Hwɛ Yiye Wɔ Simony Ho!
NA WOBU Simon a ofi Samaria no kɛse wɔ ne mpɔtam hɔ. Ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan Y.B., na na nkurɔfo ani gye n’akɔmfosɛm no ho araa ma na wɔka ne ho asɛm sɛ: “Oyi ne Onyankopɔn ahoɔden kɛse no.”—Asomafo no Nnwuma 8:9-11.
Nanso, bere a wɔbɔɔ Simon asu sɛ Kristoni akyi no, ohuu tumi bi a na ɛsõ sen ne de no koraa. Na ɛyɛ tumi a wɔde maa Yesu asomafo a ɛma wotumi de honhom kronkron akyɛde a wɔde yɛ anwonwade no ma afoforo no. Eyi kaa Simon araa ma ɔde sika brɛɛ asomafo no kae sɛ: “Momma me tumi yi bi, na obiara a mede me nsa megu no so no, wanya Honhom Kronkron.”—Asomafo no Nnwuma 8:13-19.
Ɔsomafo Petro kaa Simon anim sɛ: “Wo sika ne wo nyinaa nyera, efisɛ woasusuw sɛ wɔde sika na enya Onyankopɔn akyɛde. Wunni asɛm yi mu kyɛfa anaa apɛgyade, efisɛ wo koma nteɛ Onyankopɔn anim.”—Asomafo no Nnwuma 8:20, 21.
Bible kyerɛwtohɔ yi mu na wonyaa asɛmfua “simony” a wɔkyerɛ ase “bɔne a ɛne asɔre mu dibea anaa abasobɔ a wɔtɔ anaa wɔtɔn” no fii. New Catholic Encyclopedia gye tom sɛ, efi afeha a ɛto so 9 kosi nea ɛto so 11 mu titiriw no, “simony kɔɔ so wɔ nkokorafie, asɔfo nkumaa ne asɔfo mpanyimfo ntam, ne pope tumidi mpo mu.” The Encyclopædia Britannica a ɛto so akron (1878 de no) ka sɛ: “Asɔfopɔn nhyiam a wɔyɛ de paw Pope no ho abakɔsɛm a obi sua no ma otumi hu pefee sɛ wɔntoo aba biara a nea wɔfrɛ no simony nka ho da, na mpɛn pii no, simony a ɛdaa adi wɔ asɔfopɔn nhyiam ase no yɛ nea ɛnyɛ aniwu na wɔmfɛre ho sen biara.”
Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hwɛ yiye wɔ nea wɔfrɛ no simony no ho. Sɛ nhwɛso no, ebinom betumi ahoahoa wɔn a wobetumi ama wɔanya hokwan foforo no pii anaasɛ wɔbɛyɛ wɔn adɔe. Ɔkwan foforo so no, wɔn a wobetumi ama afoforo anya hokwan horow a ɛte saa no betumi ayɛ animhwɛ na wɔde hokwan no ama wɔn a wobetumi akyɛ wɔn nneɛma—a mpɛn pii nso wɔwɔ ɔpɛ sɛ—wɔbɛyɛ saa no. Tebea abien yi nyinaa yɛ nea wɔfrɛ no simony no bi, na Kyerɛwnsɛm no kasa tia nneyɛe a ɛtete saa pefee. Petro ka kyerɛɛ Simon sɛ: “Enti sakra w’adwene fi wo bɔne yi ho, na srɛ Onyankopɔn sɛ ebia wɔde wo komam adwene [“wo nsusuwii yi,” New Jerusalem Bible] no befiri wo. Efisɛ mahu sɛ wowɔ bɔnwoma nwenenwene mu, na amumɔyɛ hama akyekyere wo.”—Asomafo no Nnwuma 8:22, 23.
Anigyesɛm ne sɛ, Simon behuu aniberesɛm a na n’akɔnnɔ bɔne no yɛ. Ɔsrɛɛ asomafo no sɛ: “Monsrɛ [Yehowa, NW] mma me, na nea moaka yi mu biara amma me so.” (Asomafo no Nnwuma 8:24) Esiane asuade titiriw a nokware Kristofo nya fi kyerɛwtohɔ yi mu no nti, wɔbɔ mmɔden na wɔanni nea wɔfrɛ no simony no ho fɔ biara.