Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 2/15 kr. 28-29
  • Asɛmpa no a Wɔma Afoforo Pii Te

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa no a Wɔma Afoforo Pii Te
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Dɛn na Mɛka?
  • Asow Aba a Ɛyɛ Nwonwa na Ɛhyɛ Nkuran
  • Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Suasua Sɛnea Yehowa Nyɛ Animhwɛ No
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhoma So
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Paw Nsɛm Pɔtee a Nkurɔfo Ani Begye Ho
    Yɛn Ahenni Som—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 2/15 kr. 28-29

Asɛmpa no a Wɔma Afoforo Pii Te

BERE a meresusuw me man mufo ho no, mibehui sɛ Yehowa Adansefo ho nsɛm a nnipa pii nim ara ne nea ɛwɔ nsɛm amanneɛbɔ mu. Adwene a minyae ne sɛ, ɛsɛ sɛ mekɔ nkurɔfo yi nkyɛn na ama wɔatumi ahu nnipa ko a Yehowa Adansefo yɛ ne nea wogye di ankasa. Nanso na mɛyɛ dɛn atumi aboa? Me kunu som sɛ Kristoni panyin, na ɔmaa me akwankyerɛ ne nyansahyɛ ahorow a nyansa wom.

Yenyaa ho adwene titiriw wɔ asɛm, “Nsɛmma Nhoma a Ɛde Awerɛkyekye a Mfaso Wɔ So Ma,” a wotintim no January 8, 1995, Engiresi Nyan! nsɛmma nhoma mu no mu. Asɛm no kaa adwuma a na Ɔdansefo bi yɛ ho asɛm sɛ: “Ɔde ayɛ ne su sɛ obegyigye Nyan! nsɛmma nhoma dedaw a Adansefo foforo aboaboa ano sum fie no. Afei ɔkɔ asoɛe ahorow a ɔte nka sɛ wɔbɛkyerɛ emu nsɛm no bi ho anigye kɛse no.”

Ɛdenam me kunu mmoa so no, ankyɛ na migyigyee nsɛmma nhoma no ɔhaha pii. Mitumi paw nsɛm a egu ahorow a nnipa a mɛkɔ wɔn nkyɛn no ani begye ho no fii mu.

Mehwɛɛ nhoma a wɔahyehyɛ nkurɔfo telefon nɔma wom ne ɔmanfo ho kyerɛwtohɔ nhoma ahorow mu, kyerɛw ayaresabea, mmerante ne mmabaa ahɔhodan, ne ayarefo atrae ahorow din. Mekyerɛw wɔn a wɔdeda funu, sukuu so ahwɛfo ne afotufo, nyarewa mu nhwehwɛmufo, ne afiase ne asɛnnibea mpanyimfo nso din. Edin a mekyerɛwee no bi nso ne nteteebea ma asadweam ne wɔn a wɔde nnuru di dwuma ɔkwammɔne so, fekuw ahorow a ɛhwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, wɔn a wɔadi dɛm ne wɔn a akodi adi wɔn aborɔ ho nsɛm so, ɛne aduan ho nhwehwɛmu ho fekuw ahorow so ahwɛfo. M’ani ampa mpanyimfo a wɔhwɛ yiyedi ho dwumadibea, adɔe akuw, ne abusua ho nsɛm so no so.

Ná Dɛn na Mɛka?

Sɛ mekɔ baabi a, nea midi kan yɛ ne sɛ mekyerɛ nipa ko a meyɛ pefee. Afei meka sɛ me nsrahwɛ no begye simma kakraa bi.

Sɛ me ne ɔpanyin a ɔhwɛ hɔ no hyia a, meka kyerɛ no sɛ: “Meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Nanso, mamma sɛ me ne wo rebɛka ɔsom ho asɛm, efisɛ ɛremfata saa wɔ adwuma bere.” Mpɛn pii no, ɛma onii no koma tɔ ne yam. Afei metoa so ka nsɛm a ɛne tebea no hyia te sɛ: “Atirimpɔw abien nti na mebaa ha. Nea edi kan, mepɛ sɛ mekyerɛ adwuma a moreyɛ wɔ ha no ho anisɔ. Nokwarem no, sɛ obi de ne bere ne n’ahoɔden yɛ adwuma ma ɔmamfo nyinaa a, ɛnsɛ sɛ yebu no adewa. Akyinnye biara nni ho sɛ, eyi fata nkamfo.” Wɔn a mefa saa kwan yi so ne wɔn kasa no pii ho dwiriw wɔn.

Ebedu saa bere no na ebia onii no resusuw nea me nsrahwɛ no atirimpɔw a ɛto so abien yɛ ho. Ɛyɛ a metoa so sɛ: “Me nsrahwɛ no atirimpɔw a ɛto so abien ni: Mapaw nsɛm bi wɔ yɛn nsɛmma nhoma a ɛne Nyan! a ɛkɔ wiase aman pii mu no mu a ɛhyɛ da ka mo adwuma no ne nsɛnnennen a ɛwom ho asɛm. Migye di sɛ wobɛpɛ sɛ wuhu nea nsɛmma nhoma a ɛkɔ wiase aman pii mu no ka wɔ saa nsɛnnennen yi ho. M’ani begye ho sɛ megyaw eyinom ama wo.” Mpɛn pii no, wɔka kyerɛ me sɛ wɔn ani sɔ adwuma a mereyɛ no.

Asow Aba a Ɛyɛ Nwonwa na Ɛhyɛ Nkuran

Bere a mefaa saa kwan yi so no, nnipa dodow no ara kyerɛɛ ho anigye; nnipa 17 biara mu biako pɛ na wannye me. Minyaa osuahu ahorow pii a na ɛyɛ nwonwa na ɛhyɛ nkuran nso.

Sɛ nhwɛso no, bere a mebɔɔ mmɔden mpɛn anan sɛ mehu mantam bi sukuu sohwɛfo, na mede abotare twɛn no no, me nsa kaa no. Ná ɔyɛ ɔbarima a onni adagyew koraa. Nanso, na n’anim tew, na ɔne me kasaa kakra. Merefi hɔ no, ɔkae sɛ: “M’ani sɔ adwuma a woreyɛ no paa, na sɛnea ɛte biara no, mɛtɔ me bo ase akenkan wo nhoma no.”

Bere foforo no, mekɔɔ mantam bi asɛnnibea kɔtoo ɔtemmufo kunini a na ɔyɛ papa abasiriwa. Bere a mekɔɔ n’adwumayɛdan mu no, na ne ti si ne nkrataa mu, na ɔmaa ne ti so a na ne bo afuw.

Ɔde abufuw kae sɛ: “Benada anɔpa nkutoo ne adwuma bere, enti saa bere no na menya kwan atie biribiara a wowɔ ka.”

Mibuae ntɛm so sɛ: “Mepa wo kyɛw sɛ mamma bere pa,” na mede kaa ho sɛ, “mmom m’ani begye ho sɛ mɛsan aba bere foforo. Nanso me nsrahwɛ no mpo mfa adwuma ho.”

Afei, na ɔtemmufo no repɛ biribi ahu. Ɔtɔɔ ne bo bisaa me nea mihia. Mesan kae sɛ mɛba Benada.

Nea ɔyɛe a ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ ɔkae denneennen sɛ, “Mesrɛ wo tra ase. Dɛn na wuhia?”

Nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye kɔɔ so, na ɔpaa me kyɛw sɛ mfiase no wannya me ho koma esiane sɛ na onni adagyew koraa no nti.

Bere bi akyi no, ɔtemmufo no bisae sɛ: “Wunim nea m’ani gye ho wɔ Yehowa Adansefo ho? Wɔwɔ nnyinasosɛm pintinn a wɔmman mfi ho. Hitler yɛɛ nea obetumi biara, nanso antumi amma Adansefo no ankɔ ko.”

Bere bi a obi ka me ho a yɛkɔɔ adwumayɛdan bi mu no, ɛhɔ akyerɛwfo no huu nnipa ko a yɛyɛ. Afei ɔkyerɛwfo panyin no kasa kyerɛɛ yɛn bɔkɔɔ sɛ, “Otitrani no nnye ananmusifo biara.”

Miyii ano bɔkɔɔ sɛ: “Nanso obegye yɛn efisɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Yɛnyɛ guantoafo, na yɛn nsrahwɛ no nso renni mmoro simma abiɛsa.” Mebɔɔ mpae denneennen wɔ me komam sɛ, “O Yehowa, mesrɛ wo, ma eyi nsi yiye!”

Ɔkyerɛwfo no kasae sɛnea asɛm no nhia no sɛ, “Wiɛ, mɛyɛ bi ahwɛ.” Ofii hɔ kɔe. Bɛyɛ simma abien, a ɛyɛɛ m’ani so sɛ bere tenten bi akyi no, ɔsan bae a na otitrani no ankasa di n’akyi. Bere a otitrani no duu hɔ no, wanka hwee, na odii yɛn anim faa adan abien mu kɔɔ n’adwumayɛdan mu.

Bere a yefii ase bɔɔ nkɔmmɔ no, ɔbɛkyerɛɛ yɛn ho anigye kɛse. Ɔde anigye gyee Nyan! nsɛmma nhoma atitiriw a yɛde kyerɛɛ no no. Yɛdaa Yehowa ase sɛ ɔma yenyaa hokwan yi de dii yɛn adwuma no atirimpɔw ho adanse a ɛsɛ.

Bere a mekaakae osuahu pii a ɛyɛ anigye yi no, mabɛte nea ɔsomafo Petro kae yi ase yiye: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa a wɔn ntetee, wɔn kasa, anaa wɔn asetram dibea gu ahorow nyinaa nya hokwan sua n’atirimpɔw ma adesamma ne asase no ho ade.—Wɔkyerɛw mae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena