Nnyae Asɛm no Ka!
1 Sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛrebɛkɔ afie-afie asɛnka a, ebia nea ebetumi ayɛ nsɛnnennen ama yɛn paa ne sɛ yɛbɛkɔ nkurɔfo fie akɔka asɛm no. Sɛ yɛte nka sɛ yɛmfata a, ɛremma yentumi nka nokware no nkyerɛ “nnipa nyinaa.” (1 Tim. 2:4) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase wɔ asɛmpa no ka ho. Dɛn ntia?
2 Ɛyɛ Yehowa Asɛm: Yehowa nam Bible no so ada n’asɛm adi. Sɛ yɛde saa asɛm yi kɔma afoforo a, na ɛyɛ n’asɛm na yɛde nam, ɛnyɛ yɛn de. (Rom. 10:13-15) Sɛ nkurɔfo po Ahenni asɛm no a, na Yehowa ankasa na wɔrepo no. Nanso, yɛn abam mmu. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ asɛm yi bɛka nnipa a wɔpɛ sɛ wiase nsɛm tebea sakra na honhom fam nneɛma ho hia wɔn no koma.—Hes. 9:4; Mat. 5:3, 6.
3 Yehowa na Ɔtwe Nnipa No: Ebia obi a wantie yɛn bere bi a atwam no betie yɛn seesei esiane sɛ ne nsɛm tebea asesa na wanya koma a edwo nti. Yehowa betumi ada ne dɔ adi akyerɛ saa nipa no afei na ‘watwe no.’ (Yoh. 6:44, 65) Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ yɛbɛma Yehowa de yɛn adi dwuma na yɛadi abɔfo akwankyerɛ akyi de ahwehwɛ saafo no.—Adi. 14:6.
4 Onyankopɔn Ma Yɛn Ne Honhom: Honhom kronkron no boa yɛn ma ‘yɛde nam ka Yehowa kɛseyɛ kyerɛ.’ (Aso. 14:1-3) Sɛ yɛkae sɛ yɛwɔ mmoa kɛse a ɛte saa wɔ yɛn som adwuma mu a, yɛrentwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛka nokware no akyerɛ yɛn afipamfo, adwumamfo, sukuufo, abusuafo, nhomanimfo anaa adefo.
5 Yesu Kyerɛɛ Yɛn Sɛnea Yɛnyɛ No: Yesu de nsɛmmisa a ɛkanyan adwene ne mfatoho a emu da hɔ dii dwuma, gyinaa Kyerɛwnsɛm so susuw nsɛm ho. Ofi komam kyerɛkyerɛɛ nokware no mu wɔ ɔkwantiaa a ɛtɔ asom so. Eyi da so ara yɛ akwan pa a ɛsen biara nnɛ. (1 Kor. 4:17) Ebetumi aba sɛ ɛnyɛ tebea koro no ara na yɛbɛka asɛm no wom de, nanso Ahenni asɛm a tumi wom no nsesa.
6 Ɛyɛ hokwan sɛ Yehowa de yɛn redi dwuma ma yɛaboa nkurɔfo wɔ ɔkwan titiriw soronko so. Mommma yennyae asɛm no ka! Momma yennnya akokoduru na yɛmma Yehowa “nhiɛ asɛm no pon mma yɛn,” na ama yɛatumi aka asɛmpa no akyerɛ afoforo.—Kol. 4:2-4.