Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 12/15 kr. 25
  • Wonyaa Akokoduru

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wonyaa Akokoduru
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Munsuasua Yesu—Monka Asɛm No Akokoduru So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • ‘Ka Onyankopɔn Asɛm No Akokoduru So’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • So Wode Akokoduru Ka Asɛm No?
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Kɔ So Fa Akokoduru Ka Onyankopɔn Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 12/15 kr. 25

Wonyaa Akokoduru

ƐNYƐ mmerɛw bere nyinaa sɛ wubenya akokoduru de aka asɛm no. Nokwarem no, bere bi, ɔsomafo Paulo kae sɛ, ɔkaa asɛm no wɔ “ɔko bebree mu.” (1 Tesalonikafo 2:2) So “ɔko” a odi kaa asɛmpa no fata? Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔkwan biara so no Onyankopɔn bɛyɛ anwonwade ama ne nkurɔfo, nanso wɔn ani gye mpɛn pii sɛ wonyaa akokoduru. Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ.

Abeawa bi a wadi mfirihyia awotwe a ne din de Tara tiee ne kyerɛkyerɛfo yiye bere a ɔka kyerɛɛ sukuufo no sɛ wɔ Wiase Ko II mu no, na nneduafo a wɔwɔ Yudafo nnadeban mu no hyɛ Dawid Nsoromma a ne kɔla yɛ akokɔsrade sɛ ahyɛnsode no. Tara hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔkasa. Ɔka sɛ: “Mebɔɔ mpae bere a na mabue m’ani.” Afei ɔmaa ne nsa so kae sɛ na Yehowa Adansefo nso wɔ hɔ bi, na ná wɔbobɔ ahyɛnsode a ɛyɛ afasebiri ahinasa. Ɔkyerɛkyerɛfo no ani gyee ho na ɔdaa no ase. Tara asɛm no maa no nyaa hokwan ne ɔkyerɛkyerɛfo no bɔɔ nkɔmmɔ foforo, na akyiri yi oyii Jehovah’s Witnesses Stand Firm Against Nazi Assault video no kyerɛɛ adesuafo no nyinaa.

Wɔ Guinea, Afrika Atɔe fam no, ɔdawurubɔfo kumaa bi a wɔmmɔɔ no asu a ne din de Irène pɛe sɛ onya nkɔso wɔ ne som adwuma mu. Ɔsɛmpatrɛwfo a ɔne no suaa Bible no hyɛɛ no nkuran sɛ ɔmfa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no bi mma ne mfɛfo sukuufo wɔ sukuu mu. Na Irène suro efisɛ na n’adesuakuw mufo no ntie asɛmpa no. Nanso, ɔsɛmpatrɛwfo no nkuranhyɛ no kanyan Irène ma osii gyinae sɛ obedi kan akɔ sukuuni a ɛte sɛ nea ɔno na ɔsɔre tia no kɛse no nkyɛn. Ɛyɛɛ Irène nwonwa sɛ abeawa no tiei na ɔde anigye gyee nsɛmma nhoma no. Sukuufo a aka no nso gyee bi. Irène maa nsɛmma nhoma pii saa ɔsram no sen nea na wama asram anum a edi kan no nyinaa de a wɔaka abom.

Ɔpanyin bi a ɔwɔ Trinidad twentwɛn ne nan ase sɛ ­ɔbɛkɔ sukuu panyin bi nkyɛn akɔkyerɛ no sɛnea Nyan! nsɛmma nhoma no boa wɔ nhomasua mu no. Nanso onyaa akokoduru. Ɔka sɛ: “Bere a miduu hɔ no, mebɔɔ mpae. Sɛnea sukuu panyin no daa anigye soronko adi no maa me ho dwiriw me.” Ogyee Nyan! nsɛmma nhoma a ɛne “Dɛn Anidaso na Ɛwɔ Hɔ Ma Nnɛ Mmofra?” no, na ɔkae mpo sɛ ɔde bɛkyerɛ sukuufo no ade. Efi saa bere no, wagye nsɛmma nhoma 40 a ɛsono nsɛm a emu biara ka.

Bere a na Vaughn yɛ abofra no, na asɛnkakɔ yɛ no den bere nyinaa. “Ná me yam taa hyehye me, fifiri firi me nsam, na na ɛma mekasa ntɛmntɛm​—na mintumi nto me bo ase.” Nanso, ɔbɛyɛɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo. Nanso, na ɛnyɛ no mmerɛw bere nyinaa sɛ ɔbɛkasa. Da bi a wakɔhwehwɛ adwuma a wannya bi na n’abam abu no, ɔyɛe sɛ obedi obi adanse wɔ keteke mu, na “anyɛ yiye koraa no watumi anya biribi pa bi afi da bɔne no mu.” Nanso, adwumawuranom a ɛda adi sɛ wɔyɛ nnipa atitiriw a na wɔwɔ keteke kwan a ɛda asase ase no mu no ma ɔbɔɔ hu. Awiei koraa no, onyaa akokoduru kasa kyerɛɛ ɔbarima bi a n’ani afi a na ɔte bɛn no. Wɔbɔɔ nkɔmmɔ kɔɔ akyiri. Adwumawura no bisae sɛ: “Aberante na wubisa nsɛm a eye saa no. Woyɛ sɔfo anaa?” Vaughn buae sɛ: “Dabi, meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.” Ɔbarima no serew kae sɛ: “Ahaa, afei na mate ase.”

Adansefo yi nyinaa​—ne afoforo pii​—ani gye sɛ wonyaa akokoduru de kaa asɛmpa no. So wobɛyɛ saa ara?

[Kratafa 25 mfonini]

Tara

[Kratafa 25 mfonini]

Vaughn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena