-
Nea Enti A Wɔde Wɔn Ho Hyɛ Atirimɔdensɛm MuƆwɛn-Aban—1998 | November 1
-
-
anaa nkyekyem anan mu biako so de gyigye yɛn mmofra ani. Yɛpene so! Me nnamfo pa, yɛn ani gye ho nso.”
Nyansahu ho adesua a wɔyɛɛ no nnansa yi ara no da no adi sɛ nea ɛkɔ so wɔ adwene no mu ne tebea a yɛwom no nyinaa ka ho bi paa na nnipa yɛ anuɔdensɛm. Ɔbenfo Markus J. Kruesi a ɔwɔ Illinois Sukuupɔn no Mmofra Nhwehwɛmu Suabea no ka sɛ: “Nea yɛn nyinaa afi ase rehu ne sɛ nneɛma bɔne a atwa yɛn ho ahyia a mmofra pii rehu no, ne nea ɛrema atirimɔdensɛm atrɛw. Nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase no de nsakrae titiriw ba amemene no mu ankasa ma nkurɔfo yɛ ade a wonnwen ho.” Inside the Brain nhoma no ka sɛ nneɛma bi te sɛ “abusua nhyehyɛe a agyigya, awofo a wonni ahokafo a wɔadɔɔso, ohia a wonnya ano aduru, ne nnubɔne a wɔde di dwuma ma ɛka wɔn hɔ no betumi aka adwene no ma nkurɔfo ayɛ wɔn ade abufuhyew so—ade a bere bi na wosusuw sɛ entumi nyɛ yiye.”
Wɔkyerɛ sɛ, nea ɛka nsakrae a ɛba amemene no mu ho ne serotonin, amemene mu nsu bi a wosusuw sɛ esiw anuɔdensɛm ano, a ɛso retew no. Nhwehwɛmu da no adi sɛ mmosa betumi ama serotonin a ɛwɔ amemene mu no so atew, na ɛma nea wonim fi bere tenten sɛ asabow de basabasayɛ ba no ne nyansahu hyia.
Biribi foforo nso ka ho bi na atirimɔdensɛm adɔɔso nnɛ. Nkɔmhyɛ nhoma a wotumi de ho to so, Bible no, bɔ kɔkɔ sɛ: “Kae sɛ mmere a emu yɛ den bɛba wɔ nna a edi akyiri no mu. Nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominyafo, adifudepɛfo, ahohoahoafo, ne wɔn a wɔhoman; . . . wɔbɛyɛ atirimɔdenfo, wɔn a wonni mmɔborɔhunu, ntwirifo, anuɔdenfo, ne wɔn a wɔyɛ keka; wɔbɛtan papa; wɔbɛyɛ nkontompofo, anibiannasofo, ne wɔn a ahantan ahyɛ wɔn ma . . . Saa nnipa yi twe wo ho fi wɔn ho.” (2 Timoteo 3:1-5, Today’s English Version) Yiw, atirimɔdensɛm a yehu no nnɛ no yɛ Bible nkɔmhyɛ bi a ɛfa “nna a edi akyiri” no mmamu ho.
Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛma bere yi yɛ basabasayɛ bere titiriw. Bible no ka sɛ, “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Wɔatu Ɔbonsam ne n’adaemone dɔm no afi soro ma mprempren wɔde wɔn adwene asi ɔkwan a wɔbɛfa so ahaw adesamma so. Sɛ́ “wim tumi no panyin” no, Ɔbonsam bɔ mmɔden de “honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma asoɔden mma mu no” di dwuma ma anuɔdensɛm dɔɔso wɔ asase so.—Efesofo 2:2.
Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi agyina wiase anuɔden ‘tebea’ a edi awu no ano nnɛ? Na ɔkwan bɛn so na yebetumi adi nsɛnnennen ho dwuma a basabasayɛ nnim?
-
-
Sɛnea Wodi Nsɛnnennen Ho Dwuma Asomdwoe MuƆwɛn-Aban—1998 | November 1
-
-
Sɛnea Wodi Nsɛnnennen Ho Dwuma Asomdwoe Mu
ƐKAME ayɛ sɛ nnipa adi atirimɔdensɛm wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Bible no ka atirimɔdensɛm ho asɛm fi Habel nuabarima Kain a na ɔyɛ nnipa baanu a wodi kan no ba panyin no so. Bere a Onyankopɔn ani sɔɔ Habel ayɛyɛde kyɛn ne de no, Kain “bo fuwii pii.” Ɔkwan bɛn so na odii tebea no ho dwuma? “Kain sɔre hyɛɛ ne nua Habel, na okum no.” Ɛno akyi no, ɔne Onyankopɔn benyaa asɛm kɛse. (Genesis 4:5, 8-12) Atirimɔdensɛm antumi ansiesie gyinabea pa a na Kain nni wɔ ne Bɔfo anim no.
Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati sɛ yɛde basabasayɛ bedi ɔhaw ho dwuma te sɛ Kain?
Otirimɔdenfo Bɛdanee Obi a Ɔwɔ Afoforo Ho Koma
Susuw ɔbarima a ɔhwɛ ma wokum Stefano, Kristoni a wodii kan kum no sɛ mogyadansefo no ho. (Asomafo no Nnwuma 7:58; 8:1) Ɔbarima Saulo a ofi Tarso, ne Stefano anyɛ adwene wɔ ne nyamesom gyinabea no ho na ɔboaa atirimɔden kwan so awudi no sɛ ɔkwan a ɛfata a ɔnam so besiw Stefano dwumadi horow ano. Ɛwom, ebia na Saulo nyɛ otirimɔdenfo wɔ n’asetra kwan nyinaa mu. Nanso ofi ne pɛ mu penee atirimɔdensɛm so sɛ ɔkwan a wɔnam so di ɔhaw ho dwuma. Wɔ Stefano wu akyi pɛɛ no, Saulo ‘fii ase ne [Kristofo] asafo no dii no bɔne so. Ɔhyɛnhyɛn afi mu kɔtwee mmarima ne mmea ma wɔde wɔn koguu afiase.’—Asomafo no Nnwuma 8:3, NW.
Sɛnea Bible ho ɔbenfo Albert Barnes kyerɛ no, Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase wɔ ha sɛ “dii no bɔne so” [NW] no kyerɛ ɔsɛe pasaa a mmoa a wɔyɛ keka te sɛ agyata ne mpataku betumi de aba. Barnes kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Saulo ani beree asɔre no so te sɛ akekaboa—asɛm a emu yɛ den a ɛkyerɛ nsi ne abufuw a ano yɛ den a ɔde taa wɔn.” Bere a na Saulo ani kyerɛ Damasko a ɔrekɔkyere Kristo akyidifo pii no, na “ɔda so home ateɛteɛ ne okum home gu Awurade [Kristo] asuafo so.” Na ɔnam kwan so rekɔ no, Yesu a na wɔanyan no afi awufo mu no kasa kyerɛɛ no, na eyi maa Saulo nyaa adwensakra baa Kristosom mu.—Asomafo no Nnwuma 9:1-19.
Wɔ saa adwensakra no akyi no, ɔkwan a na Saulo nam so ne afoforo di nsɛm no sakrae. Biribi a esii wɔ ɛno akyi bɛyɛ mfe 16 no daa nsakrae no adi. Nnipakuw bi baa asafo a na ɔwɔ mu wɔ Antiokia no mu na wɔhyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ hɔ no sɛ wonni Mose Mmara no so. ‘Akasakasa dennen’ sɔree. Saulo, a saa bere yi de na wonim no yiye sɛ Paulo no de ne ho hyɛɛ akyinnyegye no mu bi. Ɛda adi sɛ, akyinnyegye no mu yɛɛ den. Nanso Paulo anyɛ basabasa. Mmom no, ogyee gyinae a asafo no sii sɛ wɔmfa asɛm no nkɔdan asomafo ne mpanyinfo a wɔwɔ Yerusalem asafo no mu no toom.—Asomafo no Nnwuma 15:1, 2.
Wɔ Yerusalem nso, “akyinnye pii” sɔree wɔ mpanyimfo nhyiam no ase. Paulo twɛn kosii sɛ “nnipa kuw no nyinaa yɛɛ komm” na afei ɔkaa ade fɛfɛ a Onyankopɔn honhom ayɛ wɔ gyidifo a wontwaa wɔn twetia no mu ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Bere a wɔnam Kyerɛwnsɛm no so susuw nsɛm ho no, asomafo no ne Yerusalem mpanyimfo no de “nokoro” sii gyinae sɛ enni sɛ wɔde adesoa a ɛnsɛ to gyidifo a wontwaa wɔn twetia no so, na mmom wobetu wɔn fo sɛ ‘wonyi wɔn ho mfi nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ mu.’ (Asomafo no Nnwuma 15:3-29) Nokwarem no na Paulo asakra. Osuae sɛ obedi nsɛm ho dwuma a basabasayɛ biara nnim.
Basabasayɛ so a Yebedi
Paulo de afutu mae akyiri yi sɛ: “Ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa, ohu kyerɛkyerɛ, ɔbrɛ ne bo ase bɔne ho, na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asi, nsɛm mu.” (2 Timoteo 2:24, 25) Paulo hyɛɛ Timoteo, a na ɔyɛ ɔhwɛfo aberantewa sɛ, ɔmfa odwo nni nsɛm tebea a ɛyɛ den ho dwuma. Na Paulo reka nokwasɛm. Na onim sɛ abufuw betumi aba wɔ Kristofo mu mpo. (Asomafo no Nnwuma 15:37-41) Ofi ntease pa mu de afotu mae sɛ: “Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so.” (Efesofo 4:26) Hyɛ a yɛbɛhyɛ yɛn ho so a yɛnna abufuw adi denneenen no ne ɔkwan pa a wɔfa so di nkate a ɛte saa ho dwuma. Nanso ɔkwan bɛn so na eyi betumi ayɛ yiye?
Ɛnnɛ, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛhyɛ abufuw so. Oduruyɛfo Deborah Prothrow-Stith a ɔyɛ Harvard Ɔmanfo Akwahosan Sukuu no titrani abadiakyiri kae sɛ: “Atirimɔden abu so. Nokwarem no, wobu su pa a ɛma wotumi ne afoforo ntam yɛ kama—agyina a wotu, nsɛm mu a wogyae, tema ne fafiri a wɔda no adi—sɛ ahufo na wɔtaa da no adi.” Nanso, eyinom yɛ su pa, na ɛho hia na yɛatumi adi su a ɛbɛma yɛayɛ basabasa no so.
Bere a Paulo bɛyɛɛ Kristoni no, osuaa ɔkwan pa a wɔfa so di adwene a enhyia ho dwuma. Ná egyina Bible no nkyerɛkyerɛ so. Sɛ nhomanimfo a na waben wɔ Yudafosom mu no, na Paulo nim Hebri Kyerɛwnsɛm no yiye. Ɛda adi sɛ na onim Kyerɛwnsɛm te sɛ: “Ntwe otirimɔdenfo ho ninkunu, nso mpaw n’akwan mu biara.” “Nea ne bo kyɛ fuw no yɛ sen dɔmmarima, na nea odi ne honhom so no sen nea ɔko fa kurow.” “Ɔbarima a ontumi nsianka ne honhom te sɛ kurow a abubu a afasu nni ho.” (Mmebusɛm 3:31; 16:32; 25:28) Nanso, ansa na Paulo rebenya adwensakra no, saa nimdeɛ no amma no antwe ne ho amfi atirimɔdenne a ɔyɛɛ Kristofo no ho. (Galatifo 1:13, 14) Nanso sɛ Kristoni no, dɛn na ɛboaa Paulo ma otumi dii tebea a na ɛhyɛ abufuw ho dwuma na ɔde ntease yɛɛ adwuma bɔɔ mmɔden maa afoforo gyee nea ɔkae no toom mmom sen sɛ anka ɔbɛfa basabasayɛ kwan so?
Paulo maa yɛn ho mmuae bi bere a ɔkae sɛ: “Monhwɛ me nsua me, sɛnea me nso mehwɛ Kristo misua no no.” (1 Korintofo 11:1) Ɔkyerɛɛ nea na Yesu Kristo ayɛ ama no no ho anigye kɛse. (1 Timoteo 1:13, 14) Kristo bɛyɛɛ nhwɛso maa no. Ná onim sɛnea Yesu huu amane maa adesamma abɔnefo. (Hebrifo 2:18; 5:8-10) Paulo tumi foaa so sɛ Yesaia nkɔmhyɛ a na ɛfa Mesia no ho no nyaa mmamu wɔ Yesu so: “Wɔhyɛɛ no ahoɔyaw, na ɔno de, ɔbrɛɛ ne ho ase na wammue n’ano, sɛ oguammaa a wɔde no rekɔ akokum no, sɛ oguanten a watɔ ne ho twitwafo anim mumu no, ɔno nso wammue n’ano.” (Yesaia 53:7) Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: ‘Ɔno [Yesu] na wɔyaw no, na wanyaw bi, ohuu amane, na wanteɛteɛ, na ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ nea obu atɛntrenee no nsa.’—1 Petro 2:23, 24.
Anisɔ a na Paulo wɔ ma ɔkwan a Yesu Kristo faa so dii tebea horow a na emu yɛ den ho dwuma no kanyan no ma ɔsakrae. Otumi tuu ne mfɛfo gyidifo fo sɛ: “Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa, NW] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.” (Kolosefo 3:13) Gye a yebegye atom sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ basabasa no nkutoo nnɔɔso. Nea Yehowa ne Yesu Kristo ayɛ ama yɛn ho anisɔ a yɛbɛkyerɛ no boa ma yenya nkuranhyɛ a ɛho hia na yɛatumi adi su a ɛbɛma yɛayɛ basabasa no so.
So Ebetumi Ayɛ Yiye?
Na ɔbarima bi a ɔwɔ Japan hia nkuranhyɛ a emu yɛ den a ɛte saa. N’agya a na ɔyɛ ɔsraani a ne bo nkyɛ fuw no, de atirimɔden na edii n’abusua no so. Esiane sɛ wɔyɛɛ ɔbarima no basabasa na wɔyɛɛ ne maame nso saa ara ma ohui nti, ɔbɛyɛɛ otirimɔdenfo. Ɔde afoa a wɔde di ako abien a ɛsono emu biara tenten kurae a na ɔde di ɔhaw ahorow ho dwuma san de hunahuna nkurɔfo.
Bere a ne yere fii ase sɛ ɔresua Bible no, na ɔtra adesua no mu a ɔmfa no aniberesɛm. Nanso, bere a ɔkenkan This Good News of the Kingdoma nhomawa no, ɔsakrae. Dɛn ntia? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a mekenkan asɛm a ɛhyɛ nsɛmti nketewa ‘Kristo Yesu’ ne ‘Agyede No’ ase no, m’ani wui. Ɛwom sɛ na me bra nye de, nanso na meda so ara wɔ ɔpɛ no sɛ mɛda ayamye adi akyerɛ wɔn a na me ne wɔn bɔ no. M’ani gyee ho sɛ mɛma me nnamfo ani agye nanso na mempɛ sɛ ɛbɛka me nkwa. Nanso, na Onyankopɔn Ba, Yesu, wɔ ɔpɛ no sɛ ɔde ne nkwa bɛto hɔ ama adesamma, a wɔn a wɔte sɛ me nso ka ho. Mibubui te sɛ nea wɔde abɔsobaa aboro me.”
Ɔne ne kan nnamfo no twaa fekubɔ mu na ankyɛ ɔde ne ho hyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ Yehowa Adansefo asafo bi mu. Sukuu yi boa wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ mu no ma wonya sɛnea wɔde Bible no kyerɛkyerɛ afoforo no ho ntetee. Ntetee no de mfaso foforo brɛɛ ɔbarima yi. Ɔkae sɛ: “Bere a na meyɛ abofra no, mede me ho hyɛɛ ahunahuna ne basabasayɛ mu efisɛ na mintumi nka me nkate nkyerɛ afoforo. Bere a misuae sɛ mɛka me nsusuwii akyerɛ afoforo no, mifii ase ne wɔn susuw nsɛm ho sen sɛ anka mɛyɛ basabasa.”
Te sɛ Paulo no, so ɔno nso de Kristo asetra kwan ayɛ ne de? Wɔsɔɔ ne gyidi hwɛe bere a adamfo bi a bere bi a atwam no na ɔne no aka ntam sɛ biribiara rentetew wɔn ntam no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma no agyae Kristoni a ɔpɛ sɛ ɔyɛ no. Ne “yɔnko” no bɔɔ no na ɔkaa ne Nyankopɔn, Yehowa ho abususɛm. Ɔbarima a kan no na anka ɔyɛ basabasa yi hyɛɛ ne ho so na ɔpaa no kyɛw sɛ wantumi anni ntam no so. Ne “nua” no gyaw ne hɔ kɔe a na wayɛ basaa.
Basabasayɛ a otumi dii so no ama saa barima a kan no na ne bo fuw ntɛm no anya honhom fam anuanom mmarima ne mmea, a Onyankopɔn ne wɔn yɔnko ho dɔ ka wɔn bom. (Kolosefo 3:14) Nokwarem no, bɛboro mfe 20 ni a ɔbɛyɛɛ Kristoni a wahyira ne ho so, mprempren ɔsom sɛ Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ ma no sɛ otumi fi Bible no mu kyerɛ sɛ nnipa a wɔyɛ wɔn ade sɛ mmoa betumi asua sɛnea wodi nsɛnnennen ho dwuma a basabasayɛ nnim sɛnea osuae no! Na hwɛ hokwan ara a wanya sɛ obetumi akyerɛ sɛnea nkɔmhyɛ nsɛm yi benya mmamu a edi mu: “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no”!—Yesaia 11:9.
Te sɛ ɔsomafo Paulo ne ɔbarima yi a kan no na ɔyɛ basabasa no, wo nso wubetumi asua sɛnea wodi tebea horow a ɛhyɛ abufuw ho dwuma, na woadi nsɛnnennen ho dwuma asomdwoe mu. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no ani begye sɛ wɔbɛboa wo.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Na Paulo reka nokwasɛm. Na onim sɛ abufuw betumi aba wɔ Kristofo mu mpo
[Kratafa 7 mfonini]
Nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn ho anisɔ a yɛbɛkyerɛ no ma yɛne afoforo nya abusuabɔ a asomdwoe wom
-