Wudidi Yiye Dɛn Wɔ Honhom Fam?
1 Wɔaka sɛ ‘yɛn akwahosan gyina sɛnea yedidi no so.’ Nokwarem no, sɛnea yedidi no ka yɛn ahoɔden ne yɛn akwahosan. Esiane sɛ Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi [Yehowa, NW] anom so” nti, sɛnea yedidi wɔ honhom fam no boa yɛn anaasɛ epira yɛn. (Mat. 4:4) Ɛnde, wudidi yiye dɛn wɔ honhom fam? So woyɛ obi a ɔsa aduan mu? So wudidi ahoɔhare so? Anaasɛ wode anigye gye bere de di honhom fam aduan a ɛfata na ahoɔden wom daa?
2 Yɛ W’aduan Ho Nhwehwɛmu: Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de “sradeduan” ne ‘aduan ma wɔ ɛbere a ɛsɛ mu.’ (Mat. 24:45; Yes. 25:6) Sɛ yebenya nsiesiei yi a ɔdɔ wom no so mfaso paa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden didi yiye wɔ honhom fam.
3 Wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘So mekenkan daa asɛm ne ho nkyerɛkyerɛmu no da biara? So mekenkan Bible no dwennwen ho daa? So misiesie me ho ma asafo nhyiam denam asɛm no a midi kan sua no so? So makenkan nhoma a aba foforo a Yesaia Nkɔmhyɛ—Hann Ma Adesamma Nyinaa Po 1 ka ho no mu nsɛm nyinaa?’
4 Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn. . . Anigye ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, efisɛ wɔn na wɔbɛma wɔamee.” (Mat. 5:3, 6, NW) Enti didi yiye wɔ honhom fam denam Onyankopɔn ho nimdeɛ a wode bɛhyɛ w’adwene ne wo koma mu no so.