-
Nnipa a Wɔwɔ ‘Atenka Te sɛ Yɛn Ara’Ɔwɛn-Aban—1998 | March 1
-
-
Nnipa a Wɔwɔ ‘Atenka Te sɛ Yɛn Ara’
NÁ ƆYƐ ɔhene ne odiyifo, nanso na ɔyɛ agya a ɔwɔ ɔdɔ nso. Ne mmabarima no mu biako nyin bɛyɛɛ dwae ne ahomaso. Bere a ɔbabarima yi sii ne bo sɛ ɔde anuɔden bedi ade no, ofii ɔmanko bi ase a na n’atirimpɔw ne sɛ obekum n’agya. Nanso ɔbabarima no na owui wɔ ɔko a ɛbae no mu. Bere a agya no tee ne babarima no wu no, ne nkutoo foro kɔɔ abansoro dan pia bi mu kosui sɛ: “Me ba Absalom, me ba, me ba Absalom! Ɛka me nko a, anka misii w’ananmu miwui! Absalom, me ba, me ba!” (2 Samuel 18:33) Ná agya no ne Ɔhene Dawid. Te sɛ Yehowa adiyifo foforo no, na ɔyɛ “onipa [a ɔwɔ atenka, NW] te sɛ yɛn ara.”—Yakobo 5:17.
Bible mmere mu no, na mmarima ne mmea a wogyina Yehowa ananmu kasa no yɛ nnipa a wɔn asetram gyinabea gu ahorow na wɔn nsɛm tebea nyɛ soronko. Ná wɔwɔ ɔhaw ne sintɔ ahorow te sɛ yɛn ara. Adiyifo yi bi ne henanom, na ɔkwan bɛn so na na wɔwɔ atenka te sɛ yɛn ara?
Mose Sakra Fii Obi a na Ogye Ne Ho Di Bɛyɛɛ Ɔhobrɛasefo
Odiyifo bi a ogyee din a ɔtraa ase ansa na Kristo reba ne Mose. Nanso bere a odii mfe 40 mpo no, na onsiesiee ne ho sɛ ɔbɛsom sɛ Yehowa kasamafo. Dɛn ntia? Bere a na Misraim Farao no hyɛ Mose nuanom so no, wɔtetee no wɔ Farao abusua mu, na “ɔyɛɛ den wɔ ne nsɛm ne nneyɛe mu.” Kyerɛwtohɔ no kyerɛ yɛn sɛ: “Osusuwii sɛ anuanom no behu sɛ Onyankopɔn nam ne nsa so rebegye wɔn.” Gye a na ogye ne ho di nti, ɔyɛɛ ade anuɔden so gyee Hebrini akoa bi, kum Misrini bi.—Asomafo no Nnwuma 7:22-25; Exodus 2:11-14.
Afei, ɛmaa Mose guanee, na ɔde mfe aduanan a edi hɔ no kɔyɛɛ oguanhwɛfo wɔ Midian a na ɛwɔ akyirikyiri no. (Exodus 2:15) Saa bere no baa awiei no, Yehowa paw Mose a na afei de wadi mfe 80 no sɛ odiyifo. Nanso na Mose nnye ne ho nni bio. Ná ɔte nka sɛ ɔmfata araa ma obisaa paw a Yehowa paw no sɛ odiyifo no ho asɛm, kaa nsɛm te sɛ, “Hena ne me a merekɔ Farao nkyɛn?” ne “Dɛn na minse wɔn?” (Exodus 3:11, 13) Ɛdenam awerɛhyem ne mmoa a Yehowa fi ɔdɔ mu de mae so no, Mose tumi yɛɛ n’adwuma no nkonimdi mu.
Te sɛ Mose no, so woagye wo ho adi ama woayɛ biribi anaa woaka nsɛm bi a na nyansa nnim pɛn? Sɛ saa a, fi ahobrɛase mu gye ntetee foforo tom. Anaasɛ woate nka sɛ womfata sɛ wudi Kristofo asɛyɛde ahorow bi ho dwuma? Sɛ anka wobɛpo no, gye mmoa a Yehowa ne n’ahyehyɛde de ma no tom. Onii a ɔboaa Mose no betumi aboa wo nso.
Na Elia Wɔ Atenka Te sɛ Yɛn Ara Bere a na Ɔde Asotwe Rema No
“[Ná] Elia yɛ onipa [a ɔwɔ atenka, NW] te sɛ yɛn ara, na ɔbɔɔ mpae dennen sɛ osu nntɔ. Na osu antɔ asase so mfirihyia abiɛsa ne asram asia.” (Yakobo 5:17) Ná Elia mpaebɔ no ne Yehowa apɛde a na ɛne sɛ ɔbɛtwe ɔman a na wɔatwe wɔn ho afi Ne ho no aso no hyia. Nanso na Elia nim sɛ ɔpɛ a na ɔrebɔ ho mpae no bɛma nnipa ahu amane. Ná Israelfo fã kɛse no ara yɛ akuafo; na ɔmamfo no nya wɔn asetrade fi obosu ne osu a ɛtɔ mu. Ná ɔpɛ a ɛbɛtra hɔ akyɛ no de ahohia a ɛso nni na ɛbɛba. Ná nnua nhaban bɛpo; na nnɔbae renyɛ yiye. Ná nyɛmmoa a wɔde wɔn yɛ adwuma ne aduan no bewuwu, na aduankɔm bɛhaw mmusua bi nso. Henanom na na wobehu amane kɛse? Mpapahwekwaa no. Akyiri yi, ɔbea kunafo bi ka kyerɛɛ Elia sɛ aka no asikresiam nsa ma, ne ngo kakraa bi. Ná ɔhwɛ kwan ankasa sɛ ɛrenkyɛ na ɔkɔm akum ɔne ne babarima. (1 Ahene 17:12) Sɛ na Elia betumi abɔ mpae sɛnea ɔyɛe no a, na ɛsɛ sɛ onya gyidi pintinn sɛ Yehowa bɛhwɛ N’asomfo so—adefo ne ahiafo—a na wonnyaee nokware som no. Sɛnea kyerɛwtohɔ no da no adi no, Elia nsa ansi fam.—1 Ahene 17:13-16; 18:3-5.
Mfe abiɛsa akyi, bere a Yehowa kyerɛe sɛ ɛrenkyɛ ɔbɛma osu atɔ no, ɔpɛ a emu yɛ den a na Elia wɔ sɛ ɔpɛ no begyae no daa adi wɔ mpae a emu yɛ den a ɔbɔɔ no ntoatoa so bere a “ɔkotow fam, na ɔde n’anim hyɛɛ ne nkotodwe ntam” no mu. (1 Ahene 18:42) Ɔkɔɔ so hyɛɛ ne somfo no sɛ: “Foro kɔ kɔhwɛ po fam,” sɛ ebia obehu biribi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa tiee ne mpaebɔ anaa. (1 Ahene 18:43) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei bere a awiei koraa no, wotiee ne mpaebɔ, ma “ɔsoro tɔɔ osu, na asase sow n’aba” no!—Yakobo 5:18.
Sɛ woyɛ ɔwofo anaa ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu na sɛ wode nteɛso rema a, ebia wubedi ho awerɛhow kɛse. Nanso, ehia sɛ yɛde ntease a yɛwɔ sɛ ɛtɔ mmere bi a nteɛso ho hia, na sɛ yɛde ɔdɔ di ho dwuma a, “ɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee” no, di nnipa nkate a ɛtete saa ho dwuma. (Hebrifo 12:11) Nea efi osetie a wɔyɛ ma Yehowa mmara mu ba no yɛ papa bere nyinaa. Te sɛ Elia no, yefi komam bɔ mpae sɛ yebetumi adi so.
Yeremia Daa Akokoduru Adi Ɛmfa Ho Abasamtu
Bible akyerɛwfo nyinaa mu no, gyama Yeremia ne obi a ɔkyerɛw ne nkate ho nsɛm kɛse. Sɛ aberante no, na ɔmpɛ sɛ ogye ne dwumadi no tom. (Yeremia 1:6) Nanso ɔde akokoduru kɛse kaa Onyankopɔn asɛm, na ɛma ohyiaa ɔsɔretia fii ne mfɛfo Israelfo hɔ—efi ɔhene so kosi ɔpapahwekwaa so. Ɛtɔ mmere bi a, na ɔsɔretia no ma ne bo fuw anaa osu. (Yeremia 9:3; 18:20-23; 20:7-18) Wɔ mmere ahorow mu no, wɔtow hyɛɛ ne so, hwee no, kyekyeree no bɔɔ dua mu, de no too afiase, de owu hunahunaa no, na wogyaa no too dontori mu wɔ abura bi a nsu nnim mu sɛ onwu. Ɛtɔ mmere bi mpo a, na Yehowa asɛm ma ohu amane sɛnea ne nsɛm yi kyerɛ no: “Me yam! me yam! mete me koma mpia mu yaw!”—Yeremia 4:19.
Ná n’ani gye Yehowa asɛm ho ara, ma ɔka sɛ: “Wo nsɛm yɛ me ahosɛpɛw ne akomatɔyam.” (Yeremia 15:16) Bere koro no ara mu no, abasamtu ma ɔteɛɛm kyerɛɛ Yehowa sɛ: ‘Woyɛɛ m’ani so te sɛ asu a edi huammɔ a ennyina,’ te sɛ asuten a ɛnkyɛ yow. (Yeremia 15:18) Nanso, Yehowa tee ne nkate a na ɛtoto sisi no ase, na ɔkɔɔ so boaa no sɛnea ɛbɛyɛ na watumi awie n’adwuma no.—Yeremia 15:20; hwɛ 20:7-9 nso.
Te sɛ Yeremia no, so wuhyia abasamtu anaa ɔsɔretia wɔ wo som adwuma mu? Fa wo ho to Yehowa so. Kɔ so di Yehowa akwankyerɛ akyi, na obetua wo mmɔdenbɔ nso so ka.
Ná Yesu Wɔ Atenka Te sɛ Yɛn Ara
Odiyifo a ɔsen biara wɔ abakɔsɛm mu ne Onyankopɔn ankasa Ba, Yesu Kristo. Ɛwom sɛ na ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ de, nanso wanka ne nkate anhyɛ. Mpɛn pii na yɛkenkan sɛnea na ɔte nka wɔ ne mu ho asɛm, a ɛbɛyɛ sɛ na ɛda adi wɔ n’anim ne sɛnea ɔne afoforo dii nsɛm mu. Yesu ‘huu mmɔbɔ’ mpɛn pii, na ɔde asɛm koro no ara dii dwuma maa nnipa a na wɔwɔ ne bɛ ahorow mu no.—Marko 1:41; 6:34; Luka 10:33.
Ɛbɛyɛ sɛ ɔteɛɛm bere a ɔkaa sɛ: “Momfa eyinom mfi ha!” de pam aguadifo ne mmoa fii asɔrefie hɔ no. (Yohane 2:14-16) Petro nyansahyɛ, “Ɛmpare wo, Awurade” no, ma oyii n’ano abufuw so sɛ, “Fi me so, Satan!”—Mateo 16:22, 23.
Ná Yesu wɔ ɔdɔ soronko ma ebinom a na wɔbɛn no paa no. Wɔka ɔsomafo Yohane ho asɛm sɛ “osuani a Yesu dɔ no.” (Yohane 21:7, 20) Afei nso yɛkenkan sɛ: “Nso Yesu dɔ Marta ne ne nuabea no ne Lasaro.”—Yohane 11:5.
Ná Yesu werɛ tumi how nso. “Yesu sui” bere a odii Lasaro wu no ho awerɛhow no. (Yohane 11:32-36) Bere a Yesu reda komam yaw a Yuda Iskariot akyipa ama wanya no adi no, ɔfaa Dwom mu asɛm bi a ɛka koma kae sɛ: “Nea odi m’abodoo no na wama ne nantin so atia me.”—Yohane 13:18; Dwom 41:9.
Yesu daa sɛnea ne nkate mu dɔ adi bere a na ɔrehu amane a emu yɛ den wɔ asɛndua no so mpo no. Ofi ɔdɔ mu de ne maame hyɛɛ “osuani a ɔdɔ no” no nsa. (Yohane 19:26, 27) Bere a Yesu huu adanse a ɛkyerɛ sɛ abɔnefo a wɔbɔɔ wɔn asɛndua mu ne nkyɛn no mu biako anu ne ho no, ofi mmɔborohunu mu kae sɛ: “Wobɛka me ho Paradise hɔ.” (Luka 23:43) Yetumi hu sɛnea na ɔte nka bere a ɔteɛɛm prɛko pɛ sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me?” no. (Mateo 27:46) Na nsɛm a ɔkae bere a na ɔrewu no da ɔdɔ a efi komam ne ahotoso adi: “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ.”—Luka 23:46.
Hwɛ awerɛhyem ara a eyinom nyinaa ma yenya! “Na yenni ɔsɔfo panyin a ontumi nhu yɛn mmerɛwyɛ mma yɛn, na mmom nea wɔasɔ no ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn ara [Yesu], nso onni bɔne.”—Hebrifo 4:15.
Yehowa Ahotoso
Yehowa annu ne ho wɔ akasamafo a ɔpaw wɔn no ho da. Ná onim sɛnea wodi no nokware no, na ofi mmɔborohunu mu buu n’ani guu wɔn a na wɔnyɛ pɛ no mmerɛwyɛ so. Ne nyinaa mu no, ɔhwɛɛ kwan sɛ wobewie wɔn dwumadi. Ɛdenam ne mmoa so no, wotumi yɛɛ saa.
Momma yɛmfa boasetɔ nnya yɛn nuanom mmarima ne mmea anokwafo mu ahotoso. Wɔbɛkɔ so ayɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu, te sɛ yɛn ara. Ne nyinaa mu no, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn nuanom sɛ wɔmfata sɛ yɛda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn na yɛma yɛn ani kũ wɔn ho. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛw na yɛnsɔ yɛn ankasa ani.”—Romafo 15:1; Kolosefo 3:13, 14.
Yehowa adiyifo hyiaa nkate a yehyia no nyinaa bi. Nanso wɔde wɔn ho too Yehowa so, na Yehowa wowaw wɔn. Nea ɛsen saa no, Yehowa ma wonyaa nea wobegyina so anya anigye—ahonim pa, hu a wohui sɛ wɔwɔ n’anim dom, ayɔnkofo anokwafo a wɔwowaw wɔn, ne daakye a anigye wom ho awerɛhyem. (Hebrifo 12:1-3) Yɛn nso, momma yemfi ahotoso nyinaa mu mmata Yehowa ho bere a yesuasua tete adiyifo no, nnipa a wɔte “sɛ yɛn ara” gyidi no.
-
-
Nnuruyɛfo, Atemmufo, ne Yehowa AdansefoƆwɛn-Aban—1998 | March 1
-
-
Nnuruyɛfo, Atemmufo, ne Yehowa Adansefo
YEHOWA Adansefo yɛɛ nhyiam abien bi wɔ March 1995 mu wɔ Brazil. Atirimpɔw bɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a nnuruyɛfo ne mmarahyɛfo ne wɔn bɛyɛ biako bere a ɔyarefo bi kɔ ayaresabea na ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo na ontumi nnye mogya no.—Asomafo no Nnwuma 15:29.
Awerɛhosɛm ne sɛ wɔ tebea horow bi mu no, nnuruyɛfo abu wɔn ani agu ayarefo a wɔyɛ Adansefo no apɛde so, na wɔahwehwɛ sɛ asɛnnibea bɛma wɔn hokwan na ama wɔahyɛ wɔn de mogya ama wɔn. Wɔ tebea horow a ɛtete saa mu no, Adansefo no fa mmara kwan biara a ɛwɔ hɔ so bɔ wɔn ho ban. Nanso, wɔpɛ sɛ wɔne wɔn yɛ biako sen sɛ wɔne wɔn bedi asi. Ne saa nti, nhyiam ahorow no sii so dua sɛ nnuru pii wɔ hɔ a wɔde si mogya a edi nsɛ a wɔde ma ananmu, na Yehowa Adansefo de anigye gye eyinom tom.a
Ná nhyiam bi a São Paulo Ɔmantam Bagua a Ɛhwɛ Nnuruyɛ So yɛe no agyina Adansefo no gyinabea no akyi dedaw. Wɔ January 1995 mu no, esii gyinae sɛ sɛ ɔyarefo bi ani nnye oduruyɛfo bi ayarehwɛ ho a, ɔwɔ hokwan sɛ ɔpo na ɔpaw oduruyɛfo foforo.
Nea ɛfata nkamfo no, mprempren nnuruyɛfo pii wɔ Brazil ayaresabea horow a wɔayɛ krado sɛ wɔde nnuru a mogya nnim bɛma wɔn ayarefo a wobisa no. Efi bere a wɔyɛɛ March 1995 nhyiam horow no, biakoyɛ a ɛda nnuruyɛfo, atemmufo, ne Yehowa Adansefo ntam wɔ Brazil no atu mpɔn kɛse. Wɔ 1997 mu no, Brazilfo nnuruyɛ ho nsɛmma nhoma Âmbito Hospitalar tintim asɛm bi a ɛkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma hokwan a Yehowa Adansefo wɔ sɛ wɔpaw wɔn gyinabea wɔ mogya ho asɛm ho no. Sɛnea Amantam Bagua a Ɛhwɛ Nnuruyɛ So a ɛwɔ Rio de Janeiro ne São Paulo amantam mu no kae no, afei de nnipa pii agye atom sɛ “ɛnsɛ sɛ asɛyɛde a oduruyɛfo wɔ sɛ ɔbɔ ne yarefo ho ban no bunkam ɔyarefo no hokwan a ɔwɔ sɛ ɔpaw nea ɔpɛ no so.”
-