina so ne gyidi a ɛne sɛ awufo te ase wɔ nananom atrae bi a aniwa nhu. Ayiasefo pii te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ amanne ahorow bi de pata wɔn. Anaasɛ wosuro sɛ wɔbɛyɛ biribi a afipamfo a wogye di sɛ sɛ wɔanyɛ amanne ahorow no a, ɛde mmusu bɛba mpɔtam hɔ no, mpɛ.
Ɛnsɛ sɛ nokware Kristoni suro nnipa, na ɔde ne ho hyɛ amanne ahorow a ɛnsɔ Nyankopɔn ani mu. (Mmebusɛm 29:25; Mateo 10:28) Bible da no adi sɛ awufo nnim biribiara, efisɛ ɛka sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara . . . Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.” (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Enti, Yehowa Nyankopɔn bɔɔ ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete hɔ no kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ biribi de kyerɛ sɛ wɔrepata awufo anaa wɔne wɔn redi nkitaho. (Deuteronomium 14:1; 18:10-12; Yesaia 8:19, 20) Bible mu nokwasɛm ahorow yi ne ayiyɛ ho amanne a agye din pii nhyia.
“Nna mu Ahodwira” Nso Ɛ?
Wɔ Afrika mfinimfini fam aman bi mu no, wɔhwehwɛ sɛ okunafo no ne nea wawu no busuani a ɔbɛn no benya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa. Wogye di sɛ sɛ wɔanyɛ saa a, owufo no bɛyɛ abusuafo a wɔte ase no bɔne. Wɔfrɛ saa amanne yi “nna mu ahodwira.” Nanso Bible frɛ ɔbarima ne ɔbea nna biara a ɛkɔ so wɔ aware akyi no “aguamammɔ.” Esiane sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ‘guan aguamammɔ’ nti, wɔde akokoduru ko tia amanne a ennyina Kyerɛwnsɛm so yi.—1 Korintofo 6:18.
Susuw okunafo bi a wɔfrɛ no Mercy ho.a Bere a ne kunu wui wɔ 1989 mu no, na abusuafo no pɛ sɛ ɔne wɔn busuani barima bi nya nna mu ahodwira mu kyɛfa. Wampene so, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛne Nyankopɔn mmara nhyia. Asɛm no haw abusuafo no, na wodidii no atɛm fii hɔ kɔe. Ɔsram biako akyi no, wɔbɛfow ne fie hɔ nneɛma, paa ne dan so. Wɔkae sɛ: “Wo som no betumi a, ɛnhwɛ wo.”
Asafo no kyekyee Mercy werɛ, na wosii dan foforo mpo maa no. Ɛyɛɛ n’afipamfo ahodwiriw araa ma wɔn mu bi bɛboaa adwuma no, na ɔhene no yere a ɔyɛ Katolekni na odii kan de sare bae sɛ wɔmfa nkuruw dan no so. Mercy nokwaredi no hyɛɛ ne mma no nkuran. Efi saa bere no, wɔn mu baanan ahyira wɔn ho so ama Yehowa Nyankopɔn, na wɔn mu biako kɔɔ Asomfo Ntetee Sukuu nnansa yi ara.
Esiane nna mu ahodwira amanne no nti, Kristofo binom ama wɔakɛntɛn wɔn so ma wɔaware obi a ɔnyɛ gyidini. Sɛ nhwɛso no, ɔbarima okunafo bi a ɔwɔ ne mfe 70 mu de ahopere waree ababaa bi a ɔyɛ ne yere a wafi mu no busuani. Ɔyɛɛ saa de kyerɛe sɛ ɔde ne ho ahyɛ nna mu ahodwira mu. Nanso adeyɛ a ɛte saa ne Bible afotu a ese Kristofo nware “Awurade mu nko” no nhyia.—1 Korintofo 7:39.
Pɛsi Ahorow
Wɔ aman pii mu no, ayiasefo hyiam wɔ owufo no fie si pɛ anadwo mũ nyinaa. Wɔtaa to pon bɔ nnwom denneennen wɔ pɛsi a ɛtete saa ase. Wogye di sɛ eyi pata owufo no, na ɛbɔ abusuafo a wɔte ase no ho ban fi abayifo ho. Wotumi ma ɔkasa ahorow de hoahoa owufo no sɛnea ɛbɛyɛ a n’ani begye wɔn ho. Sɛ ɔkasa biako si a, ayiasefo no tumi to nyamesom dwom biako ansa na ɔfoforo abegyina hɔ akasa. Eyi betumi akɔ so akosi sɛ ade bɛkye.b
Nokware Kristoni mfa ne ho nhyɛ pɛsi a ɛkɔ so anadwo mũ nyinaa mu efisɛ Bible kyerɛ sɛ awufo ntumi mmoa ateasefo anaa wɔnyɛ wɔn bɔne. (Genesis 3:19; Dwom 146:3, 4; Yohane 11:11-14) Kyerɛwnsɛm no kasa tia ahonhomsɛmdi. (Adiyisɛm 9:21; 22:15) Nanso, ebetumi ayɛ den ama Kristoni kunafo sɛ ɔbɛkwati sɛ ɔbɛma afoforo ahyɛ no ama ɔde ne ho ahyɛ ahonhomsɛmdi mu. Ebia wɔbɛwe ada so sɛ wobesi pɛ anadwo mũ wɔ ne fie. Dɛn na mfɛfo gyidifo betumi ayɛ de aboa Kristofo a ade atɔ wɔn ani ama wɔagyina ahohia foforo yi ano?
Mpɛn pii na asafo mu mpanyimfo atumi ne abusuafo ne afipamfo asusuw nsɛm ho de aboa Kristofo mmusua a ade atɔ wɔn ani no. Ɛtɔ mmere bi a, bere a wɔne wɔn asusuw nsɛm ho awie no, saafo no te wɔn ho ase fi fie hɔ asomdwoe mu, na wɔsan behyiam yɛ ayi no da foforo. Nanso sɛ ebinom ma wɔn asɛm yɛ den nso ɛ? Mmɔden a obi bɛkɔ so abɔ sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu akyerɛ wɔn no betumi de basabasayɛ aba. ‘Ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔko, na mmom ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne bo ase bɔne ho.’ (2 Timoteo 2:24) Enti sɛ abusuafo a wɔnte nsɛm ase de anuɔden gye nneɛma bɔ so a, ebia Kristoni kunafo ne ne mma ntumi nsiw wɔn kwan. Nanso wɔmfa wɔn ho nhyɛ atoro som amanne biara a ɛbɛkɔ so wɔ wɔn fie hɔ mu, efisɛ wodi Bible ahyɛde yi so: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.”—2 Korintofo 6:14.
Nnyinasosɛm yi fa amusiei nso ho. Yehowa Adansefo nnya nnwonto, mpaebɔ, anaa amanne ahorow a atoro som sɔfo bi di anim mu kyɛfa. Sɛ Kristofo a wɔyɛ abusuafo pɛɛ no te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ ayi a ɛte saa ase a, wɔmmfa wɔn ho nhyɛ mu.—2 Korintofo 6:17; Adiyisɛm 18:4.
Ayiyɛ a Nidi Wom
Yehowa Adansefo nyɛ amanne ahorow a wɔde pata awufo wɔ wɔn ayi ahorow ase. Wɔma Bible ho kasa wɔ Ahenni Asa so, baabi a wɔyɛ ayi no, owufo no fie, anaa amusiei hɔ. Ɔkasa no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛkyekye wɔn a ade atɔ wɔn ani no werɛ denam nea Bible ka fa owu ho ne owusɔre anidaso no ho nkyerɛkyerɛmu a wɔde ma so. (Yohane 11:25; Romafo 5:12; 2 Petro 3:13) Wotumi to dwom a egyina Kyerɛwnsɛm so, na wɔde mpaebɔ a ɛma awerɛkyekye na ewie dwumadi no.
Nnansa yi ara, wɔyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako a ɔyɛ South Africa ɔmampanyin, Nelson Mandela, nuabea a otwa to no ayi saa kwan yi ara so. Ayi no akyi no, ɔmampanyin no fi koma mu daa ɔkasafo no ase. Ná atitiriw ne mpanyimfo pii wɔ ase. Ɔman soafo bi kae sɛ: “Eyi ne ayi a nidi wom sen biara a makɔ pɛn.”
So Ayitam Fata?
Yehowa Adansefo di wɔn adɔfo wu ho awerɛhow. Wotumi su te sɛ Yesu. (Yohane 11:35, 36) Nanso wonhu hia a ɛho hia sɛ wɔyɛ nsɛnkyerɛnne bi ma afoforo hu sɛ wɔredi awerɛhow. (Fa toto Mateo 6:16-18 ho.) Wɔ aman pii mu no, wɔhwɛ kwan sɛ akunafo befura ayitam soronko bi de apata awufo. Ɛsɛ sɛ ofura saa tam no asram pii anaa afe biako mpo wɔ ayi no akyi, na sɛ wɔreyi agu hɔ a, wɔto pon foforo wɔ ɛno ho.
Sɛ obi anyɛ biribi amfa ankyerɛ sɛ ɔredi awerɛhow a, wobu no sɛ wayɛ bɔne atia owufo no. Eyi nti, ahemfo binom a wɔwɔ Swaziland mmeae bi no atu Yehowa Adansefo afi wɔn ankasa afie ne wɔn nsase so. Nanso bere nyinaa Kristofo anokwafo yi honhom fam anuanom a wɔwɔ mmeae foforo no hwɛ wɔn.
Swaziland Asɛnnibea Kunini no adi nsɛm no bi ama Yehowa Adansefo, na wɔaka sɛ wɔnsan mfa wɔn afie ne wɔn nsase mma wɔn. Wɔ asɛm foforo mu no, wɔmaa Kristoni kunafo bi traa ne fie bere a ɔde krataa bi a ne kunu a wafi mu no akyerɛw ne nsɛm a wakyere agu afiri so a ɔkaa no pefee wɔ so sɛ ɛnsɛ sɛ ne yere siesie ne ho de kyerɛ sɛ ɔredi awerɛhow kyerɛe no. Saa kwan yi so no, otumi kyerɛe sɛ ɔreda obu adi ankasa ama ne kunu.
Mfaso kɛse wɔ so sɛ obi bedi kan akyerɛ sɛnea wɔnyɛ n’ayi mu pefee ansa na wawu, titiriw wɔ mmeae a wɔtaa yɛ amanne a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia no. Susuw Victor a ɔte Cameroon no nhwɛso ho hwɛ. Ɔkyerɛw sɛnea wɔnyɛ n’ayi too hɔ. Ná n’abusuafo pii yɛ atitiriw a wokura awufo ho amanne mu denneennen, a nnipa tikora som ka ho. Esiane sɛ na Victor yɛ abusua no muni a wobu no nti, na onim sɛ wɔde ne tikora bedi dwuma saa kwan yi so. Enti ɔde ɔkwan a ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo fa so yɛ n’ayi ho akwankyerɛ pefee mae. Eyi amma ne yere ne ne mma ammrɛ pii, na ɛyɛɛ adanse kɛse wɔ mpɔtam hɔ.
Nsuasua Amanne a Ennyina Kyerɛwnsɛm So
Ebinom a wɔwɔ Bible mu nimdeɛ suro sɛ wɔbɛyɛ soronko wɔ afoforo mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔntaa wɔn no, wɔyɛ nneɛma bi de kyerɛ sɛ wɔresi pɛ ama awufo wɔ amanne kwan so, de bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea afipamfo pɛ. Ɛwom sɛ ɛyɛ ade pa sɛ yɛbɛkɔ akɔsra nea ade atɔ n’ani no na yɛakyekye ne werɛ de, nanso eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ayi ketewaa bi wɔ owufo no fie anadwo biara ansa na ayi no ankasa adu so. Saa a wɔbɛyɛ no betumi ato wɔn a wogyina nkyɛn hintidua, efisɛ ɛbɛma wɔanya adwene no sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ mu no nnye nea Bible ka fa awufo tebea ho no nni ankasa.—1 Korintofo 10:32.
Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmfa Nyankopɔn som nni kan wɔ asetra mu, na wɔmfa wɔn bere nni dwuma nyansa mu. (Mateo 6:33; Efesofo 5:15, 16) Nanso wɔ mmeae bi no, esiane ayi nti, wotumi de asafo nhyehyɛe to nkyɛn bɛyɛ nnawɔtwe biako anaa nea ɛboro saa. Ɔhaw yi nni Afrika nkutoo. Ɛdefa ayi bi ho no, amanneɛbɔ bi a efi Amerika Anafo fam ka sɛ: “Nnipa kakraa bi na wɔkɔɔ Kristofo nhyiam ahorow abiɛsa. Nkurɔfo amfa wɔn ho anhyɛ asɛnka mu bɛyɛ nnafua du. Ɛyɛɛ wɔn a wɔwɔ asafo no akyi ne Bible asuafo mpo nwonwa, na ɛhaw wɔn sɛ wohuu sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea binom de wɔn ho ahyɛ mu.”
Wɔ mmeae bi no, nea wafi mu no abusuafo tumi to nsa frɛ wɔn nnamfo paa kakraa bi ba wɔn fie ma wobedi nnuan a emu nyɛ duru wɔ ayi no akyi. Nanso wɔ Afrika mmeae pii no, nnipa ɔhaha pii a wɔba ayi no soa wɔn ho kogu nea wafi mu no fie, a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛto wɔn pon, bere a wɔtaa de mmoa bɔ afɔre no. Kristofo asafo no mufo binom asuasua saa amanne yi, na ɛma obi nya adwene no sɛ wɔreto pon de apata owufo no wɔ amanne kwan so.
Ayi a Yehowa Adansefo yɛ no mfa ka kɛse nto wɔn a ade atɔ wɔn ani no so. Enti ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe soronko bi ama wɔn a wɔba hɔ no ayi ntoboa de atua ayi akɛse ho ka. Sɛ akunafo a ahia wɔn nni sika a wɔde bɛtotɔ nneɛma a ɛho hia a, akyinnye biara nni ho sɛ asafo no mufo foforo de anigye bɛboa wɔn. Sɛ mmoa a ɛte saa no nnɔɔso a, mpanyimfo no betumi ayɛ nhyehyɛe de honam fam mmoa ama wɔn a ɛsɛ wɔn.—1 Timoteo 5:3, 4.
Ɛnyɛ ayi amanne nyinaa na ɛne Bible nnyinasosɛm nhyia. Sɛ ɛba saa a, Kristofo asi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ ade ma ɛne Kyerɛwnsɛm no ahyia.c (Asomafo no Nnwuma 5:29) Ɛwom sɛ eyi betumi de ahohia no bi aka ho de, nanso Onyankopɔn asomfo pii betumi adi ho adanse sɛ wɔatumi adi sɔhwɛ a ɛtete saa so. Ahoɔden a wonya fii Yehowa, “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn,” no hɔ ne mmoa a wɔn mfɛfo gyidifo a wɔkyekyee wɔn werɛ wɔ wɔn ahohia mu no fi ɔdɔ mu de maa wɔn no na ɛma wotumi yɛɛ saa.—2 Korintofo 1:3, 4.
[Ase hɔ nsɛm]
a Yɛde din afoforo na adi dwuma wɔ asɛm yi mu.
b Wɔ mmusua ne aman bi mu no, asɛmfua “pɛsi” no kyerɛ sra a wɔkɔsra obi a ade atɔ n’ani bere tiaa bi kyekye ne werɛ. Ebia wɔrenyɛ biribiara a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia. Hwɛ May 22, 1979, Engiresi Nyan! no kratafa 27-8.
c Baabi a ayi ase amanne ahorow betumi de sɔhwɛ kɛse aba Kristoni bi so no, mpanyimfo no betumi asiesie asubɔhwehwɛfo no ama nea wobetumi ahyia no. Sɛ wohyia afoforo yi na wɔne wɔn resusuw nsɛmmisa a efi Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no mu ho a, ɛsɛ sɛ wosusuw afã a wɔato din “Ɔkra, Bɔne ne Owu” ne “Gyidi Afrafra” no ho yiye. Afã abien yi nyinaa wɔ nsɛmmisa a wobetumi de aka ho. Ɛha na mpanyimfo no betumi de nsɛm a ɛfa ayiyɛ amanne ahorow a ennyina Kyerɛwnsɛm so ho aba mu ama asubɔhwehwɛfo no ahu nea Onyankopɔn Asɛm hwehwɛ wɔ ne ho bere a wakɔ tebea a ɛte saa mu no.
[Kratafa 23 adaka]
Wonyaa Gyina A Wogyinaa Pintinn No So Akatua
Sibongili yɛ Kristoni kunafo bi a ɔte Swaziland a ɔwɔ akokoduru. Bere a ne kunu wui nnansa yi no, wanyɛ amanne ahorow a nnipa pii susuwii sɛ wɔde pata awufo no. Sɛ nhwɛso no, wammɔ tikwaw. (Deuteronomium 14:1) Eyi hyɛɛ n’abusuafo baawɔtwe abufuw, na wɔhyɛɛ no bɔɔ no tikwaw. Wɔamma Yehowa Adansefo nso amma fie hɔ ammɛkyekye Sibongili werɛ. Nanso, afoforo a na wɔn ani gye Ahenni asɛm no ho de anigye kɔsraa no de nkuranhyɛ nkrataa a mpanyimfo no akyerɛw kɔmaa no. Da a na wɔahyɛ sɛ Sibongili bɛhyɛ ntade soronko de akyerɛ sɛ ɔredi awerɛhow no, anwonwasɛm bi sii. Abusua no muni bi a wobu no, frɛɛ abusuafo no ne wɔn susuw wɔn ayi amanne ahorow a ɔbea no mpene so no ho.
Sibongili ka sɛ: “Wobebisaa me sɛ me nyamesom gyidi bɛma me kwan ma mahyɛ atade tuntum de ayɛ kuna anaa. Bere a mekyerɛkyerɛɛ me gyinabea mu kyerɛɛ wɔn no, wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔrenhyɛ me. Ade a ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ, wɔn nyinaa paa me kyɛw sɛ wodwoodwoo me, na wɔbɔɔ me tikwaw bere a mempene so no. Wɔn nyinaa kae sɛ memfa mfiri wɔn.” Akyiri yi, Sibongili nuabea bi kae sɛ ogye tom sɛ Yehowa Adansefo som no na ɛyɛ nokware som, na ɔkae sɛ wɔne no mmɛyɛ Bible adesua.
Susuw nhwɛso foforo ho: Ná South Africani barima bi a wɔfrɛ no Benjamin adi mfe 29 bere a ɔtee sɛ ne papa awu mpofirim no. Saa bere no na Benjamin nkutoo ne Ɔdansefo a ɔda n’abusua mu. Bere a wɔrekosie amu no, na wɔhwɛ kwan sɛ obiara bɛto santen akɔfa ɔdamoa no ho de ne nsa asaw anhwea agu funnaka no so.d Wosiee amu no wiei no, wɔbɔɔ abusuafo a wɔbɛn no paa no tikwaw. Esiane sɛ Benjamin anyɛ saa amanne ahorow yi bi nti, afipamfo ne abusuafo kae sɛ ne papa a wawu no saman bɛtwe n’aso.
Benjamin ka sɛ: “Esiane sɛ mede me ho too Yehowa so nti, biribiara anyɛ me.” Abusuafo no huu nea ɛkowiee. Bere kɔɔ so no, wɔn mu binom fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible, na wɔbɔɔ wɔn asu de yɛɛ wɔn ho so a wɔahyira ama Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Na Benjamin nso ɛ? Ɔde ne ho hyɛɛ bere nyinaa asɛmpaka adwuma no mu. Wɔ mfe kakra a atwam mu no, wanya hokwan kɛse resom Yehowa Adansefo asafo ahorow sɛ ɔhwɛfo kwantuni.
[Ase hɔ asɛm]
d Ebia ebinom besusuw sɛ asɛm biara nni ho sɛ wɔbɛtow nhwiren anaa wɔde wɔn nsa bɛsaw anhwea agu ɔdamoa no mu. Nanso sɛ mpɔtam hɔfo bu amanne yi sɛ ɛyɛ ɔkwan a wɔnam so pata awufo anaasɛ ɛka amanne a atoro som sɔfo bi di anim ho a, Kristofo bɛkwati.—Hwɛ June 8, 1977, Nyan! no kratafa 24.
-
-
Afe Afe Nhyiam October 3, 1998Ɔwɛn-Aban—1998 | July 15
-
-
Afe Afe Nhyiam October 3, 1998
WƆBƐYƐ Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania no mufo afe afe nhyiam no October 3, 1998, wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a ɛwɔ 2932 Kennedy Boulevard, Jersey City, New Jersey no so. Emufo nkutoo bedi kan ayɛ nhyiam anɔpa 9:15, na ɛno akyi na wɔbɛyɛ afe afe nhyiam a afoforo tumi ba bi no anɔpa 10:00.
Ɛsɛ sɛ Adwumakuw no mufo ma Ɔkyerɛwfo no Dwumadibea aso te address mu nsakrae biara a wɔyɛe wɔ afe a etwaam no mu saa bere yi, na ama wɔn nsa atumi aka amanneɛbɔ ne ananmusifo nkrataa a wɔde brɛ wɔn daa no wɔ July mu.
Ɛsɛ sɛ Adwumakuw no mufo san de ananmusifo nkrataa a wɔde bɛka afe afe nhyiam no ho amanneɛbɔ ho abrɛ wɔn no mena ma ebedu Asafo ti no Kyerɛwfo Dwumadibea ansa na August 1 atwam. Ɛsɛ sɛ emuni biara hyehyɛ n’ananmusifo krataa no wie na ɔsan de mena ntɛm ara, na ɔkyerɛ sɛ n’ankasa bɛba nhyiam no anaa ɔremma. Ɛsɛ sɛ nsɛm a wɔkyerɛw wɔ ananmusifo krataa biara so no ka biribi pɔtee wɔ eyi ho, efisɛ ɛno so na wobegyina ahu wɔn a wɔn ankasa bɛba no.
Wɔhwɛ kwan sɛ wobewie nhyiam dwumadi no nyinaa a adwuma ho nhyiam ne amanneɛbɔ ahorow ka ho no awia 1:00 anaa ɛno akyi pɛɛ. Wɔrenyɛ nhyiam no bi awia. Esiane sɛ nhyiambea hɔ sua nti, wɔn a wokura tekiti nkutoo na wobetumi aba bi. Wɔrenyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔafa telefon so atie afe afe nhyiam no wɔ asa afoforo so.
-