Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/99 kr. 8
  • Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Yudani?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Yudani?
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wode Nhomawa Yi Redi Dwuma?
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Sɛnea Yɛde Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhomawa Ahorow a Yɛde Befi Adesua Ase So
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Yudasom—Kyerɛwnsɛm ne Atetesɛm a Wɔfa So Hwehwɛ Onyankopɔn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 10/99 kr. 8

Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Yudani?

1 Wɔ afeha a edi kan mu no, “Israel mma” pii de anigye tiee Yesu ne n’asomafo no. (Aso. 10:36) Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛnnɛ nso Yudafo komapafo pii de anigye retie nokware no—ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ Israel no nko, na mmom wɔn a wɔwɔ Russia, United States, ne aman foforo so nso. So wobɛpɛ sɛ wutumi di Yudafo adanse? Nyansahyɛ a edidi so yi bɛboa wo ma woatumi de anifere adi Yudafo a wɔpɛ nyamesom ne wɔn a wɔmpɛ nyamesom nyinaa adanse.

2 Yudafo a Wɔpɛ Nyamesom a Wubedi Wɔn Adanse: Ɛsɛ sɛ wugye tom sɛ Yudafo a wɔpɛ nyamesom ani taa gye rabifo atetesɛm a wobedi so ho sen sɛ wobɛka nkyerɛkyerɛ pɔtee bi ho asɛm. Nokwarem no, wɔtaa bu atetesɛm sɛ biribi a ɛwɔ tumi te sɛ Kyerɛwnsɛm no ara. Enti, wɔn ani nnye ho ankasa sɛ wobesusuw Bible nkyerɛkyerɛ a emu dɔ ho. Wɔtaa nya adwene nso sɛ Bible no yɛ Kristofo nhoma. Ɛno nti, ɛyɛ papa sɛ bere a woreka Bible no ho asɛm no, wode nsɛm te sɛ “Hebri Kyerɛwnsɛm,” “Torah” anaasɛ “Kyerɛwnsɛm,” no bedi dwuma. Nhoma a ɛfata kɛse a wɔahyɛ da ayɛ ama Yudafo titiriw ne Will There Ever Be a World Without War? nhomawa no.

3 Emu nsɛm bɛn na Yudafo a wɔpɛ nyamesom ani betumi agye ho? Wogye di sɛ Onyankopɔn biako pɛ na ɔwɔ hɔ na odwen nnipa ho kɛse. Wogye di nso sɛ Onyankopɔn tumi de ne ho gye nnipa nsɛm mu. Wubetumi agyina nsɛm yi so ne wɔn abɔ nkɔmmɔ a mo adwene hyia wɔ ho. Afei nso Yudafo pii nim amanehunu a ɛtoo wɔn asefo wɔ Wiase Ko II mu no ho nsɛm pii. Wɔnte nea enti a Onyankopɔn maa nsisi a ɛte saa ho kwan ne bere a abɔnefosɛm bɛba awiei no ase. Sɛ nhwɛso no, yɛwɔ pii a yebetumi aka afa nea ɛtoo yɛn nuanom wɔ Okunkɛse no mu no ho de ayi nsɛm a ɛtete sɛɛ ano.

4 Nokwarem no, sɛnea ɛbɛyɛ na woammu ofiewura no abam no, ɛbɛyɛ papa sɛ wonka Mesia no ho asɛm ntɛm ara wɔ mo nkɔmmɔbɔ no mu. Mmom no, wubetumi aka dwuma a Mose dii wɔ Israel abakɔsɛm mu ho asɛm na woabisa ofiewura no sɛ ogye di sɛ Mose nkyerɛkyerɛ no ho hia nnɛ anaa. Sɛ ɛho behia sɛ woka Mesia no ho asɛm a, wubetumi adi kan akenkan Deuteronomium 18:15, faako a wɔka sɛ: “Odiyifo a ofi wo mu a ofi wo nuanom mu te sɛ me na [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn bɛma no so ama wo, ɔno na muntie no,” no. Bisa ofiewura no sɛ hena ne odiyifo a na Mose reka ne no asɛm sɛ ɔte sɛ ɔno no. Afei ka nsɛntitiriw a ɛwɔ World Without War nhomawa no, kratafa 14, nkyekyem 17 ne 18 ho asɛm.

5 Ɛsono Yudafo a Wɔmpɛ Nyamesom No Adwene: Ɛnyɛ Yudafo nyinaa na wogye Yudasom nkyerɛkyerɛ tom. Yudafo pii ani nnye nyamesom ho. Wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛtew wɔn ho ahwehwɛ amammerɛ, gyidi ne nhomasua a ɛyɛ soronko koraa wɔ Yudasom ho sen sɛ wobegye Yudafo som atom. Yudafo a wɔmpɛ nyamesom no bi nnim sɛ Nyankopɔn wɔ hɔ o sɛ onni hɔ o—wɔn mu bi mpo nnye Nyankopɔn nni. Sɛ wufi ase ka Hebri Kyerɛwnsɛm no ho nsɛm pii a, ɛso ntumi mma wɔn mfaso biara. Sɛ wo ne wɔn rebɔ nkɔmmɔ a, ɛyɛ papa sɛ wubebu wɔn sɛ wɔn a wɔnyɛ nyamesomfo no ara. Sɛ nhwɛso no, wubetumi aka sɛnea Bible no so wɔ mfaso nnɛ no ho asɛm. Sɛ ofiewura no nnye nni sɛ wofi honhom mu na ɛkyerɛw Bible no a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛka nsɛntitiriw a ɛwɔ World Without War nhomawa no mu, ne titiriw kratafa 3 hɔ asɛm a wɔato din, “The Bible—Inspired by God?”

6 Sɛ woredi Yudani adanse a, wubetumi aka sɛ:

◼ “Yɛn mu pii adi awerɛhow kɛse pɛn wɔ yɛn adɔfo bi wu ho. Wususuw sɛ sɛ yewu a, dɛn na ɛba yɛn so?” Twɛn ma ommua. Afei twe ofiewura no adwene si adaka mu asɛm a wɔato din “Death and the Soul—What Are They?” a ɛwɔ World Without War nhomawa no kratafa 22 no so. Adaka no mu nsɛm no de nea Kyerɛwnsɛm no ka fa owu akyi asetra ho toto nea rabifo no kyerɛkyerɛ ho. Afei dan kɔ kratafa 23 nkyekyem 17 so na kyerɛkyerɛ mu sɛ Kyerɛwnsɛm no ka sɛ wobenyan awufo aba nkwa mu wɔ paradise asase so. Fa nhomawa no ma. Sɛ worekɔyɛ sankɔhwɛ a, wubetumi aka sɛ na tete agya Hiob wɔ owusɔre ho anidaso. Twe adwene si kyerɛw nsɛm a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 17 awiei no so na kyerɛ no sɛ wobɛba ma moasusuw ho.

7 Mateo, Marko, Luka, Yohane, ne Asomafo no Nnwuma no ka Yudafo a wotiee nokware no na wɔde dii dwuma no suahu ho nsɛm. Yehowa da so ara de daa nkwa hokwan no ma. Yudafo komapafo pii betumi asua Yehowa, nokware Nyankopɔn no, ho ade na ama wɔn nso atra ase daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.—Mika 4:1-4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena